Wɔn a Akodi Ma Wohu Amane Afei
UN Radio dwumadi a wɔfrɛ no “Perspective” no bɔɔ amanneɛ sɛ, “akodi a ɛrekɔ so nnɛ no yɛ soronko koraa wɔ nea esisii bere a atwam no ho. . . . Ɔman mma a wɔn ho nni asɛm no mmom na wohu amane kɛse sen asraafo.” Sɛ nhwɛso no, wɔ wiase ko a edi kan mu no, ɔmanfo mu ɔha mu 5 pɛ na wopirapirae. Nanso, wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, wɔn a na wɔnyɛ asraafo a wopirapirae no dodow kɔɔ soro koduu ɔha mu 48. Sɛnea UN Radio bɔɔ amanneɛ no, ɛnnɛ “ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodow a wopirapira wɔ akodi ahorow mu no fa kɛse no ara nyɛ asraafo—ɔha mu 90—eyinom mu pii yɛ mmea, mmofra, ne nkwakora ne mmerewa.”
Sɛnea Olara Otunnu, a ɔyɛ UN kyerɛwfo panyin Nanmusifo Titiriw Ma Mmofra ne Akodi Ho Nsɛm no bɔ amanneɛ no, “wobu akontaa sɛ efi 1987 reba no, wɔakunkum mmofra ɔpepem abien wɔ akodi ahorow mu.” Sɛ wɔkyekyem a, wɔ mfe 12 a abɛsen kɔ mu no, da biara na akodi kunkum mmofra bɛboro 450! Bio nso, mmofra bɛboro ɔpepem asia na wɔapirapira anaa wɔadi dɛm koraa wɔ bere koro no ara mu.
Owura Otunnu hyɛ nyansa sɛ, ɔkwan biako a UN betumi afa so asiw mmofra a akodi ma wohu amane ano ne sɛ, wobeyi mmeae bi asi hɔ sɛ wɔmma basabasayɛ biara nkɔ so wɔ hɔ. “Wobebu mmeae ahorow a mmofra taa wɔ, te sɛ sukuu mu, ayaresabea, ne agodibea sɛ wɔnnko wɔ hɔ.” Nanso, UN Radio de ka ho sɛ, “ntawntawdi a wobedi kan asiw ano” no ne nea ɛfata a UN betumi ayɛ de asiw akodi a ekunkum wɔn a wɔnyɛ asraafo no ano. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wogyae akodi ansa na amanehunu a ɛde ba no afi hɔ. So ebetumi aba saa?
Esiane sɛ adesamma de wɔn ho ahyɛ akodi ahorow mu fi bere tenten nti, nnipa dodow no ara te nka sɛ adesamma ntumi mfa asomdwoe mma asase nyinaa so. Nanso, Onyankopɔn Asɛm Bible hyɛ bɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ saa: “Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:9) Bere bɛn na eyi bɛba? Na dɛn nti na wubetumi agye adi sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma wiase nyinaa asomdwoe aba no bɛbam? Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛmmisa yi ho mmuae a, yɛsrɛ sɛ fa address a wɔahyehyɛ wɔ nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo paa kyerɛw kɔma wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, anaasɛ kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛbɛn wo so. Wɔrenhyɛ wo sɛ yɛ biribiara na worentua hwee nso—mmuae tee kɛkɛ na wɔbɛma wo.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
UN PHOTO 156450/J. Isaac