Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 3/8 kr. 18-20
  • Mfomso Bɛn na Ɛwom Sɛ Mewia Me Ho Apue?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfomso Bɛn na Ɛwom Sɛ Mewia Me Ho Apue?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Wia Wɔn Ho Pue
  • Asiane a Ɛwom
  • Ɔhaw a Efi Mu Ba
  • Sɛnea Wubenya Ahofadi Pii
  • ‘Wo ne Wɔn Mmmɔ’
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Mitie M’awofo?
    Nyan!—1995
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?
    Nyan!—1992
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn Nti na Mmofra Foforo Gye Wɔn Ani Pii Saa?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 3/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mfomso Bɛn na Ɛwom Sɛ Mewia Me Ho Apue?

“Na yewia yɛn ho pue ɔdasum ne yɛn nnamfo kɔ adidibea. Na yekogyina nkoko bi nso ho hwɛ sɛnea ɛte. Na mmofra no nyinaa nom sigaret, nanso na mennom bi. Na yɛtra ase bɔ nkɔmmɔ pii tie nnwom a ano yɛ den. Na yɛsan kɔ fie anɔpa 5:00 ansa na m’awofo asɔre.”—Tara.a

“Sɛ me papa kɔ adwuma na me maame nso da a, na miwia me ho fa ɔpon ano pue. Na migyaw ɔpon no hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte sɛ mereto mu—na ɛyɛ dade pon. Na me ne me nnamfo tra abɔnten bɔ nkɔmmɔ anadwo mu no nyinaa. Na mesan wia me ho kɔ fie bere a anim retetew no. Ɛtɔ da a, na ohu sɛ mapue ma enti ɔto me pon mu.”—Joseph.

WIA A OBI WIA NE HO PUE—ɛte sɛ nea ɛyɛ anigye ne anika. Ɛntaa nsi sɛ w’ankasa wubenya hokwan de adi wo ho so nnɔnhwerew kakraa bi mu, ayɛ nea wopɛ na wo ne obiara a wopɛ abɔ a obiara nka ho asɛm. Nanso, ebia woate sɛnea wo nnamfo keka nea wɔyɛ ne sɛnea wɔn ani gye bere a wowia wɔn ho pue anadwo no ho nsɛm. Enti, ebetumi ama wo kɔn adɔ sɛ wobɛkɔ akɔka wɔn ho.

Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mfiase ne ntoaso sukuu a ɛwɔ Amerika Atifi fam mu no, sukuufo 110 no mu 55 na wogye toom sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔawia wɔn ho apue pɛn. Wɔn mu pii yɛɛ saa nea edi kan bere a na wɔadi mfe 14. Adeyɛ a ɛte saa adɔɔso araa ma animdefo bi ka sɛ ɛsɛ sɛ awofo yɛ biribi wɔ wɔn fie a sɛ mmofra no repue a ɛbɛyɛ dede. Dɛn nti na mmerante ne mmabaa pii wia wɔn ho pue bere a wonim sɛ ɛbɛhaw wɔn awofo?

Nea Enti a Ebinom Wia Wɔn Ho Pue

Nea enti a ɛtɔ da a, mmerante ne mmabaa wia wɔn ho pue ne sɛ ɛyɛ a na wɔn ani nka na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn nnamfo kogye wɔn ani. Adolescents and Youth nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ nea enti a ebia mmerante ne mmabaa wia wɔn ho pue no fi “anohyeto te sɛ bere a ɛsɛ sɛ wodu fie, anaasɛ ma a wɔmma wɔn kwan ne wɔn nnamfo nkogye wɔn ani. Mmerante ne mmabaa no pue kɔ baabiara a wɔpɛ na ɛtɔ da a, wotumi san ba fie a wɔn awofo nhu wɔn.” Abeawa bi a wadi mfe 16 kyerɛkyerɛ nea enti a owia ne ho pue no mu. Ɔka sɛ: “Mete nka sɛ nea meyɛ abofra a m’ankasa mintumi nyɛ nea mepɛ. Ɛsɛ sɛ midu fie ntɛm bere a ɛnte saa wɔ afoforo fam. Na m’awofo mma menkɔ mmeae ahorow a me nnamfo tumi kɔ no . . . Enti mekɔ baabiara a mepɛ na midi atoro.” Joseph, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, fii ase wiaa ne ho puei bere a na wadi mfe 14, na na ɔkɔ kɔnsɛt a wɔbɔ kasahare nnwom wɔ ase bere a na n’awofo ani nnye ho.

Nokwarem no, mmerante ne mmabaa binom pue a wonkura adwemmɔne biara. Tara, abeawa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no kae sɛ: “Ɛnyɛ adwene a yɛde pue ne sɛ ‘yɛrekɔyɛ bɔne bi.’ Na mepɛ sɛ me ne me nuabea a ɔne ne nnamfo pue no fi adi kɛkɛ.” Joseph kae sɛ: “Na yepue kɛkɛ. Na mepɛ sɛ me ne me nnamfo bɔ nkɔmmɔ kɛkɛ.” Ɛwom sɛ pue a obi ne ne nnamfo bepue no ntaa nkowie bɔne kɛse mu de, nanso ɛde mmerante ne mmabaa pii to asiane kɛse mu.

Asiane a Ɛwom

Adwenemyare ho Duruyɛfo Lynn E. Ponton ka sɛ: “Mmerante ne mmabaa taa de wɔn ho to asiane mu.” Oduruyɛfo Ponton kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ne kwan so na ebetumi afata nso sɛ mmerante ne mmabaa bɛhwehwɛ ahofadi, ayɛ nneɛma foforo, na wɔakɔ mmeae afoforo a ɛyɛ anigye. Su a ɛte saa da adi bere a obi renyin no. Nanso, mmerante ne mmabaa bebree de wɔn ho to asiane mu a ntease biara nnim—ɛnkanka bere a wɔwɔ baabi a wɔn awofo nhu wɔn no. Teen nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Atipɛnfo nhyɛso, anihaw, ahopere ne ebia nsanom . . . betumi ama mmerante ne mmabaa afa ɔkwan a enye so—na ɛde wɔn nkwa ato asiane mu.” Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ asiane a mmerante ne mmabaa bu wɔn ani gu so ne kar a wɔde tu mmirika, nkurɔfo agyapade a wɔsɛe no, ne nsa a wɔnom de ka kar.

Sɛ wunya sen w’aso a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛde wo bɛkɔ ɔhaw kɛse mu. Ɛno ara na Yesu kae wɔ Luka 16:10 no: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ pue a obi ne ne nnamfo wia wɔn ho pue no kowie bɔne kɛse mu. Tara bɔɔ aguaman. Joseph fii ase tɔn nnubɔne na wɔkyeree no de no kɔtoo afiase. Kristoni aberantewaa bi a wɔfrɛ no John fii ase nom nnubɔne na owiawiaa kar. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmerante ne mmabaa pii twa suban a ɛte saa so aba—nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, yare a wonya fi nna mu, anaa nsa ne nnubɔne a ne nom ka wɔn hɔ.—Galatifo 6:7, 8.

Ɔhaw a Efi Mu Ba

Nea ɛkyɛn nipaduam ɔhaw nso ne adwennwen a ebetumi abɛtɔ wo so no. Obi ahonim a ɛhaw no no betumi ayɛ ne so adesoa kɛse. (Dwom 38:3, 4) Joseph ka sɛ: “Wɔka asɛm bi sɛ, sɛ wukura biribi a ɛsom bo a, wunhu gye sɛ efi wo nsa ansa. Sɛ ɛtɔ da na mekae nea mayɛ a, mintumi nhu nea enti a meyɛɛ saa.”

Nea ɛnsɛ sɛ wubu ani gu so nso ne wo din a ebetumi asɛe. Ɔsɛnkafo 10:1 ka sɛ: “Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam.” Tete no, na biribi ketewaa bi te sɛ nwansena funu tumi sɛe srade anaa aduhuam. Saa ara nso na “nkwaseasɛm kakra” bi betumi ama din pa a wode bere tenten anya no asɛe. Na sɛ woyɛ Kristoni a, akyinnye biara nni ho sɛ subammɔne a ɛte saa no remma wunnya asafo mu hokwan ahorow bi. Asɛm no ne sɛ, wobɛyɛ dɛn ahyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa Bible mu afotu nni dwuma bere a wonim sɛ w’ankasa wonyɛ saa no?—Romafo 2:1-3.

Awiei koraa no, susuw sɛnea ɛbɛhaw w’awofo bere a wohu sɛ wunni fie hɔ no ho hwɛ. Ɔwofo bi ka sɛnea ɛhaw no kɛse bere a ohui sɛ ne babea a wadi mfe 15 no nni fie no. Ɔka sɛ ɔne ne kunu ‘dii awerɛhow kɛse’ esiane sɛ na wonnim baabi a wɔn babea no afa nti. So wopɛ sɛ w’awofo di awerɛhow na wɔhaw saa?—Mmebusɛm 10:1.

Sɛnea Wubenya Ahofadi Pii

Ɛyɛ nokware sɛ sɛ w’awofo yɛ katee dodo a, ebetumi ahaw wo. Nanso, so wia a wubewia wo ho apue ne asɛm no? Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛkyere wo da koro. Sɛ w’ani atew sɛ dɛn ara na w’awofo anhu wo mpo a, Yehowa Nyankopɔn hu wo nneyɛe no, nea woyɛ no sum ase mpo. (Hiob 34:21) Enti ɛyɛ dɛn ara a, wɔbɛkyere wo da bi, na ɛno bɛma ahotoso a w’awofo wɔ wɔ wo mu no asɛe. Ɛbɛkɔ akowie dɛn? Wo nsa rentumi nka nea worehwehwɛ ankasa no—ahofadi!

Kae: Sɛ wopɛ ahofadi a, ɛsɛ sɛ woma w’awofo nya wo mu ahotoso. Na ɔkwampa a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wubetie nea wɔka. (Efesofo 6:1-3) Sɛ ɛyɛ wo sɛ w’awofo reyɛ nneɛma bi a wonte ase a, fi wo pɛ mu ne wɔn nkasa—wɔ obu mu. Ebetumi aba ampa sɛ wɔbɛte nea woka no ase. Ɛbɛma woahu nea enti nso a ɛfata sɛ wɔma wo anohyeto kakra. Sɛ wonte wɔn ase mpo a, kae sɛ wɔdɔ wo na wodwen wo ho. Ma wɔnkɔ so nnya wo mu ahotoso, na wɔ bere a ɛsɛ mu no, wo nsa bɛka ahofadi a wopɛ no.b

‘Wo ne Wɔn Mmmɔ’

Tete no, na afoforo hyɛ mmofra a wosuro Onyankopɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa wɔn kwammɔne no so bi. Enti Salomo tu mmerante ne mmabaa fo sɛ: “Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene! . . . Wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so.” (Mmebusɛm 1:10, 15) Sɛ wo nnamfo daadaa wo sɛ wo ne wɔn nwia mo ho mpue a, kae saa afotu no. Salomo san bɔ kɔkɔ bio sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”—Mmebusɛm 22:3.

Sɛ wuwiawia wo ho pue a, gyae! Wobɛhaw wo ho awiei koraa. Ka nea woreyɛ no ho asɛm kyerɛ w’awofo na yɛ krado sɛ wubegye asotwe anaa nteɛso biara a wɔde bɛma wo atom. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, paw nnamfo foforo—nnamfo a wobenya wo so nkɛntɛnso pa. (Mmebusɛm 13:20) Hwehwɛ anigyede a ɛfata na asiane biara nnim.

Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ mmɔden sɛ wubenya honhom fam nkɔso denam Bible a wobɛkenkan ne Kristofo nhyiam a wobɛkɔ so. Odwontofo no bisae sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho?” Obua sɛ: “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” (Dwom 119:9) Bere a wugu so nya nea ɛteɛ ho adwempa no, wubehu sɛ wia a wubewia wo ho apue no betumi ayɛ anika ne anigye de, nanso asiane kɛse wom.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛasesa din ahorow no.

b Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea wubetumi anya ahofadi pii no, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no ti 3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

“M’awofo mma menkɔ mmeae ahorow a me nnamfo tumi kɔ no . . . enti mekɔ baabiara a mepɛ na midi atoro”

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Wia a nkurɔfo wia wɔn ho pue no taa kowie asiane kɛse mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena