Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 10/8 kr. 31
  • Nea Enti a Nnipa Pii Repo Mogya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Nnipa Pii Repo Mogya
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mogya a Wɔde Ma Ade a Wofi Bere Tenteenten Agye Ho Kyim
    Nyan!—2000
Nyan!—1998
g98 10/8 kr. 31

Nea Enti a Nnipa Pii Repo Mogya

ONTARIO asɛnnibea bi de nnipa baanu a wɔnam mogya a wɔde maa wɔn so nyaa HIV—obiakofo mogya na wɔde maa wɔn baanu nyinaa—no ho asodi too Canada Red Cross so wɔ gyinae titiriw bi a wosii mu. Ɔtemmufo Stephen Borins kae sɛ: “Sɛ biribi a asiane wom te sɛ mogya a enye tumi haw wɔn a wogye no asetra a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi ntɛm.”

Wɔ 1980 mfe no mu no, Canadafo bɛyɛ 1,200 na wonyaa HIV, na 12,000 foforo nso nyaa mmerɛbo mu yare—ne nyinaa fi mogya a enye ne nneɛma a wɔde mogya ayɛ mu. Wɔrehwehwɛ nkurɔfo a wɔtwe wɔn mogya ma no mu yiye na ama nnipa dodow a wonya mogya mu yare no so atew. Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn mogya ma no nyinaa na wɔka ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa a wonya ho nokwasɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States mu sɛ wɔn a wɔtwee wɔn mogya mae no mu 50 biara mu 1 na wanka asiane a na ɛwom te sɛ, ɔbarima ne ɔbarima nna anaa tuutuufo a na wɔne wɔn adeda ho asɛm.

Nea ama ɔhaw no ayɛ kɛse ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mogya mu a wɔhwehwɛ no nyɛ adeyɛ a asɛm biara nni ho. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “sɛ obi nya HIV na ennuu adapɛn abiɛsa, na ɔtwe ne mogya ma a, sɛ wɔyɛ mu nhwehwɛmu a wontumi nhu ɔyare mmoawa a ɛwom no. Wɔ mmerɛbo mu yare ho no, saa ‘bere a wontumi nhu’ ɔyare mmoawa a ɛwom yi betumi ayɛ asram abien.”

Wɔ nnansa yi mfe mu no, Canadafo a wofi wɔn pɛ mu twe wɔn mogya ma—anaasɛ wogye—no so atew yiye. Ɔsɛnkyerɛwfo Paul Schratz kyerɛw sɛ: “Bere a wɔn a wɔtwe wɔn mogya ma no so atew, na wɔn a wontumi ntwe mma no adɔɔso no, yɛda Onyankopɔn ase sɛ Yehowa Adansefo redi anim ahwehwɛ nneɛma foforo a wɔde besi mogya ananmu.”

Anwonwasɛm ne sɛ, The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ nnansa yi afe bi mu no, nnipa bɛyɛ 40 a “wɔkɔɔ Canada ayaresabea ahorow no dii atoro kae sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo esiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wogye mogya nti.” Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ, Canadafo bɛyɛ ɔha biara mu 90 na wɔpɛ aduru foforo sen sɛ wɔbɛma obi atwe mogya ama wɔn. Enti, mogya a wɔde di dwuma ho asɛm nyɛ nyamesom nkutoo ho asɛm bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena