Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Me Ho Akɔ Nnipa Mu Pii?
“Mintumi ne afoforo mmɔ nkɔmmɔ pii. Ɛyɛ a mete nka sɛ sɛ meka asɛm bi a enye a, afoforo ne me mmɔ. Me maame fɛre ade paa, na misusuw sɛ ɛno na ama mefɛre ade saa no.”—Artie.
SO ƐTƆ da a, anka wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔmfɛre ade pii—na otumi bɛn afoforo kɛse? Sɛnea asɛm a yedii kan ka faa fɛre ho kyerɛ no, nnipa pii na wɔfɛre ade.a Enti, ɛnyɛ mfomso ankasa sɛ wompɛ kasa, woko wo ho na wonka wo ho nkɔ nnipa mu. Nanso sɛ obi fɛre ade dodo a, ebetumi ahaw no kɛse. Anyɛ hwee koraa no, ɛmma wunnya nnamfo. Na ɛmma wunnya anigye nso bere a wo ne nkurɔfo ahyiam no.
Mpanyimfo mpo taa fɛre ade. Barryb yɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso sɛ ɔwɔ nnipa mu a, ɔntaa nkasa. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ mintumi nka asɛmpa biara.” Ne yere Diane nso wɔ ɔhaw koro no ara bi. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “M’ani gye ho sɛ me ne wɔn a wɔpɛ nnipa bɛnantew efisɛ misusuw sɛ wɔn na wobetumi ama yɛabɔ nkɔmmɔ.” Wobɛyɛ dɛn na woatumi aka wo ho akɔ nnipa mu kɛse?
Mmu Wo Ho Abomfiaa
Nea edi kan no, wubetumi asan asusuw sɛnea wote no ho. So wotaa bu wo ho abomfiaa, na wususuw sɛ afoforo ani nnye wo ho anaasɛ wunni biribi pa biara ka? Bu a wubebu wo ho abomfiaa no ntumi mma wommɛn afoforo. Yesu mpo kae sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’—wanka sɛ dɔ wo yɔnko kyɛn wo ho! (Mateo 19:19) Enti ɛfata na mfaso wɔ so sɛ wobɛdɔ wo ho ankasa. Ebetumi ama woanya ahotoso a ɛbɛma woatumi abɛn afoforo.
Sɛ wote nka sɛ wonsɛ hwee a, wubetumi akenkan asɛm “Why Don’t I Like Myself?,” (Adɛn Nti na M’ani Nnye Sɛnea Mete no Ho?), wɔ Questions Young People Ask—Answers That Workc nhoma no mu wɔ ti 12. Saa asɛm no betumi aboa wo ma woahu sɛ wubetumi ayɛ nneɛma pa pii de aboa afoforo. Anyɛ hwee koraa no, yɛ a woyɛ Kristoni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn hu biribi pa wɔ wo mu! Yesu mpo kae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.”—Yohane 6:44.
Kyerɛ Afoforo Ho Anigye
Mmebusɛm 18:1 NW, bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ ne nkutoo ade.” Yiw, sɛ woyɛ obi a ɔko ne ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wubesusuw wo nkutoo ho dodo. Filipifo 2:4 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn nko ade, na mmom yɛnhwehwɛ yɛn mfɛfo de nso bi.’ Sɛ woma afoforo ne wɔn ahiade ho hia wo a, ɛmma wonsusuw wo nkutoo ho. Na dodow a woma afoforo ho hia wo no, dodow ara na wunya ɔpɛ sɛ wubehu wɔn.
Sɛ nhwɛso no, susuw Lidia, ɔbea a na wɔka ne ho asɛm sɛ n’anim tew na ɔpɛ ahɔhoyɛ no ho. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ, bere a ɔsomafo Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ no na ɔbɔɔ no asu no, ɔsrɛɛ Paulo ne n’ahokafo no sɛ: “Sɛ moabu me sɛ migye [Yehowa, NW] midi nokwarem a, mommra mmɛtra me fi.” (Asomafo no Nnwuma 16:11-15) Ɛwom sɛ afei na na Lidia agye asɛm no adi de, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehu anuanom yi—na akyinnye biara nni ho sɛ onyaa nhyira pii. Bere a woyii Paulo ne Silas fii afiase no, ɛhe na wɔkɔe? Anigyesɛm ne sɛ, wɔsan kɔɔ Lidia fie!—Asomafo no Nnwuma 16:35-40.
Saa ara nso na sɛ woma nkurɔfo ho hia wo a, wɔn mu pii ani begye ho. Wobɛyɛ dɛn atumi afi ase ayɛ eyi? Nyansahyɛ kakraa a mfaso wɔ so ni.
● Fi ase nkakrankakra. Sɛ wobɛka wo ho akɔ nnipa mu no nkyerɛ sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ nkurɔfo nsɛm mu anaasɛ wobɛba abɛyɛ obi a nkurɔfo nim no pii. Bɔ mmɔden sɛ wo ne ankorankoro bɛkasa mmiako mmiako. Wubetumi de ayɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛkasa nipa biako ho bere a woakɔ Kristofo nhyiam no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛserew. Sua sɛ wobɛhwɛ nnipa anim.
● Di kan kasa. Ebia wubebisa sɛ, ‘mɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?’ Mpɛn pii no, sɛ wowɔ afoforo ho anigye ampa a, wubetumi anya biribi aka. Aberante bi a ofi Spain a wɔfrɛ no Jorge ka sɛ: “Mahu sɛ afoforo a wubebisa sɛ wɔn ho te dɛn anaasɛ wubebisa wɔn adwuma mu nsɛm no ma wutumi hu wɔn yiye.” Aberante bi a wɔfrɛ no Fred hyɛ nyansa sɛ: “Sɛ wunhu nea wonka nkyerɛ afoforo a, bisa wɔn nsɛm kɛkɛ.” Ɛda adi sɛ, worempɛ sɛ afoforo bɛte nka sɛ worefeefee wɔn nsɛm mu. Enti sɛ nea wo ne no rekasa no mpɛ sɛ obeyi nsɛm a worebisa no ano a, bɔ mmɔden sɛ wobɛka w’ankasa ho nsɛm akyerɛ no.
Mary, a ne ba adu mpanyin afe so no ka sɛ: “Mahu sɛ ɔkwampa a wubetumi afa so ama nkurɔfo ani agye wo ho ne sɛ wobɛma wɔaka wɔn ho nsɛm.” Ababaa Kate nso ka sɛ: “Ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkamfo afoforo wɔ wɔn ntadehyɛ anaa biribi foforo a wɔayɛ ho. Woma wɔte nka sɛ wɔn ho hia.” Nanso, ɛsɛ sɛ asɛm a woka no yɛ nokware a ɛnyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm ara kɛkɛ. (1 Tesalonikafo 2:5) Sɛ wufi komam ka nsɛm a ɛfata a, nkurɔfo ani begye ho ankasa.—Mmebusɛm 16:24.
● Yɛ otiefo pa. Bible ka sɛ: “Monyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.” (Yakobo 1:19) Asɛm no ne sɛ, nnipa baanu na ɛma nkɔmmɔbɔ kɔ so—ɛnyɛ biako. Enti sɛ woyɛ obi a wonkasa pii a, eyi betumi aboa wo! Nkurɔfo ani gye wɔn a wotie asɛm yie ho.
● Fa wo ho gye nkɔmmɔbɔ mu. Bere a woatumi ne nipa biako abɔ nkɔmmɔ awie no, nea aka ne sɛ wobɛka akɔ nnipadɔm mu. Bio nso, Kristofo nhyiam ase yɛ beae a ɛfata a wubetumi asua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ. Ɛtɔ mmere bi a, ɔkwampa a wubetumi afa so de wo ho ahyɛ nkɔmmɔbɔ mu ne sɛ wode w’ano bɛto nkɔmmɔ a afoforo rebɔ mu. Nokwarem no, ehia sɛ woda nhumu ne su pa adi wɔ ha bere a woreyɛ saa no. Mpere wo ho mfa w’ano nto afoforo kokoam nsɛm mu. Nanso sɛ wuhu pefee sɛ nkɔmmɔ a afoforo rebɔ no ho nhia pii a, bɔ mmɔden sɛ wobɛka bi. Ɛsɛ sɛ woyɛ anifere; mmɔ mmɔden sɛ wubegye asɛm no nyinaa aka. Tie nea wɔreka no ansa. Sɛ wutumi tie asɛm no yiye a, wubetumi akyerɛ w’adwene kakra.
● Nhwɛ kwan sɛ wubetumi ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛtɔ mmere bi a, mmofra ma nea enye a wɔbɛka ho asɛm haw wɔn dodo. Abeawa bi a ofi Italy a wɔfrɛ no Elisa ka sɛ: “Bere nyinaa na misuro sɛ sɛ mekasa a, medi mfomso.” Nanso, Bible no ka sɛ yɛn nyinaa tɔ sin, enti yɛrentumi nkasa a yenni mfomso. (Romafo 3:23; fa toto Yakobo 3:2 ho.) Elisa ka sɛ: “Na mefa no sɛ wɔn a me ne wɔn redi nkɔmmɔ no yɛ me nnamfo. Enti sɛ mankasa yiye mpo a, wɔbɛte me ase.”
● Fa bi yɛ serew. Nokwarem no, sɛ obi anhyɛ da na ɔka asɛm bi a ɛmfata a ɛma n’ani wu. Nanso sɛnea Fred ka no, “sɛ wubu w’ani gu asɛm no so na woserew a, ɛnkyɛ koraa asɛm no betwam. Sɛ woma asɛm no haw wo kɛse na wudwennwen ho pii a, ɛsosɔ gya gu nsɛm mu mmom.”
● Nya ntoboaseɛ. Hu sɛ ɛnyɛ obiara na sɛ worekasa a, ɔbɛkyerɛ ho anigye ntɛm. Sɛ obi a wo ne no rebɔ nkɔmmɔ yɛ komm a ɛnkyerɛ sɛ onii no mpɛ w’asɛm anaasɛ ɛsɛ sɛ wogyae kasa. Ɛtɔ da a, na hu ara na nkurɔfo nhu nea wɔnka—anaasɛ wɔfɛre ade te sɛ wo ara. Sɛ ɛba saa a, ma nipa no kwan na ɔnto ne bo ase nnwen nea ɔbɛka ho.
● Bɔ mmɔden ne mpanyimfo nni nkɔmmɔ. Ɛtɔ da a, mpanyimfo, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no wɔ tema ma mmerante ne mmabaa a wɔpɛ sɛ wodi fɛre so no. Enti nsuro sɛ wo ne panyin bi bɛbɔ nkɔmmɔ. Kate ka sɛ: “Sɛ me ne mpanyimfo kasa a, m’ani tumi gye efisɛ minim sɛ wɔn de wɔremmu me fɔ, nserew me, anaasɛ wɔmma m’ani nwu te sɛ nea anka m’atipɛnfo bɛyɛ no.”
Nea Ebetumi Aboa ne Ɔdɔ
Ɛwom sɛ nyansahyɛ a yɛde ama yi betumi aboa de, nanso yenni ɔkwan pɔtee bi a ɛboa ma wotumi di fɛre so. Ne nyinaa mu no, yenni ɔkwampa pɔtee bi a yebetumi afa so adi fɛre so. Nea ɛbɛboa wo ma woadi fɛre so ne sɛ ‘wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ (Yakobo 2:8) Yiw, bɔ mmɔden sɛ wobɛma afoforo ho ahia wo—ɛnkanka wo nuanom Kristofo. (Galatifo 6:10) Sɛ wufi wo koma nyinaa mu dɔ afoforo a, wubetumi anya akokoduru na ama woatumi abɛn wɔn. Sɛnea Yesu kae no, “nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.”—Mateo 12:34.
Barry a yedii kan kaa ne ho asɛm no ka sɛ: “Dodow a mitumi bɛn afoforo no, dodow no ara na mitumi ne wɔn kasa.” Anaasɛ, dodow a wobɔ mmɔden sɛ wobɛka wo ho akɔ nnipa mu no, dodow no ara na wutumi ne wɔn kasa. Na bere a worenya nnamfo pii na wutumi bɛn afoforo no, wubehu sɛ mmɔden a wobɔe no so wɔ mfaso ankasa!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Mintumi Nka Me Ho Nkɔ Nnipa Mu Pii?” a ɛwɔ November 8, 1999 Nyan! mu no.
b Yɛasesa edin no bi.
c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.
[Kratafa 23 mfonini]
Bɔ mmɔden fa wo ho gye afoforo nkɔmmɔbɔ mu!