Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 10/8 kr. 4-6
  • Asetra a Ahobammɔ Wom a Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra a Ahobammɔ Wom a Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhomasua a Ɛkɔ Anim
  • So Ahonyade 10,000 Dɔɔso?
  • Ma W’ani Nna Hɔ!
  • Sa Yare No—Ɛnyɛ Ho Nsɛnkyerɛnne No
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Sɛ Wusua Nhoma Kɔ Akyiri Anaa Wunya Sika a, Ɛno Na Ɛbɛma Asi Wo Yiye Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Asetra a Ahobammɔ Wom Daa
    Nyan!—1998
  • Ahobammɔ a Wubenya Nnɛ—Ahobammɔ a Wubenya Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 10/8 kr. 4-6

Asetra a Ahobammɔ Wom a Wɔhwehwɛ

AHOBAMMƆ kyerɛ nneɛma soronko ma nnipa ahorow. Obi fam no, ahobammɔ kyerɛ adwuma; ɛkyerɛ ahonyade ma obi foforo; na nea ahobammɔ kyerɛ ma onipa a ɔto so abiɛsa ne asetra a nsɛmmɔnedi nnim. So ɛkyerɛ biribi foforo ma wo?

Sɛnea w’adwene yɛ wo biara no, akyinnye biara nni ho sɛ wofa akwan bi so bɔ mmɔden sɛ wobɛma w’asetra ayɛ nea ahobammɔ wom sɛnea wopɛ. Susuw nea Europafo reyɛ ma wɔanya ahobammɔ sɛ ankorankoro no ho hwɛ.

Nhomasua a Ɛkɔ Anim

Sɛnea Jacques Santer a ɔyɛ Europa Bagua no titrani kyerɛ no, mmerante ne mmabaa a wɔwɔ Europa Aman Nkabom no mu ɔha biara mu 20 na wonnya adwuma nyɛ. Enti, wɔ saa atipɛnfo no fam no, asɛmmisa biako a ɛho hia yiye ne, Mɛyɛ dɛn anya adwuma a ɛbɛma m’asetra ayɛ nea ahobammɔ wom? Nnipa pii gye di sɛ wɔnam nhomasua a ɛkɔ anim so betumi adu saa botae yi ho yiye, na sɛnea The Sunday Times a wotintim wɔ London ka no, ɛma sukuufo “taa nya adwuma yɛ.”

Sɛ nhwɛso no, wɔ Germany no, Nassauische Neue Presse bɔ amanneɛ sɛ “ɔpɛ a nkurɔfo wɔ sɛ wobesua nhoma, na wɔanya nhomasua mu gyinabea no mu ayɛ den sen bere biara.” Wɔyɛ eyi ɛmfa ho sɛ bere a wodi wɔ sukuupɔn mu ho ka a wɔbɔ wɔ saa man no mu bɛyɛ $55,000 no.

Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mmerante ne mmabaa a wɔfa nhomasua aniberesɛm na wɔpɛ adwuma a ahobammɔ wom no. Wɔ adwuma hwehwɛ mu no, wɔtaa fa wɔn a wɔwɔ adwuma no ho adwene ne ho ahwehwɛde ahorow no. Nanso bere nyinaa na nhomasua ma obi nya adwuma yɛ anaa? Sukuuni bi kae sɛ: “Ná minim fi mfiase sɛ nneɛma a meresua ho ade no mma minnya nsaanodwuma pɔtee bi, na ɛmma minnya adwuma nyɛ.” Ɛnyɛ ɔno nkutoo fam na ɛte saa. Nnansa yi afe bi mu no, wɔn a wɔawie sukuupɔn wɔ Germany a wonnya adwuma nyɛ dodow kɔɔ soro sen bere biara.

Sɛnea atesɛm krataa bi kyerɛ no, wɔ France no, nea enti a mmerante ne mmabaa kɔ sukuupɔn ne sɛ, esiane sɛ ntoaso sukuu abodin krataa so nni mfaso ahe biara nti, mmerante ne mmabaa pii nnya adwuma nyɛ. Nanso, sukuufo pii a wɔwɔ sukuupɔn mu gye tom sɛ, sɛ wowie sukuu a, “digrii a wɔwɔ no remma wonni yiye ahe biara.” The Independent bɔ amanneɛ sɛ wɔ Britain no, “nhomasua mu nhyɛso repira sukuufo kɛse.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ, sɛ́ anka sukuupɔn mu asetra bɛboa sukuufo ma wɔagyina ahobammɔ a wonni wɔ asetra mu ano no, ɛtɔ mmere bi a nhyɛso a ɛwɔ hɔ no kowie nsɛnnennen te sɛ adwenemhaw, dadwen, ne obu a obi nni mma ne ho mu.

Mpɛn pii no, nsaanodwuma a obi sua no ma no nya adwuma a ahobammɔ wom ntɛm sen obi a okura sukuupɔn abodin krataa.

So Ahonyade 10,000 Dɔɔso?

Nnipa pii gye di sɛ nea ɛma obi nya asetra a ahobammɔ wom ne ahonyade. Ebia eyi bɛyɛ sɛ nea ntease wom, efisɛ sɛ obi wɔ sika pii wɔ sikakorabea a, ebetumi aboa no wɔ ahokyere mmere mu. Bible ka sɛ ‘sika bɔ ne wura ho ban.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso, bere nyinaa na ahonyade pii a obi wɔ ma onya ahobammɔ kɛse anaa?

Ɛnte saa. Susuw sɛnea ahonyade adɔɔso wɔ mfe 50 a atwam no mu ho hwɛ. Bere a Wiase Ko II baa awiei no, ɛkame ayɛ sɛ na Germanfo dodow no ara nni hwee. Ɛnnɛ, sɛnea Germanfo atesɛm krataa bi kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Germanni biara wɔ ahonyade 10,000. Sɛ sika ho nsɛm a wɔka sie yɛ hɔ a, ɛnde nkyirimma benya nea ɛsen saa mpo. Nanso ahonyade a wɔboaboa ano saa yi ma asetra yɛ nea ahobammɔ wom? Dabi. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germany daa no adi sɛ nnipa 3 biara mu 2 susuw sɛ wonni ahobammɔ wɔ asetra mu nsen mfe 20 anaa 30 a atwam no. Enti ahonyade pii a nkurɔfo anya no mmaa wɔntee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ pii.

Ntease wɔ eyi mu efisɛ sɛnea yedii kan kae wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, te a obi te nka sɛ onni ahobammɔ no yɛ nkate fam adesoa. Na ahonyade ntumi nyi nkate fam adesoa mfi hɔ koraa. Nokwarem no, ahonyade dwudwo ohia ano, na ɛboa wɔ ahokyere mmere mu. Nanso wɔ tebea bi mu no, sika pii a obi wɔ yɛ adesoa kɛse te sɛ nea onni ara pɛ.

Enti, agyapade ho adwene a ɛkari pɛ a yebenya bɛboa yɛn ma yɛakae sɛ bere a ahonyade betumi ayɛ nea mfaso wɔ so no, ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw a ɛma obi nya ahobammɔ wɔ asetra mu. Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔkaa eyi de hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ: “Ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.” (Luka 12:15) Sɛ obi bɛte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ a edi mu wɔ asetra mu a, ohia biribi a ɛsen ahonyade.

Wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim fam no, ɛnyɛ mfaso a wonya wɔ agyapade so titiriw nti na wɔn ani gye ho, na mmom nim a wonim sɛ wɔwɔ bi kɛkɛ nti. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim dwen nsɛmmɔne a wobetumi adi wɔn ho sen ahonyade koraa.

Ma W’ani Nna Hɔ!

Practical Ways to Crack Crime (Akwampa a Wɔfa Siw Nsɛmmɔnedi Ano) nhomawa a wotintimii wɔ Britain no ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi . . . abɛyɛ ɔhaw a anya nkɔanim wɔ wiase nyinaa wɔ mfe 30 a atwam no mu.” Polisifo reyɛ nea wobetumi biara. Akwan bɛn so na ebinom regyina ano?

Ankorankoro ahobammɔ hyɛ ase wɔ fie. Sɛ nhwɛso no, wɔ Switzerland no, ɔdansifo bi aben ne ho wɔ afie a wɔbɔ ho ban fi akorɔmfo ho a wɔde krado ahorow, apon ne mfɛnsere a adaban wɔ akyi hyehyɛ mu si mu. Ɛte sɛ nea saa afie yi wuranom fa bɛ a wonim no yiye no saa ara sɛ: “Me fie ne m’aban dennen.” Sɛnea Focus nsɛmma nhoma kyerɛ no, saa afie yi bo yɛ den, nanso ɔpɛ a nkurɔfo wɔ sɛ wobenya bi no mu yɛ den.

Sɛnea ɛbɛyɛ na nnipa a wɔte mpɔtam bi benya ahobammɔ kɛse wɔ fie ne abɔnten so nti, wɔn ankasa ayɛ nhyehyɛe wɛn wɔn mpɔtam hɔ. Mmorɔn bi sofo yɛ ade kɔ akyiri mpo ma wɔbɔ ahobammɔ adwumakuw bi paa ma wɔwɛn wɔn mpɔtam nnɔnhwerew bi mu. Nnipa pii te nka sɛ nyansa wom sɛ obi nkutoo rennantew kuropɔn mu akwan a nnipa mfa so anadwo no so. Na ebia awofo a wodwen wɔn mma yiyedi ho bɛyɛ nneɛma foforo de abɔ wɔn ho ban. Susuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no ho hwɛ.

Nanso ɛnyɛ obiara na obetumi atɔ ofie a wɔabɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a akorɔmfo ntumi nkɔ mu no bi. Afei nso, nhyehyɛe a mpɔtamfo bi yɛ de wɛn ne ahobammɔ adwumayɛfo a wɔwɛn no ntumi ntew nsɛmmɔnedi so koraa; ebetumi ama wɔadan akɔ mmeae a wɔmmɔɔ ho ban no. Enti nsɛmmɔnedi da so ara yɛ asiane ma ankorankoro ahobammɔ. Sɛ yebenya ahobammɔ wɔ asetra mu a, pii ho hia sen mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yebedi nsɛmmɔnedi so no.

Sa Yare No—Ɛnyɛ Ho Nsɛnkyerɛnne No

Yɛn mu biara fi awosu mu pɛ asetra a ahobammɔ wom, na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛfa akwan a ntease wom na ɛfata so adi botae yi ho dwuma. Nanso, nsɛmmɔnedi, adwuma a wonnya nyɛ, ne nneɛma foforo a ɛma yɛn asetra yɛ nea ahobammɔ nnim no yɛ tebea bi a ɛka adesamma nyinaa no ho nsɛnkyerɛnne ara kwa. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayi tebea yi afi hɔ no, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne no nko na ɛsɛ sɛ yɛko, na mmom nea ɛde ba no ankasa nso.

Dɛn ankasa na ama yenni ahobammɔ wɔ asetra mu no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi atu ase, na yɛnam saayɛ so ayi nea ɛmma yennya ahobammɔ wɔ asetra mu no afi hɔ koraa? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Kratafa 6 adaka]

Akwan a Wɔfa so Bɔ Mmofra Nkumaa Ho Ban

Esiane sɛ wɔtaa to mmofra mmonnaa, kyere wɔn sie, na wokunkum wɔn nti, awofo pii ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔyɛ nea edidi so yi:

1. Wɔnka dabi—a emu yɛ den—nkyerɛ obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔayɛ biribi a wɔte nka sɛ enye no.

2. Wɔmmma obiara nnsuso wɔn awode bi mu gye sɛ—wokohu oduruyɛfo anaa ɔyarehwɛfo bi—ɔwofo bi wɔ hɔ ansa.

3. Sɛ wohu sɛ wɔwɔ asiane mu a, wonguan, nkekaw mu, nteɛteɛm, anaa wɔnhwehwɛ ɔpanyin bi hɔ mmoa.

4. Ɛsɛ sɛ abofra ka asɛm anaa nkɔmmɔ biara a n’ani nnye ho no ho asɛm kyerɛ n’awofo.

5. Ɛnsɛ sɛ wɔde asɛm sie wɔn awofo.

Asɛm a etwa to ne sɛ, nyansa wom sɛ awofo hwɛ yiye bere a wɔrepaw obi ma wahwɛ wɔn ba ama wɔn no.

[Kratafa 5 mfonini ahorow]

Sɛ yebenya ahobammɔ wɔ asetra mu a, pii ho hia sen nhomasua, ahonyade, anaasɛ mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yebedi nsɛmmɔnedi so no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena