So W’adwuma Afono Wo?
EBIA wode nnɔnhwerew bɛyɛ awotwe na ɛyɛ adwuma da biara. Ɛyɛ bere a ɛdɔɔso dodo ne w’asetra fã kɛse paa a wode yɛ adwuma a ɛfono wo! Nanso, afeha a ɛto so 20 yi mu nnwuma pii yɛ mfonoe a ɛmma odwumayɛni no nnya anigye pii.
Enti mfaso pii wɔ so sɛ wobɛma w’adwuma ayɛ anigye. Adwumayɛ ma wunya anigye kɛse, na wuhu ɔkwan a wobɛfa so ama adwuma biara a wobɛyɛ daakye ayɛ anigye pii. Ɛnde ma yɛnhwehwɛ akwan bi a yebetumi afa so ayɛ eyi mu.
Da Anigye Adi
Abenfo bi kamfo kyerɛ sɛ wobɛyɛ adwuma te sɛ nea w’ani gye ho. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi ahu ankasa sɛ ɛbɛba saa.
Ebia wobɛka sɛ: ‘Mintumi nnya m’adwuma ho anigye da!’ Ebia w’adwuma ma woyɛ biribi pɔtee bi daa, te sɛ mfiri a wɔhyehyɛ. Anaasɛ ebia wode mfe pii na ayɛ w’adwuma no na wote nka sɛ wuntumi nsan nnya ho anigye bio. Nanso, nneɛma nketenkete a wobɛyɛ, te sɛ serew a wobɛserew na woagyina hɔ kyerebenn betumi aboa ma woanya w’adwuma ho anigye pii.
Sɛ wode w’adwene nyinaa si nea woreyɛ no so a, ɛno nso betumi aboa wo. Nyɛ anibiannaso, na nyɛ w’adwuma no bere a wudwen awia bere adidi ne dapɛn awiei, anaa adwuma foforo a wobɛyɛ ho. Mpɛn pii no nyansa wom sɛ wode w’adwene nyinaa besi adwuma a woreyɛ no so. Dɛn na ebefi mu aba? W’ani begye adwuma no ho na afei ɛbɛyɛ sɛ nea bere kɔ ntɛmntɛm.
Saa na ɛtaa ba bere a wode w’adwene nyinaa si dwumadi bi a w’ani gye ho ankasa so no. Sɛ wohyɛ wo ho de w’adwene nyinaa si adwuma a ani ntaa nnye ho so a, ade koro no ara na wubetumi ama ayɛ hɔ.
Yɛ Nea Wubetumi Biara
Nea wubetumi biara a wobɛyɛ no betumi aboa ma woanya abotɔyam wɔ adwuma ho. Nokwarem no, afotu yi ne adwene a nnipa pii kura sɛ sɛ w’ani nnye adwuma bi ho a, nhaw wo ho na bɔ mmɔden gyae no nhyia. Nanso anibiannaso, mmɔtohɔ ne anihaw betumi ama woagurow na woayɛ basaa na woabrɛ nso. Wɔ tebea binom mu no, ebetumi aba sɛ obi a bere nyinaa obefi adwuma bɛba fie no na wahaw, wayɛ basaa na wabrɛ no rehu amane efisɛ wamfa nsiyɛ anyɛ adwuma no.
Sɛnea Bible kyerɛ no, adwuma a obi yere ne ho yɛ ma n’ahomegye bere mpo yɛ anigye pii. “Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu.” (Ɔsɛnkafo 2:24) Ebinom betumi ate nka sɛ eyi yɛ asɛm a ne bere atwam, nanso afoforo de nnyinasosɛm a entwam da yi di dwuma. Wogye tom sɛ “biribi pa” bi nni hɔ sɛ wobenya aba a adwumaden a wɔyɛ sow no mu anigye. Nhoma The Joy of Working ka sɛ: “Adwuma a woyɛ no yiye no ma wunya akomatɔyam.”
Enti, yɛ adwuma a ɛsɔ ani na wobɛte nka sɛ woanya ahoɔden. Yɛ pii sen nea wɔhwehwɛ ara kwa na wubenya anigye kɛse. Yɛ nnwuma a ɛho hia no kan, na wubenya anigye wɔ awia ahomegye bere mu ne dapɛn awiei asen obi a mmɔtohɔ ma ɔbrɛ no.—Fa toto Ester 10:2; Romafo 12:11; 2 Timoteo 2:15 ho.
Sɛ anka wo ne afoforo besi akan no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛkyɛn wo. (Galatifo 6:4) Fa gyinapɛn ne botae afoforo sisi w’anim. Bɔ mmɔden nya nkɔanim. Ɔbea bi a ade pɔtee bi nkutoo na ɔpam, a ebinom bebu no sɛ ne yɛ yɛ anihaw dodo no faa bere a otwa ma ne ho no sɛ agoru bi a ɔredi. Ɔhwɛɛ nea otumi yɛ wɔ dɔnhwerew biara mu, na afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ pii asen saa. Ɔwɔ n’adwuma no ho anigye ankasa efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi nyinaa.—Mmebusɛm 31:31.
“Siesie” W’adwuma
Abenfo Dennis T. Jaffe ne Cynthia D. Scott kamfo kyerɛ sɛ: “Fa w’adwuma sɛ ofie a obiara nte mu. Wutu kɔtra mu na wohwɛ sɛnea wɔasi no no. Afei wufi ase dwen sɛnea wubesiesie mu ho. Wususuw sɛnea wobɛhyehyɛ wo nneɛma no afa ho na woma ɛdan w’ankasa fie. Woma ɛyɛ sɛnea wopɛ.”
Wɔma wo nnwuma dodow no ara a ɛho mmara ne akwankyerɛ ho nkyerɛkyerɛmu ka ho. Nea wɔhwɛ kwan a woyɛ ara kwa no te sɛ nea wokɔtra ofie a obiara nte mu mu. Wunhu obiara ho biribi wom. Nanso sɛ woma adwuma no bɛyɛ sɛnea w’ankasa wopɛ no a, ebetumi ayɛ anigye kɛse. Nnipa baanu biara nni hɔ a ‘wobesiesie’ adwuma bi wɔ ɔkwan koro no ara so. Adidibea dwumayɛni bi besua nnuan a wɔn a wɔtaa ba hɔ no pɛ agu ne tirim. Ɔfoforo nso bɛda ayamye ne obu adi titiriw. Wɔn baanu nyinaa ani gye wɔn adwuma ho efisɛ wɔde wɔn adwene si nea wɔyɛ no so.
Kɔ So Sua Ade
Ɔkwan foforo a wobɛfa so anya adwuma ho anigye ne sɛ wubesua ade. Nhoma Tension Turnaround kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a yenyin no, sɛnea yɛn adwene tumi di nsɛm ho dwuma no nya nkɔanim. Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a ebia nnɛ yɛn ani nnye nneɛma a kan na yɛn ani gye ho no mu. Ano aduro ne sɛ yɛbɛma adwene no anya nsɛm foforo a ɛhwehwɛ no denam nneɛma foforo a yebesua so.
W’adwuma a wubesua ho ade pii no betumi ama wɔama wo adwuma a w’ani gye ho kɛse wɔ bere bi akyi. Nanso sɛ amma saa mpo a, adesua ankasa bɛma woanya anigye ne akomatɔyam kɛse wɔ w’adwuma no ho. Nhoma akyerɛwfo Charles Cameron ne Suzanne Elusorr da no adi sɛ: “Ɛnyɛ sɛ adesua ma ahotoso a wowɔ no yɛ kɛse denam ma a ɛma wutumi yɛ nneɛma pii no so nko, na mmom ɛka adwene a wukura wɔ asetra ho nso: sɛ wubetumi adi ɔhaw horow ho dwuma, wubetumi adi nsɛnnennen so, wubetumi ama ehu abrɛ ase, na wubetumi ayɛ pii asen sɛnea wususuw.”
‘Nanso,’ ebia wobɛka sɛ, ‘Mahu nea ɛsɛ sɛ mihu wɔ m’adwuma ho dedadedaw!’ Sɛ saa na ɛte a, so wubetumi asua nneɛma a ɛmfa w’adwuma no ho tẽẽ? Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛpɛ sɛ wusua pii fa nnipa ntam abusuabɔ anaa nnwinnade a wode yɛ adwuma ho. Ebia wubetumi asua sɛnea wɔkyerɛw adwuma mu krataa yiye anaa sɛnea wɔyɛ nhyiam a etu mpɔn. Wubetumi asua akwan a etu mpɔn a wɔfa so ne adwuma so ahwɛfo di.
Ɔkwan bɛn na wobɛfa so asua eyinom? Ebetumi aba sɛ adwuma a wowom no ma wosua biribi a wubetumi asua. Anaasɛ nhomakorabea bi wɔ nhoma ahorow a wuhia no bi. Nanso mmu w’ani ngu mmeae foforo a wubetumi anya nsɛm afi no so. Nkurɔfo a wɔyɛ adwuma a wobɛhwɛ na woahu wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn mmerɛwyɛ no betumi ayɛ adesua. Wubetumi asua biribi afi wo mfomso ne nneɛma a wutumi yɛe mu, denam nea woyɛɛ no yiye a wobɛhwehwɛ mu no so. Nea wusua fi w’ankasa suahu mu ne afoforo a wohwɛ wɔn hɔ no betumi ama woahu nea ebia wonkenkan da wɔ nhoma mu anaasɛ wonte wɔ beae a musua ade no.
Nyansahyɛ Ahorow Bi a Etwa To
Ɔkwan foforo bi nso wɔ hɔ a wubetumi afa so asusuw w’adwuma ho. Wubetumi akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wo nea ɛkyɛn saa—ne sɛ afoforo nya nea eye no nyinaa na wɔmmaa wo kwan da mmaa wonyɛɛ adwuma a wopɛ ankasa no. Wubetumi ne afoforo a wɔne wo yɛ adwene abɔ ho nkɔmmɔ daa, na wubegye adi sɛ eyi nyinaa yɛ nokware.
Nanso ebia na ɛnyɛ nokware. Nnipa pii a wɔn ani gye wɔn adwuma ho asua sɛ wɔbɛyɛ saa. Obi a ɔkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wosi dan ani betumi agye bɔs ka nso ho. Dɛn ntia? Efisɛ nyansa a ɔde yɛ adwuma no ma onya anigye ne abotɔyam.
Enti yi adwene a ɛmfata a ɛma nna hunu nyɛ anigye te sɛ dapɛn awiei no fi wo tirim. Nsɛe bere mfa nsusuw nea woantumi anyɛ wɔ bere a atwam no ho, dwen mfomso foforo a ɛbɛba ne adwene a afoforo kura wɔ wo ho no ho. Hwɛ adwuma a ɛda w’anim no. Fa w’adwene nyinaa si so. Bɔ mmɔden fa wo ho nyinaa hyɛ mu te sɛ nea wobɛyɛ wɔ anigyede bi a wopɛ paa ho no. Ma ɛnyɛ nea wobɔ ho mmɔden sen biara, na nya anigye wɔ adwuma a woayɛ no yiye ho.
[Kratafa 23 adaka/mfonini]
Ntoto W’adwuma Ase
Bible no ka wɔ Mmebusɛm 27:23, 24, NW, sɛ: “Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan ho te yiye. Ma w’ani nku wo nguankuw ho; efisɛ akorade rentra hɔ daa, na abotiri rentra hɔ wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.” Eyi kyerɛ dɛn?
Ɛkyerɛ sɛ sɛ obi nya ahonyade (akorade) ne dibea (abotiri) mpo a, ɛntaa ntra hɔ nkyɛ. Enti wɔ Bible mmere mu no, sɛ na oguanhwɛfo bi bɔ mmɔden hwɛ ne nguan yiye a, na ɔda nyansa adi, kyerɛ sɛ ‘ɔma n’ani ku ne nguankuw ho.’ Sɛnea nkyekyem abiɛsa a edidi so kyerɛ no, ɛbɛma odwumayɛni no ne n’abusua adi yiye wɔ honam fam.—Mmebusɛm 27:25-27.
Ɛnnɛ nso ɛ? Nkurɔfo taa de wɔn koma si ahonyade anaa dibea a wobenya a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma wɔatumi agyae adwuma a wɔyɛ mprempren no so. Wɔn mu bi ayɛ nhyehyɛe pa; afoforo de yɛ nsusui hunu ara kwa. Wɔ emu biara mu no, nyansa nni mu sɛ obi bebu adwuma a ɔyɛ mprempren no animtiaa anaasɛ ɔbɛtoto no ase. Ɛne adwuma ankasa a ɛma wunya sika a wode hwɛ wo ho na ebetumi akɔ so ayɛ saa. Nyansa wom kɛse sɛ obi bɛma n’ani aku ne “nguankuw” ho, na ɔde n’adwene nyinaa asi n’adwuma a ɔde hwɛ ne ho no so. Saa a ɔyɛ no betumi ama wadi yiye wɔ honam fam nnɛ ne daakye.