Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 9/8 kr. 8-9
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi a Wɔhwere ne Adwenemhaw
  • Nipaduam Ahoɔdennuru ne Adwenemhaw
  • Adwenemhaw ne Abusua Mu Nsɛm
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • Sɛnea Wubetumi Aboa
    Nyan!—2001
  • Wɔn a Wogyina Baabi a Ɛyɛ Toro
    Nyan!—2001
  • Nnianim Nsɛm
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 9/8 kr. 8-9

Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba

“Ɛnyɛ ade biako pɛ na ɛtaa ma mmabun nya adwenemhaw, na mmom nneɛma pii na ɛde ba.”—Ɔbenfo Kathleen McCoy.

DƐN na ɛma mmabun nya adwenemhaw? Nneɛma pii na etumi de ba. Ade biako ne sɛ nkate ne nipaduam nsakrae a ɛba mmabunbere mu no kowie adwenem naayɛ ne ehu mu, na ɛno ma mmabun no adwene yɛ wɔn basaa. Afei nso, sɛ mmabun hu sɛ wɔn mfɛfo anaa mmarima ne mmea a wɔpɛ wɔn asɛm apo wɔn a, ɛma wodi awerɛhow. Afei nso, sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ no te wiase bi a dadwen ahyɛ mu ma mu. Nokwarem no, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu.—2 Timoteo 3:1.

Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, afei na mmabun no rehyia asetram nhyɛso, na wonni ho nimdeɛ ne osuahu biara sɛnea ɛte wɔ mpanyimfo fam no. Enti, mpɛn pii no, mmabun te sɛ nsrahwɛfo a wɔakɔ beae bi a wonnim—wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ nanso wɔntaa nhwehwɛ mmoa. Nneɛma a ɛtete saa no betumi ama mmabun anya adwenemhaw.

Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛma mmabun nya adwenemhaw. Ma yensusuw emu kakraa bi ho nhwɛ.

Biribi a Wɔhwere ne Adwenemhaw

Ɛtɔ da a, ade kɛse bi a obi hwere ma no nya adwenemhaw—ebia ne dɔfo bi wu anaa n’awofo a wɔagyae aware. Sɛ ababun bi ayɛmmoa mpo wu a, etumi ma no nya adwenemhaw.

Nneɛma nketenkete bi nso wɔ hɔ a obi betumi ahwere. Sɛ nhwɛso no, tu a obi tu kɔtra baabi foforo no kyerɛ sɛ ɔbɛhwere nneɛma bi a ɛwɔ baabi a na ɔte ne nnamfo a wɔdɔ wɔn. Botae kɛse bi a obi pɛ sɛ odu ho—te sɛ sukuu a obewie—mpo betumi ama no ate nka sɛ wahwere biribi. Ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ biribi foforo a ɔreyɛ wɔ asetram no betumi ama no ahwere anigye ne ahobammɔ a na ɔwɔ dedaw no. Afei nso, yare a enni sabea tumi bɔ mmabun binom. Sɛ ɛba saa a, adwene a ababun bi nya sɛ ɔnte sɛ n’atipɛnfo—a ebia wɔn nso apo no—no betumi ama no ate nka sɛ watɔ mu.

Nokwarem no, mmabun pii kɔ tebea a ɛte saa mu a, wɔmma no mmunkam wɔn so pii. Wodi awerɛhow na wosu—nanso, edu mmere bi a, wotumi gyina tebea no ano. Adɛn nti na sɛ mmabun dodow no ara hyia asetram nhyɛso a wotumi gyina ano na afoforo de, asetram nhyɛso ma wotumi nya adwenemhaw? Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma ɛho mmuae efisɛ adwenemhaw yɛ yare a ɛho nsɛm bebree. Nanso, mmabun binom tumi nya adwenemhaw ntɛm.

Nipaduam Ahoɔdennuru ne Adwenemhaw

Adwenemhaw ho animdefo pii ka sɛ amemene mu ahoɔdennuru a enni dwuma yiye no tumi de adwenemhaw ba kɛse.a Ebetumi aba sɛ wɔwo obi bere a ahoɔdennuru a ɛwɔ ne mu no nni dwuma yiye efisɛ nhwehwɛmufo ahu sɛ mmabun a wɔn awofo wɔ adwenemhaw no nso betumi anya bi. Lonely, Sad and Angry nhoma no ka sɛ: “Ɛtaa ba sɛ mmofra a wɔwɔ adwenemhaw no awofo no biako nso wɔ adwenemhaw.”

Eyi ma asɛmmisa yi sɔre sɛ, So wɔde adwenemhaw wo mmofra, anaasɛ wɔ a wɔn awofo wɔ bi no na ɛma wɔn nso nya bi? Ɛyɛ den sɛ yebebua asɛm a ɛfa wo a wɔde adwenemhaw wo obi ne nya a onya bi akyiri yi ho no efisɛ adwene no yɛ nwonwa ankasa, saa nso na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nneɛma pii a ɛde adwenemhaw ba no mu.

Adwenemhaw ne Abusua Mu Nsɛm

Wɔka sɛ adwenemhaw fi abusua mu, na ntease pa bi nti na wɔka saa. Sɛnea yɛahu dedaw no, ebetumi aba sɛ mmofra nya adwenemhaw fi awo mu. Nanso, nea ɛkɔ so wɔ abusua bi mu nso betumi de aba. Oduruyɛfo Mark S. Gold kyerɛw sɛ: “Mmofra a wɔn awofo yɛ wɔn ayayade no taa nya adwenemhaw. Saa nso na ɛte wɔ mmofra a wɔn awofo hyɛ wɔn so na wɔka wɔn mfomso nkutoo ho asɛm bere nyinaa no fam.” Afei nso, sɛ awofo sosɔ wɔn mma so pii anaa wɔhyɛ wɔn katee a, etumi ma wonya adwenemhaw. Anwonwasɛm ne sɛ, sɛnea nhwehwɛmufo bi kae no, sɛ awofo ankyerɛ wɔn mma ho anigye a, ɛyɛ mmerɛw sɛ mmofra no benya adwenemhaw.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ awofo ntetee bɔne na ɛma mmabun nya adwenemhaw bere nyinaa. Adwene a ɛte saa no bɛma yɛabu yɛn ani agu nneɛma afoforo pii a ɛde ɔhaw no ba no so. Nanso, wɔ tebea pii mu no, abusua mu nsɛm paa na ɛde ɔhaw no ba. Oduruyɛfo David G. Fassler kyerɛw sɛ: “Mmofra a wɔte afie a awofo ko bere nyinaa mu no tumi nya adwenemhaw sen wɔn a wɔte afie a emu dwo mu no. Nea enti a ɛte saa no biako ne sɛ bere pii a awofo no di wɔ anobaabae ho no ma wobu wɔn ani gu wɔn mma ahiade so. Ade foforo nso ne sɛ awofo no taa de wɔn mma ba asɛm a wɔreka no mu ma enti mmofra no haw, na wɔn bo fuw.”

Eyinom yɛ nneɛma a etumi ma mmabun nya adwenemhaw no mu bi. Afoforo nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, animdefo bi ka sɛ nneɛma afoforo (te sɛ aduampa a wonnya nni, awuduru, ne nnubɔnenom) tumi de adwenemhaw ba. Ebinom nso ka sɛ nnuru bi (te sɛ ahoɔhene aduru ne nnuru a ɛma obi da) tumi de adwenemhaw ba. Afei nso, ɛte sɛ nea mmofra a wɔn ti awu no taa nya adwenemhaw efisɛ obu a wɔwɔ ma wɔn ho no so tew bere a wohu sɛ wɔn mfɛfo nim ade kyɛn wɔn no.

Ɛmfa ho nneɛma biara a ɛde ba no, ɛho hia sɛ yesusuw asɛmmisa yi ho, Yɛbɛyɛ dɛn aboa mmabun a wɔwɔ adwenemhaw no?

[Ase hɔ asɛm]

a Ebinom ka sɛ ɛwom sɛ wɔwo ebinom a aduannuru a ɛwɔ wɔn amemene mu no ntumi nni dwuma yiye de, nanso afoforo nya adwenemhaw bere a yare bi ma wɔn amemene mu nnuannuru ho ba asɛm no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Abusua mu ntawtawdi taa de adwenemhaw ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena