Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 4/8 kr. 20-22
  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Woafi Mu Afi no Akyi
  • Anidaso a Wɔma Nkurɔfo Nya Wɔ Abasamtu Mu
  • Nsasewosow​—Sɛnea Wubetumi Asiesie Wo Ho Ama Nkwagye!
    Nyan!—1988
  • Asasewosow!
    Nyan!—2000
  • Asasewosow Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—2002
  • Bere a Asase Wososwee No, Wɔbɛboae
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 4/8 kr. 20-22

Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina

“YƐANANTEW FI ANƆPA. YƐREGUAN DE APERE YƐN NKWA. YENNI NSU A YƐBƐNOM, NE ADUAN A YEBEDI. AFIE NYINAA ASƐE.”— HARJIVAN, A OFII ASASEWOSOW BI A ESII INDIA A NA NE KƐSE YƐ 7.9 MU KAE NO.

ƐYƐ hu sɛ wubehu asasewosow bi a ano yɛ den. Obi a ofii asasewosow bi a esii 1999 mu wɔ Taiwan mu kae no ka sɛ: ‘Ntade adaka a ne sorokɔ yɛ anammɔn awotwe a esi me mpa ho mu nhoma tu pansam me so. Dade kyɛw foforo bi a matɔ a mɛhyɛ de atra me moto so fi ntade adaka no so bɛhwee me ti ho wɔ me mpa no so.’ Ɔde ka ho sɛ: ‘Anka ade a mede bɔ me ho ban no betumi akum me.’

Bere a Woafi Mu Afi no Akyi

Ɛyɛ hu sɛ wubehu asasewosow, nanso ebi mu a woafi aka no yɛ mfiase ara kwa. Asiane no akyi nnɔnhwerew bi no, ogye ho adwumayɛfo de akokoduru bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔapira no na wɔahwɛ wɔn. Mpɛn pii no, wɔyɛ saa bere a asasewosow foforo a ebetumi asi ho hu da so wɔ hɔ. Ɔbarima bi a ɔyɛɛ n’adwene sɛ obetutu dɔte pii bi a na adwiriw akata beae bi so wɔ El Salvador wɔ asasewosow bi a na esii nkyɛe mu no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye ankasa. Sɛ mpofirim ara na asase no wosow bio a, koko yi nkae betumi adwiriw agu.”

Ɛtɔ mmere bi a, ankorankoro da ahofama soronko adi de boa wɔn a wɔn ho akam no. Sɛ nhwɛso no, bere a asasewosow kɛse bi sii wɔ India wɔ 2001 mfiase no, Manu, akwakora bi a seesei ɔte United States no, san baa ne man mu. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ, ɛnyɛ m’abusua nko na merekɔboa wɔn, na mmom obiara a ɔrehu amane.” Manu hui sɛ tebea no asɛe koraa wɔ amantam a ɔkɔsraa hɔ no. Nanso, ɔkae sɛ: “Akokoduru a nkurɔfo da no adi no yɛ nwonwa.” Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Manhu obiara a ɔbɛn me a wamfa ne biribi ammoa—da koro, dapɛn anaa ɔsram biako akatua, sika a ɛda sikakorabea fã bi anaa biribiara a na wobetumi ayɛ de aboa.”

Nokwarem no, ɛsono sɛ wubeyiyi nneɛma a asɛe na woahwɛ wɔn a wɔapira no; ɛnna ɛsono sɛ wobɛma asetra a bere tiaa mu akomatu ma ɛsesae no asi ne dedaw mu. Susuw Delores, ɔbea bi a ɔhweree ne fie wɔ El Salvador asasewosow no mu no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Eyi yɛ hu sen ɔko no. Anyɛ yiye koraa no, ɛno de na yɛwɔ dan da mu.”

Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi anim mu no, ɛtɔ da a ɛnyɛ honam fam mmoa nko na ɛho hia kɛse, na mmom nkate fam mmoa nso. Sɛ nhwɛso no, bere a asasewosow sɛee Armenia kurow wɔ Colombia atɔe fam wɔ 1999 mfiase no, nnipa bɛboro apem na wɔhweree wɔn nkwa, na afoforo pii na wɔyɛɛ basaa na wɔn abam bui. Adwenem ɔyaresafo Roberto Estefan, a n’ankasa fie sɛee wɔ atoyerɛnkyɛm no mu no kae sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, nkurɔfo rehwehwɛ mmoa. Mipue sɛ merekɔwe nantwinam a wɔayam, nanso nnipa a wokyia me no mu dodow no ara de hokwan no ka kɔdaanna ne wɔn awerɛhodi ho asɛm kyerɛ me.”

Sɛnea Oduruyɛfo Estefan nim no yiye no, nkate fam yaw a obi di wɔ asasewosow akyi no betumi ayɛ hu yiye. Ɔbea bi a otuu ne ho ma boa ma wosii aguanfo atrae bi no hyɛɛ no nsow sɛ nnipa bi a wɔwɔ adwuma yɛ no bɛte nka sɛ ɛho nhia mpo sɛ wɔkɔ adwuma efisɛ wogye di sɛ ɛnkyɛ na wɔawu.

Anidaso a Wɔma Nkurɔfo Nya Wɔ Abasamtu Mu

Wɔ ahokyere mmere a ɛte saa mu no, Yehowa Adansefo yɛ nhyehyɛe boa wɔn a wofi mu ka no, ɛnyɛ honam fam nko, na mmom honhom ne nkate fam nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Colombia asasewosow a yɛadi kan aka ho asɛm no akyi bere tiaa bi no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no paw boayikuw a wɔde mmoa bɛma. Adansefo mpempem pii a wofi ɔman no afanan nyinaa fi wɔn pɛ mu de aduan ne sika kɔboae. Ankyɛ koraa na wɔde nnuan tɔn 70 kɔɔ beae a asiane asi no.

Mpɛn pii no, ɛyɛ a honhom fam mmoa ho behia sen biara. Wɔ Colombia asasewosow no akyi anɔpa bi no, Yehowa Dansefo bi huu ɔbea bi a wahaw ankasa sɛ ɔnam Armenia kurow a asɛe no abɔnten. Ɔkɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔmaa no kratawa a wɔato din Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu?a

Ɔbea no de kratawa no kɔɔ fie kɔkenkan no yiye. Bere foforo a Yehowa Dansefo bi kɔɔ ne fie no, ofii ase kaa n’asɛm. Ná asasewosow no asɛe n’afie pii a ɛwɔ kurow no mu a ɛma no sika pii no. Afei de na ahia no. Nanso na ɛnyɛ ɛno ara nen. Wɔ asasewosow no mu no, ofie a na ɔne ne babarima a wadi mfe 25 te mu no bubu kum ne ba no. Ɔbea no ka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ na n’ani nnye nyamesom ho nanso afei de ɔwɔ nsɛmmisa pii. Ná kratawa no ama wanya anidaso ankasa. Wɔne no fii ofie Bible adesua ase ntɛm ara.

Yehowa Adansefo wɔ awerɛhyem sɛ bere bi bɛba a adesamma renhyia asiane bio, a nea ɛka ho ne asasewosow. Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu nea enti a ɛte saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Adaka wɔ kratafa 20]

YƐ AHOBOA!

◼ Hwɛ hu sɛ wɔamia nnwinnade a wɔde noa nsu no mu afam dan ho yiye na wode nnwinnade akɛse atoto fam anaa nnaka a esisi fam so.

◼ Kyerɛ w’abusua sɛnea wobedum anyinam ahoɔden ne gas ne nsu.

◼ Nya nnwinnade a wɔde dum gya ne aduruyɛ nnaka wɔ wo fie.

◼ Ma radio ketewa bi a batere mono wom mmɛn wo.

◼ Ma w’abusua nsua sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho aban wɔ asiane bere mu, na si hia a nneɛma a edidi so yi ho hia so dua (1) wɔmpere wɔn ho, (2) sutof ne mfiri a ɛma ɔhyew a wobedum no, (3) apongua ase a wobegyina anaa pon ase a wɔbɛhyɛ, na (4) ɛnsɛ sɛ wɔbɛn mpomma, nhwehwɛ, ne wusikwan.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

ASASEWOSOW A ESISI WƆ ISRAEL

Ɔbenfo Amos Nur kyerɛw sɛ, Israel ne ɔman a “wɔ abakɔsɛm mu no, asasewosow asisi hɔ atoatoa so sen biara bere tenten ni.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ Great Rift Valley—kam a ɛda Mediterranea ne Arabia bon mu—no fã bi nam Israel mfinimfini pɛɛ, fi atifi kosi anafo fam.

Anigyesɛm ne sɛ, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no bi gye di sɛ tete mfiri ho animdefo no faa ɔkwan titiriw bi so de tew ɔsɛe a asasewosow de ba no so. Eyi ne nea Bible ka fa Salomo dansi nhyehyɛe ho no hyia: ‘Na abangua kɛse a etwa ho hyia no yɛ abo a wɔasen kyerɛpɛn abiɛsa, ne nkyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako; na Yehowa fi no mufãm abangua no ne ɔdan no abrannaa no wɔ saa bi.’ (1 Ahene 6:36; 7:12) Wɔahu ɔkwan a wɔfaa so kekaa mpuran boom de sii abodan no ho adanse wɔ mmeae ahorow—a abobow bi a ɛwɔ Megido, a wosusuw sɛ ɛwɔ hɔ fi Salomo bere so anaa nea ɛboro saa, ka ho. Onimdefo David M. Rohl gye di sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔde saa mpuran yi “hyehyɛɛ dan no mu de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ho ban afi asasewosow ho.”

[Mfonini]

Asasewosow amamfõ bi wɔ Bet Sheʼan, Israel

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

SIMMA ABIEN AHUDE—OBI A OFII MU KAE AMANNEƐBƆ

Wɔ Ahmadabad, India no, na yɛn abusua no resiesie ne ho ama me sewaa ba ayeforohyia. Wɔ January 26, 2001 no, biribi nyanee me, ɛnyɛ wɔɔkye a ɛyɛ dede, na mmom ɔwosow kɛse bi. Metee sɛ dade nnaka rekɔ anim ba akyi, na ɛno maa mihui sɛ biribi atõtõ. Me wɔfa teɛɛm sɛ, “Mumpue!” Yepuei no, yehui sɛ ɔdan no rewosow. Ɛte sɛ nea ɛkɔɔ so bere tenten. Nokwarem no, asasewosow no dii simma abien pɛ.

Ná ɛte sɛ nea ɛyɛ den ankasa sɛ yebegyina ɔhaw no ano. Yɛhwɛ hui sɛ yɛn abusuafo no nyinaa ho ye. Ná telefon ne anyinam nhama nyinaa asɛesɛe, enti yɛantumi anhu tebea a yɛn abusuafo a wɔwɔ nkurow a atwa ho ahyia mu wom no ntɛm ara. Wɔ dɔnhwerew biako akyi a na yenhu nea yɛnyɛ no, yehui sɛ wɔwɔ tebea pa mu. Ɛnyɛ obiara na onyaa ne ti didii mu. Wɔ Ahmadabad sɛ nhwɛso no, adan bɛboro ɔha na edwiriw gui, na nnipa bɛboro 500 na wɔhweree wɔn nkwa.

Ehu kaa obiara adapɛn pii. Sɛ ade sa na nkurɔfo rekɔda a, na wosuro sɛ asasewosow foforo a wɔaka ho asɛm sɛ ebetumi asi no besi. Wɔansiesie nneɛma ntɛm, na na nnipa pii nni afie a wɔbɛtra mu. Eyi nyinaa fi asasewosow a edii simma abien pɛ nanso na yɛbɛkae daa no.—Sɛnea Samir Saraiya ka kyerɛe.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Obi a ofii January 2001 asasewosow a esii India mu kae a okura ne maame a owui na wɔrehyew no no mfonini

[Asɛm Fibea]

© Randolph Langenbach/UNESCO (www.conservationtech.com)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena