Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Atra Amannɔne Yiye?
“Bere a miduu wimhyɛn gyinabea hɔ no, nea na mepɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛsan akɔ fie! . . . Na minni akwantu ne nea mahu no ho anigye bio koraa. Sɛ mɛka no pen a, na m’ani agyina fie sen bere biara.”—Uta.
WOTE ehu nka bere a wo nkutoo woakɔtra amannɔne asase bi so no. Nanso sɛnea asɛm yi fa a edi kan daa no adi no, mmofra pii repaw sɛ wɔbɛkɔ akɔtra amannɔne kakra. Ebinom kosua nhoma anaasɛ wokogye ntetee titiriw bi. Ebinom nso pɛ sɛ wokosua kasa bi. Ebinom nso pɛ sɛ wonya sika. Nanso, afoforo nso atu rekɔsom wɔ amannɔne nsase a wohia Ahenni asɛnkafo so.
Sɛ wo honhom fam ahiade ne botae horow a wususuw ho ne ntease pa a enti worekɔtra amannɔne aa—dɛn na wubetumi ayɛ de ahu sɛ ɛhɔ asetra bɛyɛ yiye ama wo?
Si Wo Bo sɛ Wobɛyɛ Nsakrae
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae. Ɛno nkyerɛ sɛ wobɛpo Kristofo nnyinasosɛm ahorow anaasɛ wo honhom fam nhyehyɛe. Na mmom ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ wusua nnuan afoforo di, na wusua amammerɛ foforo, anaa wusua akwan foforo a wɔfa so yɛ nneɛma. Ebia saa amammerɛ foforo yi bɛyɛ soronko koraa wɔ ɔkwan a wofa so yɛ nneɛma wɔ wo man mu no ho. Nanso wubetumi de Yesu ahyɛde a ese “mummmu ntɛn” no adi dwuma yiye wɔ ha. (Mateo 7:1) Nokwarem no, abusua anaa amammerɛ biara nni hɔ a ebetumi aka sɛ ɛsen afoforo. (Asomafo no Nnwuma 17:26) Sɛnea ɛnsɛ sɛ mpanyimfo de wɔn mmerante bere toto sɛnea wɔte nnɛ ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mmofra a wɔwɔ amannɔne no de ɔman foforo toto wɔn man ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (Ɔsɛnkafo 7:10) Fa w’adwene si nneɛma pa a ɔman foforo yi ne wɔn amammerɛ betumi ama woanya no so. Bio nso, dodow a wusua ɔman no kasa ntɛm no, mpɛn dodow no ara na w’ani bɛka hɔ ntɛm.
Ɔsomafo Paulo tumi yɛɛ nsakrae ma ɛne amammerɛ horow hyiae wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu efisɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛyɛ ‘ade nyinaa ama nnipa nyinaa.’ (1 Korintofo 9:22) Esu a ɛte saa betumi aboa wo ma woayɛ nsakrae. Adrianne yɛ abeawa a watu akɔtra abusua bi nkyɛn wɔ Germany, a ɔyɛ ofie nnwuma ma wɔn de nya aduan ne dabere. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ meyɛ fakaa paa efisɛ mintumi nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ ade ma ɛne nea mepɛ ahyia.”
‘M’ani Agyina Fie!’
Adapɛn kakra a edi kan no, ɛtaa ba sɛ wobɛte awerɛhow ne anigyina nka. Bible no kyerɛ sɛ na Yakob ‘ani agyina n’agya fi denneennen,’ ɛwom sɛ na Yakob akɔtra ananafo asase so bɛboro mfirihyia 20 mpo de! (Genesis 31:30) Enti sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ wusu a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa. Nokwarem no, sɛ wokɔ so dwen nea woagyaw no wo man mu no ho a, wobɛte awerɛhow nka kɛse. (Numeri 11:4, 5) Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so adi ankonamyɛ no so ne sɛ wobɛbɔ mmɔden ama nhyehyɛe ne asetra foforo no akokwaw wo. Ɛyɛ papa sɛ wokyerɛw w’abusuafo anaa wo ne wɔn bɛkasa telefon so de, nanso kasa a wo ne wɔn bɛkasa pii no remma wuntumi nyɛ nsakrae a ɛbɛma woatumi atra ɔman foforo no mu.
Kristofo mmofra binom hu sɛ wɔn honhom fam nhyehyɛe a wobedi akyi no ne ankonamyɛ ano aduru a ɛsen biara. (Filipifo 3:16) Amber kae adapɛn a edi kan wɔ n’amannɔne akwantu no mu sɛ: “Sɛ edu anwummere na minni biribi yɛ a, na ɛyɛ den ma me, enti mebɔɔ mmɔden sɛ mesua ade anaa mɛkenkan nhoma.” Abeawa Rachel ka ne suahu de afotu ma sɛ: “Fa wo ho bɔ asafo no ntɛm. Fi ase kɔ asafo nhyiam ntɛm ara.” Ebia mfitiase no, wubehia mmoa na woatumi akɔ nhyiam. Nanso wɔ Kristofo asafo no mu no, wubenya nnamfo pa a wobetumi ayɛ sɛ “nuabarimanom, nuabeanom ne ɛnanom” ama wo.—Marko 10:29, 30.
Kristofo asɛnka adwuma a wode wo ho bɛhyem no nso yɛ honhom fam nhyehyɛe pa no fã a ɛho hia. Asɛnka adwuma no bɛma woanya honhom fam mfaso na aboa wo nso ma woahu amammerɛ ne kasa foforo.
Awiei koraa no, bɔ mpae na yɛ kokoam adesua daa. Ɛho hia na ama woayɛ den wɔ honhom mu. (Romafo 12:12; 1 Timoteo 4:15) Esiane eyi nti, Adrianne a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hwɛ hui sɛ wafa nhoma a wɔde sua Bible a ɛwɔ ne kasa mu aka ne ho.
Bere a Wote Abusua Bi Nkyɛn
Kristofo mmofra binom a wɔkɔ amannɔne no ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔne mmusua a wɔyɛ agyidifo bɛtra. Ɛwom sɛ wuntumi nhwɛ kwan sɛ abusua a woakɔtra wɔn nkyɛn no bɛyɛ awofo nnwuma ama wo de, nanso wobetumi ne wo anya fekubɔ pa na wɔahyɛ wo nkuran wɔ honhom fam.—Mmebusɛm 27:17.
Enti, nkitaho a wo ne abusua no bedi no ho hia na ama moanya abusuabɔ pa. (Mmebusɛm 15:22; 20:5; 25:11) Amber ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya nea wobɛyɛ no ho adwene. Ehia sɛ wuhu nea abusua no hwehwɛ fi wo hɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔn nso hu nea worehwehwɛ afi wɔn hɔ.” Hu abusua no fie mmara ahorow ne nea wɔhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ ofie nnwuma akodu. Ɛsɛ sɛ mususuw saa nsɛm no ho yiye.
Sɛ́ nhwɛso no, sɛ woreyɛ adwuma ama abusua a ɛsono wɔn gyidi a, wo tebea no bɛyɛ den kɛse. Esiane sɛ ebia abusua no rente Bible nnyinasosɛm a wode tra ase no ase nti, wubehu sɛ wowɔ tebea a ɛbɛma woagyae wo mudi mu kura mu. (Mmebusɛm 13:20) Ofie nnwuma a wɔbɛhyɛ wo sɛ yɛ no betumi atwitware honhom fam asɛyɛde ahorow te sɛ Kristofo nhyiamkɔ mu mpo. Enti sɛ tebea a wuntumi nkwati hyɛ wo ma wo ne abusua a ɛsono wɔn gyidi kɔtra a, ɛnde na ahwɛyiye ho hia pii.
Britaniani Rachel hyɛ nyansa sɛ: “Ma wonhu sɛ woyɛ Kristoni. Ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn pefee ntɛm.” Sɛ wokyerɛkyerɛ wo nyamesom ne w’abrabɔ gyinapɛn mu kyerɛ wɔn a, ɛbɛbɔ wo ho ban. Bio nso, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo nhyiam ne asɛnkakɔ ho hia wo no mu kyerɛ w’adwumawura. Awiei koraa no, nyansa wom sɛ wobɛkyerɛw nsɛm a ɛho hia te sɛ nnɔnhwerew a wode bɛyɛ adwuma, bere a wobɛpɔn, ne ho akatua ato hɔ ansa na woafi ase. Eyi betumi asiw abasamtu a ɛbɛba akyiri no ano.
