Nnipa a Wɔhwehwɛ Anigye Mmoroso—Dɛn Nti na Wɔkyerɛ Ade a Edi Awu Ho Anigye Saa?
WƆ TETE Roma prama kɛse so no, nkurɔfo a wɔn ani agye—nnipadɔm 50,000—ayɛ krado. Wɔn akwanhwɛ no mu kɔ so yɛ den bere a wɔnam aguade dawurubɔ a atrɛw so abɔ amanneɛ sɛ nea wɔbɛyɛ no de “anigyede nwonwaso a ɛnsɛ sɛ ɛpa wɔn ti so” na ɛbɛbrɛ wɔn no.
Ɛwom sɛ nkonyaayi, ɔyɛkyerɛ a kasa nnim, ne asereseresɛm ahorow kɔɔ so twee nkurɔfo kɔɔ mpɔtam hɔ agohwɛbea hɔ de, nanso nneɛma a ɛkɔ so wɔ prama kɛse so no yɛ soronko koraa. Ɛrenkyɛ na nkongua a ɛso yɛ den mu brɛ ne da no mu dadwen ahorow ayera bere a wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛyɛ ahodwiriw kyerɛ bɛhwɛadefo no.
Afei nnwontofo no ba, na ɔsɔfo a ɔhyɛ asɔfotade di akyi. Afei wɔn a wokura aduhuam di anyame santen a wɔasoa anyame ne anyamewa wɔ soro rekyerɛ ma obiara ahu no anim. Eyi maa adeyɛ no yɛɛ sɛ nea Onyankopɔn ahyira so.
Mmoa a Wokum Wɔn
Afei anigyede akɛse ahorow no ankasa rebefi ase. Nea edi kan no, wogyae nsohori ne kɔntenten, a nnipa a wɔaba hɔ no mu kakraa bi pɛ na wɔahu bi pɛn no, wɔ prama kɛse no so a ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so aguan. Bɛmmatofo pii a wɔaben, totow bɛmma ne agyan kunkum mmoa a wontumi nyɛ hwee no kosi nea otwa to so, de gye agohwɛfo a wɔhwehwɛ anigye mmoroso no ani.
Nea edi hɔ a wɔde gyigye nnipadɔm a wɔrebɔ gye so no ani ne asono abien a wɔde nnade atenten a ano hwirenhwiren ahyehyɛ wɔn asommɛn mu a wɔko kosi owu mu no. Bere a aboa hoɔdenfo biako a wapira owupira hwe fam wɔ dɔte a mogya afɔw no so no, wɔbɔ wɔn nsam kɛse de gye so. Saa adeyɛ yi ma bɛhwɛadefo no nya akɔnnɔ kɛkɛ ma adeyɛ no ankasa a ɛrenkyɛ ebefi ase no.
Akansi no Ankasa
Nnipadɔm a wɔhwehwɛ anigye mmoroso no de hooyɛ sɔre gyina bere a akofo a wɔko gye nnipa ani pue wɔ prama kɛse no so no. Ebi kura mfoa ne kyɛm ne dade kyɛw anaa sekamma, na ebi kura akode ne nea wɔde hyehyɛ wɔn ho kakraa bi. Wɔde wɔn nsa ko, na mpɛn pii no obiako anaa wɔn baanu nyinaa wu ma bɛhwɛadefo no bɔ gye so. Kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔ akansi biako ase no, wokunkum mmoa 5,000 wɔ nnafua 100 mu. Wɔ adeyɛ foforo mu no, wokunkum akofo a wɔko gye nnipa ani no 10,000. Nanso ɔmanfo no kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ wonkum pii nka ho.
Nsɛmmɔnedifo ne ɔko mu nneduafo na na wɔde wɔn di aguma no. Nanso, nhoma bi ka sɛ, “ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn fra akofo a wɔn ho akokwaw a wɔko gyee nnipa ani, a wonyaa sika, a na ɛnyɛ sɛ wɔabu wɔn kumfɔ no.” Wɔ mmeae bi no, na akofo a wɔko gye nnipa ani no kɔ sukuu soronko ma wɔkyerɛ wɔn nsa ne nsa a wɔde ko ntɔkwaw. Anigye mmoroso nti, agoru ne awudi a ɛrekɔ so no gye wɔn adwene. Na wɔwɔ akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ wɔbɛko bio. Nhoma bi ka de wie sɛ: “Ɔkofo a otumi di ako aduonum ansa na wagyae no na onim akodi yiye paa.”
Anantwinini a Wɔne Wɔn Di Ako
Adesamma abusua ahyɛn Mfirihyia Apem foforo mu wɔ yɛn bere yi mu. Nanso ɛda adi sɛ saa akɔnnɔ a ano yɛ den yi da so ara wɔ nnipa pii a wɔn ani gye agumadi a asiane wom ho mu, titiriw nea etumi ma obi wu no. Sɛ nhwɛso no, anantwinini akodi yɛ agodi bi a agye din wɔ Amerika Kesee fam ne Mexico mfehaha pii ni. Ɛnnɛ agye ntini wɔ Latin America, Portugal, ne Spain.
Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ prama akɛse bɛyɛ 200 na ɛwɔ Mexico na bɛboro 400 na ɛwɔ Spain. Mexico prama kɛse biako tumi fa nnipa 50,000. Nnipa a wɔrebɛhwɛ mmarima a wɔda wɔn akokoduru adi bere a wohyia anantwinini a wɔde kirididi ba wɔn so no hyɛ prama akɛse pii mu amãmã. Ehu biara a nea ɔne nantwinini ko da no adi no ma nnipadɔm a wɔrebɔ gye so no di ne ho fɛw.
Seesei mmea akofo abɛyɛ wɔn a wɔne anantwinini ko, a wonya dɔla ɔpepem pii wɔ anantwinini a wokum ho. Ɔbea bi a ɔne anantwinini ko a wobisabisaa no nsɛm wɔ television so kae sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi adi n’anigye mmoroso akɔnnɔ ho dwuma sen sɛ ɔbɛkɔ anantwinini prama so ne aboa a ɔde kirididi reba ne so ahyiam, ɛmfa ho asiane a ɛyɛ sɛ obetumi asi no akum no no.
Anantwinini Ho Mmirikatu
Amanneɛbɔ biako ka sɛ “Nnipadɔm ato santen anan wɔ Sixto, wɔ Pamplona Estafeta kwan so, na wɔyɛ dede a ano yɛ den wɔ hɔ bere nyinaa. Wɔka kasa horow—Basque, Castilian, Catalan, Engresi.” Nnipadɔm ba ntɛm bɛhwɛ akansi no. Wɔde anantwinini a wɔakora wɔn so ama anantwinini ntɔkwaw no gu ban a wɔagye ho a efi hɔ kɔ prama kɛse no so yɛ kwansin fa pɛ no mu.
Wɔ anɔpa a wɔbɛko no, wobuebue wɔn ban no apon, gyaa anantwinini asia, ne biako a wɔakora no so a ɔbɛko saa anadwo no. Adan sesa so wɔ kwan no ho, na wɔde nneɛma asisiw akwan a ɛdeda kwankyɛn no. Eyi ma ɛdan anammɔn kwan a eye ma anantwinini mmirika a wotu kɔ prama kɛse no so no, a sɛ biribiara kɔ yiye a, ebegye wɔn bɛyɛ simma abien no.
Mfe bi a atwam no, mmarima a wobuu wɔn ani guu asiane so, sii gyinae sɛ wɔbɛsɔ wɔn ahoɔden ahwɛ wɔ mmirika a wobetu atwa anantwinini no ho. Afe biara ebinom kɔ so sɔ hwɛ. Mmere twaam no, abɛyɛ amanaman ntam akansi. Anantwinini no apirapira nnipa kɛse paa ara, na wɔapempem afoforo nso akunkum wɔn. Mmirikatufo no mu biako kae sɛ: “Sɛ ɛyɛ wo sɛ wubetumi atu mmirika atwa wɔn ho a, ɛnde na woredi mfomso ankasa.” Sɛnea Spain Red Cross bɔ amanneɛ no, wɔ mfe 20 mu no, “sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na wosi obi pira no da biara da.” Wɔhwɛ nnipa afoforo 20 kosi 25 da biara da sa wɔn akuru.
