Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 5-7
  • Ɔhaw no Wɔ Baabiara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw no Wɔ Baabiara
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wogye Wɔn Di no Di Wɔn Huammɔ
  • Basaayɛ a Efi Mu Ba
  • Anosiw Wɔ Fie
    Nyan!—1993
  • Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Adwenhorow a Ɛnteɛ a Nnipa Pii Kura
    Nyan!—1993
  • Hena na Ɔbɛbɔ Yɛn Mma Ho Ban?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 5-7

Ɔhaw no Wɔ Baabiara

MMOFRA a wɔnenam mmɔnten so a wokunkum wɔn basabasa wɔ Brazil no yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛnea mmofra a wɔato wɔn asaworam no ho tumi kyere wɔn. Amanneɛbɔ ahorow a efi saa ɔman no mu kae sɛ wokunkum mmofra ɔhaha pii afe biara.

Wɔatow ahyɛ mmofra so ayɛ wɔn basabasa wɔ Dunblane, Scotland, ne Wolverhampton, England, ne mmeae foforo pii. Sɛ nhwɛso no, susuw amane a Maria, Angola ayisaa bi a wadi mfe 12 hui bere a wɔtoo no mmonnaa ma onyinsɛnee no ho hwɛ. Akyiri yi, wɔhyɛɛ no ma ɔnantew kilomita 320, ma ɔwoo abofra a ne bere annu a ɔtraa nkwa mu adapɛn abien pɛ. Nnawɔtwe biako akyi no, ɔyare ne aduankɔm kum Maria.

Wɔ 1992 mu no, Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF) no amanneɛbɔ bi kae sɛ “‘mmofra a wotu wɔn so sa’ no yɛ ade a efii ase wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.” Sɛnea amanneɛbɔ bi a UNICEF de too gua wɔ 1996 mu kae no, adwene a ebinom kura ne sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔtɔre nkyirimma a wobefi atamfo mu aba, kyerɛ sɛ atamfo mma, ase.’ Amammui ho sɛnkyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ wukunkum nkura mma no ansa na woatumi atɔre nkura akɛse no ase.”

Wɔ mfe du bi ntam no, mmofra ɔpepem abien na wɔakunkum wɔn atirimɔden so. Ɔpepem anan foforo de, asase mu atopae adi wɔn dɛm, afurafura wɔn ani, anaa asɛe wɔn adwene, a wɔne nnipa ɔpepem pii a akodi ama wonni atrae no nyinaa repere wɔn ti. Ɛnyɛ nwonwa sɛ amanneɛbɔ bi asɛmti kae sɛ: “Sɛnea Akodi Yɛ Mmofra Pasaa Ho Ahude.”

Atirimɔdensɛm a wɔde di mmofra yi yɛ animguase ma adesamma, adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ mmofra wɔ ɔhaw mu, a ɛnyɛ aman kakraa bi mu na mmom wiase nyinaa. Na wɔadi mmofra a wɔayɛ wɔn ayayade no pii huammɔ nso.

Wɔn a Wogye Wɔn Di no Di Wɔn Huammɔ

Sɛ obi a abofra wɔ ne mu ahotoso di no huammɔ a, etumi ma ogyigya. Ɛtaa ba saa titiriw bere a onii a odi abofra no huammɔ no yɛ ne wofo, n’adamfo, anaa nea ɔhwɛ no no. Nsɛm a nkurɔfo frɛɛ wɔ telefon so kae wɔ TV so dwumadi bi a TV so fotufo Oprah Winfrey di anim wɔ United States a wɔtoo din “Ehu a Ɛma Wɔyɛ Dinn: Mmofra Ayayade a Wɔpa Ho Ntama na Wosiw Ano” no akyi no ma yetumi hu ayayade a awofo de yɛ wɔn mma no kɛse. Dwumadi no kwankyerɛfo panyin Arnold Shapiro anom asɛm a wɔfa kae wɔ Children Today nsɛmma nhoma mu ne sɛ: “Nnipa a wɔfrɛɛ telefon so kaa wɔn amanehunu paa a na ɛyɛ nwonwa ne mmofra nkumaa, a na ehu aka wɔn na wɔpɛ sɛ wɔtetew wɔn ho fi ɛyaw a wɔredi esiane sɛ wopoopoo wɔn anaa wɔto wɔn mmonnaa nti no mu.”

Dwumadi yi boae kɛse maa nkurɔfo yii adwene a ɛne sɛ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no yɛ akantinka a wɔn ho yɛ hu a wonnim wɔn wɔ baabiara no fii hɔ. Shapiro wie n’asɛm no sɛ nokwarem no, “wɔn a wɔyɛ mmofra basabasa no dodow no ara yɛ wɔn awofo anaa wɔn abusuafo foforo a wɔbɛn wɔn paa.” Nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe foa saa nokwasɛm yi so, na ɛkyerɛ nso sɛ ɛtɔ mmere bi a amannifo a wɔbɛn abusua no a wogye wɔn di twetwe abofra no ne abusua no kɔ tebea bi a akyiri yi ebetumi ama wɔahyɛ da afa ho adwene ato abofra no mmonnaa mu. Mogyafra na ɛde huammɔdi a ɛyɛ asefem sen biara no ba.

To a wɔn a wɔyɛ awengaa to mmofra mmonnaa no nso yɛ ɔhaw foforo a mmofra hyia wɔ wiase nyinaa. Trends & Issues in Crime and Criminal Justice kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Awengaa kyerɛ obi a onya mmofra nketewa ho akɔnnɔ. . . . Awengaa yɛ obi a ɔyɛ amumɔyɛde bi te sɛ mmonnaato, adapaade ne mmofra a wotwa wɔn mfonini de yɛ aguamansɛm.”

Wɔrenya amanneɛbɔ a ɛyɛ asefem fi wiase nyinaa a ɛfa awengaa akuw a wɔnam atirimɔden so de mmofra yɛ nna mu adapaade ho. (Hwɛ adaka mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 7 no.) Mmarimaa ne mmeawa nyinaa ka wɔn a wɔyɛ wɔn saa no ho. Mmarima asisifo dɛɛdɛɛ wɔn to wɔn mmonnaa, na wohunahuna wɔn anaa wɔmema wɔn nneɛma pii de hyɛ wɔn bɔne sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so atra “kuw” no mu. Mmarima a wɔyɛ nnebɔne a ɛtete saa ho nhyehyɛe na wodi ho dwuma no taa yɛ kurow mu akunini a polisifo ne mmarahyɛfo ani tua nea wɔreyɛ no nanso wɔkatakata so.

Sɛnea asɔfo to mmofra mmonnaa no nso rehyɛ nkurɔfo abufuw. Atesɛm amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa ma yehu mmonnaa a asɔfo to mmofra, a ɛtɔ mmere bi mpo a wɔyɛ no Nyankopɔn din mu no kɛse. Sɛ nhwɛso no, Anglican sɔfo bi a wobuaa no fɔ ka kyerɛɛ abofra a wadi mfe du a ɔtoo no mmonnaa no sɛ “na Onyankopɔn nam ɔno [ɔsɔfo no] so rekasa, na biribiara a ɔno anaa [abarimaa no] bɛyɛ no sɔ Onyankopɔn ani, ma enti eye.”

Wɔ Australia no, The Battle and the Backlash: The Child Sexual Abuse War nhoma no mu mpɛɛpɛɛmu a wɔyɛe no kaa mmofra a asɔfo ne afoforo a wɔwɔ dibea to wɔn mmonnaa ho asɛm. Ɛkae sɛ ná ɛkame ayɛ sɛ ahyehyɛde ahorow a wodi ho dwuma no nnwen hwee sɛ animguase a ɛreka wɔn no a wobesiw ano na wɔabɔ wɔn ho ban sen sɛ anka wɔbɛbɔ mmofra a wɔn ho ka mu ntɛm no ho ban.

Basaayɛ a Efi Mu Ba

Mpɛn pii no, abofra de ne werɛ nyinaa hyɛ afoforo mu kosi ase. Enti sɛ wodi no huammɔ a, ɛkɛntɛn abofra a onnwen adwemmɔne biara no adwene so. Child Abuse & Neglect nhoma no ka sɛ: “Nkurɔfo ne mmeae a na mmofra nya ahobammɔ ne mmoa fi no abɛyɛ mmeae a asiane ne ehu wɔ. Ɛma ɛyɛ den sɛ obi betumi ahu mmofra tebea mu na wadi ho dwuma.”

Esiane ayayade a ɛtete saa a wɔde adi wɔn, a akɔ so wɔ mfe pii mu no nti, mmofra binom bɔ asesa na wonya adwenemhaw akyiri yi kosi bere a wobenyinyin koraa. Huammɔdi a ɛte saa no sɛe ade kɛse, efisɛ wosisi abofra esiane sɛ ɔyɛ abofra nti. Ne nyinaa akyi no, mmofra pii a wɔyɛ wɔn basabasa no mmɔ so—ade a ɛtaa di boa wɔn a wɔyɛ mmofra basabasa no.

Mfe kakra a atwam ni no, adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ mmofra ayayade wɔ wiase nyinaa no redɔɔso araa ma ɛnnɛ adanse a ɛte saa no abu so a obi ntumi nnye ho kyim anaa ommu n’ani ngu so bio. Nanso nnipa dodow no ara gye tom sɛ ɛbɛyɛ den paa sɛ wobetu basabasa a wɔyɛ mmofra no ase. Enti nsɛmmisa yi sɔre: Obi wɔ hɔ a obetumi abɔ yɛn mmofra ho ban ankasa? Ɔkwan bɛn so na awofo a wɔwɔ yɛn mu no betumi abɔ agyapade a Nyankopɔn de ama yɛn no ho ban na yɛahwɛ yɛn mmofra a wɔn ho tumi ka mu ntɛm no nkwa so? Hena hɔ na awofo betumi akɔhwehwɛ mmoa?

[Kratafa 7 adaka/mfonini]

Sum Ase Dwumadi a Wɔde Hwehwɛ Internet Dwumadi Mu

Asram kakra a abɛsen kɔ mu no, wɔ sum ase dwumadi bi a ɛka nea emu trɛw sen biara a wɔayɛ de apa wɔn a wotwa mmofra mfonini de kanyan nna ho akɔnnɔ wɔ Internet so ho ntama ho mu no, polisifo a wɔwɔ aman 12 mu bɔ wuraa nnipa bɛboro 100 a na wobu wɔn sɛ awengaa afie. Wonyaa mmofra mfonini a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ bɛboro 100,000 fii awengaa kuw biako pɛ a ɛwɔ United States no mu.

Britania polisini a odii Internet dwumadi ho nhwehwɛmu a edii asram anum no anim no kae sɛ: “Mfonini no bɛyɛ obiara a n’adwene mu da hɔ abofono.” Ná mmofra no bi yɛ mmarima na ebi nso yɛ mmea, na wɔn mu bi anya ara ne mfe abien. Belgium polisifo kae sɛ na Internet so mfonini ahorow no yɛ “nna ho mfonini ahorow a ɛyɛ asefem koraa a wɔde mmofra ayɛ pɛn. . . . Ɛkɔɔ akyiri araa ma ebinom too wɔn ankasa mma mmonnaa na ama wɔatumi anya mfonini a ɛkanyan akɔnnɔ paa.” Ɔbarima bi twaa n’ankasa a ɔreto ne nua babea mmonnaa ho mfonini, na ɔde hyɛɛ ne kɔmputa mu.

Wɔn a wɔkyeree wɔn no bi yɛ akyerɛkyerɛfo, obiako yɛ nyansahufo, ɔfoforo sua mmara, obi nso sua aduruyɛ, obiako hwɛ mmerante ne mmabaa kuw bi so, ɔfoforo nso yɛ ɔkontaabufo, na obiako nso yɛ sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfo.

[Kratafa 6 mfonini]

Topae bi na ɛsɛee abarimaa yi nsa nifa

[Asɛm Fibea]

UN/DPI Photo by Armineh Johannes

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

Photo ILO/J. Maillard

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena