Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 20-21
  • Afrika Wim Abohene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afrika Wim Abohene
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnade Ahwehwɛ
  • Wɔyɛ Nsi, Nanso Wɔn Ho Nyɛ Fɛ
  • Berebuw a Ɛsɛn Hɔ
  • Anomaa A Ɔpaw Afiasenna
    Nyan!—1983
  • Odwumfo a Wɔabu Ani Agu Ne So Sen Biara Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
    Nyan!—1995
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 20-21

Afrika Wim Abohene

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Kenya hɔ

AFRIKA sare no awo ayɛ wesee, na nkyɛmpɛ so awia ama akyen ayɛ denneennen. Yɛbɔ mmɔden fa kwae a nsɔe ayɛ mu mã no mu.

Biribi ma yegyina mpofirim. Kɔla bi a ɛte sɛ nyankontɔn twe yɛn adwene. Aboa bi a na ɔrebesi ɔkanto dubaa bi so ne anomaa ketewaa bi a ne kɔla hyerɛn te sɛ nea owia ankasa atɔ ne ntakra nketewa no mu. Ɛfata sɛ wɔfrɛ abohene a ɛwɔ ntaban yi aserewasikansu.

Nnade Ahwehwɛ

Aserewasikansu bɛboro ahanan na ɛwɔ hɔ. Wɔn mu dodow no ara wɔ Afrika mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse, nanso yebetumi ahu bi nso wɔ Asia, Australia, ne Pasifik nsupɔw so mpo. Sɛ owia tɔ aserewasikansu a wogu ahorow na wɔn ho yɛ fɛ yi so a, wɔte sɛ nnade ahwehwɛ nketewa, na wɔhyerɛn sɛ nyankontɔn: nyankontɔn mu kɔla ahorow te sɛ kɔkɔɔ, akokɔ srade, bruu, ahabammono ne afei kɔbere.

Mpɛn pii no, wɔde aserewasikansu toto Amerika aserewa ho. Te sɛ aserewa no, wɔn kɔla yɛ fɛ, na wɔn aduan ne nhwiren mu nsu. Nanso, wɔsõsõ sen aserewa, na wonnim tu te sɛ Amerika Kusuu fam aserewa.

Mpɛn pii no, aserewasikansu twetwe nhwiren mu nsu denam n’ano a akoa a ɔde hyɛ nhwiren no mu kɔ akyiri no so. Nanso sɛ nhwiren a ɛte sɛ durobɛn no ware dodo ma no a, otumi de n’ano tue nhwiren no ase twe emu nsu a ɛyɛ dɛ no. Wɔsosɔ nhwiren ne nhaban a ɛbemmɛn ho nso so nkoekoemmoa di.

Anini no nso su yɛ dɛ. Wɔn su gu ahorow fi aserewasikansu a ɔda nsow de a ɛnyɛ dɛ a ɛne tssp no so kosi Afrika Apuei fam aserewasikansu fɛfɛ a ne kɔla yɛ kɔkɔɔ de a ɛyɛ dɛ a ɛne tsik-tsik-tsik-tsik-tsit tree-tree-turrrr no so. Mpɛn pii no, wɔn su na ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ nkyekyerewa mu. Nanso, sɛ wonya twa w’ani so a, wɔn hu nyɛ hu na wɔ Afrika beae a awo wesee no.

Wɔyɛ Nsi, Nanso Wɔn Ho Nyɛ Fɛ

Bere a ɛyɛ anika sɛ wubehu aserewasikansu nini na woatie ne su no, ɔbere no sua na ne kɔla yɛ kusuu. Enti nnommaa hwɛfo ne mfoninitwafo taa bu wɔn ani gu ne so. Nokwarem no, mpɛn pii no sɛ ɔfra anini no mu a na wohu no. Nanso ɛmfa ho sɛ ɔbere no kɔla nyɛ fɛ no ɔyɛ nsi ankasa.

Ɛyɛ ɔbere no na ɔnwene berebuw na ɔyɛ nnwuma a ɛfa wɔn mma no yɛn ho no mu dodow no ara. Bere a ɔreyɛ berebuw a onni adagyew no, onini no gyina hɔ wɛn, a wayɛ ahoboa sɛ ɔbɛpam atamfo afi beae a wɔreyɛ berebuw no.

Berebuw a Ɛsɛn Hɔ

Nanso, aserewasikansu berebuw nyɛ fɛ. Mpɛn pii no ɛte sɛ nwura ketewa bi a mframa aboaboa ano akogu ɔkanto nsɔe mu. Aserewasikansu berebuw te sɛ bosu a ɛresosɔ afi nhaban so agu, wɔde tosaw ne ananse ntontan na ɛnwene. Wɔde nnubaa, nhaban a aguan, nnua mfurofurowa ne aduabahono biako anaa abien na ɛsensɛn berebuw no ho.

Wɔde nnua mfurofurowa, sare a ɛyɛ mmerɛw, ntakra, ne nneɛma foforo a ɛyɛ tofoo na ɛsɛw berebuw no mu. Ano kwan yɛ ketewaa bi, na ɛda berebuw no nkyɛnmu wɔ soro. Mpɛn pii no, ɔbere no nkutoo na obutuw nkesua so bobɔ. Sɛ ɔhyɛ ne berebuw ketewa no mu a, bere nyinaa wotumi hu n’ano tenten a akoa no sɛ apue afi berebuw ano tokuru no mu. Ɔtow kesua biako anaa abien, na ɔbobɔ bɛyɛ nnafua 14 mu. Sɛ mma no pue fi berebuw no mu a, mpɛn pii no wɔn kɔla nyɛ fɛ te sɛ wɔn maame no de no ara. Nanso, sɛ anini a wɔwom no fi ase nyinyin a, wofi ase nya ntakra fɛfɛ a da bi ɛbɛma wɔada nsow sɛ aserewasikansu.

Aserewasikansu yɛ nneɛma ahorow a Mfoniniyɛfo nyansafo bi ayɛ no ho nhwɛso foforo biako pɛ. Wɔn kɔla a ɛyɛ fɛ ne wɔn nneyɛe a efi nkate mu no ka yɛn ma yenya anisɔ kɛse ma Ɔbɔadeɛ no. Enti aserewasikansu ka nneɛma a Bible ka ho asɛm yi ho: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ mfi asase so, . . . mmoa a wɔwea ne ntakraboa.” “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.” (Dwom 148:7, 10; 150:6) Ɛsɛ sɛ Afrika wim abohene yi ka yɛn nyinaa ma yeyi Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ dɔ a ɔbɔɔ wɔn no ayɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena