Mmea no Anya Kyɛfa Kɛse
WOSII dwuma a ɛho hia a Kristofo mmea dii wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea adansi a ɛkɔɔ so wɔ Zimbabwe no so dua bere a na wɔrehyira so wɔ December 12, 1998 mu no. Wɔ mfe anan a wɔde sii adan yi mu no, adwumayɛfo a wotuu wɔn ho mae a wofi aman pii so—a ɔhaha pii a wofi Zimbabwe ka ho no—de wɔn bere, wɔn ahoɔden, wɔn nimdeɛ, ne wɔn ahode boae ma wosii adan fɛfɛ a wuhu wɔ mfonini yi mu no.
Wutumi hu adan asia a n’akɛse yɛ pɛ a wɔasi sɛ atrae wɔ mfonini no mu wɔ akyi. Ɔdan kɛse a ɛbɛn no pɛɛ no mu na adididan, gyaade, ne beae a wɔhoro ntade no wɔ. Mpia 61 na ɛwɔ adan a wɔasi sɛ atrae no mu, na adididan no bɛfa nnipa bɛyɛ 200. Office dan no na ɛwɔ anim wɔ benkum so no. Ahɔhogyebea na ɛwɔ mfinimfini no, na ɔdan a wɔde nneɛma gu mu, a ɛhɔ na wɔyɛɛ dan sohyira dwumadi no na ɛwɔ nifa so no.
Saa baa dwumadibea fɛfɛ a ɛwɔ Zimbabwe, wɔ Afrika anafo fam yi yɛ adan a ɛtete saa pii a wɔasisi fi bere a Yehowa Adansefo hyɛɛ amanaman ntam adansi dwumadi bi ase wɔ November 1985 mu no mu biako pɛ. August 22, 1991, Engiresi Nyan! no, kaa saa dwumadi yi ho asɛm wɔ asɛm bi a n’asɛmti ne “Biribi Foforo Wɔ Amanaman Ntam Adansi” no mu.
Ɛdefa dwuma a mmea di wɔ saa dwumadi no mu ho no, Nyan! no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔatete mmea no pii ma wɔde dade hama kyekyere nnade, wɔbɔ dan so, twitwiw ho ka ho aduru nso. Afoforo nso di fie nnwuma a ɛho hia ho dwuma. Wɔn nyinaa nam saa kwan yi so de mmoa a ɛfata ma wɔ mmeae a wɔresisi adan wɔ wiase nyinaa no.”
Bere a na wɔrehyira Zimbabwe baa dwumadibea adan no so nnansa yi ara no, George Evans ne James Paulson, a na wɔhwɛ adansi no so no, de dwuma a mmea dii wɔ Zimbabwe baa dwumadibea adan no si mu no totoo dwuma a mmea dii wɔ tete Israelfo ntamadan no si mu no ho. Bible no ka wɔ Israelfo no ho sɛ: ‘Wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, na wɔkɔɔ so bae, mmarima ne mmea nyinaa.’—Exodus 35:21, 22.
Bere a Onua Evans ne Onua Paulson rekyerɛkyerɛ Bible asɛm yi mu no, wosii bo a nea mmea no yɛe no som no so dua. Wɔfaa Bible asɛm yi kae: “Na mmea a wɔwɔ nyansa koma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, . . . mmea a wɔn koma kaa wɔn nyansa mu nyinaa.” Nokwarem no, na mmea no ka wɔn a wofi wɔn pɛ mu tuu wɔn ho maa adwuma no yɛ no ho. ‘Ɔbarima ne ɔbea biara a ne koma kaa no sɛ ɔmfa biribi mmra ma adwuma a Yehowa nam Mose so hyɛe no yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.’—Exodus 35:25, 26, 29; Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Ɛdefa Zimbabwe baa dwumadibea adwuma no ho no, wɔn a na wɔhwɛ adansi no so no kae sɛ: ‘Mmea no yɛɛ adwuma biara a mmarima no yɛe no bi.’ Nea na ɛka eyi ho ne nnade kyekyere ne mfiri akɛse ho adwumayɛ. Onua Paulson kae sɛ mmea no dii wɔn lɔre akɛse a na wɔde twe kɔnkrit no ho ni paa, ade a ɔkae sɛ mmarima ntaa nyɛ.
Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn ani sɔ mmea mpempem pii a wɔne mmarima abom anya kyɛfa wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa baa dwumadibea ne Ahenni Asa ahorow si mu no!
[Kratafa 16 mfonini]
Zimbabwe baa dwumadibea