Wubetumi Ayɛ Wo Daakye Ho Biribi
JOAN Oates a ɔhwehwɛ tete nneɛma mu ka sɛ ɛwom sɛ wobuu abosonkɔm sɛ “nhomanim mu nkɔanim kɛse wɔ tete wiase no mu nyinaa” de, nanso “Hebri adiyifo dii ade a ɛte saa no ho fɛw.” Dɛn ntia?
Ɛmfa ho sɛ na aman a wɔwɔ nkrabea adwene atwa tete Israel ho ahyia no, Israelfo no poo adwene a ɛne sɛ tumi bi kɛkɛ na edi wɔn asetra so no. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ ɔman no wɔ mmara a ɔde maa wɔn no mu sɛ: “Mma wonnhu wo mu obi a . . . ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, . . . ne osumanni.”—Deuteronomium 18:10, 11.
Ɛmfa ho sɛ na wonni nkrabea adwene biara anaasɛ wɔamfa asumanfo anni dwuma no, Israelfo no tumi nyaa daakye mu ahotoso. Ɛrekyerɛkyerɛ nea enti a eyi te saa mu no, Katolekfo nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm Théo a ɛwɔ Franse kasa mu no ka sɛ, ná ɔman no wɔ gyidi sɛ “ɛnyɛ tumi bi kɛkɛ na edi nnipa ne wiase nsɛm so. Ná Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma nnipa.” Ná dɛn ne saa atirimpɔw yi?
Nkrabea ne Hokwan a Nnipa Wɔ Sɛ Wɔpaw Nea Wɔpɛ
Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ sɛ wodi ne mmara so a wobenya asomdwoe adi yiye. (Leviticus 26:3-6) Nea ɛka ho no, wɔhwɛɛ Mesia a na ɔbɛma trenee aba asase so no kwan. (Yesaia, ti 11) Nanso, hyɛ a Onyankopɔn de eyinom hyɛɛ wɔn bɔ no ankyerɛ sɛ wɔbɛtra faako dinn ahwɛ nea ɛbɛba. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ.”—Ɔsɛnkafo 9:10.
Ná adwene titiriw a ɛbata eyi ho ne sɛ onipa wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ. Ná Israelfo no wɔ hokwan a wɔde bɛsom Onyankopɔn de ayɛ wɔn daakye ho biribi. Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Na sɛ mutie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, na mode mo koma nyinaa bɛdɔ [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn na moasom no a, ɛnde mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom, na woaboaboa w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ano.” (Deuteronomium 11:13, 14) Israelfo no nyaa Onyankopɔn nhyira bere a wɔyɛɛ osetie no.
Aka kakra ma wɔadu bɔhyɛ asase no so no, Onyankopɔn de asɛm bi too Israelfo anim sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owu ne bɔne masi w’anim.” (Deuteronomium 30:15) Ná wɔn mu biara daakye gyina n’ankasa nneyɛe ne gyinae a obesisi so. Ná som a wɔbɛsom Onyankopɔn no bɛkyerɛ nkwa ne nhyira ama wɔn, nanso sɛ wɔanyɛ saa a na nneɛma mu bɛyɛ den ama wɔn. Ɛnnɛ nso ɛ?
Biribi na Ɛkɔfa Biribi Ba
Abɔde mu mmara pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yedi so na yɛn ho atɔ yɛn. Emu biako ne mmara a ɛkyerɛ sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no, anaa sɛnea Bible ka no no, “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛ yegye saa nnyinasosɛm yi tom a, ɛma yetumi de yɛn adwene bu nsɛm a ebetumi asisi.
Sɛ yɛde kar tu mmirika pii a ahwɛyiye biara nni mu a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya kar akwanhyia sen bere a yɛde ahwɛyiye reka kar no. Sɛ yɛnom sigaret a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya kokoram sen sɛ yɛnnom. Nokwarem no, ebia amumɔyɛfo basabasayɛ a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no bi rento yɛn, na biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so ahu sɛ ebetumi asi anaasɛ ɛrentumi. Nanso, nkrabea ho adwene a yɛde yɛn ho bɛto so no mfa yɛn nkosi baabiara. Ɛmma yennya nnɛ anaa daakye ho ntease pa biara. Atosɛm a yebegye adi no mma yennya daakye ho awerɛhyem ankasa. Biribiara ho asodi a yɛde bɛto Nyankopɔn so no nso saa ara.
Wo Daakye Bɛyɛ Dɛn?
Yɛn daakye nyɛ nea wɔahyɛ ato hɔ dedaw, mmom no egyina nea yɛyɛ no nnɛ no so. Ɛwom sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ de, nanso Bible no kyerɛkyerɛ mu fann sɛ nea nnɛ ne daakye bɛkyerɛ ama yɛn no gyina yɛn so titiriw. Hokwan a yɛwɔ sɛ yebetumi ama Onyankopɔn ani agye anaa yɛama ne werɛ ahow no da no adi sɛ Onyankopɔn ayɛ ama yɛwɔ yɛn asetra so tumi kosi baabi.—Genesis 6:6; Dwom 78:40; Mmebusɛm 27:11.
Nea ɛka ho no, Kyerɛw Kronkron no si so dua mpɛn pii sɛ yɛn daakye gyina boasetɔ a yebenya ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra so, na sɛ wɔahyehyɛ biribiara dedaw a, anka ntease nni saa nsɛm no mu. (Mateo 24:13; Luka 10:25-28) Ɛnde, sɛ yɛyɛ osetie ma Nyankopɔn na yedi no nokware a, daakye bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
Bible no da no adi sɛ daakye papa bi da adesamma anim. Wɔbɛdan asase yi paradise, beae a asomdwoe ne ahobammɔ bɛtra. (Dwom 37:9-11; 46:8, 9) Daakye a ɛte saa no bɛba ɔkwan biara so efisɛ Ɔbɔadeɛ a ɔne ade nyinaa so tumfoɔ no bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam. (Yesaia 55:11) Nanso ɛnyɛ nkrabea so na Paradise asetra a yebenya no gyina; sɛ yefi osetie mu yɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ a na yɛn nsa bɛka. (2 Tesalonikafo 1:6-8; Adiyisɛm 7:14, 15) Onyankopɔn ama yɛn hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ, na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Fa nkwa na nya nkwa.’ (Deuteronomium 30:19) Emu nea ɛwɔ he na wobɛpaw? Wo daakye nnyina nkrabea so, na mmom egyina w’ankasa so.
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Onyankopɔn de daakye nwonwaso bi ahyɛ adesamma asoɔmmerɛfo bɔ