Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 10/8 kr. 22-25
  • Bɔ Wo Ba Ho Ban Fi Asiane Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Wo Ba Ho Ban Fi Asiane Ho
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asiane a Esisi Wɔ Fie
  • Asiane a Esisi Wɔ Mmɔnten So
  • Asiane a Kar Nkyereso De Ba
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
    Nyan!—1984
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ De Aboa?
    Nyan!—1981
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 10/8 kr. 22-25

Bɔ Wo Ba Ho Ban Fi Asiane Ho

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ

NA Hanna a aka kakra na wadi mfe abiɛsa no ka n’awofo Karl-Erik ne Birgitta ho bere a na wɔresiesie wɔn fipamfo bi a wawu fie no. Bere tiaa bi akyi no, Hanna fi ɔdan bi mu bae a na okura aduru a yɛmemene a egu toa mu. Na wamemene emu bi dedaw. Bere a Birgitta hwɛɛ toa no ho no, ne koma tui. Na ɛyɛ wɔn fipamfo no komayare aduru.

Ntɛm ara, wɔde Hanna kɔɔ ayaresabea de no kɔtoo baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu ayɛ den. Ɛmfa ho sɛ na wanom aduru no dodow bi a na ebetumi ama no ayɛ yarefo koraa no, hwee anyɛ no. Dɛn ntia? Efisɛ ansa na ɔrebɛnom aduru no, na wadi aburoo aduan bi a wɔanoa dedaw. Aduan a na wadi no maa no fee awuduru no.

Nea ɛtoo Hanna no nyɛ na koraa. Da biara asiane to mmofra pii ma wɔde wɔn kɔ ayaresabea. Wɔ Sweden no, afe biara wɔde mmofra 8 a asiane to wɔn no mu 1 kɔ ayaresabea. Enti, sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛda adi sɛ asiane a ɛtete sɛɛ no pii betumi ato wo ba.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra taa pirapira wɔ mmeae a wonim te sɛ fie ne mfikyire. Asiane a ɛto wɔn no sakra bere a wɔrenyin no. Ɛnyɛ den koraa sɛ akokoaa befi ɔpon a ɔda so so ahwe ase anaasɛ aduan bi anaa biribi foforo behia no. Mmofra taa hwe ase bere a wɔreforo biribi, anyɛ saa nso a wɔhyehyew anaasɛ awuduru kɔ wɔn mu bere a wɔde wɔn nsa ka biribi a ɛda fam anaa wɔde ka wɔn ano no. Mmofra a wɔkɔ sukuu no taa hyia kar akwanhyia anaa wopira bere a wɔredi agoru wɔ mmɔnten so no.

Yebetumi abɔ wɔn ho ban afi asiane yi mu pii ho. Sɛ woma w’ani da hɔ kakraa bi wɔ sɛnea wo ba nyin ne ne nneyɛe ho a, wubetumi abɔ ne ho ban afi asiane a ɛyɛ hu ho. Mmofra ahobammɔ ho nhyehyɛe a wɔayɛ fi 1954 mu wɔ Sweden no ada no adi sɛ eyi yɛ nokware. Bere a na wɔnyɛɛ saa nhyehyɛe no, na mmofra bɛboro 450 na akwanhyia ma wowuwu afe biara. Ɛnnɛ, mmofra dodow a na wowuwu afe biara no so atew aba bɛyɛ sɛ 70.

Asiane a Esisi Wɔ Fie

Abofra nyin ho ɔbenfo Kerstin Bäckström ka sɛ: “Wuntumi nkyerɛ mmofra a wɔadi afe, mfe abien, anaa mfe abiɛsa sɛnea wɔbɛkwati asiane na wonhwɛ kwan sɛ wɔbɛkae bere nyinaa.” Enti, wo a woyɛ ɔwofo no—ne obi a wotaa de wo ba gya no—na ɛsɛ sɛ mobɔ abofra no ho ban.

Wubetumi afi eyi ase wɔ wo fie. Fa asiane ho akwankyerɛ a wɔde ama no di dwuma. Ebetumi aba sɛ ɛnyɛ ɔman biara na ɛwɔ nneɛma a wɔde bɔ mmofra ho ban yi bi, na sɛ wɔwɔ bi mpo a ne bo nna fam. Nanso, sɛ wowɔ nimdeɛ kakraa bi anaasɛ wobɔ wo ho mmɔden kakraa bi a, wubetumi ahu ɔkwampa a wobɛfa so abɔ wo ho ban wɔ faako a wote no.

Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ adaka a wɔde nneɛma gu mu wɔ wo mukaase a, wubetumi de dua ahyɛ krɔkrɔ no mu. Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa so ato nea wode tõ aduane no mu. Sɛ wode rɔba bag resie na wobɔ no pɔw a ɛmfa asiane mma kɛse.

Ebia wubetumi ahwehwɛ akwan nketenkete a wobɛfa so abɔ mmofra ho ban wɔ fie ne abɔnten na woakyerɛkyerɛ wo nnamfo ne w’amannifo a wɔwɔ mma nketewa nso.

Asiane a Esisi Wɔ Mmɔnten So

Hwehwɛ mmeae a wo ba di agoru no. Asiane pii a ɛto mmofra a wɔadi boro mfe anan no sisi bere a wɔredi agoru wɔ abɔnten no. Wɔhwe ase anaasɛ wofi sakre so hwe fam pirapira. Asiane a ɛto mmofra paa wɔ mmɔnten so ne kar akwanhyia ne nsu a ɛfa wɔn.

Bere a worehwehwɛ beae a wo ba di agoru no, hwɛ hu sɛ nneɛma a wodi so agoru no fata a ɛremma abofra no mpira. So nneɛma a odi so agoru te sɛ nea wɔtow so adonko no yɛ papa na fam hɔ nso yɛ mmerɛw a sɛ ɔhwe ase a ompira?

So atare anaa nsuten bi bɛn beae a mote no? Nsu a emu dɔ bɛyɛ sɛ nsateakwaa kakraa bi betumi afa abofra a wadi afe anaa mfe abien. Abofra nyin ho ɔbenfo Bäckström ka sɛ: “Sɛ abofra tɔ nsu mu ma n’anim kobutuw hɔ a, ɛyɛ a onhu nea ɔnyɛ. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ abofra no ntumi nsɔre bio.”

Enti, nea ehia paa a ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow ni: Mma abofra a wadi afe kosi mfe abiɛsa nkutoo mmpue nkodi agoru bere a panyin biara nka ne ho. Sɛ nsu pii deda faako a mote no a, twɛn kosi sɛ abofra no benyin ansa na woama ne nkutoo apue akodi agoru.

Asiane a Kar Nkyereso De Ba

Asiane koro no ara betumi asi sɛ kar kyere so wɔ faako a wote no a. Bäckström ka sɛ: “Nea abofra a ɔnnuruu sukuu so tumi yɛ ara ne sɛ ɔbɛkae nsɛm a emu da hɔ nkutoo na ɔde mu biako pɛ adi dwuma. Nanso nneɛma pii a asete yɛ den sisi wɔ faako a kar pii kyere so no.” Mma wo ba a ɔnsoo sukuu nkutoo nntwa kar kwan mu. Abenfo ka sɛ ɛmfata sɛ mmofra a wonnii bɛyɛ mfe 12 no nkutoo ka baesekre wɔ kwan a kar pii fa so so.

Ma wo ba nhu sɛ sɛ ɔreka sakre a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ kyɛw. Sɛ obi ti ho ka a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛsa no yare na ebetumi ama no adi dɛm—anaa akum no mpo! Wɔ mmofra ayaresabea bi mu no, wɔn a wɔsaa wɔn yare wɔ sakre akwanhyia ho no mu ɔha mu 60 na na wɔapirapira wɔ wɔn ti ho ne wɔn anim, nanso wɔn a na wɔhyɛ kyɛw no de wɔampira kɛse.

Afei nso, hwɛ hu sɛ wo ba atra ase yiye bere a mode kar retu kwan no. Wɔ aman pii mu no wɔahyɛ mmara sɛ wɔmfa mmofra ntra nkongua bi a wɔahyɛ da ayɛ mu na wɔmmɔ wɔn bɛlt. Eyi ama kar asiane a ɛto mmofra ma wowuwu anaasɛ ɛma wopirapira no so atew kɛse. Sɛ wɔbɔ kar mu bɛlt wɔ beae a wote no na sɛ wode yɛ adwuma a, ebetumi abɔ wo nkwa ho ban. Nanso hwɛ hu sɛ wode nea wɔakamfo akyerɛ no nkutoo na ebedi dwuma. Hyɛ no nsow sɛ ɛsono kar mu bɛlt a wɔahyɛ da ayɛ ama nkokoaa ne nea wɔayɛ ama mmofra a wɔadi bɛyɛ mfe abiɛsa.

Yɛn mma yɛ Yehowa akyɛde a wɔsom bo, na yɛpɛ sɛ yɛhwɛ wɔn so yiye wɔ ɔkwan biara so. (Dwom 127:3, 4) Sɛ awofo pa no, Karl-Erik ne Birgitta akɔ so ama wɔn mma a wɔbɛbɔ wɔn ho ban no ahia wɔn—ná wɔyɛ saa ansa na asɛm a ɛtoo Hanna no resi na ɛno akyi nso, saa. Nanso, Karl-Erik ka sɛ, “ɛda adi pefee sɛ bere a asɛm no sii no, yɛbɛyɛɛ ahwɛyiye kɛse.” Birgitta de asɛm no ba awiei sɛ, “mprempren yɛwɔ mmanana na yɛhwɛ sɛ bere nyinaa yɛato adaka a yɛn nnuru gu mu no mu.”

[Kratafa 24 adaka]

Asiane Ano a Wosiw Wɔ Fie

• Nnuru: Fa nnuru sie baabi a wo ba nhu wɔ adaka a wɔatom mu. Ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye saa ara wɔ nhabannuru ho. Afei nso, ka kyerɛ ahɔho a wɔabɛsoɛ wo ma wɔmfa wɔn nnuru nsie.

• Nnuru a wɔde siesie fie: Fa sie adaka mu na to mu sɛnea ɛbɛyɛ a abofra no nhu. Fa gu nnuru no ankasa nnaka mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahu adu ko. Yɛ ahwɛyiye kɛse bere a wode nnuru yi redi dwuma no na fa sie bere nyinaa wɔ bere a worefi dan mu bere tiaa bi mpo no. Nnyaw samina wɔ kankyee a wohohoro nkukuo wom mu.

• Sutof: Bere biara ɛsɛ sɛ woma kankyee a woyɛ mu ade no nsa hwɛ beae a ɛfata wɔ sutof no so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa hyɛ ade a wɔayɛ na abɔ ho ban mu. Yɛ biribi fa bɔ sutof no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mmuni. Ɛsɛ sɛ wunya biribi a wode bɛto nea wotõ mu aduane no mu. Sɛ wo ba so sutof a wode to paanoo mu a, ɛbɛhye no? Ɛnde, yɛ biribi kata ho na sɛ abofra no som a, anhye no.

• Efie nneɛma a ɛyɛ hu: Ɛsɛ sɛ wode sekamma, apasoɔ, ne nneɛma foforo a ɛyɛ hu sie nnaka mu to mu a wo ba ntumi nhu. Sɛ wode nneɛma a ɛtete saa reyɛ adwuma na wugyae bere tiaa bi mpo a, ɛsɛ sɛ wode gu yiye wɔ ɔpon bi so na wo ba ankoso mu. Mankyese ne rɔba bag nso yɛ nneɛma a ebetumi apira mmofra.

• Atrapoe: Anyɛ yiye koraa no, fa apon a ne tenten yɛ nsateakwaa 30 sisi atrapoe no nkyɛnkyɛn.

• Mfɛnsere ne abranaa apon: Fa nnade anaa nneɛma foforo a etumi bɔ mmofra ho ban sisi ano sɛnea ɛbɛyɛ a bere a wɔabue ɔpon anaa mfensere no ato hɔ no abofra no ntumi nkoso mu mmue.

• Baabi a wɔde nhoma hyehyɛ: Sɛ wo ba no taa foforo nneɛma a, bɔ mmɔden sɛ wode nhoma pon ne apon afoforo bɛfam ban ho sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mmuni nhwe fam.

• Plɔg ne nhama a anyinam ahoɔden fam: Sɛ nneɛma a anyinam ahoɔden fam no bi asɛe a, ɛsɛ sɛ wokata ho. Ɛsɛ sɛ wode anyinam ahoɔden hama a ɛsɔ kanea a wɔde sua ade no fam ɔdan anaa pon bi ho yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a wo ba ntumi ntwe kanea no mmɛhwe fam mma empira no. Sɛ wuntumi nyɛ saa a ɛnde, yi kanea no fi hɔ. Nnyaw elɛtrik ayɔn ne hama a ɛsa so wɔ ɔpɔn a wɔto so ntade so saa a wommɔ ho ban.

• Nsuohyew: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mma nsu a ɛfa wo durubɛn mu no nnyɛ hyew pii na sɛ wo ba kobue a, wanhyehye.

• Agode: Tow agode biara a ano yɛ nnam gu. Tow agode a esusua ne nea wotumi tutu no nketenkete biara gu efisɛ wo ba betumi amene ma ahia no. Ɛsɛ sɛ wohyehyɛ agode biara a wo ba wɔ no aniwa ne ne hwene yiye. Kyerɛkyerɛ ne nuanom mpanyimfo no ma wɔmfa wɔn agode nsie bere a abofra ketewa no redi agoru wɔ abranaa so no.

• Tɔfe ne nnɔkɔnnɔkɔwade: Mfa tɔfe ne nnɔkɔnnɔkɔwade te sɛ nkate ne tɔfe a ɛyɛ den ngugu baabi a wo ba behu. Abofra no betumi amene ma ahia no.

[Asɛm Fibea]

Source: The Office of the Children’s Ombudsman

[Kratafa 24 adaka]

Bere a Asiane Ato Abofra

• Awuduru: Sɛ abofra nom awuduru a, ɛsɛ sɛ wohohoro n’anum yiye na woma no nsu kuruwa biako anaa abien anaasɛ woma no nufusu. Ɛno akyi no, kohu oduruyɛfo anaa asoɛe a wodi awuduru ho dwuma no. Sɛ abofra no de biribi a enye ka n’ani a, fa nsu pii hohoro n’ani no so ntɛm ara ma no nni simma du anaa nea ɛboro saa.

• Abofra a wahyehye: Sɛ abofra no anhyehye kɛse a, fa nsuɔnwini (nea ɛnyɛ nwini pii) hohoro baabi a wahyehye no ma no nni simma 20 anaa nea ɛboro saa. Sɛ baabi a wahyehye no kɛse sen abofra no nsam anaa faako a wahyehyew no yɛ n’anim, n’apɔw so, anaa ne yafunu anaa ne bɔbeasu ho a, ɛsɛ sɛ wode no kɔ ayaresabea ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ wɔde obi a wahyehye kɛse biara kohu oduruyɛfo.

• Abofra a biribi ahia no: Sɛ biribi na ahia wo ba noa, ɛsɛ sɛ wuyi dekode no ntɛm ara. Nea ɛfata kɛse a wubetumi ayɛ ne sɛ wode ɔkwan a wɔnam so tumi ma abofra fe no bedi dwuma. Sɛ wunnim saa kwan yi a, kohu wo duruyɛfo ma ɔnkyerɛ wo, anyɛ saa a kosua ho ade wɔ beae a wɔkyerɛkyerɛ mmofra a asiane ato wɔn ho ade no.

[Asɛm Fibea]

Source: The Swedish Red Cross

[Kratafa 25 mfonini]

Kyɛw a wobɛhyɛ de aka sakre

[Kratafa 25 mfonini]

Ahobammɔ a wubenya wɔ kar agua so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena