Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atra Ase a M’awofo Nka Me Ho?
“Bere a na madi mfe abiɛsa na me nuabea nso wɔ mfe anan no, m’awofo gyaee aware. Wodii yɛn hwɛ ho aperepere wɔ asɛnnibea, na awiei koraa no yekodii yɛn maame hɔ. Nanso, bere a midii mfe ason no, me ne me nuabea no sii gyinae sɛ yɛbɛkɔ akɔtra yɛn papa nkyɛn.”—Horacio.
MFE bi akyi no, Horacio papa ne ne mpena tui—na wogyaw Horacio ne ne nuabea no hɔ. Horacio ka sɛ: “Eyi ne ɔkwan a menam so bɛyɛɛ abusua ti bere a na madi mfe 18 wɔ abusua a nnipa a wɔwom ne me nuabea a wadi mfe 19 ne me papa ba a wadi mfe 12—a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne yɛn bɛtra—ɛne me no so.”
Sɛnea asɛm bi a aba dedaw kyerɛe no, mmofra ɔpepem pii na wɔwɔ wiase yi mu a wɔn awofo nka wɔn ho.a Te sɛ Horacio no, mmofra binom wɔ hɔ a wɔapo wɔn. Owu ama ebinom nso ahwere wɔn awofo anaasɛ ɔko anaa asiane horow atetew wɔne wɔn ntam. Sɛnea tebea no te biara no, sɛ wonte w’awofo nkyɛn a ebetumi ayɛ ahometew. Na ebetumi de asɛyɛde horow a ɛboro wo so abɛto wo so.
‘Hena na Ɔbɛhwɛ Me?’
Sɛnea wubetumi adi tebea yi ho dwuma no gyina wo mfe ne wo nsɛm tebea so kɛse. Ɛda adi sɛ, tebea no mu yɛ den yiye, sɛ woda so ara yɛ abofra ketewaa a. Ɛno mpo no, ebetumi aba sɛ wɔmpoo wo bra mmaa wo koraa. Ebia wo wɔfa, wo maame kumaa anaasɛ wo sewaa, anaa wo nua panyin bɛpɛ sɛ ɔne wo tra.
Yehowa Adansefo bu nyisaa ne akunafo hwɛ sɛ wɔn som no fã. (Yakobo 1:27; 2:15-17) Na mpɛn pii no ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu de mmoa ma. Sɛ nhwɛso no, na Horacio ne ne nuabea ne Yehowa Adansefo asua Bible no na na wɔkɔ wɔn nhyiam horow ase. Ɛhɔ na wohyiaa Kristofo abusua bi a wofii ase de mmoa maa wɔn. Horacio ka sɛ: “Hwɛ anisɔ ara a mewɔ ma Yehowa wɔ ne da biara da akwankyerɛ ne n’adɔe ho! Abusua bi a wɔn ani kũ honhom fam nneɛma ho kɛse wɔ asafo no mu a na wɔwɔ mmofra a wɔne yɛn bɔ tipɛn boaa yɛn na ɛyɛɛ nhyira. Ɛkame ayɛ sɛ wɔfaa yɛn sɛ wɔn de, ma enti, nea na yenhuu bi da no, yɛtee nka sɛ yɛyɛ abusua no fã, abusua a na yebetumi de yɛn ho ato so.”
Nanso, ɛnyɛ mmofra nyinaa na ɛkɔ yiye ma wɔn saa. Amanneɛbɔ bi a efi Amanaman Nkabom Mmofra Foto hɔ ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mmofra a wɔato wɔn asaworam kɔ mmusua bi mu ma wɔyɛ wɔn ayayade, hyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma a wɔmma wɔn akatua anaa hokwan a ɛbɛma wɔanya nkɔso, wɔde wɔn si tuutuu anaa wɔyɛ wɔn nkoa mpo.” Enti sɛ wowɔ obi a ɔhwɛ wo so yiye a, kyerɛ anisɔ wɔ ho.
Nokwarem no, sɛ́ wobɛtra ase a w’awofo nka wo ho no yɛ adehwere kɛse. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ wubenya wɔn tirimka sɛ wɔanhwɛ wo. Sɛ wo busuani bi anaa wo nua panyin ka nea ɛsɛ sɛ woyɛ kyerɛ wo a, ebetumi ama w’abufuw no mu ayɛ den. Nanso mfa w’abufuw nkɔsoɛ wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wo no so. Bible no ka sɛ: “Mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi mu . . . Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.” (Hiob 36:18, 21) Kae ababaawa a wɔfrɛ no Ester a ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Sɛ ayisaa no, ne nua panyin Mordekai na ɛtetee no. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ ne honam fam agya de, nanso Mordekai de ‘ahyɛde maa no’ ma odii so, bere a na wanyin mpo! (Ester 2:7, 15, 20) Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ osetie na wo ne afoforo ayɛ biako. Eyi bɛma nneɛma aba fam na ama asetra ayɛ mmerɛw ama obiara a ɛfa ne ho.
Abusua Mu Asɛyɛde
Sɛ wowɔ nua panyin—anaasɛ sɛ w’ankasa woanyin—a ebia wo ne wo nuanom betumi atew mo ho. Ebetumi aba mpo sɛ wo na ɛsɛ sɛ woyɛ abusua ti—asɛyɛde a ɛte sɛ nea ɛboro so! Nanso, wɔ tebea horow a ɛte saa mu no mmofra pii ayɛ adwuma a ɛsɔ ani de atete wɔn nuanom.
Sɛnea ntease wom no, ebetumi aba sɛ wote abufuw nka. Susuw a wubesusuw nokwasɛm yi ho sɛ wodɔ wo nuanom mmarima ne mmea na wudwen wɔn ho no betumi aboa wo ma woanya adwempa. Sɛ wubu hwɛ a wobɛhwɛ wɔn no sɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wo nsa nso a ɛbɛboa. Anyɛ yiye koraa no, wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ wɔn ankasa nnipa so. (1 Timoteo 5:8) Nanso ɛmfa ho mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛyɛ agya anaa ɛna ama wo nuanom no, wuntumi mmɛyɛ wɔn awofo ankasa da.
Ntease nnim sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wo nuanom betie wo sɛnea na wotie mo awofo no. Nokwarem no, ebegye bere ansa na tebea no akokwaw wɔn na wɔagye wo atom. Enti mprempren yi de, bɔ mmɔden sɛ woremma w’abam mmu. Kwati ‘anobow ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm.’ Fa wo nhwɛso kyerɛkyerɛ wo nuanom ma ‘wɔn yam nyɛ yiye na ɛnhyehye wɔn mma wɔn ho, na wɔmfa mfirifiri wɔn ho.’—Efesofo 4:31, 32.
Horacio gye tom sɛ odii mfomso: “Ɛtɔ da a na meyɛ katee wɔ me nuanom so. Nanso wɔ ɔkwan bi so no, na ɛno yɛ ahobammɔ, na ɛma yetumi kuraa abrabɔ pa mu wɔ Yehowa anim.”
W’ahiade a Wubedi Ho Dwuma
Sɛ mo awofo nni hɔ a wɔbɛhwɛ mo a, akyinnye biara nni ho sɛ mo honam fam ahiade a mubedi ho dwuma no yɛ asɛnhia titiriw. Kristofo asafo no mufo binom a wɔanyin betumi aboa wo, na sɛ wowɔ nuanom nso a wɔaboa mo ma moasua aduannoa, ahotew, ne sɛnea wɔyɛ ofie nnwuma afoforo a afei de ɛsɛ sɛ mo di ho dwuma no. Nanso mobɛyɛ dɛn anya sika? Ebia hwee nni hɔ a wubetumi ayɛ sɛ wobɛhwehwɛ adwuma ayɛ.
Nanso, adwuma ho yɛ den ma mmofra a wɔn nhomanim, wɔn osuahu, anaa wɔn adwumayɛ ho nimdeɛ sua no. Ɛno nti sɛ hokwan no wɔ hɔ ma wo sɛ wokɔ sukuu wie—anaa mpo sɛ wunya adwumayɛ ho ntetee bi—a, yɛ saa wɔ ɔkwan biara so. Horacio kae sɛ: “Me ne me nuabea panyin yɛɛ adwuma de hwɛɛ me ne me papa babea no sukuu.” Sɛ wote ɔman a ɛrenya nkɔanim so a, ebia ebehia sɛ wode wo nyansa hwehwɛ adwuma.—Hwɛ “Nnwuma a Wɔhyehyɛ Wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu,” wɔ November 8, 1994, Nyan! mu.
Aman a wɔanya nkɔanim wɔ sikasɛm mu no, wubetumi anya sika fam mmoa afi aban no hɔ mpo. Mpɛn pii no, aban anaa ankorankoro nnwumakuw wɔ hɔ a wɔhwɛ de mmoa ma mmofra a wonni awofo anaa wɔato wɔn asaworam. Sɛ nhwɛso no, nnwumakuw yi bi betumi aboa wo ma woanya aduan anaa baabi a wobɛtra. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wohwɛ sika fam mmoa biara a wubenya no so yiye. Bible no ka sɛ: ‘Sika yɛ ahobammɔ.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Na sɛ woamfa ahwɛyiye antoto wo sikasɛm ne ne di a, ntɛm ara sika betumi ‘afuw ntaban na atu akɔ.’—Mmebusɛm 23:4, 5.
Sɛ ɔpanyin bi na ɔrehwɛ mo a, honam fam nneɛma a muhia no nyɛ asɛnnennen biara. Nanso, bere bi bɛba a ɛho behia sɛ w’ankasa wohwɛ wo ho. Esiane sɛ wunni awofo a wɔbɛhyɛ wo nkuran wɔ wo nhomasua ho bio nti, ebegye mmɔdenbɔ kɛse na w’adwene atumi akɔ w’adesua so. Afotu a Kristoni somafo Paulo de maa Timoteo fa ne honhom fam nkɔso ho no betumi afa wo sukuu adesua ho nso: “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:15) Saayɛ mu no, wobɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn a wɔbɛn wo na ayɛ mfaso ama w’ankasa.
Nea ɛho hia sen ne nyinaa ne wo honhom fam ahiade a wubedi ho dwuma. Bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe a ɛkari pɛ ma honhom fam dwumadi horow. (Filipifo 3:16) Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ daa adeyɛ sɛ Yehowa Adansefo mmusua besusuw Bible mu asɛm ho da biara da. Dɛn nti na womfa eyi nka wo nhyehyɛe ho? Bible adesua ne Kristofo nhyiam a wobɛkɔ no daa no nso bɛboa wo ma woayɛ den honhom mu.—Hebrifo 10:24, 25.
Asɛnnennen no a Wubedi Ho Dwuma
Sɛ obi nte n’awofo nkyɛn a ɛyɛ den, nanso ɛnkyerɛ sɛ asetra yɛ basaa a anigye biara nnim. Paola a wadi mfe aduonu no maame wui bere a na Paola adi mfe asia pɛ. Ne papa nso wui bere a na wadi mfe du. Ɔbea yamyefo bi maa ɔne ne nuabeanom baanan baabi trae. So n’asetra ayɛ pasaa? Dabi. Paola ka sɛ: “Yebetumi aka sɛ yɛnyɛ abusua ankasa de, nanso yɛn asetra yɛ nea ɛsɛ. Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho no mu yɛ den sen ɔdɔ a ɛwɔ mmusua pii mu.”
Paola nuabea Irene de ka ho sɛ: “Ɛwom mpo sɛ yɛne yɛn awofo nte de, nanso yɛte sɛ mmofra a aka no ara pɛ.” Dɛn afotu na ɔde ma afoforo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu? “Nte nka sɛ wo ho aka mu.” Saa ara na Horacio ka sɛ: “Saa tebea yi maa me ho kokwawee ntɛm so.”
Obi awofo a ɔbɛhwere wɔn no yɛ nsɛm a ɛyɛ awerɛhow kɛse a ebetumi asi no mu biako. Nanso, nya awerɛhyem sɛ, wɔ Yehowa mmoa so no wubetumi atra ase na woanya ne nhyira.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Mente M’awofo Nkyɛn?,” a ɛwɔ December 8, 1998, Nyan! no mu.
[Kratafa 27 mfonini]
Wubetumi anya mmoa afi Kristofo mpanyimfo hɔ