Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔrempa Abaw
NA January 8, 1999 Nyan! no wɔ asɛntiaa bi fa Matt Tapio a na w’adi mfe 17 a kokoram ne no dii akõ bere tenten no ho. Ná n’asɛmti ne “Wampa Abaw.” Awiei koraa no, Matt wui wɔ April 19, 1998, bere a na wɔrekyerɛw saa asɛm no.
Ɛfaa asɛm bi a Matt kae bere a wobisabisaa no nsɛm kyere guu hama so na wɔbɔɔ no Yehowa Adansefo nhyiam ase no kaa asɛm, na eyi hyɛɛ mmofra a wɔkenkanee no nkuran titiriw. Nsɛm a wɔka no bi ni.
Deseree, obi a wadi mfe 20 a ofi Canada, kyerɛwee sɛnea eyi kaa ɔne ne yɔnko bi a ɔne no wɔ bere nyinaa som adwuma no mu bere a wɔkenkanee sɛnea na Matt dɔ Yehowa no: “Yetuee su mu. Yesuu kakra. . . . Hwɛ sɛnea yɛn nyinaa, titiriw mmofra, betumi asua biribi afi Matt hɔ sɛ ‘wobɛyɛ nea wubetumi biara mprempren! . . . Ɛmfa ho nea ebesi biara no, nnyae Yehowa ho adansedi da’!”
Erin, a ofi Kentucky, U.S.A., kyerɛwee sɛ: “Misui bere a mekenkanee ne suahu no. Sɛ́ abeawa a mete apɔw a madi mfe 16 no, mepɛ sɛ meyɛ nea metumi biara ma Yehowa, na sɛ da bi wonyan Matt ba nkwa mu bio a, maka sɛnea ne suahu no hyɛɛ me nkuran akyerɛ no.” Saa ara na Maria, a wadi mfe 15, a ofi Texas, U.S.A., kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Masi me bo sɛ mɛyɛ nea metumi biara ama Yehowa bere a meda so ara wɔ ahoɔden no. Matt afotu no aboa me kɛse.”
Jessica, abofra a ofi South Carolina, U.S.A., kyerɛwee sɛ: “Madi mfe 13, na mahu sɛ ɛhyɛ nkuran paa sɛ abofra foforo yɛ nsi na ɔdɔ Yehowa saa. Matt Tapio tebea no ho asɛm a mekenkanee kɛkɛ no ma mihuu nhyira a manya sɛ mewɔ ahoɔden no. Mede Matt din aka me nuanom mmarima ne mmea a mepɛ sɛ mikyia wɔn wɔ nhyehyɛe foforo mu no ho!”
Sara, a ofi San Severino Marche, Italy, kyerɛwee sɛ: “Asɛm no maa nusu guu me. Madi mfe 17 te sɛ Matt ara. Esiane sɛ mewɔ akwahosan pa nti, mempɛ sɛ migyae Yehowa ho asɛm ka da, sɛnea Matt annyae wɔ n’amanehunu bere mu mpo no. Meda mo ase sɛ mutintim osuahu ahorow a ɛte saa, a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yetumi de yɛn nkwa, yɛn bere, ne yɛn ahoɔden yɛ nea yebetumi biara ma Yehowa.—Ɔsɛnkafo 12:1.”
Owusɔre Anidaso Wowaw Wɔn
Sɛ́ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin no, ɛnnɛ owu da hɔ ma obiara. Obi a wadi mfe 19 a wɔfrɛ no Heidi kae sɛ: “Owu ama mahwere nnipa baanu a wɔbɛn me paa wɔ dapɛn abien a etwaam no mu, na nea aboa me kɛse ne anidaso a ɛne sɛ mehu wɔn wɔ owusɔre mu no.
“M’ani gye Matt ho yiye ne sɛnea ɔkɔɔ so dii afoforo adanse ɛmfa ho mpo sɛ na ɔyare paa no. Wada nhwɛso pa adi ama yɛn nyinaa, na mehwɛ kwan sɛ mɛyɛ no atuu wɔ owusɔre no mu.”
Ɛnã bi a wɔfrɛ no Nancy kyerɛwee sɛ: “Mede nusu na ɛkenkanee asɛm no. Ade a ɛhon amemene ho kum yɛn babea Rachelle wɔ January 11, 1996 mu, nnanu ansa na wɔrebɔ Matt asu no. Ná Rachelle adi mfe asia pɛ bere a ɔyare no twaa ne nkwa nna so no, nanso te sɛ Matt no, wampa abaw, bere nyinaa na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani.
“Ɛbɛyɛ anigye da kɛse bere a Yehowa behyira yɛn ma yɛahu yɛn babea no sɛ ɔwɔ ahoɔden ne anigye wɔ ne mmofraberem kosi ase no. Te sɛ Yairo ne ne yere no, ɛbɛyɛ yɛn anigye na yɛn ho ‘bedwiriw yɛn kɛse.’”—Marko 5:42.
Shannon, abeawa bi a ofi Georgia, U.S.A., kyerɛwee sɛ: “Saa asɛm yi akyerɛ me sɛ sɛ wo yare mpo a, wubetumi agyina pintinn ama Yehowa. Ɛwom sɛ mprempren minni yare a emu yɛ den biara na mewɔ akwahosan bere nyinaa de, mɛkora eyi so na makenkan no daakye.
“Mewɔ awerɛhyem sɛ Matt awofo benya owusɔre anidaso no mu awerɛkyekye. Me nso, owu ama mahwere obi a ɔbɛn me paa—me nanabea, wɔ 1995 mu. Me da Yehowa ase sɛ mahu no na manya anidaso sɛ mehu m’adɔfo bio.”
Abofra bi a ofi Spania kyerɛwee sɛ: “M’awofo de mfaso a ɛwɔ Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ so duaa me ne me nuabeanom baanan mu. Nanso bere a mekenkanee saa osuahu yi no, mibehui sɛ yebetumi abu no sɛ daa adeyɛ bi kɛkɛ. Mepɛ sɛ mema Matt awofo amo sɛ wɔde honhom mu ntetee pa a ɛte saa maa no. Wɔayɛ nhwɛso pa ama yɛn nyinaa. Mepɛ sɛ wohu sɛ ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wobegyina tebea a ɛte saa ano de, nanso Yehowa wɔ yɛn afã bere nyinaa.
“Mewɔ anidaso sɛ mehyia Matt wɔ wiase foforo no mu. Mɛpɛ sɛ mɛka akyerɛ no sɛ ɔyɛ nhwɛsofo kɛse na yɛn nyinaa kae no wɔ yɛn koma mu. Yehowa yɛ ateasefo Nyankopɔn, na Matt ne me nuabea a owui mfe anan a etwaam no nyinaa wɔ beae koro no ara—wɔ Yehowa nkae mu. (Luka 20:38) Matt, me nuabea Eva, ne Onyankopɔn asomfo anokwafo afoforo pii wɔ hɔ. Yehowa ho yɛ nwonwa, na ɔrennyaw yɛn da.”
Yiw, owusɔre ho anidaso no yɛ nwonwa. Momma yemmu no ade titiriw, na yɛnkyerɛ bɔhyɛ kɛse a ɛte sɛɛ yi ho anisɔ denam yɛn Bɔfo no a yɛbɛkae no da biara da, sɛnea ne Ba, Yesu Kristo yɛe no so.
[Kratafa 20 mfonini]
Deseree
Erin
Maria
Jessica
[Kratafa 21 mfonini]
Sara
Heidi
Nancy ne ne kunu, ne wɔn babea Rachelle
Shannon