Nkabom a Ɛda Nsow Wɔ Mfirihyia 30 Akyi
WƆ 1967 mu no, mmerante baanu bi kohyiae a na wɔnhwɛ kwan. Wɔma wɔtraa dan koro mu wɔ Michigan Mfiridwuma Sukuupɔn mu wɔ United States. Saa bere no, na Dennis Sheets a ofi Lima, Ohio, a wadi mfe 18 no wɔ n’afe a edi kan mu a ɔresua kwae ho ade. Ná Mark Ruge a wadi mfe aduonu no fi Buffalo, New York. Na ɔwɔ n’adesua afe a ɛto so abiɛsa mu resua adansi ho nimdeɛ.
Saa bere no, na ɛte sɛ nea wɔn adamfofa no yɛ bere tiaa bi, biribi a ɛretwam akɔ. Mmerante no mu biara antoa ne sukuupɔn nhomasua no so; obiara kɔyɛɛ nea ɔpɛ. Mfe bɛboro aduasa twaam. Afei, da bi wɔ Dominican Republic no, mmarima baanu yi san hyiae bio. Wohyiae mpofirim wɔ anwonwa kwan so a na wɔnhwɛ kwan. Nanso, na biribi foforo nso di akyiri. Ná ɛyɛ dɛn ade? Nea ɛbɛyɛ a wubenya mmuae no, ma yɛnhwehwɛ kwan a wɔn mu biara faa so bɔɔ ne bra mu.
Dennis Kɔ Ɔko
Dennis dii afe biako wɔ kɔlege no, ɔsan kɔɔ fie. Afei, wɔ December 1967 mu no, wɔhyɛɛ no ma ɔkɔɔ U.S. Asraadi mu, na wɔ June 1968 mu no, wɔde no kɔɔ Vietnam. Ohuu ɔko mu ahodwiriwde pii wɔ hɔ. Bere a owiee n’asraadi dwumadi wɔ 1969 mu no, ɔsan kɔɔ United States, na bere bi akyi no onyaa adwuma wɔ adwumakuw kɛse bi mu wɔ Ohio. Nanso, ne bo antɔ ne yam.
Dennis kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me mmofraberem botae ne sɛ mekɔ akɔtra Alaska na m’ayɛ kua. Enti, wɔ 1971 mu no, ɔne n’adamfo bi a na ɔne no wɔ ntoaso sukuu mu fii ase dii saa botae no ho dwuma. Nanso, sɛ anka obegye asase de ayɛ kua no, ɔkɔyɛɛ nnwuma a ɛba fam. Ɔtraa ntamadan mu yɛɛ adwuma sɛ obi a ɔhwɛ gya a ɛtɔ kwae mu so bere kakra. Ogyaw n’abogyesɛ sii atimum na ofii ase nom wii.
Wɔ 1972 mu no, Dennis fii Anchorage kodii Mardi Gras Afahyɛ wɔ New Orleans, Louisiana. Ɛno akyi no, osii dan ketewaa bi wɔ Arkansas kwae mu. Ɛhɔ no ɔkɔyɛɛ adansi ne ɛho asiesie adwuma. Wɔ June 1973 mu no, Dennis kyinkyin ɔman no mu denam afirikafo a wɔnam kwan so a ɔbɛsrɛ wɔn ma wɔafa no atra wɔn kar mu de ahwɛ sɛ obehu atirimpɔw bi wɔ asetra mu anaa.
Mark Kɔdɔm Kuw a Wɔko Tia Akodi
Mark traa sukuupɔn no mu mmere kakra wɔ Dennis nkɔe akyi, nanso osii gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe a na egyina ɔko akyi no fã. Enti ɔsan kɔɔ Buffalo, kɔyɛɛ adwuma so hwɛfo wɔ nnade adwumayɛbea bi kakra. Esiane sɛ na n’ani da so ara nnye akodi nhyehyɛe ho nti, ogyaee n’adwuma, na ɔtɔɔ moto de tu kwan fii ɔman no mu kɔɔ San Francisco, California. Na Dennis ne Mark wɔ San Francisco bere tiaa bi mu wɔ bere koro no ara mu nanso na wonnim.
Te sɛ Dennis no, Mark gyaw abogyesɛ sii atimum na ofii ase nom wii. Nanso na Mark de ne ho ahyɛ kuw bi a wɔko tia akodi mu denneennen, de ne ho ahyɛ wɔn sɔretia ne aperenten mu. Ná FBI pɛ no akyere no esiane sɛ wɔaguan sraadi a wɔhyɛ ɔmanfo de wɔn kɔ nti, enti ɔsesaa ne din faa din afoforo wɔ mfe kakra mu sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu no nkyere no. Odii asɔretiafo asetra kwan akyi wɔ San Francisco. Ɛhɔ wɔ 1970 mu no, Yehowa Adansefo baanu baa ne pon ano.
Mark kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka sɛ mekyerɛɛ ɛho anigye bi, enti wɔsan bae. Na minni fie, nanso wogyaw Bible a ɛho yɛ ahabammono ne nhoma abiɛsa.” Nanso, na amammuisɛm adi Mark ti dodo na na ɔde anigyede nso asi n’ani so nti wɔannya bere ankenkan nhoma no. Afei nso, na FBI tetɛw no paa. Enti, ɔde din foforo bi a na wɔafa ato ne ho so tu kɔɔ Washington, D.C. Ne mpena Kathi Yaniskivis, a ohyiaa no wɔ sukuupɔn mu no, kɔkaa ne ho wɔ hɔ.
Awiei koraa no, wɔ 1971 mu no, FBI nsa kaa Mark. FBI adwumayɛfo baanu bɔɔ ne ho ban wɔ wimhyɛn mu fii Washington, D.C., de no kɔɔ New York na wɔhwɛ hui sɛ ɔbɛtoa so akɔ Toronto, Canada. Ɛda adi sɛ, na FBI no ammu no sɛ obi a ne ho yɛ hu ma ɔman nhyehyɛe; na wɔpɛ sɛ ofi ɔman no mu kɛkɛ. Afe a edi hɔ no, ɔne Kathi waree, na wotu kɔɔ Gabriola Supɔw so, wɔ British Columbia, Canada. Na wɔpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ɔmanfo mu, nanso wɔtee nka sɛ ɛnyɛ asetra nyinaa ni.
Wɔbɛyɛɛ Adansefo
Wobɛkae sɛ na Dennis srɛ afirikafo ma wɔfa no tra wɔn kar mu kyinkyin ɔman no mu, de hwehwɛ atirimpɔw a ɛwɔ asetra mu. N’akwantu no de no kɔɔ Montana, beae a onyaa adwuma wɔ Chinook akyi sɛ obi a ɔboa okuafo bi wɔ awitwa bere mu. Na ɔbarima no yere ne ne babea yɛ Yehowa Adansefo. Wɔmaa Dennis Nyan! nsɛmma nhoma sɛ ɔnkenkan. Ankyɛ, na ogye dii sɛ Adansefo no na wokura nokware som.
Dennis faa Bible na ofii afuw no mu tu kɔɔ Kalispell, Montana. Ɛhɔ na ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a edi kan. Ɔsrɛe sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua wɔ saa nhyiam no ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, oyii ne ti nhwi ne n’abogyesɛ. Ne da a edi kan a ɔkɔɔ asɛnka yɛ January 1974, na wɔbɔɔ no asu wɔ nsuka bi mu wɔ Polson, Montana, wɔ March 3, 1974 mu.
Saa bere no, Mark ne Kathi, a wɔte Gabriola Supɔw so no, sii gyinae sɛ esiane sɛ wɔwɔ bere nti, wɔbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ Bible no mu. Wofii ase kenkan King James Version no, nanso wohui sɛ tete Engiresi a wɔde kyerɛwee no ma asete yɛ den kakra. Afei Mark kaee sɛ Bible ne nhoma horow a Adansefo no de maa no mfe bi a atwam no da so ara wɔ ne nkyɛn. Wɔkenkanee Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne “Is the Bible Really the Word of God?” nhoma no kaa Bible no ho no, Mark ne Kathi ani gyee nea wosuae no ho ankasa.
Mark kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea m’ani gyee ho titiriw ne nokwasɛm a Nokware nhoma no ka faa Kristofo kuw bi a wɔrenkɔ ɔko wɔ tebea biara mu no ho. Metee nka sɛ saafo no na wokura nokware Kristosom mu.” Ɛno akyi bere tiaa bi no, Mark ne Kathi san kɔɔ Houghton, Michigan, kɔsraa Kathi abusuafo—ɛmfa ho asiane a ɛyɛ sɛ wobetumi akyere no no. Wɔkɔɔ Adansefo no nhyiam wɔ hɔ, a na wɔda so ara asiesie wɔn ho sɛ atuatewfo. Wɔpenee Bible adesua so wɔ ɔsram a na wɔwɔ Michigan no mu.
Wɔsan kɔɔ Gabriola Supɔw so akyi no, wohyiaa Ɔdansefo bi wɔ kwan so wɔ Nanaimo, British Columbia, na wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔpɛ sɛ ɔne wɔn yɛ Bible adesua. Saa da no ara no, Adansefo kar mã faa ahyɛmma kɔɔ wɔn nkyɛn, na wofii Bible adesua ase. Asram abiɛsa akyi no, Mark ne Kathi fii asɛnka dwumadi no ase. Ɛno akyi asram abiɛsa no, wɔbɔɔ wɔn baanu nyinaa asu wɔ March 10, 1974 mu. Na ɛyɛ dapɛn biako akyi a Dennis nso gyee asubɔ!
Dennis Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu
Dennis bɛyɛɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo wɔ September 1974 mu. Ɔka sɛ: “Na m’ani gye wɔ akwampae adwuma no mu, nanso na mepɛ sɛ metrɛw me som adwuma no mu; enti wɔ July 1975 mu no, mede akwammisa kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, sɛ mepɛ sɛ mekɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Wɔtoo nsa frɛɛ me saa December no.”
Dwumadi a edi kan a wɔde maa Dennis ne sɛ ɔbɛboa ma wadan kan Towers Ahɔhodan no ayɛ no adan ama adwumayɛfo a wɔwɔ adwumayɛbea ti no. Ɔyɛɛ adwuma mfe pii wɔ hɔ, a na ɔhwɛ wɔn a wɔyɛ ntayaa ho adwuma no so. Afei, esiane sɛ ɔpɛe sɛ ɔware nti, otu kɔɔ California. Wɔ 1984 mu no, bere a ɔresom sɛ ɔpanyin wɔ Cathedral City asafo mu no, ɔwaree ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Kathy Enz.
Dennis ne Kathy sii wɔn bo sɛ wɔbɛkwati akɛsesɛm wɔ wɔn asetra mu na ama wɔadi Onyankopɔn Ahenni nneɛma akyi. Enti, mpɛn pii no Dennis poo hokwan ahorow a ɛbɛma wanya sika pii afi California atɔe fam adansi adwuma a ɛrenya nkɔanim no mu. Wɔ 1988 mu no, ɔne Kathy de wɔn din kɔe sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo amanaman ntam adansi adwuma no. Wɔ December saa afe no mu no, wɔpenee wɔn so sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ adansi dwumadi a na ɛrekɔ so wɔ Buenos Aires, Argentina, baa dwumadibea no.
Wɔ 1989 no, wɔtoo nsa frɛɛ Dennis ne Kathy sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa Adansefo adansi adwuma no bi daa. Wɔasom wɔ saa bere nyinaa ɔsom adwuma titiriw yi mu mprenu wɔ Suriname ne Colombia. Wɔasan nso ayɛ adwuma wɔ Ecuador ne Mexico baa dwumadibea ne adwuma a ɛte saa ara nso wɔ Dominican Republic.
Mark Yɛ Bere Nyinaa Som Adwuma
Wɔ 1976 mu no, U.S. aban maa Mark ne Amerikafo mmerante a esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔakɔ sraadi nti, woguan kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Canada no faa wɔn ho dii. Ɔne ne yere Kathi, nso pɛe sɛ wɔbɛkwati akɛsesɛm wɔ wɔn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ wɔn som adwuma no. Enti, Mark de ne bere fa yɛɛ adwuma sɛ obi a osusuw asase, na nkakrankakra no, ɔne Kathi tuatua wɔn ho aka a wɔdee ansa na wɔrebɔ asu no.
Wɔ 1978 mu no, bere a Adansefo a wɔwɔ Canada reyɛ nhyehyɛe asi baa dwumadibea foforo wɔ baabi a ɛbɛn Toronto, Ontario no, na Mark ne Kathi betumi de wɔn ho ama. Esiane sɛ na Mark wɔ osuahu wɔ asase susuw ho nti, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔyɛɛ adansi adwuma no bi. Wɔboae wɔ ɔdansi adwuma a ɛkɔɔ so wɔ Georgetown no mu kosii sɛ ɛbaa n’awiei wɔ June 1981 mu. Ɛno akyi no, wɔsan kɔɔ British Columbia na wɔ mfe anan a edi hɔ no, wɔboa ma wosii Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ hɔ no. Bere a wowiei no, wɔsan too nsa frɛɛ wɔn baa Canada ma wɔbɛyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a na wɔretrɛw mu no.
Wodii asram kakra bi wɔ Georgetown wɔ 1986 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Mark ne Kathi sɛ wɔmmɛyɛ adwuma wɔ Canada baa dwumadibea hɔ daa. Wɔasom wɔ baa dwumadibea hɔ de besi nnɛ, na wɔanya hokwan pii nso asom wɔ adansi adwuma no mu wɔ aman pii mu. Esiane osuahu a Mark wɔ wɔ asase susuw ho nti, wofii ase de no dii dwuma ma osusuw Yehowa Adansefo baa dwumadibea adan ne Nhyiam Asa a ɛwɔ Amerika Mfinimfini ne Kusuu fam ne Caribbean nsupