Matatu—Kenya Trotro a Ɛyɛ Fɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
SƐ OBI kɔ Kenya a, anigyesɛm a ɔbɛka afa n’akwantu no ho remmɔ no. Ɔsono hemmaa, gyata kɛse, ne awiatɔ a ɛte sɛ nkrahoma yɛ nneɛma a ɔkwantufo no werɛ rentumi mfi. Nneɛma a ɛyɛ fɛ na egu ahorow abu so wɔ ha. Nanso wɔ kar akwan pii so no, biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛyɛ anika—matatu a ɛkɔ baabiara no. Edin yi na wɔde frɛ kar ahorow bi a ɔmanfo fa no. Nneɛma horow a wotumi de yɛ no ama wɔde tu kwan paa wɔ Kenya.
Nea ɛyɛe a matatu bae no ho asɛm yɛ anigye te sɛ adwuma a wɔde yɛ no ara pɛ. Nea edii kan bae no yɛ Ford Thames kar dedaw bi a Britania asraafo de dii dwuma wɔ Ethiopia wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien mu a wogyaw hɔ. Wɔ 1960 mfiase mu hɔ no, na Nairobini bi de fa ne nnamfonom kɔ kurom ma wotua sika ketewaa bi a ɛyɛ sɛnt 30 tɔ pɛtro gu mu.a Ɛno akyi pɛɛ na afoforo huu sika a na kar dedaw yi betumi ama wɔanya no. Enti wɔdanee no trotro a ɛfa nnipa 21, na wɔde benkyi abiɛsa a wɔbɛtra so sisii mu ntentenmu. Ná eyi te sɛ Nigeriafo bolekajas dedaw no. Obiara a ɔbɛforo no tua sika sɛnt 10 abiɛsa a mfiase no na wogye no. Ebia ɛno nti na wɔtoo kar no din matatu—efi Swahili asɛmfua tatu, a ɛkyerɛ “abiɛsa” mu. Efi saa bere no, matatu asesa koraa ma nsonsonoe kɛse da ɛnnɛ de no ne dedaw no mu. Yiw, ɛnnɛyi matatu no yɛ kar a ɛyɛ fɛ a Kenya atesɛm krataa bi kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “atufaa a ne kɔla dɔɔso.” Eyi nyɛ bodwabodwa nneɛma a na wɔyɛ no 1960 mu hɔ no bi!
Matatu mu tra tumi yɛ anigye bere a ne titiriw no, ofirikafo no de anuɔden fa kar nkyereso a emu yɛ den mu wɔ kurom no! Ma yɛmfa matatu nkyini mfa Nairobi kurom nhwɛ sɛnea eyi te.
Nneɛma a Ɛyɛ Anigye
Yebefi yɛn akwantu no ase wɔ baabi a kar ahorow sisi retwɛn sɛ wobetu akɔ mmeae ahorow no. Abɔ awiabere dɔnko, na ɛhɔnom ayɛ bagyabagya a nkurɔfo rehwehwɛ matatu pɔtẽẽ a ɛde wɔn bɛkɔ baabi a wɔrekɔ. Hyɛntiafo no bi de nnɔnhwerew pii betu kwan akɔ mantifi. Afoforo nso renkɔ akyiri biara, ebetumi aba sɛ wɔrekodidi. Matatu no so wɔ mfaso paa.
So woahyɛ no nsow sɛ wɔde kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ na aka kar yi ho? Wiɛ, ɛnyɛ sɛ ɛbɛma ayɛ fɛ nko nti na ɛte saa. Hyɛntiafo binom wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ wɔfa matatu a ɛyɛ fɛ paa. Sɛ wohwɛ kar no yiye a, wubehu sɛ wɔakyerɛw nsɛm ahorow wɔ ho nso. Eyinom bi ka nsɛm a ɛrekɔ so ho asɛm—sɛ nhwɛso no, “El Nino,” “Millennium,” “The Website,” “Internet,” ne “Dot Com.” Afoforo te sɛ “Meek” ne “Missionary” kyerɛkyerɛ suban pa a nnipa kura anaa nea wotumi yɛ mu. Trotro a ɛyɛ fɛ a ɛne matatu di nsɛ paa ne Philippinesfo jeepney no. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wonyaa Jeepney no nso fii wiase ko a ɛto so abien no mu.
Frɛ a wɔfrɛfrɛ hyɛntiafo no yɛ anika paa. Ɛmfa ho sɛ wɔakyerɛw mmeae a kar no rekɔ abɔ kar no ahwehwɛ anim no, bere a afirikafo no rebɔ abɛn no, na wɔn aboafo no repae denneennen. Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔakyerɛw “Jerusalem” anaa “Jericho” wɔ matatu bi anim. Sɛ wofa mu bi a, ɛnyɛ Mediterranea Supɔw no so na ɛde wo bɛkɔ, na mmom, ɛde wo bɛkɔ nkurow a ɛwɔ Nairobi kurotia a wɔde Bible mu din yi atoto so no so. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ afirikafo no aboafo no repɛ hyɛntiafo ma wɔaforo matatu biara nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ etumi yɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛpaw nea ɛsɛ sɛ wɔfa no!
Yɛma wo akwaaba ba Strawberry mu! Ebia emu tra bɛyɛ dɛ te sɛ aduaba no ara. Ɛte sɛ nea nnipa pii pɛ matatu pɔtẽẽ yi esiane sɛ ankyɛ koraa na ɛyɛɛ ma nti. Nnwom a wɔabue a ano nyɛ den pii no fi kar no suhyɛ mu gyigye ma hyɛntiafo no tie. Nanso mma ɛnyɛ wo sɛ saa na matatu nyinaa te. Akasam akɛse a ɛbɔ nnwom tuatua aso paa hyehyɛ ebinom nkongua ase. Wiɛ, matatu no yɛɛ ma no adi bɛboro simma du. Nanso, yɛn matatu no da so ara si hɔ. Dɛn nti na akyɛ saa? Hyɛntiafo a wobegyinagyina kar mu no mmɛhyehyɛɛ akwan a ɛdeda ntam no mu. Ɛrenkyɛ biara na ayɛ ma a obiara ntumi ntwa ne ho. Nokwasɛm ne sɛ, matatu no begyinagyina kwan so mpɛn pii afa hyɛntiafo foforo.
Afei yetu. Nnipa a wonnim wɔn ho koraa gyina asɛm a ɛda gua saa da no so fi nkɔmmɔbɔ a emu yɛ den ase. Kar no mu dan sɛ guaso. Nanso hwɛ yiye na woamfa w’adwene nyinaa ankɔ nkɔmmɔbɔ no so. Wɔde ebinom atwam wɔ faako a anka wobesi esiane sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa mu denneennen nti.
Yɛkae sɛ matatu no tumi kɔ baabiara. Ɛnyɛ faako pɛ na etumi kɔ. Nea ɛbɛyɛ na ofirikafo bi adi bere a wahyɛ ama ne ho so no, ɔfa babiara a obenya, a baabi a wɔayɛ sɛ nkurɔfo nantew mfa mpo ka ho—ɛtɔ mmere bi a ɛka dɛ na anka abɔ ebinom. Ofirikafo no boafo adwuma no nso nna fam. Ɔbɔ mmɔden sɛ obegye hyɛntiafo a wɔn ho yɛ dede a ebinom asɛm yɛ den no sika. Nanso ɔnsoso nsɛm nketenkete so. Nea ɛsɛ sɛ hyɛntiafo no yɛ ara ne sɛ obetua ka anaasɛ matatu no begyina ntɛm ara ma wɔayi no asi fam—ɛtɔ mmere bi a, abufuw so! Sɛ ebinom besi fam a, ofirikafo boafo no ka kyerɛ ofirikafo no, na bere koro no ara ɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔforo. Ɔbɔ hwerɛma, ɔde ne nsa bɔ kar no suhyɛ, anaa dɔn bi a ɛbɛn ofirikafo no pon de yɛ sɛnkyerɛnne. Ɛwom sɛ wɔayɛ baabi a ɔmanfo kar nyinaa tumi gyina de, nanso matatu tumi gyina baabiara ne bere biara, sɛ ebia ɛrefa hyɛntiafo anaa ɛresi wɔn.
Bere a yɛafi kurom no, afei de yɛadu kurotia baabi a hyɛntiafo no pii besisi. Bere aso sɛ matatu no san kɔ baabi a efi bae no. Ɛbɛfa nnipa foforo wɔ kwan so. Eyinom nso behu nneɛma a yehui no ara bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛmfa ho sɛ Strawberry gyinagyina no, emu tra ayɛ anigye.
Wɔbɛkɔ So De Adi Dwuma
Sɛ wɔkyekyɛ kar bɛyɛ 30,000 a ɛwɔ Kenya no mu pɛpɛɛpɛ a, matatu a wɔde tu kwan no ama ɔman a mfe bi a atwam no na akodi ayɛ no pasaa no abɛyɛ ahemman a emu yɛ hyew na sika wom. Nanso, baabiara a etumi kɔ no ama nsɛnnennen bi asɔre. Sɛ nhwɛso no, wɔabɔ afirikafo sobo sɛ wonni kar ka ho mmara so, na ama atumfoɔ ahyehyɛ mmara pii a wɔde bɛsɔw ano. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔde matatu yɛ adwuma no sɔre tia mmara a ɛtete saa no denam adwuma a wogyae yɛ no so, na eyi de ahokyere brɛ nnipa mpempem a wɔfa matatu daa no. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na ebia n’ani gye matatu no adwumayɛ ho de, nanso ɛma wɔn a wonni sika pii a wɔde bɛfa kɔ-ntɛm bra-ntɛm kar wɔ beae yi no tumi tu kwan.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔakyekyɛ Kenyafo sika titiriw a wodi, seren no mu ayɛ no Kenyafo sɛnt 100. Wɔsesa (U.S.) dɔla biako nya bɛyɛ seren 78.
[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]
Ford Thames kar bi
[Asɛm Fibea]
Noor Khamis/The People Daily