Sɛnea Nnɛyi Akodi Te
WƆDE ahoɔhare asi aguanfo atrae a wɔde bɛhwɛ aguanfo 1,548 a wofi Afrika man a ɛbɛn hɔ mu aba mpofirim no. Ntamadan ahorow a ebi yɛ bruu na ebi nso yɛ akokɔsrade ayɛ mmɛfuw a awora wom no mu ma. Anyinam nkanea anaa mpa nni hɔ, na nsu a wobu anaa tiafi nso nni hɔ. Ná ɛyɛ osutɔbere. Aguanfo no de mmaa twitwaa aka na amma nsu anyiri amfa atrae a wɔde ntamadan ayɛ no. Nnwumakuw abien a wɔde mmoa ma bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma ɛhɔ asetra no atu mpɔn.
Mfiase no, aguanfo no hwehwɛe sɛ wɔbɛforo hyɛn dedaw bi aguan afi ɔmanko a akɔ so mfe pii wɔ wɔn man mu no ano. Ɛnyɛ kar a akode ahyɛ no ma anaa wim akohyɛn akɛse na wɔde dii ako no. Efii ase bere a asraafo bɛyɛ 150 a wokura atuo de abufuw hyɛnee ɔman no mu no. Mfe a edi hɔ no, asraafo no tow hyɛɛ akuraa biara so, gyegyee tow fii ɔmanfo no hɔ, pɛɛ asraafo bebree, na wokum obiara a ɔsɔre tiaa wɔn no. Awiei koraa no, wogyee ɔman no nyinaa fae.
Ná ababaa bi a wɔfrɛ no Esther yɛ aguanfo a wɔwɔ atrae hɔ no mu biako. Ɔkae sɛ: “Me kunu a owui wɔ ɔko yi mu no yɛ awerɛhosɛm a ɛsen biara a ato me pɛn. Wɔtow no tuo. Na obiara abɔ hu. Sɛ wote sɛ obi reteɛm a, nea wususuw ara ne sɛ obi rebekum wo. Bere biara a wubehu sɛ obi kura tuo no, wususuw sɛ ɔrebekum wo. Me ho antɔ me da. Ɛha nkutoo na mitumi da anadwo. Bere a na mewɔ me kurom no, na mintumi nna. Ɛha de, meda te sɛ abofra.”
Nyan! kyerɛwfo no bisae sɛ: “Wɔ ntamadan a emu afɔw yi mpo mu?”
Esther serewee. “Sɛ ɛsɛ sɛ meda atɛkyɛ yi mu mpo a, mɛda asen baabi a mifi bae no.”
Ambrose, a wadi mfe du no, ne n’abusua guan fii ɔko no ano kodii atrae hɔ ne nkwa nna dodow no ara. Ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ asomdwoe ba na mesan kɔ sukuu. Anyɛ yiye koraa no, merenyin.”
Kpana, a wadi mfe akron no aniwa yɛ nnodowee fɛfɛɛfɛ. Bere a wobisaa no sɛ dɛn ade na ɔkae paa no, obuae ntɛm ara sɛ: “Ɔko! Ntɔkwaw!”
Akodi a ɛmaa saa nnipa yi guanee no abu so nnansa yi. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, akodi akɛse 49 a asisi fi 1990 mu no mu 46 na wɔde akode a emu yɛ duru dii. Nea ɛnte sɛ afoa ne peaw a egye ahokokwaw ne ahoɔden ansa na wɔde adi dwuma yiye wɔ ɔko mu no, akode nketewa ama akodi ayɛ mmerɛw ama wɔn a wɔyɛ abɛɛfo wɔ akodi mu ne wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma no nyinaa.a Mpɛn pii no, wɔkyere mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so hyɛ wɔn ma wowia ade, pirapira nkurɔfo, kunkum nnipa.
Akodi yi mu pii nkɔ so wɔ aman ntam, mmom ɔman biako mu nnipa na wotwa wɔn ho ko. Ɛnyɛ asraafo a wɔwɔ akodi ho ntetee na wodi ako a ɛte saa, na mmom, mpɛn pii no, ɔmanfo a wɔwɔ kuropɔn, nkurow, ne nkuraa ase na wɔko. Esiane sɛ wɔn a wonni sraadi mu ntetee biara na wɔtaa ko ɔko a ɛte saa nti, ɛyɛ a wɔtaa bu wɔn ani gu akodi ho mmara so. Enti, wɔtaa tow hyɛ mmarima, mmea, ne mmofra a wonkura akode so. Wɔka sɛ wɔ ɛnnɛ akodi mu no, wɔn a wokum wɔn no ɔha mu 90 yɛ ɔmanfo. Wɔ akodi a ɛte saa mu no, wɔde akode nketewa ne nea emu yɛ duru nyinaa di dwuma kɛse.
Nokwarem no, ɛnyɛ tuo a wɔayɛ nti na akodi wɔ hɔ—nnipa dii ako bere tenten ansa na wɔreyɛ atuduru. Nanso, atuo pii a wɔyɛ no hyɛ akodi ho nkuran, ɛnhyɛ biakoyɛ ho nkuran. Akode betumi ama ɔko bi atra hɔ akyɛ na ama wɔakunkum nnipa pii.
Ɛwom sɛ akode a wɔde di dwuma wɔ nnɛyi akodi mu no nyɛ akɛse de, nanso ɛde ɔhaw akɛse na aba. Wɔ 1990 mfe no mu no, wɔde akode a ɛte saa no kunkum nnipa bɛboro ɔpepem anan. Afoforo bɛboro ɔpepem 40 na wɔadan aguanfo anaa wonni baabi te. Akode nketewa asɛe aman a ɔko si mu no amammuisɛm, asetra, sikasɛm, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia. Ama amanaman no abɔ ka dɔla ɔpepepem pii wɔ mmoa ho nhyehyɛe a egye ntɛmpɛ, aguanfo a wɔbɛhwɛ wɔn, asomdwoe a ɛsɛ sɛ wɔma ɛba, ne asraafo ho a wɔde gye nsɛm mu no ho.
Dɛn nti na akode nketewa di dwuma kɛse wɔ nnɛyi akodi mu saa? Ɛhe na wonya fi? Dɛn na yebetumi ayɛ de atew nnipakum a ɛde ba no so anaasɛ wɔama agyae? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Asɛm “akode nketewa” no kyerɛ atuo a wotumi kura—akode a onipa biako betumi akura; asɛm “akode a emu yɛ duru” no kyerɛ atufiri, nnadetuo, ne aprɛm, a ɛtɔ da a, ɛhwehwɛ sɛ nnipa baanu kura no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]
UN PHOTO 186797/J. Isaac