Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Kristofo Nhyiam?
“NA MEKƆ asɔre, nanso menkɔ bio.” “Misusuw sɛ wubetumi asom Onyankopɔn wɔ baabiara, ɛnyɛ asɔredan mu nkutoo.” “Migye Onyankopɔn ne Bible no di, nanso minnye nni sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ asɔre.” So woate nsɛm a ɛte saa pɛn? Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔka nsɛm a ɛtete saa, titiriw wɔ Atɔe fam nsase so. Nkurɔfo a bere bi na anka wɔkɔ asɔre no susuw sɛ ɛho nhia bio. Dɛn na Bible ka wɔ asɔrekɔ ho?
Asɛmfua “asɔre” no pue bɛboro mpɛn 110 wɔ King James Version no mu. Nkyerɛase afoforo nso de saa asɛmfua no di dwuma. Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “asɔre” kyerɛ ankasa ne sɛ “wɔto nsa frɛ nkurɔfo,” anaasɛ wɔbɛboaboa nnipa bi ano. Sɛ nhwɛso no, King James Version no ka wɔ Asomafo no Nnwuma 7:38 sɛ na Mose wɔ “asɔre no mu wɔ sare so,” kyerɛ sɛ, na ɔka Israel man a wɔahyiam no ho. Wɔ nhwɛso foforo mu no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ‘wɔde ɔtaa kɛse baa asɔre no so,’ a na ɛreka Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 8:1, The Jerusalem Bible) Wɔ Paulo nhoma no biako mu no, okyiaa “asɔre a ɛwɔ [Filemon] fie no,” kurom hɔ asafo a na wohyiam wɔ fie hɔ no.—Filemon 2, Revised Standard Version.
Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea wɔde asɛm “asɔre” di dwuma wɔ Bible mu no nkyerɛ beae a wɔsom, na mmom asomfo kuw. Bere a Clement a ofi Alexandria, afeha a ɛto so abien ɔsom ho kyerɛkyerɛfo, reka eyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ beae no, na mmom wɔn a wɔapaw wɔn no na mefrɛ wɔn Asɔre.” Yɛda so ara bisa sɛ, so ɛsɛ sɛ Kristofo hyiam wɔ beae anaa ɔdan pɔtee bi mu na ama wɔn som asɔ Onyankopɔn ani?
Ɔsom a na Wɔde Ma Wɔ Israel Man Mu
Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Yudafo mmarima nyinaa behyiam wɔ beae pɔtee bi mprɛnsa afe biara adi afahyɛ. Ná mmea ne mmofra pii nso kɔ bi. (Deuteronomium 16:16; Luka 2:41-44) Ɛtɔ da a, na asɔfo ne Lewifo kyerɛkyerɛ nnipadɔm a wɔahyia no, kenkan Onyankopɔn Mmara kyerɛ wɔn. Ná ‘wɔkenkan no fann, kyerɛ ase ma wɔte nea wɔakenkan no ase.’ (Nehemia 8:8) Ɛdefa Homeda mfe ho no, Onyankopɔn kyerɛe sɛ: “Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.”—Deuteronomium 31:12.
Ná asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem hɔ nkutoo na obi betumi abɔ afɔre ama Onyankopɔn na wagye nkyerɛkyerɛ afi asɔfo no hɔ. (Deuteronomium 12:5-7; 2 Beresosɛm 7:12) Bere kɔɔ so no, wosisii mmeae foforo a wɔsom wɔ Israel—hyiadan ahorow. Ná eyi ne mmeae a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no bɔ mpae. Nanso, na Yerusalem asɔrefie hɔ ne ɔsom bea titiriw. Bible kyerɛwfo Luka de ho amanneɛ mae. Ɔka aberewa bi a na wɔfrɛ no Hana a “na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee” ho asɛm. (Luka 2:36, 37) Ná Hana asetra mu ade titiriw ne sɛ ɔne gyidifo foforo bɛbom asom. Yudafo afoforo a na wosuro Nyankopɔn nso yɛɛ ade koro no ara.
Nokware Som Wɔ Kristo Wu Akyi
Wɔ Yesu wu akyi no, n’akyidifo no ankɔ so anni Mose Mmara no so bio, na saa ara na na wɔnhwehwɛ sɛ wɔbɛsom wɔ asɔrefie hɔ. (Galatifo 3:23-25) Nanso, na wɔkɔ so hyiam bɔ mpae sua Onyankopɔn Asɛm. Ná wonni adan akɛse, mmom no, na wohyiam wɔ nkurɔfo afie ne mmeae foforo. (Asomafo no Nnwuma 2:1, 2; 12:12; 19:9; Romafo 16:4, 5) Ná afeha a edi kan Kristofo no nyɛ amanne ne ɔsom pɔtee bi wɔ wɔn nhyiam ahorow ase, na na wɔnyɛ biribiara a ɛkyere so.
Ɛmfa ho sɛ na wobu ahohwibra ankasa wɔ Roma Ahemman no mu no, na Bible nnyinasosɛm a wɔkyerɛkyerɛ wɔ nhyiam a ɛte saa ase no da nsow koraa. Enti na ebinom a wonnye nni a wɔkɔ wɔn nhyiam ase bere a edi kan no ka no pen sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (1 Korintofo 14:24, 25) Yiw, na Onyankopɔn wɔ wɔn mu ampa. “Ɛnna asafo [“asɔre,” RS, JB] horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.”—Asomafo no Nnwuma 16:5.
So na Kristoni a ɔwɔ hɔ saa bere no betumi anya Onyankopɔn anim dom sɛ ɔbɛsom wɔ abosonnan mu anaasɛ ne nkutoo bɛtew ne ho asom? Bible de eyi ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ma yɛn: Ná ɛsɛ sɛ asomfo a wogye wɔn tom yɛ nokware asɔre anaa asafo, nokware asomfo a wɔyɛ “nipadua biako.” Ná eyinom ne Yesu asuafo a wɔfrɛ wɔn Kristofo no.—Efesofo 4:4, 5; Asomafo no Nnwuma 11:26.
Ɛnnɛ Nso Ɛ?
Sɛ́ anka Bible no bɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsom wɔ asɔredan bi mu no, ɛma yehu sɛ yɛne asɔre no, “Onyankopɔn teasefo asafo,” nkurɔfo a ‘wɔsom honhom ne nokware mu,’ no mmom nsom. (1 Timoteo 3:15; Yohane 4:24) Ɛsɛ sɛ nhyiam horow a yɛde som a ɛsɔ Onyankopɔn ani no kyerɛkyerɛ nkurɔfo “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa.” (2 Petro 3:11) Ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn a wɔwɔ hɔ no ma wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a wobetumi ‘ahu papa ne bɔne.’—Hebrifo 5:14.
Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi afeha a edi kan no mu Kristofo nhwɛso akyi. Asafo ahorow bɛboro 91,400 a ɛwɔ wiase nyinaa no hyiam daa sua Bible hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na wɔyɛ saa wɔ Ahenni Asa so, nkurɔfo afie, ne mmeae foforo. Eyi ne ɔsomafo Paulo nsɛm yi hyia sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.”—Hebrifo 10:24, 25.