Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 19-22
  • So Nsu Ho Reyɛ Na Wɔ Wiase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nsu Ho Reyɛ Na Wɔ Wiase?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsu a Ɛresa
  • Sɛnea Ɛka Akwahosan ne Nnuan
  • Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?
    Nyan!—2001
  • Nsu Pa a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—2001
  • Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsu a Ɛho Akɔ Atwee Wɔ Wiase Nyinaa No Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 19-22

So Nsu Ho Reyɛ Na Wɔ Wiase?

“Nsu pa ho hia na obiara atra nkwa mu, adi yiye, na asetra ne sikasɛm atu mpɔn. Nanso yɛyɛ yɛn ade te sɛ nkurɔfo a nsu pa abu yɛn so. Ɛho ayɛ na.”—KOFI ANNAN, AMANAMAN NKABOM NO KYERƐWFO PANYIN.

BƐYƐ mfe apem biako ni no, asɛnni soronko bi kɔ so wɔ Spainfo kurow Valencia mu Yawda awia biara. Asɛnni no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie nsu ho ntawntawdi.

Akuafo a wɔwɔ Valencia asasetaw frɔmfrɔm so no de nsuka a wɔatu no mu nsu na ɛyɛ wɔn mfuw, na egye nsu pii na saa nhyehyɛe yi atumi akɔ so—nanso, bere nyinaa nsu ho yɛ den wɔ Spain beae yi. Akuafo no betumi akɔdan nsu asɛnnibea no bere biara a wɔte nka sɛ wonnya nsu dodow a ɛfata no. Nsu ho akameakame nyɛ ade foforo, nanso wontumi nni ho dwuma wɔ ɔkwampa so bere nyinaa wɔ Valencia.

Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam no, akameakame kɛse bi sɔree wɔ nguanhwɛfo bi ntam wɔ asubura bi a ɛbɛn Beer-Seba no ho wɔ Israel. (Genesis 21:25) Na nsu ho akameakame akɔ so wɔ Mediterranea Supɔw no so fi saa bere no. Anyɛ yiye koraa no, aman mpanyimfo atitiriw abien na wɔaka wɔ Ɔmantam no mu sɛ nsu yɛ ade biako a ɛbɛma wɔne wɔn ho adi ako.

Wɔ aman a osu ntaa ntɔ mu no, wodi nsu ho abooboo bere nyinaa. Ntease no yɛ tiawa: Nsu ho hia na yɛatra nkwa mu. Sɛnea Kofi Annan daa no adi no, “nsu pa yɛ ade a ɛsom bo: yentumi ntra ase a yenni nsu. Yentumi mfa biribiara nsi ananmu. Na etumi sakra ntɛm ara: dwuma a nipa di no tumi kyerɛ nsu dodow a ɛsɛ sɛ yenya.”

Ɛnnɛ, nsu pa a yɛwɔ wɔ yɛn asase yi so no ho aba asɛm sen bere biara. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsu pii a ɛwɔ wiase mmeae ahorow bi no daadaa yɛn.

Nsu a Ɛresa

Amanaman Nkabom no Kyerɛwfo Panyin Abadiakyire, Elizabeth Dowdeswell ka sɛ: “Ade biako a enye koraa wɔ nnipa ho ne sɛ sɛ biribi ho yɛ na nkutoo a na wobu no sɛ ɛsom bo. Yehu bo a nsu som bere a ɛreyow no. Na nsu reyow, a ɛnyɛ mmeae a ɔpɛ taa si hɔ nko, na mmom, mmeae a na anka nsu ho nyɛ den nso.”

Wɔn a nsu ho yɛ na daa ma wɔn no te ɔhaw no ase yiye. Asokan, a ɔyɛ krakyedwuma wɔ Madras, India, no sɔre nnɔnhwerew abien da biara ansa na anim atete. Ɔde bokiti anum nantew simma anum kɔ beae a ɔmamfo bu nsu. Esiane sɛ nsu no ba ahemadakye 4:00 kosi 6:00 nti, ɛsɛ sɛ ɔsɔre ntɛm kodi santen mu. Ɛsɛ sɛ nsu a ɔde kɔ fie no so no da mu nyinaa. Indiafo pii—ne asase yi so nnipa foforo ɔpepepem biako—ho kyere wɔn saa ara. Wonni durubɛn mu nsu, nsubɔnten, anaa abura biara wɔ wɔn fie.

Abdullah, abarimaa bi a ɔte Sahel mantam mu wɔ Afrika no yɛ saafo no mu biako. Wɔakyerɛ beae bi a nsu wɔ wɔ n’akuraa ketewa no ase; nanso nsu no awe dedaadaw, na ɛyɛ den mpo sɛ wubehu dua wɔ hɔ. Abdullah adwuma ne sɛ obetwa kwan bɛboro kilomita biako akɔsa nsu wɔ abura bi mu ama n’abusua no bere nyinaa.

Wɔ wiase mmeae bi no, nsu pa ho ayɛ den dedaw. Ntease no yɛ tiawa: Nnipa dodow no ara te mmeae a osu ntaa ntɔ, a nsu ho ayɛ den bere tenten no. (Hwɛ akontaabu a ɛwɔ kratafa 3 no.) Sɛnea Stockholm Asuae a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia so kyerɛ no, wiase nnipa dodow nkyem abiɛsa mu biako na wɔte mmeae a nsu ho yɛ den kakra anaa ɛho yɛ den ankasa. Na nsu ho reyɛ na sen sɛnea nnipa dodow no nya nkɔanim no mmɔho abien.

Nanso, nsu dodow a ɛwɔ hɔ no bi mmɛka ho. Abura a emu dɔ ne atare foforo a wotutu no betumi ama yɛanya ahotɔ kakra, nanso osu a ɛtɔ gu asase so ne nea ɛwɔ fam no gyina nea egyina. Enti, animdefo a wɔhwehwɛ wim tebea mu bu akontaa sɛ ebedi mfe 25 no, na nsu dodow a ankorankoro biara nya no so atew bɛyɛ ɔha mu nkyem 50.

Sɛnea Ɛka Akwahosan ne Nnuan

Ɔkwan bɛn so na nsu a ɛho yɛ na ka nkurɔfo? Nea edi kan koraa no, epira wɔn akwahosan. Ɛnyɛ sɛ sukɔm bekum wɔn; mmom no, nsu pa a wonnya nnom mfa bi nnoa aduan no betumi ama wɔayare. Elizabeth Dowdeswell da no adi sɛ “nsufĩ na ɛde nyarewa a ɛwɔ aman a wonnyaa nkɔso mu ɔha biara mu 80 ne owu a ɛkɔ so wɔ hɔ no nkyem abiɛsa biara mu biako ba.” Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii a osu ntaa ntɔ hɔ mu no, mpɛn pii no nnipa anaa mmoa tiafi, nnuru a wɔde kum mmoawa, ɔyɛ-asase-yiye, anaa nnwinnan mu nnuru na ɛsɛe nsu. Nea mmusua a wodi hia no betumi ayɛ ara ne sɛ wɔde nsufĩ a ɛte saa no bedi dwuma.

Sɛnea yehia nsu pii na atumi asiesie yɛn nipadua yiye no, saa ara na nsu pii ho hia na ama ahotew ho nhyehyɛe akɔ so—nsu a adesamma dodow no ara nnya bi ankasa no. Nnipa a wonni ahotew ho nhyehyɛe pa no dodow fii ɔpepepem 2.6 wɔ 1990 mu koduu ɔpepepem 2.9 wɔ 1997 mu. Eyi reyɛ ayɛ asase so nnipa dodow mu fã. Na ahotew nso yɛ nkwa ne owu asɛm ankasa. Wɔ asɛm bi a Amanaman Nkabom no mu mpanyimfo Carol Bellamy ne Nitin Desai kae mu no, wɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mmofra annya nsu a wɔbɛnom ne nea wɔde beguare a, ɛkame ayɛ sɛ wɔn akwahosan ne wɔn nyin ho bɛba asɛm.”

Aduan dodow a wonya no gyina nsu so. Nokwarem no, osu tɔ gu nnɔbae pii so, nanso nnansa yi, wɔde atare a wɔahyɛ da atutu mu nsu na egugu nnɔbae so titiriw na ɛnam ɛno so na wiase nnipa dodow a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no nya aduan. Ɛnnɛ, wɔnam atare a wɔatutu mu nsu so na enya aduan a wonya wɔ wiase no ɔha biara mu 36. Nanso wiase nsase dodow a wɔde yɛ saa mfuw no duu ne mpɔmpɔnso bɛyɛ mfe 20 a atwam ni, na efi saa bere no, ɛso atew nkakrankakra.

Sɛ yɛwɔ nsu pa pii wɔ yɛn fie na yɛwɔ nsu pii a epia tiafi kɔ a, anka ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛka sɛ nsu ho ayɛ na wɔ wiase. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ nnipa ɔha mu 20 pɛ na wotumi nya asetra a edi mu saa. Wɔ Afrika no, nnɔnhwerew asia na mmea pii de kɔ nsu da biara—na mpɛn pii no, ɛnyɛ nsu pa mpo. Saa mmea yi te ɔhaw yi ase kɛse: Nsu pa ho yɛ na, na egu so ara reyɛ na.

So nyansahu mu nimdeɛ betumi adi ɔhaw no ho dwuma? So wobetumi de nsu a ɛwɔ hɔ adi dwuma ɔkwampa so? Ɛhe na nsu no nyinaa kɔ? Nsɛm a edi hɔ no bebua saa nsɛmmisa yi.

[Adaka/Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 20]

BAABI A NSU PA NO WƆ

Asase so nsu mu bɛyɛ ɔha mu 97 na ɛyɛ po, na ɛyɛ nkyenekyene araa ma yentumi nnom, mfa nyɛ kua, mfa nyɛ aguade.

Asase so nsu mu bɛyɛ ɔha mu 3 pɛ na yetumi nom. Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛn nsa bɛka emu dodow no ara, sɛnea nkyerɛkyerɛmu a edi hɔ yi kyerɛ no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Asukyenee ne sukyerɛma 68.7%

sase ase nsu 30.1%

Asase, ase asukyenee 0.9%

Atare, nsubɔnten, ne awora 0.3%

[Adaka wɔ kratafa 21]

NSU HO NSƐNNENNEN

◼ NSUFI Wɔ Poland no, nsubɔnten mu nsu ɔha biara mu 5 pɛ na wotumi nom, na emu ɔha mu 75 asɛe araa ma nnwinnan mpo ntumi mfa nni dwuma.

◼ NKUROW AKƐSE MU NSU Wɔ Mexico City, wiase kuropɔn a ɛto so abien a ɛso sen biara, mu no, mmeae a kuropɔn no nya nsu fi no ɔha mu 80 na ɛreyow koraa. Nsu dodow a wɔtwe no dɔɔso sen nea ɛtɔ hyɛ ananmu no bɛboro ɔha mu 50. Beijing, a ɛyɛ China ahenkurow no, rehyia ɔhaw koro no ara. Asase mu nsu a wonya no so tew bɛboro mita 1 afe biara, na abura a ɛwɔ hɔ no abiɛsa biara mu biako na emu nsu ayow.

◼ NSUKA A WƆAHYƐ DA ATUTU MU NSU Ogallala suka kɛse a ɛwɔ United States no mu nsu ayow araa ma nneɛma a ɛwɔ asase a ɛwɔ Texas atifi fam atɔe so a wɔde mu nsu gugu so no so atew nkyem abiɛsa mu biako esiane nsu a wonnya nti. China ne India, a wɔne aman a ɛto so abien ne nea ɛto so abiɛsa a wonya aduan sen biara no, rehyia ɔhaw koro no ara. Wɔ India anaafo fam mantam Tamil Nadu mu no, nsuka a wɔhyɛ da tutu no ama nsu dodow so atew mita 23 wɔ mfe du mu.

◼ NSUBƆNTEN A ƐREYOW Sɛ edu ɔpɛ bere a, asubɔnten Ganges ntumi nkɔbɔ po mu bio, esiane sɛ wɔde mu nsu no di dwuma ansa na atumi adu po mu nti. Saa ara na ɛte wɔ Colorado Asubɔnten a ɛwɔ Amerika Atifi fam no ho.

[Asase mfonini wɔ kratafa 19]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

MMEAE A NSU HO AYƐ NA

Mmeae a wonnya nsu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena