Obiara Benya Aduanpa
OBIARA ani gye aduanpa ho. Nanso, sɛnea yɛahu no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wobenya aduan a ɛte saa. Awerɛhosɛm mpo ne sɛ, nnipa ɔpepem pii aduan nso wɔn ma enti wɔmpɛ sɛ wɔbɛhaw wɔn ho ahwehwɛ sɛ ɛyɛ papa anaasɛ ahoɔden wom. Nea ehia wɔn ara ne sɛ wobenya biribi adi de atra nkwa mu. So ebetumi aba sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔhaw a ɛte saa bɛba?
Susuw ho hwɛ. Bere a Onyankopɔn de ɔbarima ne ɔbea traa asase so no, na ehia sɛ wodwennwen aduan ho? Na ɛnte saa koraa! Asɛm a ɛwɔ Bible nhoma a ɛne Genesis mu ne sɛ: “Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so.” (Genesis 2:9) Enti na Adam ne Hawa wɔ nnuan ahorow pii a ɛyɛ dɛ. Na Nyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no nim aduan a eye ma wɔn; na onim nea ɛbɛma wɔn ani agye nso. Ɛwom sɛ Eden turo no nni hɔ nnɛ de, nanso Onyankopɔn asesa nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asase no anaa?
Yebetumi agye adi ampa sɛ ɛnkyɛ obiara betumi anya aduanpa a ahoɔden wom pii adi wɔ asase so! Anidaso a ɛte saa betumi aboa yɛn kɛse ma yɛanya su pa wɔ aduan a wɔpɛ sɛ ɛho tew no ho nnɛ. Sɛ yenya ahotoso a edi mu wɔ anidaso a ɛte saa ho a, ebetumi aboa yɛn kɛse na yɛannya adwene a ɛmfata anaasɛ ɛnteɛ.
Adɛn nti na yebetumi agye adi ampa sɛ ɛnkyɛ asetra bɛsesa? Wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm anibere so no nim sɛ yɛadu nneɛma nhyehyɛe yi awiei “nna a edi akyiri” mu. Ɛyɛ nnipa na wɔde wɔn nyansa di wiase yi so, ma enti wonni ahotoso wɔ asetram nneɛma pii mu gye sɛ wɔsɔ hwɛ. Ɛdefa ɔkwan a wɔfa so yɛ aduan ho no, wontumi nhu ankasa sɛ ɔkwan pɔtee bi fata anaasɛ asiane wom. Ɔkwampa a wontumi nhu yi de ehu ne mpaapaemu ba.—2 Timoteo 3:1-5.
Nnipa Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo koraa besi nea ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu. Ne mfitiase atirimpɔw—sɛ ɔbɛma asase nyinaa adan paradise te sɛ Eden turo, na nnipa a wɔwɔ anigye ne apɔwmuden atra mu—no bɛbam. Saa bere no Onyankopɔn nyansa a ɛyɛ pɛ a ɛde biakoyɛ ba no bɛhyɛ asase so ma. (Yesaia 11:9) Nnipa nyansa a ɛtɔ sin no befi hɔ koraa. Onyankopɔn wiase foforo no beyi adwenem naayɛ biara a ɛfa aduan a wɔbɛma ho atew ho no afi hɔ. Ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa no betumi ahu aduan a yehia?
Aduanpa a Efi Ɔbɔadeɛ no Hɔ
Nkɔmhyɛ pii a ɛfa sɛnea asetra bɛyɛ wɔ wiase foforo a ɛreba no ho no wɔ Bible no mu. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn bɛma] osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so; na anantwi ne mfurum mma a wɔyɛ mfuw mu adwuma no bedi afrafraduan pa a wɔde apampaa ne apaawa ahuw so.”
Yesaia nkɔmhyɛ no san kae bio sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” The New American Bible ka ɔfã a etwa to no ho asɛm sɛ, “apontow a aduan ne nsa pa wɔ ase, sradeduan a ɛho tew, ne nsa pa.”—Yesaia 25:6; 30:23, 24.
W’ani gye eyi ho? Yesaia nkɔmhyɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ obiara a ɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu no benya aduan pii. Ɛbɛyɛ aduanpa? Yiw. Nkɔmhyɛ foforo nso ka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘bɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.’ (Mika 4:4) Onyankopɔn Mesia Ahenni, a ebedi asase so daakye no bɛhwɛ ma yɛanya nneɛma a ɛtete saa.—Yesaia 9:6, 7.
Yɛrennwen bio sɛ ebia aduan ye anaasɛ enye. Mmom no, yɛde anigye bɛka akyerɛ yɛn ho yɛn ho sɛ: “Didi ma wo bo ntɔ wo yam” anaa “guten Appetit” anaa “bon appétit.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Ɛnkyɛ obiara a ɔwɔ asase so benya aduanpa a ahoɔden wom pii adi
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obiara benya aduanpa