Akwan Anum a Wobɛfa So Ama W’asetra Atu Mpɔn
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CENTRAL AFRICAN REPUBLIC HƆ
NNEƐMA bo a ɛkɔ soro, yare, aduan pa a wonnya nni, ohia—saa haw ahorow yi abu so wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu. Na wontumi nnya ano aduru mprempren, anyɛ yiye koraa no wɔ nnipa fam. Sɛ wote ɔman a ennyaa nkɔso pii mu a, so biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ama w’asetra atu mpɔn? Yiw, ebi wɔ hɔ! Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ ahorow anum a ebetumi aboa wo na ɛso aba wo mfaso.
Nea Edi 1: Yɛ Turo
Bible ka wɔ Mmebusɛm 28:19 sɛ: “Nea ɔdɔw n’asase no, aduan bɛmee no.” Nokwarem no, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ asase ketewaa bi betumi abɔ aduan pii. Wɔ ne nhoma Le jardin potager sous les tropiques (Nnuadewa Turo Wɔ Beae a Osu Tɔ na Owia Bɔ Kɛse) mu no, nhoma kyerɛwfo Henk Waayenberg kyerɛ sɛ asase a ne kɛse yɛ mita ahinanan 50 kosi 100 no betumi abɔ nnuadewa a ebetumi ahwɛ abusua a emu nnipa yɛ baasia!
Dɛn nti na wosɛe wo sika wɔ nneɛma a w’ankasa betumi adua ho? Ɛdenam sɛnea ɛhɔ asase ne wim tebea te so no, wubetumi adua nneɛma te sɛ nkuruma, mako, ɛfan, nhabamma a ɛyɛ huam, lemongrass, gyeene, bankye, anowatere, ntɔmmɔ, ahwerew, tomatos, ɛfere, ne aburow wɔ wo fie. Anyɛ yiye koraa no, turo a ɛte saa betumi aboa wɔ w’abusua aduandi mu, na wubetumi anya bi mpo atɔn.
Sɛ wowɔ asase a ɛsõ a, wubetumi adua nnuaba pii nso. Wɔ tebea bi mu no, dua biako pɛ betumi asow nnuaba pii sen nea wo ne w’abusua betumi adi. Sɛnea wɔyɛ ɔyɛ-asase-yiye—a ɛyɛ nneɛma a asɛe a wɔde yɛ—ho ade a wubesua no bɛboa wo ma woanya aduan pii. Ɛnyɛ nnuan ne sika nkutoo na nnuaba betumi ama w’abusua no anya. Nnua a wodua no beae pa no nso tumi ma onwini, ɛma mframa mu tew, na ɛma beae a wo te no yɛ fɛ na ɛhɔ yɛ anigye.
Na sɛ wunnim turo ho hwee nso ɛ? So wowɔ nnamfo, afipamfo, anaa amannifo bi a wɔwɔ eyi mu suahu? Ɛnde dɛn nti na wonhwehwɛ wɔn mmoa anaa wɔn afotu? Wubetumi atɔ anaa woafɛm nhoma bi a ɛfa turoyɛ ho nso.—Hwɛ asɛm “Why Not Grow a Vegetable Garden?” (“Dɛn Nti na Wonyɛ Nnuadewa Turo?”) a ɛwɔ May 22, 1974, Engiresi Nyan! mu no.
Nea Ɛto so 2: Sɛ Woretɔ Nneɛma a, Tɔ no Kɛse
So wotɔ nneɛma atitiriw te sɛ esiam, ɛmo, ne ngo nketenkete? Sɛ saa a, wubetumi asɛe sika pii wɔ ho. Mmom no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden sɛ wobɛtɔ nnuan a ɛte saa no kɛse, na wo ne mmusua abien, abiɛsa, anaa nea ɛsen saa nkyɛ ka no. Nneɛma a wobɛtɔ no kɛse no betumi ama wo ka so atew bere a adu nnuaba anaa nnuadewa bere no. Wɔ tebea horow bi mu no, wubetumi atɔ nneɛma wɔ wɔn a wɔtɔn no bebree no nkyɛn.
Nea Ɛto so 3: Sua Sɛnea Wɔkora Aduan So
Nneɛma a wobɛtɔ no kɛse no ma asɛmmisa sɔre fa sɛnea wobɛkora nneɛma a etumi sɛe so ho. Aduan a wɔhata yɛ ɔkwan biako a nnipa pii nim na mfaso wɔ so. Afrikafo mmea pii nam nnuaba, nkuruma, adua, anowatere aba, ne nhabamma a wɔhata so nya wɔn asetrade. Ade a wobɛhata no nhwehwɛ sɛ wubenya adwinnade titiriw bi. Wubetumi de agu baabi a ɛhɔ tew anaa wode agu ade mu asɛn hɔ, a ebia wode ntama bi a ɛyɛ hare bɛkata so sɛnea ɛbɛyɛ a nwansena ntumi nkɔ mu. Mframa ne owia bɛyɛ nea aka no nyinaa.—Hwɛ asɛm “Can You Get By for Less?” (“So Wubetumi De Nneɛma Kakra a Wowɔ Adi Dwuma Ma Aso Wo?”) a ɛwɔ August 8, 1975, Engiresi Nyan! mu no.
Nea Ɛto so 4: Yɛn Mmoa Kakra
So w’ankasa betumi ayɛn wo nkokɔ, mmirekyi, mmorɔnoma, anaa mmoa foforo? Wɔ mmeae pii no mogyanam abɛyɛ ade a ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi tɔ. Nanso sɛ wunya afoforo mmoa kakra a, wubetumi asua sɛnea wɔyɛn mmoa kakra. So w’ani gye nsunam ho? Ɛnde, ebia wubetumi asua sɛnea wɔyɛn nsunam wɔ ɔtare ketewa bi mu. Aduannuru a wɔfrɛ no Iron, calcium, vitamins, minerals, ne protein—nneɛma a ɛho hia ma w’abusua akwahosan—wɔ mogyanam, nkesua, ne nsunam mu.
Nea Ɛto so 5: Kura Ahotew Pa Mu
Ahotew nso ho hia ma w’abusua akwahosan. Mmeae a ɛhɔ ntew no twetwe, nkura, nwansena, ne ntɛferɛw—mmoa a wɔde yare a egu ahorow nyinaa ba. Ahotew pa mu a wubekura begye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso ɛka a wobɛbɔ wɔ ahotew ho no nnu nnuru ne ayaresabea ho ka. Ɛsono sɛnea onipa biara ne ɔman biara ahotew te. Nanso, nnyinasosɛm atitiriw bi wɔ hɔ a wobetumi de adi dwuma wɔ baabiara.
Fa tiafi sɛ nhwɛso. Wɔ nkuraase no wɔma ɛso yɛ tantaantan, na ɛno ne ade titiriw a ɛde nyarewa ba. Mpɔtam hɔ akwahosan ho adwumayɛfo betumi ama wo akwankyerɛ wɔ sɛnea wɔyɛ tiafi a ɛso tew a wommɔ ho ka kɛse koraa ho.
Wo fie ankasa nso ɛ? Wusiesie hɔ di hɔ nĩ? So ɛhɔ yɛ huam? Wo gyaade nso ɛ? So ɛhɔ yɛ fɛ kama? Ɛsɛ sɛ aduan ho tew na wɔnoa no yiye, na ama ahoɔden abam. Ɔyare mmoawa pii wɔ nsufĩ mu. Enti sɔn nsu so anaa noa ansa na wode adi dwuma. Fa nsuɔhyew hohoro nkankyee mu, na hohoro wo nsa yiye ansa na wode aso aduan mu. Fa nsu gu ade a ɛho tew mu kata so.
Ɛnsɛ sɛ woma nkraman, nnyinamoa, nkokɔ, ne mmirekyi kwan ma wɔnenam gyaade—sɛ wopɛ sɛ ɛhɔ tew a. Saa ara na ɛnsɛ sɛ woma akisi ne nkura nenam nkuku ne nkankyee so, na wɔansɛe w’aduan. Nkurafiri kɛkɛ betumi ayi ɔhaw no afi hɔ.—Hwɛ asɛm “Ahotew Ho Asɛnnennen no Ho Dwuma a Wobedi,” a ɛwɔ January 8, 1989, Nyan! mu no.
Awiei koraa no, Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebedi adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma koraa. (Mateo 6:9, 10) Nanso, mprempren de, saa nyansahyɛ tiawa yi betumi aboa wo ma w’asetra atu mpɔn.
[Kratafa 14 mfonini ahorow]
Yɛ turo
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Sɛ wotɔ nneɛma a tɔ no kɛse
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Sua sɛnea wɔkora aduan so
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Yɛn mmoa kakra
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Kura ahotew pa mu