Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 8/8 kr. 4-7
  • Nneɛma a Ɛde Ɔtan Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma a Ɛde Ɔtan Ba
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo Ho Ntease a Wonni ne Wɔn Ho Suro
  • Dɛn Ne Atirimɔdensɛm Bebrebe Yi?
  • Sɛnea Wɔsɛe Nkurɔfo Adwene
  • Ɔkwan Koro Pɛ a Wɔbɛfa so Ayi Ɔtan Afi Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Saa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Dɛn ne Ɔtan Bebree Yi?
    Nyan!—1997
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 8/8 kr. 4-7

Nneɛma a Ɛde Ɔtan Ba

ƆTAN fii ase wɔ nnipa abɔse. Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 4:8 no se: “Na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.” Bible kyerɛwfo Yohane bisa sɛ: “Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ.” (1 Yohane 3:12) Ade biako a ɛkɔfa ɔtan ba paa—anibere—nti na wokum Habel. Mmebusɛm 6:34 ka sɛ: “Ninkunu [anibere, NW] ne ɔbarima abufuhyew.” Ɛnnɛ, afoforo dibea, wɔn sika, wɔn agyapade, ne nneɛma afoforo a wɔwɔ ma nkurɔfo ani bere wɔn.

Afoforo Ho Ntease a Wonni ne Wɔn Ho Suro

Nanso, anibere yɛ nneɛma a ɛde ɔtan ba no mu biako pɛ. Mpɛn pii no, afoforo ho ntease a wonni ne wɔn ho suro nso ma wonya wɔn ho tan. Aberante bi a ɔdɔm kuw a ɛsɔre tia mmusuakuw bi kae sɛ: “Nkurɔfo ho suro a mewɔ na ɛmaa minyaa wɔn ho tan.” Afoforo ho ntease a wonni na ɛtaa de osuro a ɛte saa ba. Sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, wɔn a wonni afoforo ho adwempa no nya adwene a “ɛte saa a wonsusuw nokwasɛm biara ho. . . . Ankorankoro a wonni afoforo ho adwempa no bɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ani agu nokwasɛm biara a ɛne wɔn adwene a wɔanya no nhyia no so.”

Adwene a ɛtete saa no fi he? Kɔmputa so dwumadi bi kyerɛ sɛ: “Nsɛm a asisi pɛn no ma yenya su ahorow pii, nanso, yɛn ankasa suahu ne nimdeɛ nso ma yenya adwemmɔne.”

Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nkoatɔ no de wontwiwontwi—a atra hɔ besi nnɛ—baa Aborɔfo ne Abibifo ntam. Mpɛn pii no, awofo na wɔka abusua bi ho nsɛmmɔne kyerɛ wɔn mma. Buroni barima bi a ɔwɔ mmusua afoforo ho adwemmɔne kae sɛ onyaa abibifo ho adwemmɔne a ɛte saa “ɛmfa ho sɛ na ɔne ebi mmɔɔ da no.”

Yɛwɔ nkurɔfo nso a wɔn adwene ara ne sɛ wɔn a ɛsono wɔn no nyɛ nnipa pa. Wonya adwene a ɛte saa esiane ade biako pɛ bi a abusua anaa ɔman bi muni bi de ayɛ wɔn nti. Eyi ma wonya adwene prɛko pɛ sɛ obiara a ofi saa abusua anaa ɔman no mu no nni su pa.

Sɛ nipa biako pɛ mpo nya adwemmɔne a, ɛyɛ hu, enti sɛ ɛkɔyɛ ɔman mu nyinaa a, ɛnde na asɛe koraa. Adwene a ɛne sɛ ɔman a obi fi mu, ne honam ani hwɛbea, abusua a ofi mu, anaa kasa a ɔka no ma ɔkorɔn kyɛn afoforo no betumi ama no anya wɔn ho tan. Wɔ afeha a ɛtɔ so 20 no mu no, wɔdaa ɔtan a ɛte saa no adi wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so.

Nokwasɛm no ne sɛ ɛnyɛ honam ani hwɛbea anaa ɔman a obi fi mu nkutoo na ɛma nkurɔfo nya afoforo ho tan. Nhwehwɛmufo Clark McCauley a ɔwɔ University of Pennsylvania no kyerɛw sɛ “wotumi twe nnipakuw abien bi so ntonto de yi mu biako a wɔpɛ wɔn asɛm paa.” Ɔkyerɛkyerɛfo bi yɛɛ eyi ho nhwɛso bere a ɔkyɛɛ wɔn a ɔkyerɛ wɔn ade no mu akuw abien—wɔn a wɔn ani yɛ fitaa ne wɔn a wɔn ani yɛ kɔkɔɔ. Ankyɛ koraa na ɔtan sɔree wɔn ntam. Asɛm ketewaa bi te sɛ agumadifo a wɔpɛ ebi asɛm sen afoforo no mpo de ntawntawdi a emu yɛ den ba.

Dɛn Ne Atirimɔdensɛm Bebrebe Yi?

Dɛn nti na ɔtan a ɛte saa ma wodi atirimɔdensɛm a ɛte saa? Afoforo ayɛ eyinom mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri nanso ɛde besi nnɛ no, wontumi mfaa biribi a edi mu biara mmae. Clark McCauley yɛɛ nea nhoma ahorow ka fa atirimɔdensɛm ne amumɔyɛsɛm ho no mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri. Ɔkaa nhoma bi mu asɛm sɛ “ko a obi bɛko adi nkonim na ɛde atirimɔdensɛm ba.” Nhwehwɛmufo no hui sɛ “aman a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Ko I ne Wiase Ko II mu ne ɛnkanka wɔn a wodii nkonim wom no, taa di awu kɛse wɔ ɔko no akyi.” Bible no kyerɛ sɛ yɛte bere a akodi kɔ so kɛse mu. (Mateo 24:6) So ebetumi aba sɛ akodi a ɛtete saa no na ama atirimɔdensɛm pii aba no?

Nhwehwɛmufo bi nso kyerɛ sɛ nipadua mu nneɛma bi na ɛma nnipa di amumɔyɛsɛm. Nhwehwɛmu biako bi kyerɛ sɛ sɛ aduru a wɔfrɛ no “serotonin a ɛwɔ obi amemene mu no so tew” a ɛma no di amumɔyɛsɛm. Nkyerɛkyerɛ bi nso a agye din paa no kyerɛ sɛ sɛnea obi awosu te no na ɛma odi amumɔyɛsɛm. Ɔmanyɛfo bi ka sɛ: “Ɔtan dodow no ara gyina nipasu so.”

Bible mpo ka sɛ nnipa tɔ sin na yɛwɔ su bɔne ahorow bi. (Genesis 6:5; Deuteronomium 32:5) Nokwarem no, eyi fa nnipa nyinaa ho. Nanso, ɛnyɛ obiara na onya ɔtanhunu ma afoforo. Ɛyɛ ade a yesua. Enti, adwene ne nneyɛe ho nimdefo Gordon W. Allport a wagye din kɛse no kae sɛ mmofra “ani ntaa mmere ade. . . . Abofra wɔ nneɛma ho adwempa, na ɛkame ayɛ sɛ n’ani gye biribiara anaa obiara ho.” Adanse a ɛtete saa no kyerɛ sɛ amumɔyɛsɛm, adwemmɔne ne ɔtan yɛ su a yesuasua! Nkurɔfo taa gyina adwene a ɛte sɛɛ so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔda ɔtan adi.

Sɛnea Wɔsɛe Nkurɔfo Adwene

Wɔn a wodi mu akoten no ne akuw a wɔkanyan ɔtan te sɛ wɔn a wokura Nasi nniso adwene a wɔayi wɔn ti ho kokwakokwa ne Ku Klux Klanfo. Saa akuw yi taa hwehwɛ mmofra a wotumi daadaa wɔn ntɛm a wofi mmusua a agyigya mu. Mmofra a wonni ahobammɔ na wɔba fam no te nka sɛ wɔanya ayɔnkofa bi.

Ebinom nam Intanɛt so kanyan ɔtan kɛse. Sɛnea nnansa yi akontaabu bi kyerɛ no, kɔmputa so dwumadibea 1,000 na ɛwɔ hɔ a wɔnam so kanyan ɔtan. The Economist nsɛmma nhoma no ka obi a ɔde kɔmputa dwumadibea a ɔwɔ no hoahoa ne ho no ho asɛm sɛ: “Yɛatumi ama nkurɔfo ɔpepem pii ahu yɛn adwene denam kɔmputa so dwumadi no so.” Ɔwɔ “Mmofra Afã” wɔ ne kɔmputa no so.

Bere a mmofra rehwehwɛ kɔmputa no so de atie nnwom no, wobetumi ate nnwom a ɛhyɛ ɔtan ho nkuran. Mpɛn pii no, nnwom a ɛte saa no ano yɛ den na emu nsɛm no kanyan ɔman bi ho tan. Saa kɔmputa yi wɔ afã a wɔde amanneɛbɔ ma, beae a wodi nkitaho, anaa afã a wɔka ɔtan ho nsɛm pii.

Afã horow a ɛwɔ kɔmputa so a ɛfa ɔtan ho no bi da agumadi ne dwumadi ahorow a mmofra ani gye ho adi. Ɔfã bi a edi wɔn a wokura Nasi nniso ho adwene ho dwuma no kyerɛ sɛ Bible no pene nnipa mu nyiyim ne ɔtan a wɔwɔ ma Yudafo no so. Wɔwɔ agodie bi a ɛfa nsɛmmɔne a nkurɔfo aka afa ɔman bi ho wom. Dɛn nti na wɔyɛ saa? “Sɛnea ɛbɛyɛ a aborɔfo mma no bɛte yɛn sɔretia no ase.”

Ɛnyɛ wɔn a wɔkamfo ɔtan kyerɛ no nyinaa na wɔyɛ tiwuifo. Asetra ho nimdefo bi a ɔyɛɛ akodi a ɛrekɔ so nnansa yi wɔ Balkan aman mu ho kyerɛwtohɔ no kaa akyerɛwfo bi a wobu wɔn ne nkurɔfo a wotumi ka nea ɛrekɔ so no ho asɛm sɛ: “Me ho dwiriw me sɛ mihui sɛ wɔakyerɛw nsɛm a ɛkamfo wɔn mamma nneyɛe bɔne ahorow, ɛkanyan nitan a wɔwɔ ma afoforo, nsɛm a wɔde daadaa nkurɔfo ma wɔpene nneyɛe bɔne so . . . , ne nsɛm a wɔde kata nokwasɛm ahorow so.”

Nkurɔfo a enni sɛ yebu ani gu wɔn dwumadi so ne asɔfo no. Ɔkyerɛwfo James A. Haught kaa nokwasɛm a ɛyɛ ahodwiriw yi ho asɛm wɔ ne nhoma Holy Hatred: Religious Conflicts of the ’90’s, mu sɛ: “Anwonwasɛm a esii wɔ 1990 mfe no mu ne sɛ, nyamesomfo—a obiara nim sɛ wɔn yam ye na wɔdwene nnipa ho no—na wɔtaa nitan, akodi, ne amumɔyɛsɛm, akyi kɛse.”

Ɛde besi ha yi no, yɛahu sɛ nneɛma a ɛde ɔtan ba no dɔɔso na asete yɛ den. Eyi kyerɛ sɛ nnipa ntumi nnyae atirimɔdensɛm a abu so wɔ wiase a ɔtan adɔɔso wom no? So biribi wɔ hɔ a ankorankoro ne nnipa nyinaa betumi ayɛ de asiw adwemmɔne, afoforo ho ntease a wonni, ne osuro a ɛde ɔtan ba no ano?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Adwemmɔne ne ɔtan yɛ su a yesuasua!

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Wɔamfa ɔtan ne . . .

. . . adwemmɔne anwo yɛn

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Akuw a wɔkanyan ɔtan no nam Intanɛt so nya mmofra

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nyamesomfo aboa akodi mpɛn pii

[Asɛm Fibea]

AP Photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena