Wo Ti Nhwi A Wubehu Sɛnea Ɛte Yiye
NHOMA bi ka sɛ: “Wɔ bere ne amammerɛ biara mu no, ti nhwi kyerɛ nipa ko a obi yɛ.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ti nhwi yiye na wɔadi no ni.
Nyan! bisabisaa nnipa baanan a wɔn ho akokwaw wɔ tiyɛ mu nsɛm faa sɛnea nhwi no te ne ɔkwan a wɔfa so hwɛ no yiye ho. Sɛnea ɛdaa adi no, nneɛma pii wɔ yɛn ti nhwi ho a yɛn aniwa ntumi nhu.
Sɛnea Nhwi Fuw na Etutu
Asɛmmisa (A): Dɛn na ɛka bom yɛ nhwi?
Mmuae (M): Ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no keratin wɔ ti nhwi mu. Nhwi biara pue fi ti ase kwan a wɔfrɛ no follicle no mu. Ade bi a wɔfrɛ no papilla wɔ follicle no biara ano, a mogya pa pii wom. Papilla no yɛ nhwi nkwammoaa a enyin fa follicle no mu, na ɛbɛyɛ denneennen ma ɛdan ti nhwi ankasa.
A: Nnipa pii gye di sɛ sɛ wotwitwa nhwi no a, na efuw ntɛmntɛm. So ɛyɛ ampa?
M: Dabi. Ebinom susuw sɛ nipadua no na ɛma ti nhwi fuw, sɛnea dutan siesie dua mmaa no. Nanso sɛ nhwi no nya pue pɛ a, nkwa nnim bio. Enti, nhwi no a wotwitwa no ne ne fuw no nni abusuabɔ biara.
A: Dɛn nti na nhwi dan dwen?
M: Aduru bi wɔ nhwi no mu a ɛma enya kɔla. Sɛ nkwammoaa a ɛwɔ aduru no mu no wu a, nhwi no dan dwen; ɛyɛ onyin ho sɛnkyerɛnne. Sɛ obi nnyinii na ne ti nhwi fuw dwen a, ebetumi aba sɛ efi awo mu anaasɛ yare. Nanso, ɛnyɛ nokware sɛ ti nhwi betumi adan dwen bere tiaa mu. Aduru no wɔ ti no ase. Enti egye bere na obi ti afuw dwen (bɛyɛ nsateakwaa fã ɔsram biara) na apue ma wɔahu.
A: Dɛn na ɛma nhwi tutu?
M: Sɛnea nhwi tutu no yɛ ne kwan so. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, obiara ti nhwi bɛyɛ 50 kosi 80 na etutu da biara. Nanso mmarima ti a ɛpa no fi awo mu, na ɛyɛ nipadua no mu ahoɔdennuru a ɛtɔ da a ɛnkari pɛ no na ɛma ɛba saa, na ɛma obi ti ho pa no. Sɛ yare ma obi ti nhwi tutu koraa a, wɔfrɛ no tipae.a
A: Ebinom ka sɛ wotumi gyina obi ti nhwi so hu n’apɔwmuden. So woahyɛ eyi nsow?
M: Yiw. Mogya a ɛwɔ ti ase no na esiesie nhwi no. Enti sɛ ahoɔden wɔ obi ti nhwi mu a, ebetumi akyerɛ sɛ ne mogya ye. Nanso, ebia obi a onni aduan pa anaa ɔnom nsa pii no behu sɛ ne ti nhwi yɛ horɔhorɔ na etutu, efisɛ ne mogya ntumi nsiesie ti nhwi no yiye. Obi ti nhwi a etutu anaasɛ ɛyɛ horɔhorɔ no betumi akyerɛ mpo sɛ ɔyare anaasɛ ɔyem.
Wo Ti ne Wo Ti Nhwi a Wobɛhwɛ no Yiye
A: Kyerɛ sɛnea wɔhohoro tirim ne tiri ase.
M: Osuahu ada no adi sɛ nnipa dodow no ara a wɔn ti ase taa keka wɔn no taa hohoro wɔn tirim. Nokwarem no, srade a ɛwɔ wo tirim no kyere fĩ na ebetumi asiw ntokuro a ɛwɔ wo ti ase no kwan. Enti ɛho hia sɛ wohohoro wo tirim daa. Nanso saa srade yi bɔ wo ti ase ban fi yare mmoawa bɔne ho na ɛma ɛhɔ fɔw sɛnea ehia nso. Sɛ wohohoro wo tirim daa a, saa srade no fi hɔ na ɛma wo ti ase wo. Animdefo pii kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hohoro ne tirim bere a emu ayɛ fĩ no. Ɛsɛ sɛ wɔn a srade dɔɔso wɔ wɔn tirim no taa hohoro wɔn tirim sen wɔn a srade kakraa bi na ɛwom anaasɛ ase wo no.
Sɛ worehohoro wo tirim a, twitwiw wo ti ase. Eyi nkwammoawa a wɔawu no fi wo ti mu na ɛma mogya a esiesie wo ti nhwi no yɛ adwuma yiye. Kae sɛ wode nsu bɛhohoro mu yiye! Sɛ wode samina si ade wie na woanhohoro wo nsa a, ɛho bɛwo na apaapae. Saa ara na sɛ wode samina guare wo tirim wie na woamfa nsu anhohoro mu yiye a, wo ti ase betumi awo na awaawae.
A: Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ti a ase awo no yiye?
M: Nom nsu pii, na di aduan pa. Eyi siesie wo nipadua ne wo mogya nso. Fa samina a ano nyɛ den hohoro wo tirim, na twitwiw wo ti ase daa. Ebinom de nku ne srade sra wɔn ti ase ma esiesie hɔ.
Wo Ti Nhwi a Wubesiesie
A: Sɛ obi rekɔ obi a ɔyɛ ti hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwenem?
M: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ wo ti foforo a, fa nea wopɛ ne nea wompɛ ho mfonini ka wo ho kɔ. Ka sɛnea wopɛ no ne bere dodow a wopɛ sɛ odi wɔ ti no ho da biara kyerɛ no, efisɛ tiyɛ bi wɔ hɔ a ehia sɛ wogye bere pii wɔ ho sen afoforo. Ma ɛntra w’adwenem sɛ mpɛn pii no, etumi ba sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ nea osiesie ti no hɔ mprenu anaa mprɛnsa ansa na wahu sɛnea wo ti nhwi no te na watumi akyerɛ wo sɛnea obesi ayɛ no. Enti mma w’abam mmmu ntɛm!
Nea Wo Ti Nhwi Da no Adi
Sɛnea obi ti nhwi te no tumi kyerɛ onii ko a ɔyɛ. Ebinom yi wɔn ti, ebinom ma wɔn de fuw, ebinom nunu mu gu so, wɔkoakoa ebinom de, ebinom hyɛ wɔn de kɔla, na wɔfa akwan horow so siesie ti nhwi no sɛnea nea aba so, ɔsom mu gyidi, ne asetra ne amansɛm mu nneyɛe kyerɛ. Gyen w’ani hwɛ sɛnea wo ti nhwi te yiye. Dɛn na ɛka fa wo ho? Ti nhwi a edi mu na wodi no ni no ma obi ho yɛ fɛ na afoforo nso kyerɛ ho anigye.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ asɛm “Alopecia—Living in Silence With Hair Loss,” a ɛwɔ April 22, 1991, Engiresi Nyan! mu no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]
Nnuan pa a wubedi ne nsu pii a wobɛnom no betumi aboa ma wo ti ase ayɛ mmerɛw
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Wo tirim a wobɛhohoro no daa no betumi ama srade a ɛbɔ ho ban no ahohoro
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Dwen yɛ onyin ho sɛnkyerɛnne