Sɛnea Wubedi Nsɛnnennen Ho Dwuma
Wɔ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, ɔhaw betumi asɔre. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wo fiewura no ka sɛ tu fi fie hɔ nso ɛ? Eyi betumi ayɛ ɔhaw kɛse. Sɛ akasakasa bi ba a, bɔ mmɔden sɛ wo ne ofiewura no bɛka ho asɛm wɔ odwo ne ntease mu. (Mmebusɛm 15:1) Fi w’akoma mu gye mfomso biara a woayɛ tom. Ebia wɔbɛsesa wɔn adwene. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wokɔhwehwɛ dabere foforo.
Ebia ɔhaw afoforo bɛhwehwɛ sɛ wosrɛ obi ma ɔboa wo. Sɛ́ nhwɛso no, ebia na wunni sika anaasɛ woyare. Esiane sɛ wusuro sɛ w’awofo bɛba abɛfa wo akɔ fie nti, ebia worempɛ sɛ wobɛma wɔate nea ɛrekɔ so no. Eyi akyi no, ebia na wɔwɔ akyirikyiri a wontumi nhu sɛnea wobedi tebea a ɛte saa ho dwuma wɔ amannɔne asase so. Nanso ebia na asafo no mu mpanyimfo nim sɛnea wodi saa haw ahorow yi ho dwuma na wobetumi de afotu a mfaso wɔ so bi ama wo. Wɔbɛboa wo ma woatumi asi gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ w’awofo te asɛm no anaasɛ ɛnsɛ sɛ wɔte.
Bere a Woresan Akɔ Fie
Nsɛnnennen a wubehyia nyinaa akyi no, amannɔne asetra betumi ayɛ suahu a mfaso wɔ so, titiriw bere a ɛyɛ honhom fam nneɛma nti na wokɔe no. Nokwarem no, ebia bere bi bɛba a ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo man mu. Andreas ka sɛ: “Mekae anigyesɛm pii—me werɛ fii nea ɛyɛ awerɛhow no ntɛm—na na ɛyɛ den kɛse sɛ mefi hɔ.” Nanso, ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wo nnamfo ne abusuafo a wɔwɔ fie no bɛsakra sɛnea wɔyɛ nneɛma mprempren no prɛko pɛ afa su foforo a woakosua afi amannɔne aba no. Bio nso ɛnsɛ sɛ bere nyinaa woka sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔ baabi foforo ho asɛm de hyɛ wɔn abufuw. Nokwarem no, wobɛpɛ sɛ woka wo suahu no kyerɛ obiara, nanso sɛ wɔn nyinaa ani nnye ho a, mma w’abam mmmu.
Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wubu gyinae a wubesi sɛ wobɛkɔ akɔtra amannɔne kakra no aniberesɛm. Sɛ wo ne w’awofo susuw asɛm no ho wie na wusi gyinae sɛ ntease pa bi nti wobɛkɔ a, siesie wo ho sɛ wubegyina ɔhaw horow a wubehyia no ano. Te sɛ gyinae kɛse biara a wubesi no asetram no, nyansa wom sɛ wususuw ɔhaw a ebefi mu aba no ho kan.—Luka 14:28-30.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Ɛsɛ sɛ Mekɔtra Amannɔne?” a ɛbaa July 8, 2000 de no mu no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]
Nyansahyɛ a Ɛbɛbɔ Wo Ho Ban
● Fa wo passport, wo sika, ne wo tekiti sie baabi pa.
● Yɛ wo passport ne ɔman no mu asetra ho tumi krataa, wo tekiti ne nkrataa foforo a ɛho hia no photocopy. Fa bi sie wo ho na fa bi mena w’awofo anaasɛ wo nnamfo wɔ fie.
● Ma w’awofo ne nnamfo a wɔwɔ fie ne abusua a wote wɔn nkyɛn no telefon nɔma nhyɛ wo ho bere nyinaa.
● Da abrabɔ pa adi wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, sɛ́ ɛyɛ abusua a wote wɔn nkyɛn, sukuu mu, adwuma mu, anaa mmeae afoforo no.
● Anyɛ yiye koraa no, sua ɔman a woakɔtra so no kasa mu nsɛmfua ne nsɛm atitiriw bi.
● Kɔ ayaresabea kɔhwɛ sɛnea w’apɔwmuden te ansa na woakɔ. Hwɛ sɛ wubenya nnuru a ɛho hia no nyinaa.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Sɛ akasakasa ba wo ne abusua a wote wɔn nkyɛn no ntam a, ka ho asɛm odwo mu