Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 24-25
  • Nokware Gyidi—Ɛyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Gyidi—Ɛyɛ Dɛn?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyidi Anaa Biribi a Enni Nnyinaso?
  • Nokware Gyidi Ka Nnipa Bata Onyankopɔn Ho
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Kyerɛ Gyidi A Egyina Nokware So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Gyidi—Ɛyɛ Suban a Ɛhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

Nokware Gyidi—Ɛyɛ Dɛn?

“GYIDI NNIM A, OBI NTUMI NSƆ ANI. NA ƐSƐ NEA ƆBA ONYANKOPƆN NKYƐN NO SƐ OGYE DI SƐ ƆWƆ HƆ, NA ƆYƐ WƆN A WƆHWEHWƐ N’AKYI KWAN NO KATUAFO.”—HEBRIFO 11:6.

DƐN ne gyidi? Ebinom kyerɛkyerɛ gyidi mu sɛ nyamesom mu gyidi a obi wɔ wɔ Onyankopɔn mu a onni adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ. Amerikani sɛnkyerɛwfo H. L. Mencken kyerɛɛ gyidi ase sɛ “biribi a ɛrentumi nsi mu gyidi a ntease biara nnim.” So eyi ne nokware gyidi a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no? Ɛho hia sɛ yɛte dekode a gyidi yɛ ase pefee, efisɛ sɛnea yɛaka wɔ atifi hɔ no, ‘gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.’

Bible ka sɛ: “Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ nneɛma a yɛhwɛ kwan no bɛbam.” (Hebrifo 11:1, The New Testament in the Language of Today) Enti, gyidi gyina nokware nimdeɛ so, nokwasɛm a yebetumi agyina so asi gyinae a ɛteɛ. Ɛnhwehwɛ sɛ yebegye biribi adi kɛkɛ, na mmom yebehu nea enti a yegye di nso.

Mfatoho bi ni: Ebia wowɔ adamfo bi a wubetumi aka ne ho asɛm sɛ: “Migye saa onipa yi di. Metumi de me ho ato no so sɛ obedi n’asɛm so. Minim sɛ, sɛ asɛm bi to me a, ɔbɛboa me.” Ɛnyɛ nea wubetumi aka obi a wunim no da koro anaa nnanu pɛ ho asɛm saa, ɛnte saa? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wada no adi mpɛn pii sɛ wubetumi de wo ho ato no so. Saa ara na ɛsɛ sɛ nyamesom mu gyidi a ɛsɛ sɛ ɛma yenya anidaso ne awerɛhyem a egyina adanse a edi mu so no yɛ.

Gyidi Anaa Biribi a Enni Nnyinaso?

Nea wɔka sɛ ɛyɛ gyidi nnɛ no mu pii no yɛ gyidi a enni nnyinaso ankasa—krado a wɔyɛ sɛ wobegye biribi a enni nnyinaso a ɛfata anaa ntease nnim adi. Gyidi a enni nnyinaso taa gyina nkate ne gyidihunu so. Eyi nyɛ gyidi a ase atim ankasa efisɛ enni nnyinaso papa biara.

Gyidi a enni nnyinaso betumi ama obi asi gyinae a ɛne Bible mu nokware no nhyia ntɛm ara. Ne saa nti, Bible no de kɔkɔbɔ ma wɔ gyidi a enni nnyinaso ho sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.” (1 Tesalonikafo 5:21) Bible no nhyɛ gyidi a enni nnyinaso ho nkuran. Gyidi a egyina adanse so na ɛhyɛ ho nkuran.

Hu a yebetumi ahu nokware gyidi ne gyidi a enni nnyinaso ntam nsonsonoe no yɛ aniberesɛm. Obi betumi ayɛ nyamesomni nanso na onni nokware gyidi. Paulo kae sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Nanso nnipa bi wɔ gyidi a egyina Bible so, na ɛka wɔn asetra.

Nokware Gyidi Ka Nnipa Bata Onyankopɔn Ho

Yebetumi de gyidi atoto nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛka nneɛma toatoam te sɛ ahotoso ne awerɛhyem a ɛka onipa bata Onyankopɔn ho no ho. Nanso saa gyidi yi yɛ ade a wonya; ɛnyɛ biribi a wɔde wo. Wobɛyɛ dɛn atumi anya nokware gyidi? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Gyidi di nea wɔte no akyi. Na wɔnam Kristo ho asɛm no so na wɔte.”—Romafo 10:17, NW.

Enti, ehia sɛ wugye bere hu Onyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ. Ehia mmɔdenbɔ na woatumi anya saa nimdeɛ yi. (Mmebusɛm 2:1-9) Ɛsɛ sɛ woyere wo ho hu nea Bible no ka na ama woagye adi sɛ wubetumi de wo ho ato so.

Nanso, nokware gyidi nkyerɛ sɛ wubenya nimdeɛ kɛkɛ anaa wubegye biribi adi sɛ ɛyɛ nokware. Koma—ade a ɛkanyan onipa no—ho asɛm wom. Romafo 10:10 ka sɛ: ‘Koma na wɔde gye di.’ Dɛn na eyi kyerɛ? Bere a wudwen nneɛma pa ho na wokyerɛ ho anisɔ no, woma Bible mu asɛm no sian kɔ wo komam tɔnn. Wo gyidi nyin na ɛyɛ den bere a ɛkanyan wo ma woyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho biribi ne bere a wuhu adanse a ɛkyerɛ sɛ wahyira wo no.—2 Tesalonikafo 1:3.

Hwɛ sɛnea nokware gyidi yɛ ademude a ɛsom bo! Yenya so mfaso bere a yetumi de Onyankopɔn mu ahotoso gyina tebea a emu yɛ den ano, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetumi akyerɛ yɛn kwan na ɔpɛ sɛ obedi yɛn ahiade ho dwuma no. Afei nso, Onyankopɔn Ba Yesu Kristo twee adwene sii gyidi so mfaso biako a ɛtra hɔ kyɛ so: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Daa nkwa—akyɛde pa a wɔde bɛma wɔn a wɔwɔ gyidi bɛn ara ni!

Bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma n’asomfo akatua mu gyidi a yɛwɔ no ma yenya asetra ho adwene foforo. Hebrifo 11:6 ka sɛ nokware gyidi kyerɛ sɛ obi begye adi sɛ Onyankopɔn betumi ama ‘wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan denneennen’ no akatua. Enti, ɛda adi pefee sɛ gyidi nyɛ biribi a enni nnyinaso, na ɛkɔ akyiri sen sɛ obi begye adi kɛkɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛkyerɛ sɛ obi gye tom sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ ade sɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan denneennen no katuafo. So wufi wo komam ankasa pɛ sɛ wuhu Onyankopɔn? Sɛ woyɛ saa a, ɛnde hwehwɛ nokware nimdeɛ fi N’asɛm, Bible no mu, na wubenya wo gyidi so akatua.—Kolosefo 1:9, 10.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Albrecht Dürer/Dover Publications, Inc., na ɛyɛɛ mfonini no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena