Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 20-24
  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra a Wɔbɛkyerɛkyerɛ Wɔn Ma Wɔn Ani Aku Asɛyɛde Ho
  • Nteɛso a Efi Ɔdɔ Mu
  • Nhomasua a Wɔde Tra Ase
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 20-24

Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn

BIBLE dwontofo no kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no.” (Dwom 127:4) Bɛmma nnu ne botae ho kwa. Ɛsɛ sɛ wode kyerɛ baabi a wopɛ sɛ ɛkɔ no yiye. Saa ara na ebia mmofra rentumi nnu botae a ɛne sɛ wɔbɛyɛ mpanyimfo a wɔn ani ku asɛyɛde ho no ho bere a wɔn awofo akwankyerɛ nka ho. Bible tu fo sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.

Sɛ́ abofra a ɔdan n’awofo bɛyɛ ɔpanyin a ɔnnan wɔn bio no nyɛ da koro adeyɛ. Enti bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase tete wɔn mma ma wɔn ankasa bɛyɛ nkurɔfo a wotumi hwɛ wɔn ho? Ɔsomafo Paulo kaee aberantewa Timoteo sɛ: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:15) Susuw ho hwɛ, Timoteo maame fii ase maa no honhom fam ntetee bere a na ɔda so ara yɛ akokoaa no!

Afei, sɛ nkokoaa betumi anya honhom fam ntetee mu mfaso a, so ntease nnim sɛ ɛsɛ sɛ wode ntetee a mmofra de benyin abɛyɛ mpanyimfo no ma wɔn ntɛm sɛnea wubetumi? Ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ eyi ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔn ani aku asɛyɛde ho, na wɔn ankasa atumi asisi gyinae ahorow.

Mmofra a Wɔbɛkyerɛkyerɛ Wɔn Ma Wɔn Ani Aku Asɛyɛde Ho

Wobɛyɛ dɛn atumi ahyɛ wo mma nkuran ma wɔn ani aku asɛyɛde ho? Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Jack ne Nora ka faa wɔn babea ho sɛ: “Bere a na ne nan nnyee fam mpo no, osuae sɛ ɔde sɔks anaa nneɛma nketewa bɛkɔ ne dan mu akogu drɔɔ a ɛfata mu. Osuae nso sɛ ɔde agode ne nhoma ahorow begu mmeae a ɛfata.” Eyi yɛ mfiase nketewa, nanso na abofra no resua sɛnea obesisi asɛyɛde ahorow ho gyinae.

Bere a abofra renyin no, ebia wobetumi de asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru kakra ahyɛ ne nsa. Enti Abra ne Anita maa wɔn babea nyaa ɔkraman a n’ani gye ne ho. Ná abofra no na ɔhwɛ ɔkraman no, mpo na oyi n’ankasa sika a onya no bi ma wɔde hwɛ ɔkraman no. Mmofra a wɔbɛtete wɔn ma wɔn ani aku asɛyɛde ahorow ho no gye boasetɔ. Nanso mfaso wɔ so, na ɛboa ma wonyin wɔ nkate fam.

Ofie nnwuma yɛ hokwan foforo a wɔde bɛma mmofra ahu wɔn asɛyɛde. Awofo bi yi wɔn mma fi abusua nnwuma mu koraa, na wosusuw sɛ nnwuma a ɛte saa a wɔbɛma wɔayɛ bi no bɛhaw wɔn sen sɛ ɛbɛboa wɔn. Afoforo ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn mma ‘nya nneɛma fo sen sɛnea awofo no nyae bere a na wɔyɛ mmofra no.’ Eyi yɛ nsusuwii a ɛnteɛ. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Sɛ obi korɔkorɔ n’akoa fi ne mmofraase a, akyiri yi ɔbɛyɛ bonniayɛfo wɔ n’asetra mu.” (Mmebusɛm 29:21, NW) Nnyinasosɛm a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no fa mmofra ho ankasa. Ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ abofra benyin a ɛnyɛ sɛ ɔyɛ “bonniayɛfo” nko, na mmom ontumi nyɛ ofie nnwuma nketenkete koraa mpo nso.

Wɔ Bible mmere mu no, na wɔtaa de ofie nnwuma hyɛ mmofra nsa. Sɛ nhwɛso no, bere a na abofra Yosef adi mfe 17 pɛ no, ɔboa ma wɔhwɛɛ abusua no nguan. (Genesis 37:2) Ná eyi nyɛ adwuma ketewa, efisɛ na n’agya wɔ nguan pii. (Genesis 32:13-15) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yosef nyin bɛyɛɛ sodifo a ɔwɔ tumi no mma ɛnyɛ den sɛ yebegye adi sɛ saa mfitiase ntetee yi yɛɛ pii de siesiee ne suban wɔ ɔkwampa so. Saa ara na wɔde abusua nguanhwɛ adwuma hyɛɛ Dawid a na ɔbɛyɛ Israel hene daakye no nsa bere a na ɔyɛ abofra no.—1 Samuel 16:11.

So asuade bi wom ma awofo nnɛ? Ma wo mma ofie nnwuma a ɛfata. Sɛ wugye bere, bɔ mmɔden, nya boasetɔ a, wubetumi akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔanya aprapra, aduannoa, ofie ne kar asiesie mu kyɛfã. Nokwarem no, egyina abofra no mfe ne n’ahoɔden so kɛse. Nanso ɛtaa ba sɛ mmofra nkumaa mpo tumi ‘boa wɔn Papa ma osiesie ne kar’ anaasɛ ‘wɔboa wɔn Maame ma ɔnoa aduan.’

Ofie nnwuma a wɔbɛkyerɛ nso hwehwɛ sɛ awofo de akyɛde a ɛsom bo sen biara ma wɔn mma—wɔn bere. Wobisaa awarefo bi a wɔwɔ mma baanu ɔkwan a wɔfaa so tumi tetee wɔn mma. Wobuae sɛ: “Ɛbere, ɛbere, ɛbere!”

Nteɛso a Efi Ɔdɔ Mu

Sɛ mmofra yɛ wɔn nnwuma yiye, anaasɛ wɔbɔ mmɔden kakra sɛ wɔbɛyɛ saa a, fi ayamye ne komam kamfo wɔn! (Fa toto Mateo 25:21 ho.) Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ mmofra betumi ayɛ nnwuma te sɛ mpanyimfo. Na sɛ wogyae mmofra sɛ wɔn ankasa nsisi wɔn gyinae a, wobedi mfomso mpɛn pii. Nanso hwɛ yiye na woanyɛ nneɛma ammoro so! So wo nso wunni mfomso sɛ ɔpanyin? Enti sɛ wo ba fom a, dɛn nti na wontɔ wo bo ase? (Fa toto Dwom 103:13 ho.) Bu w’ani gu mfomso ahorow so. Bu no sɛ ɛyɛ adesua kwan no fã.

Nhoma akyerɛwfo Michael Schulman ne Eva Mekler ka sɛ: “Mmofra a wɔne wɔn di wɔ adamfofa kwan so no nsuro sɛ wɔbɛtwe wɔn aso sɛ wɔn ankasa ayɛ biribi.” Nanso, “mmofra a wɔn awofo yɛ katee anaasɛ wonni tema no suro sɛ wobefi wɔn pɛ mu ayɛ biribi, a nea mfaso wɔ so ka ho, efisɛ wosuro sɛ wɔn awofo behu nea wɔayɛ no ho mfomso ma wɔakasa atia anaa wɔatwe wɔn aso.” Saa asɛm yi ne kɔkɔbɔ a Bible de ma awofo yi hyia: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Enti sɛ abofra antumi anyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, dɛn nti na wonkamfo no wɔ mmɔden kakra a ɔbɔe no ho? Hyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ nea ɛkyɛn saa bere foforo. Ma onhu sɛ nkɔso a obenya no bɛma w’ani agye. Ma onnya awerɛhyem sɛ wodɔ no.

Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a nteɛso ho hia. Eyi te saa titiriw bere a mmofra adu wɔn mpanyin mfe so, bere a yɛtaa hu sɛ wɔrepere sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ, na wɔagye wɔn atom sɛ nnipa a wotumi yɛ nea wɔn ankasa pɛ no. Enti ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ awofo befi ntease mu asusuw mmɔden a ɛte saa a mmofra bɔ sɛ wobenya ahofadi no ho mmom sen sɛ wobebu no atuatew bere nyinaa.

Ampa, mmofra taa di wɔn nkate akyi anaasɛ wogyae wɔn ho mu ma “mmerante bere mu akɔnnɔ.” (2 Timoteo 2:22) Enti sɛ awofo antumi anto abofra nneyɛe ano hye a, ebetumi asɛe no wɔ nkate fam; ɔrentumi nsua ahosodi ne ahohyɛso. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Nanso mfaso wɔ nteɛso a ɛfata a wɔde ma wɔ ɔdɔ mu so, na esiesie abofra ma ahwehwɛde ne nhyɛso a ɛwɔ mpanyinyɛ mu no. Bible tu fo sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” (Mmebusɛm 13:24) Nanso, kae sɛ, nteɛso ho ade titiriw ne ɔkyerɛkyerɛ ne ntetee—ɛnyɛ asotwe. Akyinnye biara nni ho sɛ nea ‘abaa’ kyerɛ wɔ ha ne dua a nguanhwɛfo de kyerɛ wɔn nguan kwan no. (Dwom 23:4) Ɛyɛ akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu ho sɛnkyerɛnne—ɛnyɛ atirimɔdensɛm.

Nhomasua a Wɔde Tra Ase

Awofo akwankyerɛ ho hia titiriw wɔ abofra nhomasua ho. Kyerɛ wo ba nhomasua ho anigye. Boa no ma ɔmpaw sukuu adesuade a ɛfata na onsi gyinae a edi mu sɛ ebia nhomasua ntoaso bi ho behia anaa.a

Nokwarem no, nhomasua a ɛho hia sen biara ne honhom fam nhomasua. (Yesaia 54:13) Mmofra behia gyinapɛn pa na wɔde agyina mpanyinyɛ ano. Ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn “nkatede.” (Hebrifo 5:14) Awofo betumi aboa wɔn pii wɔ eyi yɛ mu. Wɔhyɛ Yehowa Adansefo mmusua nkuran sɛ wɔne wɔn mma nsua Bible no daa. Esiane sɛ Adansefo a wɔyɛ awofo di Timoteo maame a ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ no fi ne mmofraase nhwɛso akyi nti, wɔn nso kyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa.

Ɔwofo a onni hokafo bi a wɔfrɛ no Barbara no ma abusua Bible adesua no yɛ anigye sen biara ma ne mma. “Saa anwummere no, mehwɛ ma mmofra no aduan a ɛyɛ dɛ, a nnɔkɔnnɔkɔwade a wɔn ani gye ho ka ho. Mede kasɛt bɔ Ahenni Nnwom de ma tebea no yɛ anigye. Afei, bere a yɛde mpaebɔ afi ase no, yɛtaa sua Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no. Nanso sɛ ahiade titiriw bi wɔ hɔ a, mitumi de nhoma te sɛ Questions Young People Ask—Answers That Work di dwuma.”b Sɛnea Barbara kyerɛ no, Bible a wosua no boa ne mma ma “wohu Yehowa adwene wɔ nsɛm ho.”

Yiw, akyɛde a ɛsen biara nni hɔ a wobetumi de ama abofra sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible mu nimdeɛ ne ntease. ‘Etumi ma ntetekwaa ani tew, na aberante nso nya nimdeɛ ne adwempa.’ (Mmebusɛm 1:4) Bere a abofra anya fapem a ɛte saa no, onyin yɛ panyin a otumi gyina nhyɛso ne tebea foforo ano.

Ne saa mpo no, fie a mmofra fi no de nsakrae kɛse ba awofo dodow no ara asetra mu. Wɔaka ɔkwan a wɔbɛfa so atra fituw mu no ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ nsɛm a ɛtoatoa so a ɛne “Awofo—Mo Nso Mowɔ Adwuma!” a ɛwɔ September 8, 1988, Engiresi Nyan! mu no.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“Mmofra a wɔn awofo yɛ katee anaasɛ wonni tema no suro sɛ wobefi wɔn pɛ mu ayɛ biribi, a nea mfaso wɔ so ka ho, efisɛ wosuro sɛ wɔn awofo behu nea wɔayɛ no ho mfomso ma wɔakasa atia anaa wɔatwe wɔn aso.”—Bringing Up a Moral Child (Sɛnea Wɔtete Abofra Ma Onya Su Pa), a Michael Schulman ne Eva Mekler yɛe no

[Kratafa 22 adaka]

Awofo a Wonni Ahokafo—Wɔn Mma a Wobefi Wɔn Nkyɛn Ho Asɛnnennen

Ɔwofo a onni hokafo bi a wɔfrɛ no Rebecca ka sɛ: “Ɛyɛ den yiye sɛ awofo a wonni ahokafo bɛma wɔn mma afi wɔn nkyɛn. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛbɔ wɔn ho ban araa ma yesiw wɔn nkɔso kwan.” Nhoma Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Bac no nkratafã 106-7 de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so yi ma:

“Ɛtaa ba sɛ awofo a wonni ahokafo bɛn wɔn mma paa, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na ɔhye a Onyankopɔn de ato awofo ne mma ntam no ansɛe. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛna a onni kunu hwɛ kwan sɛ ne babarima bɛyɛ abusua no ti anaa ɔde ne babea no yɛ obi a ɔka atirimsɛm kyerɛ no, ka ne kokoam haw ahorow kyerɛ no a, ebetumi de nsɛnnennen a anibere wom aba. Saayɛ mfata, ɛbɛyɛ dadwen ama abofra no na ebia ɛbɛma n’adwene atu afra.

“Ma wo mma nnya awerɛhyem sɛ, sɛ ɔwofo no, wobɛhwɛ wɔn—ɛnyɛ sɛ wɔn na wɔbɛhwɛ wo. (Fa toto 2 Korintofo 12:14 ho.) Ɛtɔ mmere bi a, ebia wubehia afotu anaa mmoa. Hwehwɛ fi Kristofo mpanyimfo anaa ebia Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw hɔ, na ɛnyɛ wo mma nkumaa hɔ.—Tito 2:3.”

Sɛ awofo a wonni ahokafo de anohyeto a ɛfata ma, na wɔne wɔn mma nya abusuabɔ pa a, mpɛn pii no ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛma wɔn mma afi wɔn nkyɛn.

[Ase hɔ asɛm]

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Ntetee a mfaso wɔ so betumi aboa mmofra ma wɔayɛ mpanyimfo a wɔn ani ku asɛyɛde ho kɛse

[Kratafa 24 mfonini ahorow]

Bible a abusua besua no betumi ama mmofra no anya nyansa a ehia ma wɔde agyina mpanyinbere mu asetra ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena