Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 29
  • “Ɔkwan Kɛse Abɛda Asɔfo ne Asɔremma Ntam”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔkwan Kɛse Abɛda Asɔfo ne Asɔremma Ntam”
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wofata Sɛ Wosom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So Wubetumi Asiw Ɔwofo Ne Ɔba Ntam Mpaapaemu No Ano?
    Nyan!—1986
  • ‘Wotwa Nnɔbae’ Wɔ Venezuela
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 29

“Ɔkwan Kɛse Abɛda Asɔfo ne Asɔremma Ntam”

“ƆKWAN kɛse abɛda Amerika asɛmpatrɛw asɔre ahorow no mu asɔfo ne asɔremma ntam,” saa na Robert K. Johnston, nyamekyerɛ ne amammerɛ ho ɔbenfo, no ka. Wɔ Ministerial Formation, Wiase Asɔre Ahorow Bagua nsɛmma nhoma, mu no, ɔbobɔ nneɛma bi a ɛde saa mpaapaemu yi aba din sɛ: Bere a mmusua mu nhyɛso reyɛ kɛse no, asɔfo pɛ nnwuma ho nhyehyɛe a ɛte sɛ “nsesa a nnuruyɛfo di dapɛn dapɛn awiei no.” Sɛ ɔsɔfo yɛ adwuma boro nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, ɔhwɛ kwan sɛ wobetua no ho ka. Bio nso, ɔbenfo no ka sɛ, “sɛ abrabɔ ne mmara mu haw ahorow yɛ kɛse a,” nyamekyerɛ adesuabea ahorow no tu wɔn adesuafo a wɔawie no fo sɛ “wɔmpaw wɔn nnamfo paa mfi asɔfo ‘kuw’ no mu nkutoo” mfa nsiw ɔhaw ahorow ano, na wommu wɔn asɔremma sɛ “nnipa a wɔrehwehwɛ mmoa.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ, asɔremma pii nso bu wɔn asɔfo sɛ wɔyɛ abirɛmpɔn kuw a asɔrekɔfo no ahiade ne wɔn haw ahorow mfa wɔn ho.

Ɔsɔfo bɛn na obetumi asiw kwan no? Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a ɛma wohuu nea enti a asɔfo di nkogu wɔ wɔn som adwuma mu no mu sɛ asɔremma no mmu ɔsɔfo nhomasua mu nimdeɛ ne n’ahokokwaw sɛ ade a ɛho hia. Ɛnyɛ obi a ne nhomanim kɔ akyiri, ɔkasafo a n’ano atew, anaa ɔhwɛfo a ne ho akokwaw na asɔremma no hwehwɛ. Nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔn sɔfo bɛyɛ “Onyankopɔn nipa” a ɔyɛ nea ɔka no. Ɔbenfo Johnston ka sɛ, sɛ onni saa su no a, “asɛm biara nni hɔ a obi bɛka anaa nimdeɛ biara nni hɔ a ɔbɛda no adi” ma asiw kwan no.

Dɛn na Bible ka sɛ wɔhwehwɛ wɔ asafo mu mpanyimfo ho? “Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwenem tew, ɔyɛ ne ho wosee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ohu kyerɛkyerɛ, ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ ɔmaanefo, na mmom odwo, ɔnyɛ atutupɛ, ɔnyɛ sikanibere; odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu. . . . Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afiri mu.”—1 Timoteo 3:2-4, 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena