Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 26-27
  • Mpaebɔ A Onyankopɔn Tie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpaebɔ A Onyankopɔn Tie
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Onyankopɔn De Hyɛ Bɔ
  • Yɛn Haw Ahorow Ano a Yebegyina
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 26-27

Bible no Adwene

Mpaebɔ A Onyankopɔn Tie

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue ama mo. Na obiara a obisa no nya, na obiara a ɔhwehwɛ no hu, na obiara a ɔbom no wobebue no.”—LUKA 11:9, 10, NW.

ESIANE sɛ Kristofo pii wɔ Yesu Kristo nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no mu ahotoso koraa nti, wɔdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu de wɔn haw ne wɔn dadwen kɔto n’anim, a wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔdɔ wɔn na odwen wɔn ho. Nanso, ebinom hyia abasamtu bere a wɔtwɛn sɛ wobetie wɔn mpaebɔ no. So wote nka sɛ wo mpaebɔ ntu mpɔn? Sɛ wobɔ mpae a, so Onyankopɔn tie?

Sɛ mpo yennyaa yɛn mpaebɔ ho mmuae a, eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ante. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” (1 Petro 3:12) Enti Yehowa Nyankopɔn tie treneefo mpaebɔ, sɛ wɔka ma epue wɔn ano anaasɛ wɔbɔ no komam no. (Yeremia 17:10) Yehowa hwehwɛ nsusuwii ne atenka a ɛwɔ mpaebɔ biara akyi, a ebia nea ɔrebɔ mpae no mpo nte ase nwie anaasɛ onnim.—Romafo 8:26, 27.

Nanso, sɛ Onyankopɔn betie mpaebɔ bi a, ɛsɛ sɛ edu ahwehwɛde ahorow bi ho. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ kyerɛ Onyankopɔn nkutoo—ɛnyɛ Yesu, “ɔhotefo,” anaa ohoni bi. (Exodus 20:4, 5) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae no nso wɔ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, din mu. (Yohane 14:6) So eyi kyerɛ sɛ Yesu di kan tie yɛn mpaebɔ na ɔno nso de akɔma Onyankopɔn? Dabi. Mmom no, sɛ yɛbɔ Yehowa mpae wɔ Yesu din mu a, yɛda yɛn ho adi sɛ Kristo asuafo na yegye tom sɛ ɛdenam n’agyede no nkutoo so na yetumi bɛn Onyankopɔn.—Hebrifo 4:14-16.

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae no wɔ gyidi mu. Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Ɛbɛyɛ dɛn na obi ahu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛte saa? Bible kyerɛwfo Yakobo bua sɛ: “Mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.” (Yakobo 2:18) Yiw, gyidi ma yɛda nnwuma adi, na nnwuma no nso kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ n’ani.

Afei nso ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ so bɔ ade a wobisa no ho mpae daa. Yesu maa eyi mu daa hɔ wɔ Luka 11:9, 10 a yɛkaa ho asɛm mfiase no. Anyɛ yiye koraa no, sɛ obi bɔ asɛm bi ho mpae pɛnkoro pɛ a, so ɛno nkyerɛ sɛ n’ani mmeree ankasa wɔ n’adebisa no ho?

Nea Onyankopɔn De Hyɛ Bɔ

Ɛmfa ho mpɛn dodow a yɛbɔ mpae anibere so no, yɛda so ara te “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Bere a ɛyɛ ampa sɛ Yesu kae sɛ n’akyidifo ani begye no, wanka sɛ wɔrenhyia ɔhaw wɔ asetram. (Mateo 5:3-11) Nanso, ɔkae sɛ n’asuafo ani betumi agye ɛmfa ho awerɛhow, ɔkɔm, sukɔm, anaa ɔtaa no.

Anigye a Yesu kaa ho asɛm no nnyina tebea pa a yebenya so. Mmom no, ɛyɛ komam anigye a yenya esiane Nyankopɔn a yɛsom no nti. Enti, yebetumi anya anigye bi wɔ ahohia mu mpo.—2 Korintofo 12:7-10.

Yɛn Haw Ahorow Ano a Yebegyina

Ɛnde, so mfaso biara nni so sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae afa kokoam nsɛm te sɛ aware mu hokafo pa a yebenya anaa abusua, akwahosan, anaa adwuma ho nsɛnnennen ho dwuma a yebedi ho? Dabi, efisɛ ɛwom sɛ Onyankopɔn nhyɛ bɔ sɛ ɔbɛsesa yɛn asetram tebea no anwonwakwan so de, nanso ɔbɛma yɛn nyansa a yebetumi de agyina ano. Yakobo kyerɛw faa sɔhwɛ ahorow ho sɛ: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Enti Yehowa nam ne honhom kronkron so bɛkyerɛ yɛn kwan. Eyi bɛboa yɛn ma yɛate Bible nnyinasosɛm ahorow ase na yɛde asisi gyinae ahorow.

Nokwarem no, ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na esisi yɛn gyinae horow ma yɛn. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ ho biribi. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛwɔ ɔhaw bi a, so yɛayɛ ho nhwehwɛmu ahu nneɛma ahorow a ɛfa tebea no ho? Eyi bɛyɛ adeyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn ahu sɛ yɛwɔ gyidi. (Yakobo 2:18) So yɛakɔ so abɔ mmɔden sɛ yebedi ɔhaw no ho dwuma, na yɛakɔ so abisa Onyankopɔn akwankyerɛ? (Mateo 7:7, 8) So yɛatɔ yɛn bo ase ahwehwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa tebea no ho mu? Onyankopɔn Asɛm betumi ‘asiesie yɛn koraa ama nnwuma pa nyinaa.’—2 Timoteo 3:16, 17.

Ɛwom sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn tumi de ne ho gye nnipa nsɛm mu yi yɛn haw nyinaa fi hɔ de, nanso wɔama yɛn kwan ma yefi yɛn pɛ mu yɛ ade. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii de wɔn pɛ mu a wofi yɛ ade no di dwuma de haw afoforo. Enti, ɔhaw ahorow bi a yɛbɔ ho mpae no betumi akɔ so atra hɔ kosi sɛ Onyankopɔn wiase foforo no bɛba. (Asomafo no Nnwuma 17:30, 31) Ebetumi ayɛ tebea a ɛwɔ beae a yɛte no, te sɛ nsɛmmɔnedi anaasɛ akodi ankasa; anaasɛ ebetumi ayɛ nsɛnnennen a asɔretiafo de ba ano a ɛsɛ sɛ yegyina. (1 Petro 4:4) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ wɔ saa wiase bɔne yi mu no, tebea ahorow bi rensesa nyɛ papa.

Nanso, Onyankopɔn dɔ n’asomfo na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Sɛ N’ahenni no di asase so koraa a obiara ne no nni asi a, obeyi wiase yi mu haw ahorow a ɛyɛ hu no afi hɔ koraa. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛnkosi saa bere no, momma yɛnkɔ so nsrɛ n’akwankyerɛ a yɛde begyina asetram haw ahorow ano. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bedi bɔhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu wɔ Yesaia 41:10 no ho dwuma sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena