Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 25-28
  • Anigye a Wode Bɛtra Fituw Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Wode Bɛtra Fituw Mu
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa W’adwene Si Nneɛma Pa So
  • Woda So Ara Yɛ Ɔwofo!
  • Mfa Wo Ho Nhyehyɛ Wɔn Nsɛm Mu
  • Monyɛ Mo Aware no Foforo
  • Awofo a Wonni Ahokafo a Wɔbɛma Wɔn Mma Afi Wɔn Nkyɛn
  • Gya Wɔn Kwan Anigye So
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • “Wunnyae Ɔwofo Yɛ Da”
    Nyan!—1983
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 25-28

Anigye a Wode Bɛtra Fituw Mu

ƆWOFO bi gye toom sɛ: “Wɔ yɛn mu pii fam no, ntetewmu a awiei koraa ɛba no yɛ ahodwiriw ɛmfa ho ahoboa biara a yɛayɛ no.” Yiw, esiane sɛ fie a abofra befi yɛ nea wontumi nkwati nti, sɛ ɛba saa ankasa a, ebia ano a wubegyina no renyɛ mmerɛw koraa. Agya bi ka nea n’ankasa yɛe bere a ɔmaa ne babarima nantew yiye akyi no ho asɛm sɛ: “Bere a edi kan wɔ m’asetra mu . . . , misui, sui, sui.”

Wɔ awofo pii fam no, wɔn mma a wobefi wɔn nkyɛn no de adehwere kɛse bi ba wɔn asetra mu—kuru a anim abue. Esiane sɛ wɔne wɔn mma no nnya nkitahodi da biara da nti, ebinom te ankonamyɛ, ɛyaw, ne adehwere kɛse nka. Na ɛnyɛ awofo nko na ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae. Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Edward ne Avril kae yɛn sɛ: “Sɛ mmofra foforo da so wɔ fie hɔ a, wɔn nso bɛte nka sɛ wɔahwere ade.” Awarefo yi afotu ne dɛn? “Nya bere ne ntease ma wɔn. Eyi bɛboa wɔn ma wɔayɛ nsakrae.”

Yiw, asetra kɔ so ara. Sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ wo mma a wɔaka no—a yɛrenka w’adwuma anaa ofie nnwuma ho asɛm—a, worentumi mma awerɛhow mmene wo. Enti, ma yɛnhwɛ akwan bi a wobɛfa so anya anigye bere a wo mma afi fie no.

Fa W’adwene Si Nneɛma Pa So

Nokwarem no, sɛ wo werɛ ahow anaa woayɛ ankonam na wopɛ sɛ wusu anaa woka sɛnea wote nka ho asɛm kyerɛ adamfo bi a ɔwɔ tema a, yɛ saa ɔkwan biara so. Bible ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” (Mmebusɛm 12:25) Ɛtɔ mmere bi a, afoforo betumi ama woanya nneɛma ho ntease foforo. Sɛ nhwɛso no, awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Waldemar ne Marianne tu fo sɛ: “Mmu asɛm no sɛ adehwere, na mmom sɛ́ botae bi a woatumi adu ho.” Ɔkwampa a wɔfa so bu nneɛma bɛn ara ni! Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Rudolf ne Hilde ka sɛ: “Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yetumi tetee yɛn mmabarima na wonyin bɛyɛɛ mpanyimfo a wɔn ani ku asɛyɛde ho.”

So woabɔ mmɔden sɛ wobɛtete wo ba wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu”? (Efesofo 6:4) Sɛ woayɛ saa mpo a, ebia wobɛkɔ so ahyia dadwen wɔ fi a ɔrefi fie no ho. Nanso awerɛhyem a Bible de ma wɔn a wɔtete wɔn mma wɔ saa kwan no so ne sɛ “na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) So ɛnyɛ abotɔyam kɛse sɛ wubehu sɛ wo ba de ntetee a wode ama no no reyɛ adwuma? Ɔsomafo Yohane kaa ne honhom fam abusua ho asɛm sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Ebia wubetumi anya nkate a ɛte saa ara wɔ w’ankasa wo ba ho.

Ampa, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔde Kristofo ntetee yɛ adwuma. Sɛ eyi ba saa wɔ wo fam wɔ wo ba a wanyin ho a, ɛnkyerɛ sɛ woadi nkogu sɛ ɔwofo. Sɛ woayɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛtete no wɔ Onyankopɔn kwan so a, enhia sɛ woka sɛ woabrɛ agu. Hu sɛ sɛ ɔpanyin no, wo ba no bɛsoa n’ankasa adesoa wɔ Onyankopɔn anim. (Galatifo 6:5) Nya anidaso sɛ ebia bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛsan asusuw nneɛma a wapaw no ho bio, na awiei koraa no “bɛmma” no akɔ baabi a wode kyerɛe no.—Dwom 127:4.

Woda So Ara Yɛ Ɔwofo!

Bere a fie a wo ba fi de nsakrae titiriw bi ba no, ɛnkyerɛ sɛ woawie w’adwuma sɛ ɔwofo. Adwenemyare ho duruyɛfo Howard Halpern ka sɛ: “Woyɛ ɔwofo kosi da a wubewu, nanso ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ adema ne ntetee a wode ma no mu.”

Bible kae bere tenten ni sɛ ɔwofoyɛ mma awiei esiane sɛ abofra anyin ara kwa nti. Mmebusɛm 23:22 ka sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” Yiw, sɛ awofo ‘abɔ nkwakoraa ne mmerewa’ mpo, na sɛ wɔn mma ayɛ mpanyimfo a, awofo betumi akɔ so ara anya wɔn mma asetra so nkɛntɛnso titiriw bi. Nokwarem no, ehia sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow bi. Nanso abusuabɔ biara hia nsakrae bere ne bere mu na ama ayɛ foforo ne nea abotɔyam wom. Enti seesei a wo mma anyinyin no, bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn benya abusuabɔ sɛ mpanyimfo. Anigye so no, nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ ɔwofo ne ɔba abusuabɔ no taa tu mpɔn bere a mmofra afi fie no! Sɛ mmofra hyia wiase nhyɛso ahorow ankasa a, mpɛn pii no wofi ase hu wɔn awofo wɔ ɔkwan foforo so. Germanni barima bi a wɔfrɛ no Hartmut ka sɛ: “Afei na mate m’awofo ase yiye, na mahu nea enti a wɔyɛɛ nneɛma a wɔyɛe no.”

Mfa Wo Ho Nhyehyɛ Wɔn Nsɛm Mu

Nanso, sɛ wode wo ho hyehyɛ wo ba a wanyin kokoam nsɛm mu a, ebetumi asɛe nneɛma pii. (Fa toto 1 Timoteo 5:13 ho.) Ɔbaa warefo bi a ɔrehyia ɔhaw wɔ ne nsenom ho no bɔ abubuw sɛ: “Yɛdɔ wɔn, nanso yɛpɛ sɛ yɛn ankasa bɔ yɛn bra na yesisi yɛn gyinae.” Nokwarem no, ɔwofo a ɔwɔ dɔ biara nni hɔ a ɔbɛtra hɔ ahwɛ bere a ne ba a wanyin kɔ asiane mu no. Nanso mpɛn pii no ɛho hia sɛ ɔkwati sɛ ɔde afotu bɛma sɛ ɔwofo bere a wɔnsrɛe, ɛmfa ho nyansa anaa mfaso biara a ɛwɔ n’afotu no mu no. Eyi te saa titiriw bere a ɔba bi aware no.

Nyan! de saa afotu yi mae wɔ 1983 mu sɛ: “Gye wo dwumadi a asesa no tom. Wugyae w’adwuma sɛ nufumafo bere a wo ba fi ase nantew no. Saa ara na mprempren nso, ɛsɛ sɛ wugyae w’adwuma sɛ wɔn so hwɛfo a w’ani gye ho no na wobɛyɛ ɔfotufo. Sɛ́ wubesisi gyinae ama wo ba wɔ n’asetra mu saa bere yi no bɛyɛ nea ɛmfata te sɛ nea wode wo nsa resrasra n’akyi anaa worema no nufu. Sɛ́ ɔfotufo no, wowɔ anohyeto ahorow. Worentumi mfa tumi a na wowɔ sɛ ɔwofo no nni dwuma kɛse bio. (‘Yɛ, efisɛ me na mise yɛ.’) Ɛsɛ sɛ wunya obu ma mpanyin gyinabea a wo ba no wom no.”a

Ebia ɛnyɛ gyinae ahorow nyinaa a wo ba no ne ne hokafo besisi na wobɛpene so. Nanso obu a wubenya ama kronkron a aware yɛ no betumi aboa wo ma woasi abotare na woakwati sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ wɔn nsɛm mu wɔ ɔkwan a ɛho nhia so. Nokwasɛm no ne sɛ, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ wobɛma awarefo a wɔyɛ foforo no adi wɔn ntam nsɛnnennen ho dwuma. Anyɛ saa a, wode ntawntawdi a ɛho nhia bɛba bere a wode afotu a wɔmpɛ rema ase barima anaa ase bea a esiane ɔhaw a aba n’aware mu nti, ɔkasatia betumi ahaw no yiye no. Nyan! mu asɛm a yɛbɔɔ din wɔ atifi hɔ no kɔɔ so tuu fo bio sɛ: “Yi mmɔden a wobɛbɔ sɛ wode nyansahyɛ ahorow pii a ɛnyɛ wɔn na wɔabisa a ebetumi ama w’ase barima anaa w’ase bea no abɛyɛ ɔtamfo no fi hɔ.” Boa wɔn—nni wɔn asetra so. Sɛ woma abusuabɔ pa kɔ so tra mo ntam a, woma ɛyɛ mmerɛw ma wo ba no sɛ ɔbɛba wo nkyɛn bere a ohia afotu ankasa no.

Monyɛ Mo Aware no Foforo

Wɔ awarefo pii fam no, ofituw mu tra betumi abue kwan ma anigye pii aba aware no mu. Bere ne mmɔdenbɔ a egye na awofo atumi atete wɔn mma yiye no tumi gye wɔn bere araa ma awarefo bu wɔn ani gu wɔn ankasa ntam abusuabɔ so. Ɔyere bi ka sɛ: “Seesei a mmofra no kɔ no, me ne Konrad rebɔ mmɔden sɛ yebehu yɛn ho yiye bio.”

Bere a moade mo ho afi da biara da ɔwofoyɛ ho asɛyɛde ahorow ho no, afei na mubetumi anya bere ama mo ho. Ɔwofo bi kae sɛ: “Saa ahofadi foforo a yɛanya yi . . . ma yɛde yɛn adwene si nnipa ko a yɛyɛ so kɛse, na yesusuw ho sɛ yebesua yɛn abusuabɔ no ho ade pii, na yefi ase de yɛn ho hyɛ nnwuma a edi yɛn ahiade ahorow ho dwuma mu.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛyɛ bere a yɛde besua nneɛma foforo na yɛatu mpɔn ntɛmntɛm, na ɛwom sɛ mmere a ɛte saa no betumi ayɛ ɔhaw de, nanso ebetumi ayɛ anigye nso.”

Awarefo bi nso nya sikasɛm mu ahofadi kɛse. Wobetumi ayɛ nneɛma a wɔn ani gye ho ne nnwuma a na wontumi nyɛ nyinaa seesei. Wɔ Yehowa Adansefo mu no, awarefo pii de wɔn ahofadi foforo no yɛ honhom fam nneɛma. Agya bi a wɔfrɛ no Hermann kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a ne mma fii fie no, ɔne ne yere san kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no ntɛm ara.

Awofo a Wonni Ahokafo a Wɔbɛma Wɔn Mma Afi Wɔn Nkyɛn

Ofituw mu tra a ɛbɛkokwaw obi no betumi ayɛ asɛnnennen ama awofo a wonni ahokafo titiriw. Rebecca, ɛna a onni hokafo a ɔwɔ mma baanu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ yɛn mma kɔ a, yenni okunu a ɔbɛma yɛn ani aka na wadɔ yɛn.” Ebia na ɔwofo a onni ɔhokafo no mma no na ɛkyekye ne werɛ. Na sɛ na wɔboa wɔ fie hɔ sikasɛm mu a, ebia wɔn kɔ no de sikasɛm mu nsɛnnennen bɛba.

Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn sikasɛm atu mpɔn denam nnwuma ntetee anaa bere tiaa bi sukuu adesua a wɔde wɔn ho hyem so. Nanso ɔkwan bɛn so na obi di ankonamyɛ a ɛba no so? Ɔwofo bi a onni hokafo ka sɛ: “Nea ɛboa me ne sɛ mɛyɛ biribi bere nyinaa. Ebetumi ayɛ Bible akenkan, ofie asiesie, anaasɛ anantenantew ne mmirikatu kɛkɛ. Nanso ɔkwan a mfaso wɔ so sen biara a ɛma midi ankonamyɛ so ne sɛ me ne honhom fam yɔnko bi bɛbɔ nkɔmmɔ.” Yiw, ‘trɛw wo mu,’ na fa nnamfo foforo a wɔbɛma woanya abotɔyam. (2 Korintofo 6:13) ‘Kura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu’ bere a wote nka sɛ nneɛma hyɛ wo so no. (1 Timoteo 5:5) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhyɛ wo den ayɛ wo mmoa wɔ saa bere a emu yɛ den yi mu.

Gya Wɔn Kwan Anigye So

Sɛnea wo tebea te biara no, hu sɛ sɛ wo mma fi fie a, na asetra mmaa awiei ɛ. Saa ara na ɛnsɛe mo abusuabɔ nso. Ɔdɔ pa a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no mu yɛ den araa ma ɛka nnipa bom, bere a wɔwɔ akyirikyiri mpo no. Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ ɔdɔ ‘tɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.’ (1 Korintofo 13:7, 8) Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a moanya wɔ mo abusua mu no to rentwa esiane sɛ wo mma fi fie ara kwa nti.

Anigyesɛm ne sɛ, sɛ mmofra fi ase hyia ntetewmu ho haw na wɔn ani gyina fie anaasɛ sɛ wofi ase hyia sikasɛm mu nsɛnnennen a, mpɛn pii no, wɔn na wodi kan san ma nkitahodi kwan bɛda hɔ. Hans ne Ingrid tu fo sɛ: “Ma mmofra no nhu sɛ wɔwɔ hokwan bere nyinaa sɛ wɔba fie.” Sra a wɔbɛsra wo daa, nkrataa kyerɛw, anaa telefon so a wɔne wo bɛkasa bere ne bere mu no bɛboa wo ma wo ne wɔn adi nkitaho. “Kyerɛ nea wɔreyɛ ho anigye a woremfa wo ho nhyehyɛ wɔn nsɛm mu,” saa na Jack ne Nora nso ka.

Sɛ mmofra fi fie a, w’asetra sakra. Nanso ofituw mu asetra betumi ayɛ nea adagyew nnim, nea dwumadi ne abotɔyam wom. Afei nso, wo ne wo mma ntam abusuabɔ sakra. Nanso, ebetumi akɔ so ayɛ abusuabɔ a anigye ne abotɔyam wom. Abenfo Geoffrey Leigh ne Gary Peterson ka sɛ: “Ahofadi a mmofra nya fi awofo hɔ no nkyerɛ sɛ ɔdɔ, nokware, anaa obu a wɔwɔ ma wɔn no yera. . . . Nokwarem no, abusuabɔ a emu yɛ den taa kɔ so tra hɔ bere nyinaa.” Yiw, wobɛdɔ wo mma bere nyinaa, na wobɛyɛ wɔn wofo daa. Na esiane sɛ wodɔ wo mma araa ma wɔama woafi wo nkyɛn nti, wonhweree wɔn ankasa.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Wunnyae Ɔwofo Yɛ Da,” a ɛwɔ August 8, 1983, Nyan! mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

“Bere a edi kan wɔ m’asetra mu . . . , misui, sui, sui”

[Kratafa 26 adaka/mfonini]

Nyansahyɛ Ma Mmofra a Wɔanyinyin—Mommoa Awofo Mma Wonnya Mo Kwan

Mpɛn pii no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina fie a wubefi ano sen sɛ wobegyaw wo wɔ fie. Enti bere a w’ani gye wɔ w’ahofadi ne wo mpanyinyɛ mu no, da ayamye ne ntease adi ma w’awofo, sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a. Ma wonnya awerɛhyem sɛ woda so ara dɔ wɔn. Krataa tiawa, akyɛde a wɔnhwɛ kwan, anaa telefon so a wo ne wɔn bɛkasa adamfofa kwan so no betumi ayɛ pii akyekye ɔwofo a ne werɛ ahow no werɛ! Ka nsɛntitiriw a ɛresisi wɔ w’asetra mu kyerɛ wɔn. Eyi ma wohu sɛ abusuabɔ no mu da so yɛ den.

Bere a wuhyia mpanyinyɛ mu nsɛnnennen no, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛte tebea a w’awofo faa mu bere a na wɔrehwɛ wo no ase kɛse asen biara. Ebia eyi bɛka wo ma woaka akyerɛ w’awofo sɛ: “Meda mo ase wɔ nea moayɛ ama me nyinaa ho!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena