Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wodi Awerɛhow
AMUMƆYƐFO ntua a esii wɔ September 11, 2001, wɔ New York City ne wɔ Washington, D.C., no, maa nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa koma tui. Nnipa mpempem wuwui da koro, a odumgyafo akokodurufo, polisifo ne ayarehwɛfo ɔhaha nso ka ho.
Efi bere a saa asɛm no sii no, Yehowa Adansefo de biakoyɛ abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye wɔn a wɔhweree adɔfo wɔ saa asiane no mu no werɛ. Wɔayɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi ‘akyekye wɔn a wɔn koma abubu,’ ne ‘nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’—Yesaia 61:1, 2.
Wɔ mfe pii a abɛsen no mu no, Yehowa Adansefo abehu sɛ wɔn a wɔhwere wɔn adɔfo wɔ owu mu no taa susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho. Bible no wɔ ho mmuae. Dɛn nti na wonhwɛ kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ ase hɔ no mfi w’ankasa Bible mu?
So wɔahyehyɛ obi wu ato hɔ?
Wɔ Ɔsɛnkafo 9:11 no, Bible no ka sɛ ‘ɛbere ne asiane’ (“asɛm a wɔnhwɛ kwan,” New English Bible) to adesamma nyinaa. Sɛ wɔahyehyɛ owu ato hɔ a, dɛn nti na Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ ahwɛyiye mmɔ yɛn ho ban?—Sɛ nhwɛso no, hwɛ Deuteronomium 22:8.
Dɛn nti na yewu?
Wɔde nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, traa asase so paradise mu. Sɛ wɔkɔɔ so yɛɛ osetie a, anka wɔrenwu. Ná asoɔden a adesamma bɛyɛ atia Onyankopɔn no nkutoo na ɛde owu bɛba. (Genesis 1:28; 2:15-17) Nea ɛyɛ awerɛhow no, Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden tiaa wɔn Bɔfo no. Ne saa nti, wonyaa asotwe—owu. Esiane sɛ adesamma nyinaa fi Adam ne Hawa mu nti, wɔn nyinaa anya bɔne ne owu. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae . . . saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”—Romafo 5:12.
Tebea bɛn na awufo wom?
Wɔ Adam sɔretia no akyi no, Onyankopɔn kae sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Enti, owu yɛ tebea a obi kɔ mu a onnim biribiara—nokwarem no, ɔnte ase ankasa. Bible no ka sɛ: ‘Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Bible no nso ka sɛ sɛ obi wu a, ‘ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.’—Dwom 146:3, 4.
So yenni ɔkra bi a ɛtra ase wɔ owu akyi?
Bible no kyerɛkyerɛ pefee sɛ wo kra no ne wo ara, ɛnyɛ biribi a wonhu a ɛtra hɔ wɔ wo wu akyi. (Genesis 2:7; Mmebusɛm 2:10; Yeremia 2:34) Esiane sɛ eyi te saa nti, yebetumi aka sɛ sɛ onipa wu a, na ɔkra bi awu. Bible no ka no pefee sɛ: “Ɔkra [kyerɛ sɛ, onipa no] a ɔyɛ bɔne no, . . . obewu.”—Hesekiel 18:4.
Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu?
Bible no da no adi sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛsan de awufo aba nkwa mu wɔ paradise asase so, baabi a ɔyare ne owu rentra hɔ bio. Yesu kae sɛ: ‘Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.’—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:1-4.
Yesu de owu totoo nna ho bere a ɔreka n’adamfo Lasaro a na owui nkyɛe no ho asɛm no. (Yohane 11:11-13) Bio nso, bere a Yesu nyan Lasaro akyi no, wanka biribiara ankyerɛ sɛ ɔkɔɔ baabi a wɔyɛ ayayade anaa beae bi a anigye wɔ bere tiaa bi a owui no mu. (Yohane 11:37-44) Ntease wɔ eyi mu efisɛ awufo nnim biribiara. Wonhu amane biara na mmom wɔretwɛn “dɔn” a wobenyan wɔn wɔ mu no. Sɛnea ɛte biara no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu nyan Lasaro no kyerɛ sɛ awufo betumi atra ase bio. Nokwarem no, Yesu nam anwonwade yi so kyerɛɛ nea ɛbɛba asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu ho ade ketewaa bi pɛ. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ ma wɔn a wɔhwere wɔn adɔfo wɔ owu mu wɔ basabasayɛ mmere yi mu no!