Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 29
  • Wɔakyerɛw Onyankopɔn Din Wɔ Czechfo Nkae Adum Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔakyerɛw Onyankopɔn Din Wɔ Czechfo Nkae Adum Ho
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • So Onyankopɔn Wɔ Din?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 29

Wɔakyerɛw Onyankopɔn Din Wɔ Czechfo Nkae Adum Ho

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Czech Republic hɔ

WƆ WIASE afã pii no, Yehowa Adansefo nkutoo na wonim sɛ wɔde edin Yehowa no di dwuma. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔ Czech Republic no, Tetragrammaton, Hebri nkyerɛwde anan (יהוה) a egyina hɔ ma Onyankopɔn din, Yehowa, no ka nneɛma a wɔakyerɛw agu tete nkae adum pii ho no ho.

Ebia Hebri nkyerɛwde anan no ho nhwɛso a wonim no yiye ne nea wɔakyerɛw wɔ Charles Bridge a wɔyɛe wɔ 1357 mu a ɛda Asubɔnten Vltava a ɛyɛ fɛ a ɛbɛn Prague Kurow Dedaw no so no. Wɔayeyɛ mfonini wɔ ɛtwene yi afanu nyinaa, na emu biako wɔ hɔ a ɛkame ayɛ sɛ obiara a otwam wɔ hɔ no hu. Ɛyɛ Yesu Kristo honi a ɛfam mmeamudua ho a wɔde Hebri nkyerɛwde a ɛte sɛ sika kɔkɔɔ a ani dum atwa ho ahyia—a Hebri nkyerɛwde anan no ka ho—a ɛkenkan sɛ “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.”

Ɛyɛɛ dɛn na wɔkyerɛw asɛm yi a ɛwɔ Bible mu wɔ Yesaia 6:3 no wɔ ohoni yi ho? Nkyerɛwee bi a ɛwɔ ase ka sɛ Yudani bi twaam hɔ da bi wɔ 1696 mu, na wɔkyerɛ sɛ ɔkaa mmeamudua no ho nsɛmmɔne. Esiane eyi nti, wɔde no kɔɔ Ahemfie kodii n’asɛm bɔɔ no ka. Ɔde kontonkurowi a wɔde sika kɔkɔɔ akyerɛw so nsɛm a yɛaka wɔ atifi hɔ a ɛsɛn mmeamudua no atifi no na etuaa ɛka a wɔbɔɔ no no.

Hyiadan Foforo ne Dedaw ne Yudafo amusiei a akyɛ sen biara wɔ Europa no bɛn hɔ. Wɔakyerɛw Hebri nkyerɛwde anan no wɔ dwetɛ so de afam ɔpon a nnwontofo panyin gyina ho no ho wɔ saa hyiadan yi mu. Nanso, ɛnyɛ Yudafo adan mu nkutoo na Hebri nkyerɛwde anan no wɔ. Český Šternberk abankɛse a wosii wɔ Mfinimfini Mmere no mu no si ɔbotan a ɛwɔ Asubɔnten Sázava kɔn so wɔ Prague Kesee fam Atɔe no so. Sika kɔkɔɔ nkyerɛwde anan—Hebri nkyerɛwde anan—no sɛn abankɛse no mu wɔ asɔredan no afɔrepon atifi. Esiane sɛ nkyerɛwde no sensɛn nhama so nti, ɛte sɛ nea edi akɔneaba wɔ wim. Hann bi hyerɛn wɔ so—nanso ɛnyɛ kanea! Ewim hann bi a sɛ wowɔ dan no mu a worenhu hyerɛn tɔ afɔrepon fitaa a Hebri nkyerɛwde anan no sɛn atifi no so.

Wɔakyerɛw Hebri nkyerɛwde anan no wɔ Czech adan foforo ho nso. Ɛyɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ tete no na nnipa pii a wɔte ha no nim Onyankopɔn din. Ɛnnɛ, wɔ Czech Republic ne nsase bɛboro 200 so no, Yehowa Adansefo ani agye sɛ wɔahu Onyankopɔn din, na wɔde kyerɛkyerɛ afoforo. (Yesaia 43:10-12) Afei nso, Bible mu nhoma a ɛne Yesaia no nso ka bere a wɔbɛma ‘wɔahu’ Onyankopɔn din—ne su, n’atirimpɔw, ne ne nnwuma—wɔ ‘asase nyinaa so’ no ho asɛm.—Yesaia 12:4, 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena