Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 7/8 kr. 5-8
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akwahosan Pa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akwahosan Pa?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Oduruyɛfo Hɔ Mmoa
  • Akwahosan Pa—Dɛn na Wubetumi Ayɛ?
  • Nnurunom a Akwankyerɛ Nni Ho—Ɛso Mfaso Ne Emu Asiane Ahorow
    Nyan!—1998
  • Fa Nnuru Di Dwuma Nyansam
    Nyan!—1996
  • Fa Nnuru Nyansam
    Nyan!—2001
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 7/8 kr. 5-8

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akwahosan Pa?

AYARESA ho nsɛm abɛyɛ nea wɔbɔ ho nkɔmmɔ sen biara. Ɛkame ayɛ sɛ adamfo anaa ofipamfo biara nim yare bi ho aduru. Ntease wom sɛ nkurɔfo wɔ ɔpɛ a emu yɛ den yiye sɛ wɔn ankasa bɛtotɔ nnuru biara anom. Nanso, oduruyɛfo bi a ofi Brazil ka sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a “wɔma tebea no mu yɛ den ansa na wɔakohu oduruyɛfo. Biribi betumi atotɔ wɔn ho ma wɔanonom ho nnuru a akwankyerɛ nni ho asram pii a ɛnkɔ. Sɛ wokohu oduruyɛfo a, wohu sɛ kokoram bi a anka wobetumi asa wɔ ne mfiase na ayɛ wɔn.”

Esiane sɛ yare a wɔyɛ ho nhwehwɛmu ntɛm taa gye nkwa nti, nan ase a wɔtwentwɛn betumi asɛe ade kɛse. Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Ɔbea bi a wadi mfe 30 yɛɛ bra a antwa wɔ bere a ɛfata mu, na n’ayaase yɛɛ no yaw kakra. Ɔno ankasa nonom nnuru a edwudwo ɛyaw ne adehon ano pii, na ɛyaw no ano brɛɛ ase. Nanso nnansa akyi no, mogya tuu no ma ade tɔɔ ne so ma wɔde no kɔɔ ayaresabea ntɛm ara. Meyɛɛ no oprehyɛn ntɛm ara hui sɛ na wanyinsɛn ma ɔba no nna awotwaa mu. Wogyee no nkwa wɔ bere a ɛfata mu!”

Ababaa bi a ɔwɔ São Paulo susuwii sɛ na ne mogya so atew, nanso na n’asaabo na ɛnyɛ adwuma yiye. Esiane sɛ wanhwehwɛ ayaresa ntɛm nti, na nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔde obi foforo asaabo bɛma no. Ne duruyɛfo no kae sɛ: “Mpɛn pii na ɔyarefo twentwɛn ne nan ase wɔ ayaresa a ɔbɛhwehwɛ ho, na ɔnonom nnuru a akwankyerɛ nni ho anaasɛ ɔfa akwan foforo a wɔn a wonni ayaresa ho nimdeɛ kyerɛ so, na ekowie akwahosan ho nsɛnnennen mu.”

Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ yebu nsɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ yɛn nipadua mu no adewa. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati ayaresa anaa nnurunom a akwankyerɛ nni ho a yɛbɛma agye yɛn adwene no? Wɔkyerɛ akwahosan ase sɛ “obi wɔ nipadua, adwene, anaa honhom mu ahoɔden” anaasɛ “onni honam fam yare anaa ɛyaw biara.” Anigyesɛm ne sɛ, nnipa pii anaa nnipa bi gye tom sɛ wobetumi asiw nnɛyi nyarewa mu dodow no ara ano. Sɛnea Oduruyɛfo Lewis Thomas kyerɛ no, “sɛ yɛka ne nyinaa bom a, yɛwɔ nkwammoaa a wɔn ho yɛ den, wotumi tra ase kyɛ, na wɔwɔ akwahosan pa.” Enti, sɛ anka ‘yebedwennwen yɛn akwahosan ho pii akum yɛn ho no,’ ɛsɛ sɛ yegye tumi soronko a yɛn nipadua wɔ a ɛde sa ne ho yare no tom. Oduruyɛfo a ɔfata nso betumi aboa yɛn.

Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Oduruyɛfo Hɔ Mmoa

Oduruyɛfo bi a ofi Brazil hyɛ nyansa sɛ yɛnhwehwɛ oduruyɛfo hɔ mmoa wɔ “bere a nnuru a yɛtaa nom ntumi mmrɛ nyarewa ho nsɛnkyerɛnne te sɛ ahoɔhyew, tipae, ɔfe, anaa ayamkekaw, koko, anaa dwonku mu yaw ase, na ɛba ntoatoaso anaa bere a ɛyaw ano yɛ den paa no.” Oduruyɛfo foforo hyɛ nkuran sɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ oduruyɛfo mmoa ne bere a yenhu ɔkwan a yɛbɛfa so adi nyarewa ho nsɛnkyerɛnne no ho dwuma anaasɛ bere a yɛte nka sɛ nea ɛreyɛ yɛn no yɛ soronko wɔ nea ayɛ yɛn pɛn wɔ mmere a atwam ho no. Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ abofra bi yare a, awofo taa hwehwɛ oduruyɛfo mmoa sen sɛ wɔn ankasa bɛma no nnuru.”

Nanso bere nyinaa na nnuru ho hia? So nnurunom betumi ayɛ nea mfaso nni so? So ɔhaw bi te sɛ ayamkekaw anaa berɛbo anaa asaabo ho haw wom? Na nnuru ahorow a wɔnom fra nso ɛ? The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ayarefo kakraa bi na wotumi gyina wɔn haw ahorow ano a ehu nka wɔn anaasɛ wonya ho nimdeɛ.” Nanso, oduruyɛfo a ɔfata betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ aduru biara wɔ ne haw, ɛne sɛ nnuru kakraa bi na wɔde di dwuma nnɛ a ɔhaw biara nni ho. Wode kenkan ɔhaw ahorow a wubetumi anya ho kɔkɔbɔ a wɔakyerɛw wɔ aduru a wɔbɛkyerɛw ama woakɔtɔ bere foforo no ho hwɛ! Sɛ woamfa nnuru a mmara ma kwan ma obiara tumi tɔ nom mpo anni dwuma ɔkwampa so anaasɛ wonom tra so a, ebetumi apira wo anaasɛ akum wo.

Wosii ahwɛyiye so dua wɔ amanneɛbɔ bi a Richard A. Knox de too gua wɔ The Boston Globe no mu sɛ: “Stanford Sukuupɔn mu nhwehwɛmufo bɔ amanneɛ sɛ mogya betumi atu nnipa ɔpepem pii a wɔyare ɔkwaha a wɔnom nnuru a edwudwo ɛyaw ano da biara no mpofirim kɛse.” Ɔde ka ho sɛ: “Afei nso, nhwehwɛmufo no bɔ kɔkɔ sɛ nnuru a esiw nsu yerɛwyerɛw ano a wɔnom ka nnuru a edwudwo ɛyaw ano ho no mmɔ obi ho ban wɔ yafunyare a emu yɛ den ho, na ebetumi ama emu ayɛ den kɛse mpo.”

Na nnuru a wɔtaa nom a akwankyerɛ nni ho nso ɛ? Oduruyɛfo bi a ɔwɔ Ribeirão Prêto, Brazil, no ka sɛ: “Misusuw sɛ, sɛ obiara betumi anya nnuru kakra wɔ fie a, anka ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so yiye. . . . Nanso, ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa ne nyansa di saa nnuru yi ho dwuma.” (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no.) Afei nso, akwahosan ho ntetee kakra a obi benya ma asetra tu mpɔn yiye. Esiane sɛ ɛsono obiara nsɛm tebea nti, Nyan! nkamfo nnuru, anaa akwan foforo a wɔfa so sa yare pɔtee bi nkyerɛ.

Akwahosan Pa—Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

Afeha a ɛto so 18 no mu nhoma kyerɛwfo Jonathan Swift, kyerɛwee sɛ: “Nnuruyɛfo a wɔsen biara wɔ wiase ne Aduan Pa, Asomdwoe ne Anigye.” Nokwarem no, aduan pa, ahomegye a ɛfata, ne abotɔyam yɛ nneɛma a ɛho hia ma akwahosan pa. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛmfa ho sɛ wɔnam anifere kwan so bɔ nneɛma ho dawuru no, yentumi ntɔ akwahosan pa denam nnuru kɛkɛ a yɛbɛnom so. “Nnurunom a enhia ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so mpo” betumi ama nipadua mu nkwammoaa a wɔko tia nyarewa no ayɛ mmerɛw.—Dicionário Terapêutico Guanabara.

Nanso, sɛ yedi yɛn asetra kwan so na yegyae nnubɔnenom, sigaretnom, nsanom bebrebe, ne adwennwen pii a, yebetumi aboa pii ma yɛn asetra atu mpɔn. Marian a ɔwɔ ne mfe 60 mu, na wayɛ asɛmpatrɛw adwuma bere tenten wɔ Brazil no ka sɛ: “Asetra a ɛkwati akɛsesɛm ne nnuan pa a midi na ama manya akwahosan pa.” Ɔkyerɛkyerɛ mu nso sɛ: “Metaa sɔre ntɛm, enti ehia sɛ meda ntɛm.” Ɛnsɛ sɛ yebu nyansa ne su pa ahorow adewa, na saa ara na ehia nso sɛ yehu hia a yɛn nipadua mu nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ bere ne bere mu ne nkitaho a yɛne abusua oduruyɛfo a ɔfata bedi no ho hia.

Esiane sɛ Marian pɛ sɛ onya akwahosan pa nti, ɔhwɛ yiye sɛ ɔremmu n’ani ngu n’akwahosan so na saa ara na onnwen ho ntra so. Ɔka sɛ: “Mebɔ Yehowa mpae hwehwɛ n’akwankyerɛ nso wɔ akwahosan ho gyinae ahorow biara a ehia sɛ misi ho, na ama matumi ayɛ nea eye sen biara wɔ nnɛ ne daakye, na mansɛe bere ne sika pii wɔ m’akwahosan ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Esiane sɛ adwuma a mɛkɔ so ayɛ ho hia nti, mebɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa mma memfa ntease nyɛ adwuma wɔ sɛnea mede me bere ne m’ahoɔden bɛyɛ adwuma ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mensonsɔn me ho wɔ adwumayɛ ho sɛnea ɛnsɛ, na bere koro ara no, menyɛ adwuma ntra so.”

Sɛ yɛn ani begye ankasa a, yentumi mmu yɛn ani ngu daakye so. Sɛ yɛwɔ akwahosan pa mpo nnɛ a, nyarewa, ɛyaw, amanehunu, ne awiei koraa no, owu da so wɔ hɔ. So anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebenya akwahosan a edi mũ da bi?

[Kratafa 6 adaka]

Obi Ho a Ɔhwɛ Wɔ Ɔkwampa So So Mfaso Ahorow

W’akwahosan gyina nea wudi ne nea wonom so kɛse. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode pɛtro a nsu wom begu wo kar mu anaa wode asikre bɛfra ne mframa mu atwa kwan a, ɛrenkyɛ na woasɛe engine no. Saa ara na sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi nnuan ne anonne a ahoɔden nnim a, wobɛsɛe w’akwahosan bere bi akyi. Wɔ kɔmputa nnwuma mu no, wɔfrɛ eyi GIGO, a nea ɛkyerɛ ne sɛ “sɛ wode nneɛma funu hyɛ mu a, ɛde nneɛma funu na ɛbɛma wo.”

Oduruyɛfo Melanie Mintzer a ɔyɛ ɔbenfo wɔ abusua nnuruyɛ mu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ayarefo akuw abiɛsa na ɛwɔ hɔ: wɔn a wokohu nnuruyɛfo wɔ nyarewa a anka wɔn ankasa betumi adi ho dwuma wɔ fie ho, wɔn a wɔde akwahosan ho nhyehyɛe di dwuma yiye, ne wɔn a wonkohu nnuruyɛfo bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa mpo no. Ekuw a edi kan no mufo no sɛe nnuruyɛfo bere ne wɔn ankasa bere ne sika. Ekuw a ɛto so abiɛsa no mufo tumi de wɔn nkwa to asiane mu denam wɔn nan ase a wɔtwentwɛn wɔ hu a wɔbɛkɔ akohu nnuruyɛfo no so. Ɛkaa nnuruyɛfo nko a, anka mfinimfini kuw no mufo dɔɔso pii.”

“Nneɛma atitiriw ason a ɛma wonya akwahosan pa ni: didi na nom anonne a ɛfata, teɛteɛ w’apɔw mu daa, nnom sigaret, gye w’ahome sɛnea ɛfata, tew w’adwennwen so, nya fekubɔ pa, na fa anidahɔ yɛ ahwɛyiye fa tew nyarewa ne asiane ahorow a wubetumi ahyia so.”—Before You Call the Doctor—Safe, Effective Self-Care for Over 300 Medical Problems (Ansa na Wobɛfrɛ Oduruyɛfo—Hwɛ a Wobɛhwɛ Wo Ho So Yiye Wɔ Akwahosan Ho Nsɛnnennen Bɛboro 300 Ho), a Anne Simons, Oduruyɛfo, Bobbie Hasselbring, ne Michael Castleman, kyerɛwee.

[Kratafa 7 adaka]

Ofie Nnuru Adaka

“Wɔabu akontaa sɛ nyarewa ho nsɛnkyerɛnne ɔha biara mu 90—ahotutu, ɛyaw, opira, ne ahoyeraw anaa yare ho nsɛnkyerɛnne foforo—a mpanyin a wɔte apɔw te nka no ankasa gyae, na wɔnka ho asɛm nkyerɛ obiara. . . . Mpɛn pii na wɔnom nnuru a ɛsa nyarewa ntɛmntɛm, te sɛ aspirin 2 de sa atipae.”

“Nea ɛma eyinom nyinaa tumi yɛ yiye ne nnuru adaka a wɔwɔ wɔ fie no. Ɛmma wontwa kwan mmɔ ka a ɛho nhia nkohu oduruyɛfo anaa wɔnkɔ ayaresabea.”—Complete Home Medical Guide, The Columbia University College of Physicians and Surgeons (Columbia Nnuruyɛfo Sukuupɔn Kɔlege).

Saa ahyehyɛde koro yi ara kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma te sɛ nneɛma a wɔde kyekye akuru, asaawa, miateɛ ne srade ahorow, apiraduru, apasoɔ, adwinnade a wɔde hyɛ anom susuw onipa ho hyew, ne nneɛma foforo a ɛho hia gu ofie nnuru adaka no mu.

Ɛdefa nnuru a wɔnom ho no, ɛkamfo nnuru a ɛbrɛ ahoɔhyew ne ɛyaw ase, esiw nsu yerɛwyerɛw ano, nnuru a wɔde sa ahokekaw ne ɔpakum, waw aduru, afaseduru a ano nyɛ den, ne ayamtu aduru kyerɛ.

[Kratafa 8 adaka]

Kɔkɔbɔ Bi

“Ɛwom sɛ enhia sɛ wɔkyerɛw OTC [nnuru a wɔtaa tɔ nom] ma ansa na wɔatɔ anom de, nanso ɛyɛ nnuru ankasa. Te sɛ nnuru a nnuruyɛfo kyerɛw ma no, ɛnsɛ sɛ yɛde nnuru no bi ka ebi ho nom anaasɛ yɛnom bere a yɛadi nnuan anaa yɛanom mmosa bi. Te sɛ nnuru afoforo no, ebetumi de nsɛnnennen aba anaasɛ ne nom bɛka yɛn hɔ. Na ɛtɔ mmere bi a ɛnsɛ sɛ yɛtotɔ OTC aduru bi nom bere a yenkohu oduruyɛfo.

“Nanso, dodow no ara na asɛm nni ho na etu mpɔn . . . Edi dwuma no, na ɛyɛ no yiye.”—Using Medicines Wisely.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Kae sɛ nhabannuru anaa aduru biara nni hɔ a entumi mpira

1. Nnurutɔnfo adaka

2. Nnuru a wɔtɔn wɔ gua so

3. Nkotoku a nhabannuru gu mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena