Nea Efi Mu Ba Ano a Wobegyina
BERE a na Gilbert da ayaresabea mpa so a ne nsa ne ne nan adwudwo no, obisaa ne duruyɛfo no sɛ: “So metumi de me nsa ne me nan ayɛ ade bio?” Gilbert tee mmuae a na emu yɛ den: “Dodow a wobɛyere wo ho no, dodow no ara na wo ho bɛsan wo, na woasi wo dedaw mu ntɛm.” Ɔkae sɛ: “Mayɛ krado!” Bere a na wadi mfe 65 no, apɔwmuteɛteɛ ne adwempa a onyae ma onyaa nkɔso fii mmubuafo nkongua mu de adwinnade bi a mmubuafo de nantew a wɔfrɛ no walker dii dwuma, na afei ɔde poma nantewee, na otumi san kɔɔ adwuma.
Nhwehwɛmufo Weiner, Lee, ne Bell ka sɛ: “Wɔn a wɔsa nkurɔfo a wɔn fã adwudwo yare nnɛ mu dodow no ara gye adwene a ɛne sɛ sɛ amemene no fã bi sɛe a, amemene no fã a aka no betumi ayɛ adwuma a ɔfã a ɛho aka no yɛ no, tom. Ayaresa no atirimpɔw biako ne sɛ ebesiesie amemene no fã a ɛnyɛ saa adwuma no dedaw no na akanyan no ma atumi ayɛ adwuma no. Nanso, ahosan a ɛba no gyina nneɛma foforo te sɛ amemene no fã kõ a yare no kae ne sɛnea emu den te, onipa no akwahosan tebea, ayaresa a edi mũ a onya, ne mmoa a afoforo de ma no so nso.
Mmoa a Abusuafo ne Nnamfo De Ma
Erikka de ne ho hyɛɛ apɔwmuteɛteɛ a ɛbɛma ne ho asan no mu mfe abiɛsa suaa nantew ne sɛnea ɔde ne nsa nifa bɛyɛ nnwuma a ne nsa benkum a adwudwo no ntumi nyɛ no. Ɔka nea ɛboaa no ma otumi gyinaa ano ho asɛm sɛ: “Ade titiriw ne sɛ me kunu ne me nnamfo kɔɔ so gyinaa m’akyi. Hu a mihui sɛ wɔdɔ me no hyɛɛ me den, na bere a wɔhyɛɛ me nkuran sɛ minnyina pintinn no, ɛkanyan me yiye.”
Ɛsɛ sɛ abusuafo yɛ wɔn adɔfo aboafo wɔ wɔn ahosan ho dwumadi no mu. Ehia sɛ wobisabisa nnuruyɛfo nsɛm na wohu ayaresa a ebehia sɛ wɔtoa so wɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwerew nkɔso a wɔanya dedaw no. Abotare, ayamye, ntease, ne ɔdɔ a abusuafo ne nnamfo da no adi ma onya abotɔyam a ɛbɛma wasan asua kasa, akenkan, na wayɛ da biara da asetra mu nnwuma foforo.
Bere a John anteɛteɛ ne yere Ellen, na wankorɔkorɔ no pii nso no, ɔyeree ne ho boaa no wɔ n’apɔwmuteɛteɛ ne n’ayaresa mu. Ɔka mmɔden a n’abusua bɔe ho asɛm sɛ: “Na yɛmma Ellen nsu ne ho mmɔbɔ pii. Ɛtɔ mmere bi a na yɛma no adwumaden, nanso yɛmaa yɛn ani daa hɔ wɔ ne mmerɛwyɛ ho bere nyinaa boaa no. Nsɛm tumi haw no ntɛmntɛm nti, mebɔ mmɔden sɛ meremma onnwennwen.”
Bere a kasa ho ɔyaresafo bi boaa Ellen ma osuaa kasa bio no, John boaa no. “Na nneɛma a yɛbom yɛ hyɛ no nkuran, enti na yɛbom kenkan Bible no den kyerɛ yɛn ho yɛn ho, na ɛboa maa otuu mpɔn wɔ ne kasa mu. Afei nso, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo nti, yɛde yɛn ho hyɛɛ asɛnka mu nkakrankakra. Saa kwan yi so no, Ellen tumi kaa daakye ho anidaso a yɛwɔ ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Ná eyi ankasa yɛ ayaresa ma Ellen.” Eduu mfe abiɛsa awiei no, na Ellen anya nkɔso pii.
Ɛnsɛ sɛ yebu nkuranhyɛ ne denhyɛ a nnamfo tumi de ma no adewa, efisɛ etumi nya nkɛntɛnso kɛse wɔ obi a yare a ɛma nnipa fã dwudwo ayɛ no ahosan so. Aduruyɛ ho nsɛmma nhoma Stroke bɔɔ amanneɛ sɛ “wohui sɛ wɔn a wonya mmoa pii no ho san wɔn ntɛmntɛm, na wotu mpɔn kɛse wɔ nipadua no dwumadi mu, wɔ ayarefo a wɔn yare mu yɛ den yiye mpo mu.”
Bernie kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ mmoa a ne nnamfo de maa no no ho. Ɔkae yɛn sɛ: “Nnamfo nsrahwɛ boa ma wotumi gyina ano. Ɛnne a ɛda tema adi ne su a ɛkyerɛ sɛ yedwen onipa no ho hyɛ nkuran yiye. Ɛwom sɛ enhia sɛ wode w’adwene si dɛm a onipa no adi so de, nanso nkɔso biara a onya ho asɛm a wobɛka no hyɛ nkuran yiye.” Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔregyina yare no akyi haw no ano? Bernie hyɛ nyansa sɛ: “Kɔma no nhwiren, anaa ɛne no mmɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho nkɔmmɔ anaa ka osuahu bi kyerɛ no. Ɛno boaa me yiye.”
Melva, aberewa bi a yare no ayɛ no hui sɛ ne honhom fam nua bi a obenya no ne no abɔ mpae no boa yiye. Gilbert nso kamfo eyi kyerɛ, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wo ne obi bɔ mpae a, ɛda adi sɛ wudwen ne ho ankasa.” Peter a yare no ama onhu ade papa no ani sɔ bere a afoforo te ne sintɔ ahorow ase na wogye bere kenkan ade kyerɛ no no.
Obi a wobɛboa no de no akɔ ayaresabea asan de no aba nso yɛ ade a ɛkyerɛ ɔdɔ. Ehia nso sɛ wobɛhwɛ atoto nneɛma yiye wɔ nea wanya yare no bi fie ma ɛhɔ ayɛ baabi a ahobammɔ wɔ. Sɛ obi ntumi nsi pirim a, ɔtaa hwe ase. Sɛ nhwɛso no, Gilbert ani sɔɔ mmoa a ne nnamfo a wofii ayamye mu de dade a wɔsom kɔbɔɔ n’aguaree ma abɔ ne ho ban yɛ kaa nneɛma foforo a wɔyɛ maa no ho no.
Sua a Wubesua Sɛnea Wɔboa
Nneyɛe a ɛsakra mpofirim ne asusuasusu betumi ama ɔyarefo no ne nnipa a wɔbɛn no a wonhu nea wɔnyɛ no afɛre. Nanso, sɛ nnamfo sua sɛnea wɔbɛboa no a, wobetumi agye nea yare no ayɛ no no afi ankonamyɛ mu a obetumi akɔ no mu. Mpɛn pii no, asusuasusu no so tew. Nanso sɛ onipa no kɔ so su a, tra ne ho komm, na ka nsɛm a sɛ anka wo na wowɔ saa tebea no mu na wɔka kyerɛ wo a, anka ɛbɛyɛ wo dɛ.
Nea ɛsen ne nyinaa no, nya nokware dɔ ma wɔn a ebia yare no ama wɔn nipasu a na anka wunim asesa no. Wohu sɛnea wote nka no, ma enti ɛka sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ wo ho no. Erikka ka sɛ: “Ebia merensi me dedaw mu bio. Nanso ɛnsɛ sɛ obiara hwɛ kwan sɛ ɛbɛba saa wɔ obi a yare no ayɛ no fam. Ɛsɛ sɛ abusuafo ne nnamfo sua sɛ wɔbɛdɔ onipa no sɛnea ɔte no ara. Sɛ wɔyɛ onii no nipasu mu nhwehwɛmu yiye a, wobehu sɛ ne su ahorow a ɛyɛ fɛ paa a na ɔwɔ no da so wɔ hɔ.”
Sɛ obi ntumi nkasa anaasɛ wontumi nte n’asɛm ase a, obu a ɔwɔ ma ne ho ano brɛ ase koraa. Sɛ wɔn a wɔn kasa ayɛ basaa no nnamfo bɔ mmɔden ne wɔn kasa a, wobetumi ama wɔahu mfaso a ɛwɔ wɔn so. Takashi ka sɛ: “M’adwene ne sɛnea mete nka wɔ me komam no nsesae. Nanso, nkurɔfo mpɛ sɛ wɔne me bɛkasa, efisɛ wontumi ne me nni nkɔmmɔ sɛnea ɛfata. Ɛyɛ me den sɛ mɛbɛn nkurɔfo, nanso sɛ obi ne me bɛkasa a, ɛhyɛ me nkuran kɛse, na ɛma m’ani gye yiye!”
Nea edi hɔ yi yɛ akwankyerɛ ahorow bi a ebetumi aboa yɛn nyinaa ma yɛaboa wɔn a wɔn kasa ayɛ basaa no na yɛahyɛ wɔn nkuran.
Yare a ɛma nnipa fã dwudwo mu dodow no ara nka adwene no. Nnipa dodow no ara a yare no ayɛ wɔn no adwene mu da hɔ, ɛwom mpo sɛ ebia ɛyɛ den sɛ wɔbɛte wɔn kasa ase de. Nkasa nkyerɛ wɔn animtiaabu so anaasɛ ɛne wɔn nkasa sɛ mmofra. Di wɔn ni.
Fa boasetɔ tie. Ebia ebegye bere na wɔde ada adwene bi adi anaa wɔde awie asɛmfua, kasasin, anaa kasamu bi ka. Kae sɛ, otiefo pa paa nyɛ otiefo a ɔpere ne ho wɔ asɛm ho.
Sɛ wonte biribi ase a, nyɛ wo ho sɛ wote ase. Fi ayamye mu ka sɛ: “Mepa wo kyɛw. Mante ase. Ɛyɛ kakra a, na woaka bio.”
Kasa brɛoo na fa wo nne ankasa ka ma emu nna hɔ.
Ma wo nsɛm nyɛ ntiantiaa na fa nsɛmfua a wonim di dwuma.
Bisa nsɛm a ɛhwehwɛ sɛ woyi ano yiw anaa dabi, na hyɛ wɔn nkuran ma wonyi ano. Kae sɛ ebia wɔnte wo nsɛm no ase.
Ma hɔ nyɛ komm.
Yehowa Mmoa a Ɔdɔ Wom a Wode Begyina Ano
Bere a ehia sɛ wuhu nea ɛde wo yare no bae, na ɛno ma woyɛ nneɛma bi a ɛboa tew yare no a ebetumi akye wo bio so no, ɛho hu so a wubedi nso ho hia. Ellen ka sɛ: “Onyankopɔn nsɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10 no kyekye me werɛ titiriw. Ɛhɔ no ɔka sɛ: ‘Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.’ Mabu Yehowa sɛ ɔwɔ hɔ ankasa, na ɛmma minsuro.”
Bible boa Anand nso ma ogyina n’abasamtu ano: “Ɛma minya mmoa a emu yɛ den, efisɛ ɛkanyan me ma me bo tɔ me yam bere nyinaa.” Esiane sɛ na Hiroyuki ntumi mfa n’adwene nsi biribi so nti, na ne haw ne sɛnea obenya Kyerɛwnsɛm mu mfaso. Ɔka sɛ: “Minyaa awerɛkyekye wɔ Bible nhoma ahorow a ɛwɔ kasɛt so a mitie no mu.”
Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:10) Yehowa honhom na ɛboaa Paulo ma ɔyɛɛ nea na n’ankasa ntumi nyɛ no. Wɔn a yare a ɛma nnipa fã dwudwo ayɛ wɔn nso betumi de wɔn ho ato Yehowa so na wɔanya honhom fam ahoɔden. Erikka kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ yɛn ho yɛ den na yɛde yɛn ankasa ahoɔden yɛ biribiara a, ebia yɛremma Yehowa kwan pii mma ɔmmoa yɛn. Nanso me mmerɛwyɛ yi ama matumi ahyɛ me ne ne ntam abusuabɔ mu den wɔ ɔkwan soronko so.”
Wɔn a Wɔde Ɔhwɛ Ma Nya Mmoa
Wɔn a wɔde ɔhwɛ ma hia mmoa wɔ wɔn dwumadi a ɛho hia yi mu. Ɛhe na wobetumi akɔhwehwɛ mmoa? Beae koro ne abusua no mu. Ehia sɛ abusua no muni biara nya ɔhwɛ a wɔde ma no mu kyɛfa. Yoshiko ka sɛnea ne mmabarima hyɛɛ no nkuran ho asɛm: “Na wotie me haw ahorow ho asɛm te sɛ nea ato wɔn ankasa.” Ehia sɛ abusuafo nya sɛnea wɔhwɛ obi a ne fã adwudwo ho nsɛm nyinaa a wɔn nsa betumi aka, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ wɔn dɔfo no nipasu a asesa no ho, na ama wɔatumi ahwɛ no.
Henanom bio na wobetumi aboa wɔn a wɔde ɔhwɛ ma no? David ne n’abusua hwehwɛɛ mmoa fii wɔn honhom fam abusuafo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu hɔ wɔ Victor ho: “Wodii yɛn ahiade no ho dwuma. Wodii nsesa bɛdaa yɛn hɔ hwɛɛ Victor anadwo mũ nyinaa maa yɛn mmere bi.”
Obi a ɔde ɔhwɛ ma biara hia ne honhom fam abusua no nokware dɔ ne mmoa. Nanso ɛbɛyɛ ebinom den sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa. Haruko kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔtaa ka kyerɛ me sɛ: ‘Sɛ biribi wɔ hɔ a ehia sɛ yɛboa a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma yɛahu.’ Nanso bere a minim sɛnea obiara nni adagyew no, ɛyɛ me den sɛ mɛhwehwɛ wɔn hɔ mmoa. Sɛ nkurɔfo yɛɛ me mmoa wɔ akwan pɔtee bi so a, anka m’ani begye ho yiye: ‘Metumi abɛboa wɔ afisiesie mu. Da bɛn na eye ma wo?’ ‘Metumi akodi gua ama wo, sɛ meba seesei ara a eye ma wo?’”
Yare a ɛma nnipa fã dwudwo yɛɛ Kenji yere; nanso, otumi hwɛɛ no sɛnea ɛfata. Ohui sɛ ɔnam mpaebɔ so betumi de ne nnesoa agu Yehowa so. Bere bi akyi no, na ne yere ntumi nkasa, na ɛno maa Kenji hweree ɔhokafo a ɔne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso ɔkenkan Bible no da biara. Ɔka sɛ: “Ɛkae me ɔhwɛ pa a Yehowa de ma wɔn a wɔn honhom abubu no, na eyi mma me honhom mmotow na menyɛ ankonam.”
Sɛ awerɛhow reyɛ abunkam yɛn so a, Yehowa honhom so a yɛde yɛn ho bɛto tumi boa. Yoshiko a ɔregyina ne kunu nipasu a asesa ne ne bo a efuw ntɛmntɛm bere a yare no yɛɛ no akyi ano no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ me sɛ minsu nteɛteɛm. Mebɔ Yehowa mpae wɔ mmere a ɛte saa mu, na ne honhom ma minya asomdwoe.” Esiane anisɔ a ɔwɔ ma nokware a Yehowa adi ama no nti, ɔmma biribiara ntwitware ne Kristosom mu. Ɔkɔ Kristofo nhyiam horow daa, yɛ asɛnka adwuma, ne kokoam Bible adesua. Yoshiko ka sɛ: “Minim sɛ sɛ meyɛ me fam de a, Yehowa rennyaw me da.”
Sɛ adwennwen ba a, Yehowa wɔ hɔ bere nyinaa a obetie. Midori a ne kunu yɛ obi a yare no ayɛ no no nya awerɛkyekye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Yehowa de ne nusu a agu no no nyinaa agu ne “kotoku mu” no mu. (Dwom 56:8) Ɔkae Yesu nsɛm yi: “Munnnwinnwen ɔkyena ho.” Ɔka sɛ: “Mayɛ m’adwene sɛ mɛtɔ me bo ase akosi sɛ wiase foforo no bɛba.”—Mateo 6:31-34.
Sintɔ Ahorow a Emu Yɛ Den Ano a Wobegyina
Ɛyɛ nokware sɛ ebinom ho san wɔn paa bere a wɔsa wɔn yare no de, nanso nkɔso kakraa bi pɛ na ebinom nya wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsan asi wɔn dedaw mu no mu. Dɛn na ebetumi aboa saafo yi ma wɔagye wɔn sintɔ ahorow yi atom, bere a ebia emu yɛ den na ɛbɛtra hɔ akyɛ no?
Bernie a ne fã adwudwo a ontumi nnantew no bua sɛ: “Daa nkwa wɔ paradise asase a ɛreba so ho anidaso a mewɔ ne me soro Agya, Yehowa, mpae a mebɔ aboa me ma magye me sintɔ ahorow atom komm.”
Saa anidaso yi na ɛboaa Erikka ne ne kunu Georg ma Georg gyee ɔbea no sintɔ ahorow toom na wɔkɔɔ so traa ase. Georg kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛwɔ Onyankopɔn ayaresa koraa a ɛbɛba da bi ho bɔhyɛ no. Enti yɛmfa yɛn adwene nsi dɛmdi no so. Nokwarem no, yɛda so ara yɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Erikka akwahosan ho. Nanso wubetumi asua sɛnea wɔtra nipadua mu ntini a enni dwuma yiye ho, na wode w’adwene asi nneɛma pa so kɛse.”—Yesaia 33:24; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4.
Abusuafo ne nnamfo mmoa ho hia yiye wɔ wɔn a wɔn ho nsan wɔn ahe biara no fam. Wobetumi aboa ɔyarefo no ma wagyina ano akosi bere a Onyankopɔn bɛsa nyarewa nyinaa no.
Hu a wɔn a yare no bi ayɛ wɔn ne wɔn mmusua behu sɛ wɔwɔ daakye a ɛyɛ anigye, bere a wɔbɛsa wɔn yare no, ma wotumi gyina asetra ano da biara da. Wɔnam saayɛ so betumi de boasetɔ atwɛn bere a nnipa benya ahotɔ afi amanehunu nyinaa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛnkyɛ biara ɛbɛba no mu. (Yeremia 29:11; 2 Petro 3:13) Enkosi saa bere no, wɔn a wɔdan kɔ Yehowa nkyɛn nyinaa betumi anya awerɛhyem sɛ seesei mpo ɔbɛboa wɔn agyina wɔn akyi ma wɔagyina dɛmdi a yare a ɛma nnipa fã dwudwo de ba no ano.—Dwom 33:22; 55:22.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Abusuafo ne nnamfo betumi aboa ma nea yare no ayɛ no no agyina ano akosi sɛ Onyankopɔn bere bedu ma wadi akwahosan ho haw ahorow nyinaa ho dwuma
[Kratafa 10 adaka/mfonini]
Yare A Ɛma Nnipa Fã Dwudwo Anosiw
ODURUYƐFO David Levine ka sɛ: “Ɔkwampa a wɔfa so di yare a ɛma nnipa fã dwudwo ho dwuma ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden asiw ano.” Na ade titiriw a ɛde yare no ba ne mogyammoroso.
Nnipa pii fam no, wobetumi asiw mogyammoroso ano denam nnuan a aduannuru a wɔfrɛ no potassium pii wom, na nkyene, srade, ne mogya mu srade nnim kɛse a wodi so. Mmosa a wɔbɛte ne nom so nso yɛ nea ɛho behia. Apɔwmuteɛteɛ a wɔyɛ no daa a egyina sɛnea obi mfe ne n’ahoɔden te so betumi aboa atew obi mu duru so, na ebetumi atew mmirika a mogya de fa ntini mu no ano den so. Ebehia sɛ wɔnom aduru—nea oduruyɛfo bɛkyerɛ, esiane sɛ nnuru ahorow pii wɔ hɔ nti.
Yare a ɛba komam ntini kɛse a ɛde mogya kɔ amemene mu no mu no ma emu kwan yɛ ketewa, na ɛno titiriw na ɛma obi fã dwudwo. Ɛdenam sɛnea ntini akɛse no mu asi afa so no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ komam ntini akɛse no mu oprehyɛn abue emu kwan mu. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ wɔn a na nsɛnkyerɛnne da adi wɔ wɔn ho sɛ wɔn komam ntini akɛse ho aka na emu reyɛ asiw koraa no ho tɔɔ wɔn bere a wɔyɛɛ wɔn oprehyɛn na wɔmaa wɔn nnuru no. Nanso, ɔhaw ahorow wɔ oprehyɛn no ho, enti ɛsɛ sɛ wosusuw ho yiye.
Komayare betumi ama yare a ɛma nnipa fã dwudwo ho asiane ayɛ kɛse. Wotumi de nnuru a ɛmma mogya mmɔ tɔw sa home a etwitwa sisi (koma a ɛmmɔ yiye), a etumi ma mogya bɔ tɔw na ɛkɔ amemene mu no. Ebia ebehia sɛ wɔyɛ komayare foforo ho oprehyɛn, na wɔfa ho nnuru ma ɛtew yare a ɛma nnipa fã dwudwo a ebetumi ayɛ obi no so. Asikreyare na ɛde yare no mu dodow no ara ba, enti ɛho dwuma a wodi boa siw yare a ɛma nnipa fã dwudwo ano.
Komam ntini akɛse mu mogya a egyinagyina bere tiaa mu, TIA ahorow, yɛ kɔkɔbɔ pefee a ɛkyerɛ sɛ obi reyɛ anya yare a ɛma nnipa fã dwudwo. Hwɛ sɛ wummu w’ani ngu so. Kohu wo duruyɛfo, na di nea ɛde ba no ho dwuma, efisɛ TIA ahorow ma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ yare a ɛma nnipa fã dwudwo bɛyɛ obi no yɛ kɛse pii.
Asetra kwan a ɛfata nso betumi aboa asiw yare a ɛma nnipa fã dwudwo ano kɛse. Nnuan a ɛfata, apɔwmuteɛteɛ a wɔyɛ no daa ne mmosa a wɔnnom no pii ne sigaretnom a wogyae tumi boa ma komam ntini akɛse no nya ahoɔden, na etumi ma nea asɛe dedaw mpo yɛ yiye. Sɛnea nhwehwɛmu ahorow kyerɛ no, nnuaba, nhabamma, ne aburow a wodi no pii, aboa atew yare a ɛma nnipa fã dwudwo a obi betumi anya so.