Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atɛnkyea Ano?
“Wɔn a wɔwɔ sika nkutoo na wobu wɔn, na yɛn a yenni nea yebedi ne nea yɛbɛda mpo no de wobu yɛn sɛ mmoa. Sɛ biribi wɔ hɔ ma me daakye mpo a, ɛno ne sɛ mewu a obiara nhu.”—Arnulfo, abrantewa bi a wadi mfe 15 a onni baabi te.
NTƐNKYEA abu so wɔ wiase. Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto (UNICEF) bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe du a ɛreyɛ atwam mu no, mmofra bɛboro ɔpepem 2 na wɔakunkum wɔn wɔ akodi mu, bɛboro ɔpepem 4 na wɔadi dɛm na bɛboro ɔpepem 1 na esiane ɔko nti wɔayɛ nnyanka anaa wɔate wɔn afi wɔn mmusua ho.” Nnipa a wɔwɔ wiase no pii di kɔm ne hia, bere a ebinom di yiye na aduan nyɛ wɔn na. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, mmofra pii a wɔte sɛ Arnulfo nkɔ sukuu.
Sɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔdɔ wo na wɔbɔ wo ho ban ne wo anni no yiye a, etumi yɛ wo yaw kɛse. Susuw ababaa Susana a wadi mfe 17 no ho. Ne maame gyaa ɔne ne nuanom mmarimaa nkumaa baanu hɔ. Susana de yaw ka sɛ: “Mfe pii aba, nanso me maame nkae sɛ memmɛtra ne nkyɛn da, ɛwom mpo sɛ yɛte kurow biako mu. Ɔnka nkyerɛɛ me sɛ ‘medɔ wo’ mpo da, na eyi na ɛhyɛ me abufuw bere nyinaa.” Sɛ wɔyɛ wo ayayade a ɛte saa a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛhyɛ w’abufuw so. Ɔbea bi a wɔyɛɛ no basabasa wɔ ne mmofraberem ka sɛ: “Ama Onyankopɔn ho yɛ me ahi mpo.”
Sɛ wɔayɛ wo ayayade pɛn a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte yaw ne abufuw nka. Bible no ka sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.” (Ɔsɛnkafo 7:7) Sɛ wɔne wo nni no yiye wɔ w’asetram daa a, ebetumi ama woahaw. (Fa toto Dwom 43:2 ho.) Ɛno nti ebia wobɛpɛ sɛ atɛnkyea ba awiei. Ababaa kumaa bi a ofi Amerika Mfinimfini ka sɛ: “Bere a midii mfe 13 no, mekɔdɔm sukuu mu kuw bi. Ná me botae ne sɛ mɛboa ma nneɛma asakra, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkɔm renne mmofra. . . . Akyiri yi mede me ho kɔhyɛɛ sraadi mu.” Nanso, sɛ anka obehu sɛ ne mfɛfo asraafo no da atɛntrenee adi no, wɔyɛɛ no ayayade a na ɛyɛ hu.
Tebea a ɛtete saa no ma yɛhu sɛ nnipa pii nni tumi a wɔde bɛma wɔn ankasa asetra ayɛ yiye. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa no atumi agyina ntɛnkyea ano?a Wobɛyɛ dɛn atumi adi abufuw a ɛhyɛ wo mu no so?
Abufuw a Yebeyi Afi Yɛn Mu
Bere ne bere mu no, ehia sɛ wokae sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu. Bible ka siei sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɛyɛ “keka, . . . wonni dɔ, wonni fafiri, ntwirifo, wɔnhyɛ wɔn ho so, atirimɔdenfo, wɔmpɛ papa, nkontompofo.” (2 Timoteo 3:1-4, New International Version) Nnipa pii “ani nwu ade bio.” (Efesofo 4:19) Enti ntɛnkyea yɛ biribi a yentumi nyɛ ho hwee. Enti “sɛ wuhu ɔbrɛfo so hyɛ ne atemmu ne trenee anidan asase bi so a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho.”—Ɔsɛnkafo 5:8.
Ntease pa bi nti na Bible bɔ kɔkɔ sɛ mma abufuw nnhyɛ wo so no. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw . . . nyinaa mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Dɛn ntia? Efisɛ awiei koraa no, abufuw kɛse a obi bɛma atra hɔ no pira no. (Fa toto Mmebusɛm 14:30; Efesofo 4:26, 27 ho.) Ɛte saa titiriw sɛ woma wo “koma huru hyɛ [Yehowa, NW]” a. (Mmebusɛm 19:3) Onyankopɔn a wobɛma wo bo afuw no no bɛma wo ne Onii a ne nkutoo na obetumi aboa wo yiye no ntam asɛe. Bible no ka sɛ Yehowa de “n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.”—2 Beresosɛm 16:9.
Bible no san ka Yehowa ho asɛm sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Ɛyɛ Adam ne Hawa atuatew no na ɛmaa atɛnkyea bae. (Ɔsɛnkafo 7:29) Ɛyɛ onipa—ɛnyɛ Onyankopɔn—na ‘adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Kae nso sɛ, ‘wiase nyinaa da ɔbɔne no, Satan Ɔbonsam, tumi mu.’ (1 Yohane 5:19) Ɛyɛ Satan na ɔhyɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase no akyi, ɛnyɛ Yehowa.
Ntɛnkyea Awiei
Anigyesɛm ne sɛ, ntɛnkyea renkɔ so daa. Eyi a wobɛma atra w’adwenem no bɛboa wo ma woatumi agyina ano. Susuw ɔbarima Asaf a ɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no suahu no ho. Na atɛnkyea atwa ne ho ahyia, ɛwom mpo sɛ na ɔne nnipa a wɔsom Yehowa na ɛte. Sɛ anka wɔbɛtwe wɔn a na wɔreyɛ afoforo ayayade yi aso no, na ɛte sɛ nea atirimɔdenfo yi ho adwo wɔn na wodi yiye! Asaf ka sɛ: “Na metwee . . . ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.” Asaf maa nneɛma a ɛtete saa yɛɛ ne dadwen maa n’ani fii ne ho so kakra.—Dwom 73:1-12
Akyiri yi, Asaf ani baa ne ho so ankasa. Ɔkaa abɔnefo ho asɛm sɛ: “Ampa ara, wo [Onyankopɔn] de wɔn agyina nea ɛhɔ yɛ toro, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.” (Dwom 73:16-19) Yiw, Asaf behui sɛ awiei koraa no, nnipa nya wɔn bɔne so akatua. Mpɛn pii no, wɔde wɔn to afiase, ehia wɔn, wɔn nnwuma fi wɔn nsa, na wɔgye wɔn dibea fi wɔn nsam sɛ wɔn bɔne no so akatua. Awiei koraa no, wɔde abɔnefo ‘bɛhwe fam abubu wɔn pasaa’ bere a Onyankopɔn de atemmu ba nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so no.—Dwom 10:15, 17, 18; 37:9-11.
Hu a wubehu sɛ Onyankopɔn besiesie nneɛma nnansa yi ara no betumi aboa wo ma woadi abufuw ne abasamtu so. Bible no tu fo sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na awerɛdi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa, NW] na ɔka saa.”—Romafo 12:17-19; fa toto 1 Petro 2:23 ho.
Sɛnea Wubenya Mmoa
Ebetumi aba sɛ adwennwen pii hyɛ wo so na wokaakae nneɛma bi ma no ha wo. Sɛnea amanneɛbɔ bi a UNICEF de mae kyerɛ no, “mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa bere nyinaa no gyidi ne wɔn suban taa sakra kɛse, na wɔhwere afoforo mu ahotoso koraa nso. Eyi te saa titiriw wɔ mmofra a nnipa a na anka wobu wɔn sɛ afipamfo anaa nnamfo na wɔtow hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn basabasa no fam.”
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobenya ɔhaw a ɛtete saa ano aduru ntɛmntɛm. Nanso sɛ adwennwen ne adwemmɔne rehyɛ wo so dodo a, ɛda adi sɛ wuhia mmoa. (Fa toto Dwom 119:133 ho.) Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wokenkan nsɛm pɔtee a ɛfa wo haw no ho. Sɛ nhwɛso no, Nyan! nsɛmma nhoma no atintim nsɛm pii a ɛde afotu pa ma wɔn a wɔto wɔn mmonnaa, wotwa wɔn dwow, ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade. Obi a ne ho akokwaw na ɔwɔ tema a wobɛka wo haw ne sɛnea wote nka akyerɛ no no betumi aboa wo kɛse. (Mmebusɛm 12:25) Ebia wubetumi aka ɔhaw no ho asɛm akyerɛ w’awofo.
Na sɛ wunni awofo a wɔbɛboa wo nso ɛ? Ɛnde hwehwɛ mmoa fi Kristofo asafo no hɔ. Wɔ Yehowa Adansefo mu no, asafo mu mpanyimfo yɛ guankɔbea ma wɔn a wohu amane. (Yesaia 32:1, 2) Ɛnyɛ sɛ wobetie wo nko, na mmom wobetumi de afotu pa nso ama wo. Mma wo werɛ mmfi nso sɛ, wubetumi de Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw ayɛ “nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom.” (Marko 10:29, 30) Wokae Susana a ne maame gyaa no hɔ no? Ɔne ne nuanom no nyaa mmoa fii Kristofo asafo no hɔ. Kristoni somfo bi kyerɛɛ Susana abusua no ho anigye araa ma Susana de no yɛɛ ne papa. Susana ka sɛ, mmoa a ɛte saa “aboa yɛn ma yɛn ho akokwaw na yɛakura nokware no mu pintinn.”
Animdefo pii ka sɛ nnwuma a mfaso wɔ so a wobɛyɛ daa no nso betumi ayɛ mmoa. Sukuu a wobɛkɔ ne efie nnwuma kɛkɛ mpo betumi aboa kɛse ma w’adwene afi nneɛma a ɛnteɛ so. Wubetumi anya mfaso kɛse afi honhom fam nnwuma—Kristofo nhyiam a wobɛkɔ ne asɛmpa no a wobɛka—a wode wo ho bɛhyem daa mu.—Fa toto Filipifo 3:16 ho.
Ntɛnkyea remfi asase so kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba abɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase nyinaa so. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Ɛnkosi saa bere no, yɛ nea wubetumi biara fa gyina ano. Nya denhyɛ wɔ bɔhyɛ yi mu sɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo no, Yesu Kristo “begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.”—Dwom 72:12, 13.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛwom sɛ asɛm yi twe adwene si ntɛnkyea a mmofra hyia wɔ aman a wodi hia mu no so de, nanso nea yɛaka ho asɛm wɔ ha no fa atɛnkyea biara ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Ama Onyankopɔn ho ayɛ me ahi mpo”
[Kratafa 28 mfonini]
Mmoa a mfɛfo Kristofo de ma no betumi aboa wo ma woagyina ntɛnkyea ano