Bra, Betie Baguam Ɔkasa a Wuntua Hwee
“Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa so Kɔ Daa Nkwa Mu”
Bɛyɛ mfe 20 ni na Ɔbenfo Alvin Silverstein kyerɛw wɔ ne nhoma Conquest of Death mu sɛ: “Yɛbɛhwehwɛ sɛnea nkwa te mu. Yɛbɛte . . . sɛnea onipa nyin ase.” Ɔkae mpo sɛ: “Nnipa remmɔ ‘nkwakoraa ne mmerewa’ bio, efisɛ nimdeɛ a ɛbɛma wɔadi owu so nkonim no bɛma nnipa ayɛ mmerante ne mmabaa nso daa.”
Nnansa yi ara, September 28, 1997 no, The New York Times Magazine mu asɛm bi kaa “nkwatenten” ho anidaso a nnipa bi a akwahosan ho nsɛm hia wɔn, na wɔn ani gye nnɛyi nyansahu mu nimdeɛ mu mmɔdenbɔ ho wɔ no ho asɛm. Wɔn mu biako kae sɛ: “Migye di ankasa sɛ yɛne awo ntoatoaso a edi kan a yebetumi atra ase daa.” Wɔkyerɛ sɛ ɔfoforo nso “anya ahotoso kɛse sɛ . . . bere rekɔ so no, wobetumi anya awosu ho nimdeɛ kɛse a ebegye [awo ntoatoaso yi] denam nkwakoraa ne mmerewa a ɛremma yɛmmɔ, na ebia ɛbɛma nkwakoraa ne mmerewa adan mmerante ne mmabaa bio no so.” So anidaso a ɛte saa yɛ wo nwonwa?
So wugye di sɛ onipa nam nyansahu mu nimdeɛ so bedi owu so nkonim? Anaasɛ ɔkwan foforo wɔ hɔ a wobetumi afa so atra ase daa? Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa gye di sɛ daa nkwa betumi aba ampa. Gye nsa a wɔreto afrɛ wo sɛ kotie ɔkasa a ɛyɛ anigye, “Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa so Kɔ Daa Nkwa Mu,” a wɔbɛma wɔ Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow ase no na hu ɔkwan a ɛbɛfa so aba no. Wubetumi atie wɔ baabi a ɛbɛn wo fie, na efi ɔsram May ahyɛase no, wɔbɛma wɔ amantam nhyiam ɔhaha pii a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ase.
Hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaasɛ kyerɛw nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo no ma wɔnkyerɛ wo nhyiam a ɛbɛn wo pɛɛ.