Nuklea Ho Asiane no Afi Hɔ Anaa?
TEBEA a wiase no kɔɔ mu bɛboro mfe 40 no ma ɛyɛɛ sɛnea nuklea ɔsɛe bi repenpɛn so. Afei wɔ 1989 mu no, Berlin Fasu no dwiriw gui—Soviet Kwasafo Amammu asehwe mfiase. Ankyɛ biara na wiase aman a wɔwɔ tumi paa no penee so sɛ wɔremfa wɔn akode no nkyerɛ wɔn ho so bio. Bere a ɛyɛɛ sɛnea wɔatwa nuklea “Ɔsɛe” no mu anaa wɔatu ahyɛ da no, wiase no nyaa akomatɔyam a na wɔatwɛn akyɛ no.
Nanso animdefo pii te nka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho di ho ahurusi. Wɔ 1998 mu no, wokyim ɔsɛe da ho dɔn a agye din a ɛwɔ The Bulletin of the Atomic Scientists akyi no kɔɔ anim simma anum, ma ekoduu simma akron ansa na abɔ anadwo dumienu—ade a ɛdaa no adi pefee sɛ nuklea ɔsɛe ho asiane no da so wɔ hɔ.a Ampa, wiase tebea asesa. Ɛnnɛ, ɛnyɛ aman abien a wɔwɔ nuklea akode paa no na wɔde asi ani. Seesei aman pii wɔ nuklea akode! Nea ɛka ho bio no, animdefo suro sɛ ɛrenkyɛ na amumɔyɛfo kuw bi nsa aka awuduru ma wɔde ayɛ atom topae bi a ano nyɛ den pii.
Bio nso, ɛmfa ho sɛ United States ne Russia atetew wɔn nuklea atopae so no, wɔda so ara wɔ pii sum hɔ. Nhwehwɛmufo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Nuklea Nsɛm Ho Boayikuw kyerɛ sɛ mprempren wɔayɛ nuklea akode bɛyɛ 5,000 krado, nea aka ara ne sɛ wɔbɛto. Wɔn amanneɛbɔ no ka sɛ: “Enti sɛ wɔfa nnɛyi tebea so de ahyɛde ma a, wobetumi ato aprɛm [a etumi fi asasepɔn biako so kɔ foforo so] 4,000 (afanu no biara 2,000) ma akodu nea ɛrekɔ wɔ simma kakraa bi ntam, na ɛno akyi bere tiaa mu no, wobetumi ato aprɛm 1,000 nso [afi po ase akohyɛn mu] ma akodu nea ɛrekɔ.”
Esiane akode yi a esum hɔ saa nti, wobetumi afom ato bi anaa wɔahyɛ da ato bi ama akɔfa ɔko aba. Ɔko ho agyinatusɛm mu ɔbenfo a ofi Russia a wɔfrɛ no Vladimir Belous bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Akwanhyia kɛse betumi de wiase no akɔ nuklea asiane huhuuhu a aman mpanyimfo mpɛ sɛ esi mu.” Enti ebetumi aba sɛ Amerika ne Russia Ntam Ntawntawdi no atwam, nanso nuklea ɔsɛe ho asiane no mfii hɔ ankasa. Nanso asiane no kɛse te dɛn? So nuklea akode befi asase so da bi? Nsɛm a edi hɔ no bɛka ɛno ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɔsɛe da dɔn a ɛda The Bulletin of the Atomic Scientists akyi no yɛ sɛnkyerɛnne a wɔde kyerɛ sɛ wiase abɛn nuklea ko “dɔn” no pɛɛ. Wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, wɔasesa dɔn no nsa no de ada nsakrae a ɛrekɔ so wɔ amammuisɛm mu no adi.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Explosions on pages 2 and 3: U.S. National Archives photo