Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 7/8 kr. 22-23
  • Hena Ne Ɔsomfo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Ɔsomfo?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsomfo Adwuma Foforo Bi
  • Bible no Adwene
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asomfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Kristofo Som Adwuma No Honhom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 7/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

Hena Ne Ɔsomfo?

ANADWOFA a na Yesu rebewu n’afɔrebɔ wu no, ne nnamfo paa nyaa akasakasa a emu yɛ den. Luka 22:24 ka sɛ: “Akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse.” Ná eyi nyɛ bere a edi kan a akasakasa aba Yesu asomafo no ntam. Anyɛ yiye koraa no, ná asi mprenu a na ɛsɛ sɛ Yesu teɛ wɔn adwene.

Hwɛ awerɛhow a na ɛyɛ sɛ saa anadwo no na ɛsɛ sɛ Yesu kae wɔn bio fa nea ɛsɛ sɛ Kristoni somfo yɛ ankasa no ho. Ɔkae sɛ: “Nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.”—Luka 22:26.

Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ na asomafo no wɔ dibea ne kɛseyɛ ho adwene a ɛmfata. Ansa na Yesu reba no, na kyerɛwfo ne Farisifo no na ɛyɛ nyamesom mu akanni ho nhwɛso titiriw. Sɛ́ anka atoro asomfo yi de honhom fam akwankyerɛ bɛma nkurɔfo no, wɔde atetesɛm ne mmara katee a ‘ɛto ɔsoro ahenni mu wɔ nnipa anim’ na edii dwuma. Ná wɔyɛ nnipa a wɔhwehwɛ dibea, ne kɛseyɛ, ahopɛfo a wɔyɛ wɔn nnwuma “sɛnea nnipa behu wɔn.”—Mateo 23:4, 5, 13.

Ɔsomfo Adwuma Foforo Bi

Nanso, Yesu kyerɛɛ n’asuafo no honhom fam ɔsom adwuma ho adwene foforo. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ: “Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. . . . Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo.” (Mateo 23:8-11) Enti na ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo no suasua nyamesom akannifo a na wɔwɔ wɔn bere so no. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ asomfo pa a, na ɛsɛ sɛ wosuasua Yesu. Nhwɛso bɛn na ogyaw maa wɔn?

Bible no taa de Hela asɛmfua di·aʹko·nos gyina hɔ ma “ɔsomfo.” The Encyclopedia of Religion kyerɛkyerɛ mu sɛ saa asɛmfua yi “nkyerɛ dibea na mmom abusuabɔ a ɛda ɔsomfo no ne nea ɔresom no no ntam: Kristo nhwɛso a Kristoni bedi akyi . . . ne ntease titiriw a ɔwɔ wɔ ɔsom adwuma no mu.”

Nea ɛne asɛmfua “ɔsomfo” asekyerɛ a ɛteɛ hyia no, Yesu de ne ho nyinaa mae de boaa afoforo. Ɔde ntoboaseɛ kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Yesu fi ayamye mu de ne bere, ne n’ahoɔden boaa afoforo wɔ honam fam ne honhom fam. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔwɔ ayamhyehye ma nkurɔfokuw a wɔahaw wɔ honhom mu a wɔbaa ne nkyɛn no. Na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Ɔdɔ na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ ne som adwuma no, na ɔpɛe sɛ n’asuafo yi saa ɔma su yi ara adi.—Mateo 9:36.

Yesu nam n’asetra so yɛɛ nhwɛso maa daakye asomfo. Ɔkae sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) Yiw, na ɛsɛ sɛ Kristo asomfo yɛ adwumayɛfo wɔ adwuma kɛse a wiase no ahu pɛn no mu—wɔde honhom fam awerɛkyekye bɛma nnipa nyinaa denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ so.—Mateo 28:19, 20.

Adwene a Kristo de sii ɔma so ne afoforo ahiade a odii ho dwuma no na ɛmaa sɛnea ɔsom afoforo no yɛɛ soronko koraa no. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asomfo sɛ wɔyɛ adwumayɛfo, honhom fam mpataayifo ne nguanhwɛfo na ɛnyɛ sɛ wobedi ahonhonsɛm na wɔayɛ nhomanimfo ahyɛ ntade soronko bi.—Mateo 4:19; 23:5; Yohane 21:15-17.

Bible no Adwene

Awerɛhosɛm ne sɛ mfehaha pii a atwam no, wɔakyinkyim adwene a ɛkorɔn a ɛne sɛ asomfo yɛ asɛmpakafo ne akyerɛkyerɛfo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre yi. Nea efii ase sɛ Kristofo som adwuma no dan bɛyɛɛ asɔfokuw ahyehyɛde. Wɔhyehyɛɛ ɔsom mu akuw ne dibea na wɔde anuonyam ne tumi memaa wɔn, na mpɛn pii no ɛma wonyaa ahode pii. Eyi de mpaapaemu bae. Wɔhyehyɛɛ asɔfokuw a na wɔn adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛyɛ asɔre mu adommenade na wɔde afotu ama wɔn a wɔafom. Mfehaha bi akyi no, afeha a edi kan Kristosom no sakra fii nyamesom pa a na obiara a wanya ntetee kakra tumi som nea ɔyɛ mmerɛw na ɛma ankorankoro hokwan ma wɔka asɛmpa na wɔkyerɛkyerɛ no ho.

Nanso, Bible no nka sɛ wɔde ntadehyɛ soronko bi, amanne pii, akatua, anaasɛ aban mmara na ebehu Kristoni somfo na mmom adwuma a pɛsɛmenkominya nnim. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ su a ɛsɛ sɛ Kristofo asomfo da no adi. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wodwen biribi atutupɛ so, na mmom wonnya ahobrɛase adwene.’—Filipifo 2:3.

Paulo de nea ɔkyerɛkyerɛe no bɔɔ ne bra. Esiane sɛ na odi Kristo nhwɛso akyi nti, ‘wanhwehwɛ nea eye ma ne nkutoo, na mmom nea eye ma pii, na wagye wɔn nkwa.’ Ɔtee ase na ɔtee nka kɛse sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ‘ɔbɛka asɛmpa no a ɔremfa akatua biara mmata ho’ bere a ɔkae sɛ: “Na mamfa hokwan a mewɔ no asɛmpa no ho no manyɛ biribi wɔ ɔkwammɔne so.” Ná ‘ɔnhwehwɛ nnipa anim anuonyam.’—1 Korintofo 9:16-18; 10:33; 1 Tesalonikafo 2:6 NW.

Nhwɛso pa a nokware Kristoni somfo yɛe bɛn ara ni! Wɔn a wosuasua ne nhwɛso pa yi na wodi Yesu Kristo nhwɛso a pɛsɛmenkominya nnim akyi, a wofi wɔn pɛ mu de honhom fam mmoa ne asɛmpa no ho awerɛkyekye ma afoforo no da wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn nokware asomfo.—1 Petro 2:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena