Bible No Adwene
So Ɔsom Nyinaa Yɛ Akwan Soronko a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn?
NHOMA kyerɛwfo Marcus Borg kae sɛ: “Mennye ntom ankasa sɛ amansan Nyankopɔn no bɛpaw sɛ wɔmfa ɔsom biako pɛ so na ɛnsom no.” Desmond Tutu a onyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde no kae sɛ: “Ɔsom biara nni hɔ a ebetumi aka sɛ enim ahintasɛm biara.” Hindufo asɛm bi a agye din ka sɛ “Jotto moth, totto poth,” nkyerɛase ara ne sɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan soronko a wɔfa so kɔ Onyankopɔn koro no nkyɛn. Buddhafo nso kura adwene koro no ara. Nokwarem no, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan soronko a wɔfa so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Geoffrey Parrinder kae sɛ: “Ɛtɔ da bi a wɔka sɛ ɔsom nyinaa kura botae koro, anaa ne nyinaa yɛ nokware, anaasɛ wɔn nyinaa kyerɛkyerɛ ade koro mpo.” Nokwarem no, ɔsom ahorow no nkyerɛkyerɛ, wɔn amanne, ne wɔn anyame yɛ ade koro. Ɔsom pii kyerɛkyerɛ ɔdɔ ho ade, na wɔka sɛ awudi, korɔnbɔ, ne atorodi yɛ bɔne. Wɔ ɔsom ahorow pii mu no, ebinom bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛboa afoforo. Enti, sɛ obi bɔ ne gyidi ahorow ho mmɔden na ɔbɔ bra pa a, so ɔsom ko a ɔwom ho hia? Anaasɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan soronko kɛkɛ a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn?
Mmɔdenbɔ—So Ɛno Nkutoo Dɔɔso?
Susuw afeha a edi kan mu Yudani barima bi a na wɔfrɛ no Saulo a ɔbɛyɛɛ Kristoni somafo Paulo no ho hwɛ. Ná ɔyɛ mmɔdenbɔfo kɛse wɔ Yudasom mu, na eyi kaa no maa ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiw ɔsom a Kristo akyidifo no wom, ɔsom a na osusuw sɛ ɛmfata no, ano. (Asomafo no Nnwuma 8:1-3; 9:1, 2) Nanso, ɛdenam Onyankopɔn mmɔborohunu so no, Saulo behui sɛ nnipa a wɔyɛ nyamesomfo te sɛ ɔno no betumi abɔ Onyankopɔn som ho mmɔden, nanso, esiane sɛ wonnyaa nokwasɛm no nyinaa nti, wobetumi adi mfomso. (Romafo 10:2) Bere a Saulo suaa Onyankopɔn apɛde ne ɔkwan a ɔfa so di nsɛm ho ade pii no, ɔsakrae na ɔne wɔn a na ɔtaa wɔn—Yesu Kristo akyidifo no, bɛsomee.—1 Timoteo 1:12-16.
So Bible no ka sɛ ɔsom ɔhaha pii wɔ hɔ a yebetumi apaw bi, na emu biara a yɛbɛpaw no sɔ Onyankopɔn ani? Akwankyerɛ a ɔsomafo Paulo nsa ka fii Yesu Kristo a wɔanyan no no hɔ no bɔɔ ɛno abira koraa. Yesu somaa no kɔɔ amanaman mufo hɔ ‘sɛ ommue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn.’ (Asomafo no Nnwuma 26:17, 18) Ɛda adi pefee sɛ, ɔsom a yɛpaw no ho hia. Ná nkurɔfo a wɔsomaa Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn no pii wɔ wɔn som. Nanso na wɔwɔ “sum” mu. Nokwarem no, sɛ na ɔsom nyinaa yɛ akwan soronko a ɛkɔ daa nkwa mu na wɔnam so nya Onyankopɔn anim dom a, anka ɛho renhia sɛ Yesu bɛtete n’akyidifo no ama asuafoyɛ adwuma a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ no.—Mateo 28:19, 20.
Wɔ Yesu Bepɔw So Asɛnka a agye din mu no, ɔkae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Bible no ka no fann sɛ “gyidi biako” pɛ na ɛwɔ hɔ. (Efesofo 4:5) Ɛda adi pefee sɛ, nnipa pii a wɔnam ɔkwan a “ɛtrɛw” so no wɔ wɔn som. Nanso wonni “gyidi biako.” Esiane sɛ nokware som biako pɛ na ɛwɔ hɔ nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu saa nokware gyidi no pere hwehwɛ.
Hwehwɛ Nokware Nyankopɔn No
Efi adesamma mfiase pɛɛ no, Onyankopɔn aka nea ɔpɛ sɛ nnipa yɛ akyerɛ wɔn. (Genesis 1:28; 2:15-17; 4:3-5) Ɛnnɛ, wɔada n’ahwehwɛde no adi wɔ Bible mu. Eyi ma yetumi hu nokware som ne atoro som. (Mateo 15:3-9) Wɔwoo ebinom too wɔn som mu, na afoforo nso dɔm ɔsom bi esiane sɛ wɔn mpɔtam hɔfo dodow no ara wɔ saa som no mu nti. Wɔ nnipa pii fam no, faako a wɔwoo wɔn ne bere a wɔwoo wɔn na ɛkyerɛ ɔsom a wɔbɛkɔ mu. Na, so ɛsɛ sɛ woma biribi kyerɛ wo ɔsom a ɛsɛ sɛ wokɔ mu anaasɛ woma afoforo si ho gyinae ma wo?
Ɛsɛ sɛ nea wubegyina so apaw ɔsom bi no yɛ ade a edi mu, a egyina Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmu a woayɛ so. Wɔ afeha a edi kan mu no, nnipa bi a na wɔyɛ nhomanimfo yɛɛ biribi a ɛsen ɔsomafo Paulo nsɛm no a wobegye atom kɛkɛ. ‘Wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa sɛ nneɛma no te saa anaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11; 1 Yohane 4:1) Dɛn nti na wonyɛ saa ara?
Bible no ka sɛ wɔn a wɔsom nokware mu no na amansan Nyankopɔn no hwehwɛ. Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 4:23, 24 no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn” anim nkutoo na ɛsɔ n’ani. (Yakobo 1:27) Onyankopɔn aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔahu ɔkwan hiahiaa a ɛkɔ nkwa mu no. Ɔmfa daa nkwa mma wɔn a wɔyɛ anibiannaso no, na mmom, wɔn a wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wobehu ɔkwan hiahiaa a ɔde asi hɔ na wɔadi akyi no.—Malaki 3:18.