Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 16
  • So Kristo Damoa Wɔ Japan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Kristo Damoa Wɔ Japan?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Shinto—Sɛnea Japanfo Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Mpaebɔ—Amanne Hunu Ara Kwa Anaasɛ Nkitahodi A Ntease Wom?
    Nyan!—1981
  • Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 16

So Kristo Damoa Wɔ Japan?

WƆ 1935 no, Koma Takeuchi a ɔyɛ Shinto sɔfo no bɔɔ amanneɛ sɛ wahu Yesu Kristo damoa wɔ koko bi so wɔ Shingo akuraa a ɛwɔ Japan kusuu fam no ase. Ɔkyerɛe sɛ kyerɛwtohɔ bi a ohui wɔ abusua bi adekoradan mu no daa no adi sɛ Yesu traa ase bere bi wɔ Shingo, na owui wɔ hɔ. Bere a ɔrehwehwɛ baabi a wosiee Yesu no, ɔkɔtoo kofi bi, na ɔkae sɛ ɛyɛ damoa no.

Afei, Hebri kyerɛwtohɔ bi a wɔbɔ amanneɛ sɛ wohui wɔ Takeuchi abusua no abosomfie no kyerɛe sɛ Yesu kɔsraa Japan mprenu, na ɔne Japan asɔfo no suaa ahintasɛm ho ade mpo. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, bere a woyii Yesu mae no, oguan fii Yuda kɔɔ Siberia sare so, na afei ɔkɔɔ Japan, ɔwaree hɔnom abeawa bi a wɔfrɛ no Miyuko, woo mmabea baasa, na owui bere a na wadi mfe 106. Sɛnea anansesɛm no kyerɛ no, na ɔbarima a wokum no Yerusalem no nyɛ Yesu, na mmom ne nua kumaa a wɔfrɛ no Isukiri.

Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔtoo saa anansesɛm yi? Sɛnea atesɛm krataa Mainichi Shimbun kyerɛ no, Yesu ne Shingo ntam abusuabɔ yi “fa sikasɛm ho, na na ɛhɔnom atumfoɔ no nim yiye.” Wɔnam saayɛ so hyɛɛ ɛhɔ a nkurɔfo bɛkɔ akɔhwɛ ho nkuran. Wɔanhyɛ emu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ akɔ akyiri ho nkuran. Bɛhwɛadeni bi kae sɛ: “Fa no sɛ wotuu damoa no mu, na wɔanhu biribiara sɛ nantwi nnompe. Hwɛ sɛnea anka obiara abam bebu.”

Enti afe biara wɔ May 3 no, nsrahwɛfo de yɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobetwa ahyia nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Yesu damoa no ho adi “Kristo Afahyɛ.” Shinto sɔfo bi hwɛ afahyɛ no so, pam ahonhommɔne ansa na asaw no afi ase.

So nokware bi wɔ saa anansesɛm yi mu? Dabi. Bible kyerɛ yɛn sɛ bere a Yesu dii mfe 30 no, na wonnim no sɛ obi a otutu akwan kɔ wiase mmeae ahorow, na mmom sɛ dua dwumfo ba a onyinii wɔ Nasaret. Kristo asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ Israel fi bere a odii mfe 30 kosi 33 ho kyerɛwtohɔ a aniwa tua na ɛwɔ Nsɛmpa anan no mu. Nea ɛka ho ne mmeae ne mmere, na esi so dua sɛ Yesu Kristo ankasa na wokum no Yerusalem no. Enti, amanneɛbɔ nwonwaso a ɛhwehwɛ sɛ ekyinkyim Bible mu nokware de di pɛsɛmenkominya atirimpɔw ho dwuma no ntumi nnaadaa nokware Kristofo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena