Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
Wɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Harare, Zimbabwe, wɔ June 1997, ase no, nhyiamfo a wofi aman 138 mu too aba sɛ wonyi wiase nyinaa asonse ho aguadi ho anohyeto a adi mfe ason no mfi hɔ. Gyinaesi no a anobaabae a emu yɛ den dii akyi bae no maa aman abiɛsa a ɛwɔ Afrika kesee fam—Botswana, Namibia, ne Zimbabwe—kwan sɛ tebea bi nti wɔntɔn asonse mma ɔman biako, Japan. Nhyiamfo a wofi Afrika kesee fam no ani gyee gyinaesi no ho ma wɔbɔɔ ose wɔ ho. Nhyiamfo a wɔaka no ani annye eyi ho esiane nea ɛde bɛba Afrika asono so nti.
BERE a Hannibal twaa Roma asraafo mpoa wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu no, na ɔwɔ Afrikafo asono pii a ɔyɛn wɔn wɔ fie. Saa bere no, na ɛkame ayɛ sɛ asono a wɔwɔ Afrika no dodow yɛ ɔpepedudu pii, na na wɔwɔ Cape of Good Hope kɔka Cairo.
Nneɛma sesae. Bɛhwɛadeni bi kae sɛ: “Nnipa kakraa bi a na wɔte asono mu no asesa abɛyɛ asono kakraa bi a wɔn so retew ntɛmntɛm na wɔwɔ nnipa pii mu.” Bere a nnipa redɔɔso no, nsase ho aperedi maa asono hweree wɔn atrae. Ade foforo a ama asono so atew ne Sahara Anhweatam a na ɛretrɛw kɔ kesee fam no.
Nanso, nea na ɛsen saa nneɛma yi nyinaa ne asonse a wohia no. Nea ɛnte sɛ ɔsebɔ dompe ne bɛnkoro abɛn no, atetesɛm kyerɛ sɛ wɔmfa asonse nyɛ nnuru. Nanso, ɛyɛ ahomeka, ɛyɛ fɛ, ɛkyɛ, na ne koa nyɛ den. Efi tete no, wɔde asonse a efi asono mmɛn mu aka nneɛma a ɛsom bo na ehia no ho.
Hannibal akyi mfirihyia ahanan no, Roma Ahemman no kunkum asono a wɔwɔ Afrika kusuu fam no pii de dii asonse a wohia ho dwuma. Saa ahiade no ayɛ kɛse fi saa bere no, titiriw wɔ Atɔe fam aman no mu. Wɔ afeha yi mfiase no, ahiade no mu bɛyɛɛ den—ɛnyɛ adwinnidi ne ɔsom mu nneɛma nti na ɛho behiaa kɛse sɛnea na ɛte bere bi no, na mmom esiane sanku ade a womiamia so a wɔde yɛ nti. Sɛnea Battle for the Elephants (Ako a Wodi ma Asono) nhoma no kyerɛ no, wɔ 1910 nkutoo no, asonse bɛyɛ tɔn 700 (a ɛkyerɛ asono 13,000 a wokunkum wɔn) na wɔde yɛɛ sanku 350,000 wɔ United States.
Wowia Wɔn Ho Kum Wɔn Kɛse
Wɔ wiase ko a edi kan akyi no, asonse a wohia no so tewee, wɔhyɛɛ mmara foforo a wɔde bɛkora wuram mmoa so, na asono fii ase dɔɔso. Nanso, eduu 1970 mfe no mu no, wofii ase kum wɔn kɛse bio, Afei de, na Asia aman a wɔadi yiye foforo no na wohia asonse.
Saa bere yi, nneɛma abien na na ɛma wokunkum asono wɔ Afrika. Nea edi kan ne akode pii a emu yɛ hare na ɛyɛ hu a ɛwɔ hɔ no. Afei ɛbae sɛ ɛnyɛ asono mmiako mmiako na na wotumi totow wɔn atuo mpofirim, na mmom asono kuw nso. Nea ɛto so abien no, na nneɛma a wotumi de anyinam ahoɔden mfiri sen no kyerɛ sɛ wobetumi de asonse a wɔnyɛɛ no biribiara ayɛ nneɛma atɔn ntɛm ara. Tete no, na Japanni a ɔsen nneɛma no tumi de afe na ɛyɛ abɛn biako ho adwuma. Nanso, bere a anyinam nnwinnade bae no, na nnipa baawɔtwe a wɔreyɛ agude ne hanko (edin nsɔano a agye din wɔ Japan no) wɔ adwinnan mu no betumi de dapɛn biako pɛ ayɛ asono 300 mmɛn ho adwuma. Asonse a na wohia no kɛse no maa ne bo yɛɛ den. Nokwarem no, sika dodow no ankɔ wɔn a wowia wɔn ho kum wɔn no nkyɛn, na mmom akonkosifo no na wɔn mu pii nyaa wɔn ho tam.
Ná sɛnea asono so retew no yɛ hu yiye. Bɛyɛ mfe aduonu mu no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wowia wɔn ho kum asono no ama Tanzania ahwere n’asono mu ɔha biara mu 80. Kenya hweree n’asono mu ɔha biara mu 85. Uganda hweree ɔha biara mu 95. Mfiase no, na asonini nkutoo na akumfo no kum wɔn, esiane sɛ wɔn na na wɔn mmɛn soso nti. Nanso bere a asono a wɔanyin no so tewee no, abɔmmɔfo no fii ase kum asono mma no twitwaa wɔn mmɛn nketenkete no. Saa bere no, wokum asono bɛboro ɔpepem biako de pɛɛ wɔn asonse, na ɛmaa asono dodow a ɛwɔ Afrika no so tew beduu 625,000.
Wiase Nyinaa Anohyeto
Mmɔden a wɔbɔe sɛ wobedi asonse ho aguadi so, na wɔasiw mmoakum ano no dii nkogu koraa. Awiei koraa wɔ October 1989 mu, wɔ nhyiam bi ase wɔ Switzerland no, Afifide ne Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre Amanaman Ntam Aguadi Ho Nhyiam (CITES) no baraa asonse ho aguadi biara wɔ aman a ɛwɔ kuw no mu no mu. Sika pii a wonya de bɔɔ asono a wɔwɔ wuram ho ban no maa anohyeto no mu yɛɛ den.
Ebinom kae sɛ asonse ho anohyeto no bɛma wɔadi ho gua wɔ sum ase ma ne bo ayɛ den na ɛbɛma nnipa pii awia wɔn ho akum wɔn. Nanso amma saa. Ɛbo no baa fam, na aguadi a bere bi na sika wom no gui. Wɔ India sɛ nhwɛso no, asonse ho konkosi so tewee ɔha biara mu 85, na na ɛsɛ sɛ asonse adwumfo a wɔwɔ ɔman no mu dodow no ara hwehwɛ nnwuma foforo. Wia a wowia wɔn ho kum wɔn no so tewee koraa. Wɔ Kenya no, ansa na anohyeto no reba no, na anyɛ yiye koraa no, nkurɔfo wia wɔn ho kum asono 2,000 afe biara. Eduu 1995 no, na ɛso atew abedu 35. Bio nso, asono a wɔwɔ Kenya no dodow nyaa nkɔanim fi 19,000 wɔ 1989 mu abedu bɛyɛ 26,000 nnɛ.
Esiane saa nneɛma yi nti, Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Nhwehwɛmu Ahyehyɛde a ɛwɔ London no kaa asonse ho anohyeto no ho asɛm sɛ “nnansa yi nneɛma so kora ho abakɔsɛm mu nkonimdi a ɛsen biara no mu biako.” Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔne wɔn yɛ adwene, titiriw wɔ Afrika kesee fam.
Afrika Kesee Fam Asono
Afrika kesee fam aman no wɔ asono bɛboro 200,000, anaa bɛyɛ Afrika asono nyinaa dodow nkyem abiɛsa biara mu biako. Nea enti a eyi te saa no fã bi fi nneɛma so kora ho nhyehyɛe a edi mũ, na ne fã bi nso fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asraafo a na wokura akode pii a wokunkum mmoa no wɔ Afrika Apuei ne Mfinimfini fam a wɔankɔ saa aman yi mu no.
Nanso, bere a asono no dodow nya nkɔanim no, mpɛn pii na ntawntawdi bɛda asono ne nnipa a wɔte nkuraase no ntam. Nea ɛte ne sɛ, ɔsono a wanyin no didi yiye, na otumi di nnɔbae kilogram 300 da koro. Sɛ ɔsono bi te wo mpɔtam hɔ a, wunim eyi.
Afrika Ahyehyɛde a Ɛbɔ Ɔdomankoma Agyapade Ho Ban a ɛwɔ Zimbabwe no ka sɛ: “Afrikafo a wɔte nkuraase no mu dodow no ara suro asono, wɔwɔ wɔn ho adwemmɔne, na wɔne wɔn ani nhyia. Asono betumi asɛe nkurɔfo asetrade wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu denam wɔn nnɔbae a wɔbɛwe anaa wɔn nyɛmmoa a wobetiatia wɔn so akunkum wɔn no so. Wɔsɛe afie ne sukuu ahorow, nantwi dan, nnuaba, asutare, na wofuntam asase nso. Ɛhɔnom atesɛm nkrataa bɔ nneɛma a asono sɛe no ho amanneɛ daa.”
Afrika kesee fam aman no ani gye sɛ wɔatumi akora asono a wɔn ho yɛ den no dodow so. Nanso nneɛma so kora ho ka a wɔbɔ no dɔɔso, na wonnye nni sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso wɔ ɔhaw a wɔde ba Afrika aman a aka so no ho. Wosusuw sɛ asonse ho aguadi a wobedi ho dwuma yiye no bɛma wɔanya sika de akora nneɛma so, na aboa ma wɔatua akuafo a wɔte nkuraase no ka wɔ nea wɔhwere no ho.
Asonse a Wɔaboa Ano Sum Hɔ
Wɔ aman a asono wom mu no, wotumi boaboa asonse ano sum hɔ. Wonya fi asono a wokum wɔn mmara kwan so, asono a wɔn ankasa wu, ne asonse a wogye fi wɔn a wodi ho gua wɔ sum ase hɔ no. Dɛn na wɔde saa asonse yi yɛ?
Kenya hyew n’asonse. Efi July 1989 no, Kenya ahyew asonse a ɛho sika yɛ dɔla ɔpepem pii no wɔ baguam, a aman a wɔhyɛɛ wɔn nkuran no amma wɔn sika biara. Wɔ 1992 no, Zambia nso hyew n’asonse a wɔwɔ sum hɔ no. Ná asɛm no mu da hɔ: Ná Kenya ne Zambia mpɛ sɛ wonya kyɛfa biara wɔ asonse ho aguadi mu.
Aman foforo akora wɔn asonse a wɔaboa ano sum hɔ no so sɛ wɔbɛtɔn daakye. TRAFFIC, ahyehyɛde a ɛsen biara a edi wuram mmoa ho dwuma, no bu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no, asonse dodow a wɔaboa ano asum hɔ seesei wɔ Afrika aman mu no yɛ tɔn 462, a ɛho sika yɛ dɔla ɔpepem 46. Botswana, Namibia, ne Zimbabwe, aman abiɛsa a wɔama wɔn kwan seesei sɛ wɔne Japan nni gua no wɔ asonse tɔn 120. Enti, nnipa pii bisa sɛ, ‘Wɔ ɔmantam a nkurɔfo di hia mu no, dɛn nti na wɔma asonse bɔ ntutuw wɔ adekora adan mu? Dɛn nti na wɔntɔn mfa sika no nkora nneɛma so?’
Ɔhaw Bi Wɔ Hɔ
Bere a Afrika aman bi kyerɛ sɛ asonse ho anohyeto a wobeyi afi hɔ bɛboa ma wɔakora asono so no, afoforo gye di ankasa sɛ aguadi ho anohyeto a wɔde bɛba so no nkutoo ne ade a ɛremma nkurɔfo nwia wɔn ho nkunkum wɔn basabasa. Nea wodwen ho titiriw ne sɛnea wobedi aguadi no so yiye. So aguadi nhyehyɛe no betumi ama ɔkwan bi abɛda hɔ a wɔbɛfa so atɔn asono a wɔawia wɔn ho akunkum wɔn no se mmara kwan so? Na wia a wowia wɔn ho kum wɔn de susuw sɛ wobenya sika afi mu daakye no nso ɛ? So anohyeto no a wɔbɛgow mu no betumi akyerɛ sɛ wobekunkum asono na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛgow anohyeto no mu bio daakye no de asonse no asie?
Nea ɛka saa awerɛhosɛm yi ho ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atuo abu so seesei wɔ Afrika sen bere biara no. Ɔmanko a ɛkɔ so wɔ ha no ama nkurɔfo anya atuo, nkurɔfo a sikasɛm tebea a emu yɛ den no bɛma wɔde adi dwuma de apɛ sika. Nehemiah Rotich a ɔne Afrika Apuei fam Wuram Mmoa Ahyehyɛde no titrani no kyerɛwee sɛ: “Bere a asonse anya bo [esiane aguadi nhyehyɛe a wɔayɛ no foforo nti] yi, akyinnye biara nni ho sɛ wɔde saa atuo yi bekunkum asono—anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobɛtow ɔsono tuo wɔ asasetaw kɛse bi so sen sɛ wubewia ade wɔ kuropɔn mu sikakorabea.”
Ɔhaw foforo ne sɛ ɛnyɛ sɛ nhyehyɛe a wɔyɛ ko tia asono a nkurɔfo wia wɔn ho kunkum wɔn no ho ka yɛ kɛse nko, na mmom ɛyɛ den nso. Mmeae pii a asono kyinkyin a wobedi hɔ akɔneaba no hwehwɛ sika pii. Wɔ Afrika Apuei fam no, ɛyɛ den sɛ wobenya eyi.
Daakye Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Asono?
Wonnya nhuu nea ebefi gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛgow asonse aguadi ho anohyeto mu no mu aba. Nanso, sɛ nneɛma kɔ yiye mpo a, asono nkwa a ɛda asiane mu no remfi hɔ. Nnipa pii a wohia asase de ayɛ kua ne nneɛma foforo no nso ama asono nkwa da asiane mu. Wɔ Afrika kesee fam nkutoo no, esiane kuayɛ titiriw nti, nkurɔfo bu asase a ne kɛse bɛyɛ hɛkta 850,000 so nnua gu afe biara—beae a ne kɛse bɛyɛ sɛ Israel fã. Bere a nnipa redɔɔso no, akyinnye biara nni ho sɛ asono no so tew.
World Watch nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ade biako wɔ hɔ a obiara a wasua ɔhaw no ho ade no gye tom: Afrika asono daakye da asiane mu. Baabi a wɔbɛtra ho nsɛnnennen [esiane nnipa a wɔredɔɔso nti] no kyerɛ sɛ asono pii bewu ɔpatuwu, wɔ ɔkwan biako anaa foforo so. Sɛ abɔmmɔfo a wɔama wɔn tumi krataa ankunkum wɔn anaa wɔanhyɛ mmara sɛ wonkunkum wɔn—anaa nkurɔfo anwia wɔn ho ankunkum wɔn mpo a,—ɔkɔm bekunkum wɔn mu pii ma wɔn dodow so atew.”
Saa akwanhwɛ a anidaso nnim yi ne asono Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, adwene anaa n’atirimpɔw nhyia. Dwen a Onyankopɔn dwen n’abɔde ho no da adi wɔ Yesu Kristo nsɛm a ɔkae yi mu: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so.” (Luka 12:6) Sɛ Onyankopɔn werɛ mfi akasanoma a osua no a, ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ ommu n’ani ngu ɔsono a ɔso no so.
[Kratafa 18 adaka]
Asonse Ho Nsɛm
“Akyinnye biara nni ho sɛ asonse yɛ adwinnade a ɛyɛ fɛ. Nea ɛnte sɛ nneɛma foforo a wɔde yɛ agude ne adwinni no, asonse hyerɛn, na ɛyɛ fɛ. Nanso mete nka bere nyinaa sɛ nkurɔfo werɛ fi sɛ asonse yɛ ɔsono abɛn. Sɛ wɔte asɛmfua asonse no a, ɛyɛ a wonsusuw sɛ efi ɔsono mu. Obi susuw sɛ ɛyɛ ahwehwɛbo, dua denden, duabo, ɛtɔn, ne mpo sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, nanso nsonsonoe kɛse wom: Nneɛma a aka no mfi aboa mu; asonse yɛ sebɔmmɔfo a wɔasiesie. Sɛ obi kura asonse kapo anaa anwenne fɛfɛ bi a, gye sɛ odwen nneɛma ho kɔ akyiri ansa na wahu sɛ saa asonse ketewa no fi ɔsono a bere bi na ɔnenam de n’abɛn didi, tu amena, hwehwɛ ade, di agoru, de ko no mu, na bio nso na ɛsɛ sɛ ɔsono no wu ansa na obi atumi anya saa asonse no.”—Elephant Memories (Asono Ho Nkaesɛm), a Cynthia Moss yɛe.
[Kratafa 21 adaka]
Asono Ho Nsɛm
Asono ho yɛ den yiye, na sɛ wɔn bo fuw a, asase wosow. Ɔsono betumi de ne mfare akyekyere wo atow wo akɔ wim te sɛ ɔbo. Nanso, ɔsono betumi de ne mfare afofa wo ho anaa wagye aduan afi wo nsam bɔkɔɔ nso. Asono nim nyansa, ɛyɛ den sɛ wobɛte ne ho nneɛma bi ase, na wɔn ho yɛ anika. Wɔda nokwaredi a emu yɛ den adi ma wɔn mmusua, na wɔn mu bi pira a, wosiesie n’akuru no, wɔhwɛ wɔn ayarefo, na sɛ obusuani bi wu a, wodi yaw. Bere a wobu wɔn ani gu mmoa foforo nnompe so no, wotumi hu wɔn mfɛfo asono nnompe yɛ ho ade denam to a wɔto pete anaa sie a wosie so.
[Kratafa 20 mfonini ahorow]
Aman abien ahyew wɔn asonse; ebinom akora nea wɔaboa ano asum hɔ no so sɛ wɔbɛtɔn daakye