Nyansa ne Mfaso a Ɛwom sɛ Obi Bɛyɛ Agyapade Ho Nhyehyɛe
NNEƐMA faa Peterson abusua no ase.a Ná wɔde wɔn ani ato sika a wobenya afi wɔn agyapade a wɔtɔnee no mu so na aboa wɔn ma wɔatua wɔn ho aka bere a wɔagyae adwumayɛ no, na awiei koraa no ama wɔanya biribi pa a wɔde begyaw wɔn mma nso. Ɛtow akɛse a wotuae wɔ nneɛma a wɔtɔnee ho no maa akwanhwɛ a ɛtete saa no yɛɛ ɔkwa.
Ná Smith abusua no nso wɔ agyapade a ɛde mfe pii anya bo kɛse. Ɛdenam nhyehyɛe soronko bi a wɔyɛe de tɔnee saa nneɛma no so nti, wotumi yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya sika bere a wɔagyae adwumayɛ no, biribi a ɛsom bo a wɔde begyaw wɔn mma, ne nea wɔde bɛma adwumakuw a wɔyɛ afoforo yiye a wɔpɛ.
Ná Rose Jones ayɛ basaa. Bere a ne kunu wuu mpofirim wu akyi bere tiaa bi no, ofii ase nyaa nkrataa a na ɔnte ase fii aban mpanyimfo nkyɛn. Ná ne kunu, John na bere nyinaa otua wɔn ho aka nyinaa, a na ɛtow ne insurance ne nea ɛkeka ho nso ka ho. Bere nyinaa na ɔka kyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhaw ne ho—“na ɔhwɛ di biribiara ho dwuma.” Nanso esiane sɛ owui a na ɔnyɛɛ nsamansew biara nti, wɔde nsa too agyapade ahorow bi a na onya sika fi mu no so. Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ ehia sɛ ɔfa mmaranimfo ma ɔboa no ma ɔhwehwɛ agyapade a ne kunu gyawee, ne nea ɛbɛyɛ na wama aba ne din mu. Afei nso wɔka kyerɛɛ no sɛ, mmara hwehwɛ sɛ wɔde agyapade yi bi ma ne kunu no mma bi a ɔwoe wɔ n’aware a edi kan mu, ɛmfa ho sɛ na onim sɛ na eyi nyɛ ne kunu no adwene no. Nim a na onnim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nea ebegye ansa na watoto nneɛma yiye no haw no maa ne kunayɛ mu awerɛhow no yɛɛ kɛse.
Mary Brown nso huu amane saa ara bere a ne kunu wuu mpofirim wu no. Ɔde nim a na onim sɛ ne kunu ayɛ insurance ho nhyehyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne ne mma baanu no benya sika a wɔde bɛhwɛ wɔn ho no kyekyee ne werɛ. Afei nso na onim agyapade a sɛ ne kunu wu ara pɛ a, ɛbɛyɛ ne de, ne nea ɔnam ne kunu nsamansew so benya. Ɛwom sɛ na ɔreyɛ nsakrae ma watumi agyina kunayɛ mu nsɛnnennen ano de, nanso na n’ani sɔ paa sɛ ne kunu susuw ne ho saa totoo ne nneɛma yiye, ma enti ne wu no amma ɔne ne mma no ho ankyere wɔn wɔ sika fam.
Dɛn na ɛmaa nneɛma kɔɔ yiye maa Smith abusua no ne Mary Brown? Agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛe.
Dɛn Ne Agyapade Ho Nhyehyɛe a Wɔyɛ?
Agyapade ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no yɛ nhyehyɛe a woyɛ de kyerɛ sɛnea sɛ wuwu a, wɔbɛkyɛ w’agyapade ne afei ɔkwan a wɔbɛfa so adi wo gyinaesi ahorow ho dwuma yiye a wɔmmɔ ho ka pii. Akwan a wɔfa so yɛ no betumi ayɛ edin a wɔde toto nneɛma so, wɔn a wobedi ade a wobɛbobɔ wɔn din, ne nkrataa te sɛ nsamansew ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho nhyehyɛe a wobɛyɛ. Wɔ nsɛm tebea a ayɛ hwanyann mu no, ebehia ama nneɛma pii.
Bere a akyinnye biara nni ho sɛ nnipa dodow no ara begye nyansa a ɛwɔ nhyehyɛe yi mu atom no, wɔn mu kakraa bi na ayɛ saa. Anwonwasɛm ne sɛ, mpanyimfo a wɔwɔ United States no mu ɔha mu nkyem 70 nni nsamansew! Nsɛm a wɔtaa de yi wɔn ho ano na edidi so yi: “Minni adagyew; akyiri yi, mɛyɛ.” “Minni sika pii anaa nneɛma a ɛsom bo a megyaw ama obi.” “Minni mmaranimfo.” “Mempɛ sɛ midwennwen m’ankasa me wu ho.” “Minnim faako a ɛsɛ sɛ mifi ase fi.”
Nokwarem no, ebia agyapade ho nhyehyɛe a wobɛyɛ a wubesusuw ho no behunahuna wo. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nea ehia na woafi ase ara ne sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe na wate gyinae a ɛsɛ sɛ wusisi no ase. Te sɛ nneɛma afoforo a aka no, sɛ wokyekyɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ no mu na sɛ wudi ho dwuma mmiako mmiako a, agyapade ho nhyehyɛe yɛ nyɛ den.
Akwan a Ɛsɛ sɛ Wofa So
Nea edi kan ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛw agyapade a wowɔ nyinaa. Ɛnyɛ nneɛma a wowɔ nkutoo na ɛsɛ sɛ wokyerɛw, na mmom ɛbo a nneɛma no biara som ne nea ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ wo anaa edin a ɛda so no. (Hwɛ adaka “Agyapade Paa Krataa.”) Wobetumi akyekyɛ agyapade dodow no ara mu akuwakuw ayɛ no nneɛma a adansedi nkrataa da so (adwuma mu kyɛfa, sika a wɔde bɔ bosea, sika a wɔde hyɛ adwuma bi mu), agyapade ankasa (wo fie, agyapade bi a wutua ho ka anaa wo sika wom), sika a wɔasie wɔ sikakorabea (nea ebi begu so, nea wotumi kyerɛw ma obi koyi, sika a wɔde bɔ nnwuma bosea bere tiaa mu), ahode (mfonini, adwinni, agude, kar, nkongua ne apono), insurance sika a wotua ma obi abusua wɔ ne wu akyi; sika a wotua ma obi a onyin ama wagyae adwumayɛ; ne nnwuma horow. Bere a woakyerɛw nea wowɔ nyinaa awie no, kyerɛw ɛka a wode, te sɛ biribi a wode asi awowa, bosea, krataa a woayɛ ato bosea bi so, ne adefiri kratasin so ka a aka. Ɛka horow yi a wobɛtew afi w’agyapade nyinaa nkabom mu no ma wohu w’agyapade paa. Wɔ aman pii mu no, wotua nea wɔma ekodi obi nsam wɔ obi wu akyi no ho tow. Tow dodow a wobegye no gyina agyapade paa no dodow so, enti ɛso mfaso no yɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ wuhu.
Ɔkwan a ɛto so abien ne sɛ wobɛhwɛ wo botae—ɛnyɛ sika dodow, na mmom dwuma a wopɛ sɛ edi ma wo ne wɔn a wobedi w’ade no. Nea ɛtaa ba ne sɛ, ɔwarefo bɛpɛ sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe bi de abɔ ne hokafo ho ban. Ɔwofo bɛpɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe bi ma wanya sika a ɛsɛ de agya ne mma. Abofra a wanyin betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔde ahwɛ ɔwofo bi a ne mfe akɔ anim. Bio nso, ebia wobɛpɛ sɛ wokae de nnamfo binom anaa adwumakuw bi a wɔyɛ afoforo yiye hyɛ w’agyapade ho nhyehyɛe no mu. Ɛho hia sɛ wokyerɛw wɔn a wopɛ sɛ wonya kyɛfa wɔ w’agyapade nhyehyɛe no mu ne atirimpɔw a ɛbata wɔn mu biara de ho.
Mma wo werɛ mmfi sɛ wubesusuw nneɛma a wonhwɛ kwan a ebetumi asakra w’agyapade nhyehyɛe a wobɛyɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ nea obedi w’ade no di kan wu ɛ? So wobɛpɛ sɛ ne kyɛfa no kɔ n’aware mu hokafo, ne mma, anaa obi foforo hɔ?
Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ wobɛpaw nnipa a wɔbɛhwɛ adi w’apɛde ho dwuma ama wo no. Mpɛn pii no, wubehia obi a obegyina w’ananmu ne ebia nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so ne mmaranimfo a obedi ho dwuma. Ɛmfa ho onii ko a wobɛpaw no no, anyɛ yiye koraa no nya nipa biako a obegyina akyi, na hwɛ hu sɛ obiara a wobɛbɔ ne din no ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ adwuma no. Wo wu akyi no, nea obegyina w’ananmu no na ɔbɛboaboa w’agyapade ano na wadi ɛho nsɛm nyinaa ho dwuma wɔ mmara mu anaa asɛnnibea, na akyiri yi koraa no, wakyekyɛ w’agyapade mu sɛnea wohyɛe no. Mpɛn pii no, obusuani na ɛyɛ papa sɛ wopaw no ma odi asɛyɛde yi ho dwuma, nanso sɛ wo tebea no yɛ soronko a, wubetumi de ahyɛ ahyehyɛde te sɛ sikakorabea dwumadibea a ɛhwɛ agyapade so no nsa. Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so wɔ nsamansew no mu, na sɛ ɛba sɛ wo ne w’aware mu hokafo wu bere a wo mma da so ara yɛ mmofra a, watete wɔn. Sɛ wode sika bi asie ama wo mma a, wubetumi apaw nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so no ma wahwɛ so, nea ehia ara ne sɛ onim ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ sika no so. Sɛ nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so no nnim sikasɛm mu a, wubetumi abɔ ahyehyɛde bi te sɛ sikakorabea dwumadibea a ɛhwɛ sika a wɔde sie so no din sɛ wɔn na wɔnhwɛ wo sika so anaa wɔne nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so no mmom nyɛ saa.
Nea ɛto so anan ne sɛ wobɛte nneɛma a ɛbɛboa ma woadi wo botae horow ho dwuma no ase. So wopɛ sɛ wode biribi kyɛ nea obedi w’ade no tẽẽ, anaasɛ wobɛpɛ sɛ wɔhwɛ so ma ɛso ba onii no mfaso? Nsonsonoe kɛse wom. Sɛ wugyae agyapade bi mu tẽẽ a, efi wo nsa koraa bere a woawu no. Nanso sɛ wuwu mpo a woda so ara wɔ w’agyapade a wode ahyɛ obi nsa sɛ ɔnhwɛ so no so tumi. Onipa a wobɛbɔ ne din sɛ wode ahyɛ ne nsa no bɛhwɛ w’agyapade so na ɔde adi dwuma sɛnea woakyerɛ no no, ma ɛso aba nea obedi w’ade no mfaso. Wɔ mmofra nkumaa fam sɛ nhwɛso no, nea ɔhwɛ agyapade so no betumi ayɛ nhyehyɛe de adi wɔn ahiade ho dwuma ama wɔn, na wakyerɛ afe anaa mfe dodow a sɛ abofra no nya a, obetumi ahwɛ agyapade a wɔde asie ama no no so.
Henanom na Wobetumi Aboa?
Ɛkame ayɛ sɛ wɔ nsɛm tebea biara mu no, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ obi a ne ho akokwaw wɔ agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛ ho adwuma mu, na waboa wo ma woate nneɛma a ɛwɔ hɔ a ebetumi aboa wo ma woadu wo botae ho no ase. Ɛsɛ sɛ woyɛ w’agyapade ho nhyehyɛe ma ɛne wo botae titiriw ne wo nsɛm tebea hyia. Ebia w’agyapade ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no bɛhwehwɛ sɛ wopɛ nkurɔfo a wɔde ho nyansahyɛ ahorow bɛma wo, te sɛ obi a ɔhwɛ sikasɛm so, obi a ɔtoto sikasɛm, ne wɔn a wogyigye insurance. Sɛ nnwumakuw a wɔyɛ afoforo yiye ka w’agyapade ho hyehyɛe no ho a, wubetumi abisabisa ho nsɛm afi dwumadibea a wɔhwɛ tirimbɔ so no hɔ a wuntua ho hwee. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn Aban Asafo no Dwumadibea a Ɛhwɛ Tirimbɔ So no de mmoa ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde Asafo ti no ka wɔn agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛ no ho. Nnipa pii anya dwumadi yi mu mfaso denam ɔkwan pa a wɔbɛfa so ahyehyɛ wɔn nneɛma yiye ho nyansahyɛ ahorow a emu da hɔ a wɔde ama wɔn no so, sɛnea ɛbɛyɛ na atew ɛtow dodow a wobetua so na ama wɔn adɔfo a wobedi wɔn ade no ne Asafo ti no anya mu mfaso kɛse.b
Ɛwom sɛ ebia ebegye nnipa pii na wode ayɛ nhyehyɛe no ho adwuma de, nanso mmaranimfo a ne ho akokwaw titiriw wɔ agyapade ho nhyehyɛe mu na ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ nea etwa to koraa no ne ɛho nkrataa a ehia no. Ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wubebisa nea onim ho adwuma no n’ankasa ne ho nsɛm ne osuahu a ɔwɔ wɔ agyapade ho nhyehyɛe mu. Sɛ wowɔ ahiasɛm bi te sɛ adwuma bi a wode begyaw w’abusua anaa hwɛ a wɔbɛhwɛ wo busuani bi a ɔyɛ ɔyarefo a, bisa ɔkwankyerɛfo no sɛ ebia wanya biribi a ɛte saa mu suahu pɛn. Wɔ ne nyinaa mu no, bisa no ma ɔnkyerɛ wo sika a obegye wɔ adwuma a ɔbɛyɛ no ho, na ɔnyɛ eyi ho kyerɛwtohɔ.
Agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛ yɛ biribi a sɛ wonni ho nimdeɛ pii a, ebetumi ayɛ asiane. Fa awarefo a yɛbɛfrɛ wɔn Paul ne Mary asɛm yi sɛ mfatoho. Ná wɔpɛ sɛ wɔkyɛ wɔn agyapade mu pɛpɛɛpɛ na wogyaw ma wɔn mmabea baasa. Esiane sɛ na wɔn babea Sarah fie di wɔn de so nti, wosii gyinae sɛ wɔde ne din bɛka wɔn de no ho, na wɔabom de ato wɔn agyapade so. Adwene a wonyae ne sɛ, ‘Saa kwan yi so no, sɛ edu baabi a yentumi nyɛ hwee a, Sarah bɛhwɛ yɛn agyapade so. Bio nso, Sarah din a yɛde bɛka ho de ato biribiara so no bɛkyerɛ sɛ sɛ yewu a, ne nkutoo na ɛbɛyɛ ne de, a yɛrenhia nsamansew ne obi a obegyina akyi. Obetumi ne ne nuanom akyɛ nea yɛde agyaw no no kɛkɛ.’
Nanso nneɛma ankɔ sɛnea Paul ne Mary susuwii no. Bere a Sarah awofo wui no, ɔne ne nuanom kyɛɛ agyapade no ampa, nanso esiane nea ekodii ne nsam no nti, otuaa tow bi a ɛmaa ne kyɛfa no so tew kɛse. Sɛ ɛno da nkyɛn a, wɔ a na ɛwɔ ɔne wɔn din mu no nkyerɛ sɛ na Sarah behu adwuma no so hwɛ sɛnea anka n’awofo bɛpɛ sɛ ɔyɛ no. Ná Paul ne Mary adwene no ye. Ná wɔpɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ sɛ edu baabi a wontumi nyɛ hwee a, obi bɛhwɛ wɔn. Afei nso na wɔpɛ sɛ wɔn agyapade kodi wɔn mma no nsam a wɔmmrɛ ho na wɔmmɔ ho ka pii. Nanso wɔamfa ɔkwan pa a wɔde bedi botae a ɛtete saa no ho dwuma.
Ɛnsɛ sɛ w’agyapade ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no yɛ biribi a wususuw ho pɛnkoro pɛ wɔ w’asetra mu. Ɛho hia sɛ bere ne bere mu no, wosan yɛ nhwehwɛmu efisɛ tow ho mmara sakra, adedi ho mmara sakra, na asetra mu tebea sakra. Obusuani bi wu, mmanana a wɔwo wɔn, adedi a ɛbɛto obi, ne ahode a etumi dɔɔso nyinaa yɛ nneɛma a ebetumi ama woasan ahwehwɛ w’agyapade ho nhyehyɛe a woayɛ no mu.
Yiw, agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛ nna fam. Egye bere, ahoɔden, ne ahofama. Na mpɛn pii no, ɛhwehwɛ sɛ wosi gyinae horow a ɛyɛ den. Agyapade ho nhyehyɛe a wɔyɛ yɛ nkate fam asɛm a ɛkɔ akyiri. Ɛfa nkurɔfo ne nneɛma a ɛho hia wo ne nea wopɛ sɛ woyɛ daakye ho. Egye nhumu a ɛkɔ akyiri na wode asi gyinae wɔ nea wopɛ sɛ wode w’agyapade yɛ ne ɔkwan pa a eye sen biara a wode bedi botae a ɛtete saa ho dwuma. Nanso sɛ obi ansusuw n’agyapade ho nhyehyɛe a ɔbɛyɛ ho yiye a, ebetumi ama nsɛnnennen a ɛyɛ anibere asɔre, sɛnea osuahu ahorow a ɛwɔ asɛm yi mfiase ma yehui no. Yiw, ɛso akatua no so sen ɛka a wobɛbɔ wɔ ho no. Ɛso akatua a ɛsen biara ne asomdwoe a wubenya afi nim a wonim sɛ woayɛ nhyehyɛe a edi mũ a wode bɛbɔ w’adɔfo ho ban.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛwom sɛ nhwɛso a yɛde adi dwuma wɔ asɛm yi mu no nyɛ paara de, nanso egyina afoforo asetram suahu a esisii ankasa so. Bio nso, nsɛm a ɛwɔ asɛm yi mu no gyina U.S. mmara so titiriw, nanso wɔde nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no di dwuma wɔ aman foforo pii so.
b Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ nhomawa Planned Giving to Benefit Kingdom Service Worldwide, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.
[Kratafa 18 adaka]
Akwan a Ɛsɛ sɛ Wofa So
• Yɛ w’agyapade nyinaa ho kyerɛwtohɔ, nea ɛyɛ w’ankasa wo de, ne wo ka a wode
• Hu wo ne w’abusua botae, ne ahiade horow
• Paw nnipa a wobegyina w’ananmu adi w’apɛde ho dwuma ama wo, nea ɔbɛhwɛ w’agyapade so, ne nea ɔbɛhwɛ wo mma so, na hwɛ hu sɛ wɔayɛ krado sɛ wobegye asɛyɛde no atom
• Hwehwɛ agyapade ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no mu denam ɛho afotu a wubegye afi obi a ne ho akokwaw wɔ agyapade ho nhyehyɛe yɛ mu hɔ so
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 17]
Agyapade Paa Krataa
Agyapade Horow Wo Din Mu Wo Hokafo Din Mu Edin a Mode Abom Mu
Ofie (bo a wɔtɔn
a wobenya) $ $ $
Agyapade afoforo $ $ $
Sika a wɔasie wɔ
sikakorabea (nea
wotumi kyerɛw ma
obi koyi ne nea
ebi begu so) $ $ $
Sika afoforo $ $ $
Adwuma mu kyɛfa,
sika a wɔde bɔ
bosea, sika a wɔde
hyɛ adwuma bi mu $ $ $
Insurance sika a
wotua ma obi abusua
wɔ ne wu akyi
(ɛso sika) $ $ $
Adwuma a wɔne
afoforo bom yɛ
so mfaso $ $ $
Adwuma a onyin ma
obi gyae yɛ ho sika $ $ $
W’ankasa agyapade $ $ $
Agyapade afoforo
(kyerɛkyerɛ mu) $ $ $
Agyapade nyinaa dodow $ $ $
Ɛka Horow
Nneɛma a wode
asi awowa $ $ $
Bosea anaa ɛka
afoforo (bosea
a w’ankasa woabɔ,
adefiri kratasin,
nea ɛtete saa) $ $ $
Ɛka horow nkabom $ $ $
Agyapade paa
(agyapade a wɔatew
ɛka horow afi mu) $ $ $
[Kratafa 17 mfonini]
Agyapade ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no yɛ nhyehyɛe a woyɛ ma w’adɔfo daakye