Dɛn nti na na wɔkyerɛ ade a edi awu yi ho anigye saa? Mmirikatufo biako buae sɛ: “Saa anibu no mu a wo ne anantwinini no wɔ hɔ, ne wɔn bɔ annan, home wɔn pampan, te wɔn tɔte nnyigyei, na wohwɛ wɔn mmɛn a ɛkɔ soro ba fam wɔ w’anim nsateakwaa kakraa bi no—eyinom ne anigye a [mmirikatu] no ma wunya.” Nnipadɔm a wɔrebɔ gye so no kanyan mmirikatufo no. So ebinom bɛte huammɔdi nka bere a wɔanhu sɛ nantwinini a ne mu duru yɛ nkaribo 1,500 a n’ani abere de n’abɛn wɔ mmirikatufo bi kum no anaa ɔtow no atirimɔden so fa n’abati so no anaa? So wɔn mu binom ani begye mogyahwiegu ho saa ara te sɛ nnipadɔm a na wɔwɔ Roma prama akɛse so no?
Owu a Wɔsɔ Hwɛ
Afei ebinom wɔ hɔ a wɔwɔ akɔnnɔ sɛ wɔbɛsɔ owu ahwɛ wɔ akwan ahorow so. Yɛwɔ wɔn a wɔde moto nketewa yɛ ahude a asiane wom na egye ahokokwaw a wobu wɔn ani gu owu ne opira kɛse so na wohuruw fa kar 50 a wɔde asisi afa ne afa anaa hyɛntiafo bɔs dodow bi anaa wohuruw fa bon donkudonku a ɛtrɛw so. Wɔn a wɔyɛ ahude yi mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ wabubu ne nipaduam nnompe 37 na watɔre mum nnafua 30 pɛn. Ɔkae sɛ: “Nnompe anaa basa a abubu nyɛ ade foforo mma me bio. . . . Mayɛ oprehyɛn akɛse dumien a wɔde toatoa nnompe a abubu. Ɛno ne nea wɔpae wo na wɔde bona anaa nkyerewa hyɛ wo mu no. Misusuw sɛ wɔde nkyerewa bɛyɛ aduasa anum anaa aduanan ahyehyɛ me mu na akeka me nnompe abom. Midi ayaresabea akɔneaba bere biara.” Bere bi a opirae bere a na ɔresiesie ne ho ama mmirikatu no ma enti wantumi ammɔ mmɔden anhuruw amfa kar dodow bi so no, nnipadɔm a wɔn aba mu abu no hurow no.
Nnipa pii a wɔhwehwɛ anigye ntraso de wɔn ho hyɛ agumadi a ɛkɔ akyiri mu, a nea ɛka ho bi ne ahude a ebetumi ama obi awu te sɛ abansoro tenteenten a wɔforo fa ho a wɔnhyɛ nnwinnade a ɛbɛbɔ wɔn ho ban, dua a wɔde twiw fa nsukyenee mmepɔw kuronkuron a ɛyɛ anammɔn 20,000 so ba fam, abantenten ne twene atenten so a wohuruw fi so, nnwinnade a wɔhyɛ huruw fi wimhyɛn mu bere a wɔakyekyere no abɔ obi foforo a ohuruw akyi, anaa wɔforo ɔbotan kuronkuron a nsukyenee akata ho a nea ekura ne nsam ara ne dade a wɔde tutu fam. Obi a ɔforo nsukyenee bɔɔ abubuw sɛ: “Mehwɛ kwan sɛ mɛhwere me nnamfo baasa kosi baanan wɔ afe mu.” Eyi yɛ agumadi a etumi di awu a agye din wɔ agumadi wiase mu no kakraa bi. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɛyɛ hokwan a ɛde asiane ba no na ɛma agumadi a ɛkɔ akyiri no yɛ akɔnnɔ paa.”
U.S.News & World Report nsɛmma nhoma no kyerɛwee sɛ: “Agumadi a ɛtra so kɔ akyiri dodo mpo regye din kɛse. Wɔ 1990 mu no, ná agumadi a ɛne wim a wotu fa, a wɔn a waben wɔ ade a wɔhyɛ de huruw fi wimhyɛn mu ba fam no de tu fa wim di agoru wɔ prama so dannan wɔn ho wɔ nnade pon so na wɔtew ba fam fi mita 4,000 a wonkura hwee mu no nni hɔ, nanso seesei nnipa mpempem pii na wɔde wɔn ho ahyem. Agumadi bi a wɔfrɛ no BASE jumping (Adan, Nnadebɛn, Nneɛma a Ɛtrɛw, ne Asase ahuruhuruw), a wɔde sii hɔ wɔ mmara kwan so wɔ 1980 mu no, seesei atwetwe nnipa ɔhaha pii a wɔhyɛ ade a wɔde huruw fi wimhyɛn mu ba fam—a mpɛn pii no ɛto mmara na wɔyɛ no anadwo—de huruw fi nneɛma a wɔde atim hɔ te sɛ radio abantenten anaa atwene so.” Saa agumadi yi akunkum nnipa pii dedaw. Obi a ne ho akokwaw wɔ ahuruhuruw mu kae sɛ: “Apirapira nni BASE jumping mu kɛse. Nea ɛwom ne sɛ wubenya nkwa anaa wubewu.”
Nnipa mpempem pii ani regye abotan a ɛkorɔn sɛ mmepɔw a wɔde nsa ne anan pɛ na ɛforo ho. Television ne nsɛmma nhoma a ɛbɔ aguade ho dawuru fa nneɛma nyinaa ho fi lɔre so kosi tipae nnuru so mpo de wɔn a wɔreforo mmepɔw kuronkuron a wɔsensɛn ho anammɔn ɔhaha pii wɔ wim ho mfonini kyerɛ, a hama teateaa bi pɛ na ekura wɔn mu. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ 1989 mu no, nnipa bɛyɛ 50,000 na wosii wɔn bo wɔ United States sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ saa agumadi yi mu; wobuu akontaa nnansa yi ara sɛ nnipa ɔpepem fã na ade a edi awu yi agye wɔn adwene. Ne dodow renya nkɔanim wɔ wiase nyinaa.
Wɔ United States no, Family Circle nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmarimaa ne mmeawa a wɔn dodow kɔ anim na agumadi foforo a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ hu yi a wɔde wɔn ho hyem no kum wɔn anaa edi wɔn dɛm.” “Kar mu a wohuruw fi”—kar a egu so retu mmirika ahoɔhare so a wohuruw fa ne mfɛnsere mu kogyina n’atifi—anaa afiri a wɔde foro abansoro a egu so yɛ adwuma a wogyina so anaa keteke a ɛda asase ase a ɛretu mmirika ahoɔhare so a wogyina so akunkum mmerante ne mmabaa bebree.
Bepɔw Everest a ɛware sen biara mpo no wɔreforo sen bere biara nnɛ. Wɔn a wonni ntetee a ɛfata a wɔde foro no betua $65,000 na wɔde wɔn aforo akɔ atifi de wɔn asian bio. Efi 1953 no, nnipa bɛboro 700 na wɔaforo adu atifi. Pii antumi amfi so amma bio. Wɔn afunu no bi da so gu bepɔw no atifi. Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔforo Everest seesei no si akan wɔ nea ɔyɛ akumaa koraa, nea wanyin koraa, ne nea ne ho yɛ hare paa a waforo ho.” Sɛnkyerɛwfo foforo kyerɛwee sɛ: “Nea ɛnte sɛ agumadi afoforo no, mmepɔw foro ho agumadi hwehwɛ sɛ agumadifo no bewu.” So ɛsɛ sɛ obi sɔ asiane hwɛ ansa na akyerɛ sɛ ɔyɛ kokodurufo? Obi a ɔforo mmepɔw bɔ kɔkɔ sɛ: “Akokoduru nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nkwaseade.” Nea ɛka “nkwaseade” a ɔbobɔ din ho ne wɔn a wɔn ho nkokwawee a “‘wodi mmarimasɛm foro’ kɔ Bepɔw Everest so no.”
Tebea a wɔaka ho asɛm yi na ɛrekɔ so. Nneyɛe a ɛma nkurɔfo wu a ɛregye ntini wɔ wiase nyinaa no nni anohyeto esiane sɛ wɔn a wɔde ba no ayɛ krado sɛ wɔde foforo ho adwene bɛba. Adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi hyɛ nkɔm sɛ agumadi a ɛkɔ akyiri, a agumadifo de wɔn nkwa to asiane mu bere tiaa bi no “bɛyɛ agumadi a wɔbɛhwɛ na wɔde wɔn ho ahyem kɛse wɔ afeha a ɛto so 21 no mu.”
Dɛn Nti na Wɔde Wɔn Ho Hyem?
Agumadifo a wɔde wɔn ho ahyem adu akyiri no pii yi wɔn ho ano sɛ wɔn ho a wɔde hyɛ nneyɛe a ɛde owu ba mu yi ma wotumi ko tia asetra mu mfonoe. Esiane adwuma nhyehyɛe a afono wɔn nti, ebinom agyae wɔn nnwuma na wɔakɔhwehwɛ adwuma foforo wɔ agumadi a ɛkɔ akyiri mu. Ɔbarima bi kae sɛ: “Mifii ase de nneɛma so a wohuruhuruw fi yɛɛ m’anigyede, ahuruside, sɛ ɔkwan a mefa so ma me werɛ fi me haw ahorow na mifi asetra foforo ase. Mihuruw na mabisa me ho sɛ, ‘Mewɔ ɔhaw? Ɔhaw bɛn na mewɔ?’” Nsɛmma nhoma bi bɔ amanneɛ sɛ: “Ansa na saa ɔbarima yi regyae agumadi no, na wahuruw nneɛma mpɛn 456, a nneɛma a ohuruwii no bi ne Yosemite El Capitan, San Francisco Bay Bridge, ne kar a ɛnam ahama so wɔ wim a ɛware kyɛn biara wɔ wiase a ɛwɔ Franse no.”
Obi foforo a ɔde ne ho hyɛ agumadi mu kɔ akyiri kae sɛ: “Ɛte sɛ nea mmere gyina faako. Nea ɛkɔ so wɔ wiase mu biara mfa wo ho.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Nea yɛyɛ de gye yɛn ani [a wɔ ebinom fam no wonya sika sɛ akatua] no, sɛ wɔde tuo mpo hunahuna nnipa pii a wɔrenyɛ.” Newsweek nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wɔn nyinaa asi wɔn bo denneennen sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ anigye mmoroso mu.”
Adwene ne nneyɛe ho animdefo binom ayɛ anigye mmoroso mu nhwehwɛmu akɔ akyiri. Wɔka wɔn a wofi awosu mu pɛ anigye mmoroso ho asɛm sɛ wɔyɛ nnipa a wokura nipasu T. ‘Saa T no gyina hɔ ma “thrills” (“anigye mmoroso”)—asiane nneyɛe, nneɛma a ɛkanyan nnipa a wɔhwehwɛ, anigye a wɔhwehwɛ, ne nkatede a wɔkanyan no a wɔhwehwɛ.’ Ɔka sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a wɔpɛ ahobammɔ wɔ asetra mu—emu akwankyerɛ ne amammerɛ ahorow. Wɔn a wɔpɛ anigye mmoroso no mpɛ ahobammɔ wɔ asetra mu. Wɔhyehyɛ wɔn ankasa asetra kwan.” Ɔkae sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ wɔn a wokura anigye mmoroso nipasu hyia atempɔn so akwanhyia kyɛn afoforo mmɔho abien. “Akwanhyia de owu pii ba mmofra a wɔadu mpanyin afe so so sen biara, esiane sɛ mpɛn pii no wɔde wɔn ho hyɛ anigye mmoroso tebea a ɛde asiane ba mu nti.”
Nyansahufo ne adwene ne nneyɛe ho animdefo gye tom sɛ emfi awosu mu sɛ obi bɛhwehwɛ agumadi a asiane kɛse wom. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii ahyia opira kɛse a ɛde wɔn nkwa to asiane mu, na wɔakɔda ayaresabea ne beae a wɔboa nkurɔfo ma wogyae nneyɛe bɔne bere tenten, na wɔn ho tɔ wɔn ara pɛ a wɔsan kodi nneyɛe a ɛde owu ba akyi bio no, da no adi sɛ wɔn adwene nyɛ papa. Nanso, mpɛn pii no eyinom taa yɛ nnipa a wɔn nyansa mu dɔ.
Animdefo ntumi nhu dekode a ɛtwetwe wɔn a wɔhwehwɛ anigye mmoroso no ma wɔde wɔn nkwa ne wɔn nipadua akwaa horow to asiane mu. Wɔkyerɛ sɛ mmuae no bɛwɔ amemene no mu. Wɔka sɛ: “Worentumi mma wonnyae anigye mmoroso a wɔhwehwɛ no, nanso wobetumi abɔ mmɔden sɛ wobɛma wɔagyae sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asiane nneyɛe mu. Sɛ mpo worentumi mma wonnyae anigye mmoroso akyi di a, wobɛpɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔde afoforo nkwa bɛto asiane mu.”
Kristofo Adwene
Kristofo bu nkwa sɛ ade a ɛsom bo a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Sɛ obi hyɛ da de ne nkwa to asiane mu denam nneɛma a nyansa nnim a ɔde ne ho hyem so sɛnea ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani yɛ den na ɔwɔ akokoduru kɛkɛ—ɔyɛ akakabensɛm—anaasɛ ɔma nnipadɔm ani gye anaa odi n’ankasa atenka a onya no mpofirim ho dwuma a, na ɔnam saayɛ so rebu nkwa akyɛde a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn hɔ no animtiaa. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de obu kɛse maa ne nkwa na wamfa anto asiane mu sɛnea ɛmfata. Ɔpoe sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ahwɛ.—Mateo 4:5-7.
Saa ara na Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔkyerɛ obu ma nkwa. Kristoni bi kyerɛwee sɛ: “Meforoo ɔbotan kuronkuron bere bi, na na afei mintumi nkɔ m’anim anaa m’akyi. Ebesi nnɛ da yi, sɛ mekae sɛnea mebɛnee owu fae no a, me ho popo. Hwɛ sɛnea na nyansa nnim sɛ anka merehwere me nkwa!”
Kristoni abeawa bi kyerɛwee sɛ: ‘Beae a mete no, mmofra pii de wɔn ho hyɛ saa anigye mmoroso agumadi yi mu. Wɔbɔ mmɔden bere biara sɛ wobenya me abɛka wɔn ho. Nanso wɔ akwansosɛm mu no, metaa hu amanneɛbɔ a ɛfa nnipa a wowuwu anaa wopira wɔ agumadi koro yi ara a mmofra no ka kyerɛ me sɛ ɛyɛ anigye no mu ho. Mihu sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ mede nkwa a Yehowa Nyankopɔn de ama me no bɛto asiane mu, de anya bere tiaa mu anigye mmoroso.’ Ɛmmra sɛ wubenya adwene ne nsusuwii a edi mu saa ara.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
© Reuters NewMedia Inc./CORBIS
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 22]
Steve Vidler/SuperStock