Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 11/8 kr. 3
  • Aids—Ɔyaredɔm no Da So Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aids—Ɔyaredɔm no Da So Wɔ Hɔ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aids—Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Daakye?
    Nyan!—1998
  • “Adesamma Owuyare a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu”
    Nyan!—2002
  • Aids—Sɛnea Wɔbɛko Atia
    Nyan!—1998
  • Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 11/8 kr. 3

Aids—Ɔyaredɔm no Da So Wɔ Hɔ

KAREN nyinii wɔ United States atɔe fam.a Sɛ́ Yehowa Dansefo no, okuraa abrabɔ pa mu wɔ ne mmofraberem nyinaa. Wɔ 1984 mu, bere a na wadi mfe 23 no, ɔwaree Bill a na wayɛ Ɔdansefo mfe abien pɛ no. Wɔwoo mmofra baanu, abarimaa ne abeawa.

Eduu 1991 no, na wɔn dɔ no mu ayɛ den, na na wɔwɔ abotɔyam ne anigye. Ɛrekɔ saa afe no awiei no, biribi fitaa bi tɔɔ Bill tɛkrɛma so a ankɔ. Okohuu duruyɛfo bi.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, na Karen ne ne mma no wɔ adiwo reboaboa wura ano. Bill traa abrannaa no atrapoe so, na ɔfrɛɛ Karen sɛ ɔmmɛtra ne nkyɛn. Ɔde ne nsa too ne sisi akyi de nusu kae sɛ ɔdɔ no, na ɔpɛ sɛ ɔne no tra ase daa. Ɛnde dɛn ne nusu yi? Oduruyɛfo no kae sɛ Bill anya HIV, mmoawa a wɔde AIDS ba no.

Wɔyɛɛ abusua no mu nhwehwɛmu. Ɛdaa adi sɛ Bill ne Karen anya yare no bi. Bill nyaa yare no ansa na ɔrebɛyɛ Yehowa Dansefo; ɔno nso de yare no san Karen. Ná mmofra no de, wonnyaa bi. Mfe abiɛsa ntam no, Bill wui. Karen ka sɛ: “Minhu sɛnea menka sɛnea ɛte sɛ wobɛhwɛ ɔbarima a bere bi na ne ho yɛ fɛ a wodɔ no na wopɛ sɛ wo ne no tra ase daa, nanso ɔreyɛ mmerɛw nkakrankakra, na wafɔn aka nnompe no. Ná metaa su anadwo. Owui bere a na aka asram abiɛsa na yɛn aware no anya mfe du no. Ná ɔyɛ agya pa ne okunu pa.”

Ɛwom sɛ oduruyɛfo no ka kyerɛɛ Karen sɛ ɛrenkyɛ na ɔno nso atoa ne kunu de, nanso ɔda so te ase. Afei na yare no redan AIDS.

Karen yɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 a wɔanya HIV/AIDS, nnipa dodow a wɔsen Australia, Ireland, ne Paraguay nnipa nyinaa a wɔaka abom, mu biako. Akontaabu kyerɛ sɛ wɔn a wɔanya yare yi mu ɔpepem 21 na wɔwɔ Afrika. Sɛnea Amanaman Nkabom akontaabu kyerɛ no, ebedu afeha a edi hɔ no mfiase no, saafo no dodow betumi adu ɔpepem 40. UN amanneɛbɔ bi ka sɛ yare no ne yaredɔm a akum nnipa sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Wiase mu mpanyimfo a wonya nna mu kyɛfa a wɔadi fi mfe 15 kosi 49 no 100 biara mu 1 anya HIV no dedaw. Eyinom mu 10 biara mu 1 pɛ na wonim sɛ wɔanya bi. Wɔ Afrika mmeae bi no, mpanyimfo ɔha biara mu 25 na wɔanya yare no bi.

Wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 11.7 na AIDS akunkum wɔn fi bere a yaredɔm no fii ase wɔ 1981 mu no. Wobu akontaa sɛ wɔ 1997 mu nkutoo no, nnipa bɛyɛ 2.3 na wowuwui. Nanso, ntease foforo bi wɔ hɔ a enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ wobedi nkonim wɔ AIDS ho akodi no mu. Wɔ mfe kakraa a atwam mu no, nnipa a wonya AIDS wɔ aman a wodi yiye mu no so atew. Bio nso, nnuru a wɔwɔ ahotoso wom no ama nnipa a wɔwɔ yare no anya anidaso sɛ wobenya akwahosan pa ne nkwa tenten.

Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ho ban afi AIDS ho? Mpɔntu bɛn na wɔanya wɔ ne sa ne nnuru a wɔde tete mu? So wobedi yare no so da bi? Wobebua saa nsɛmmisa yi wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena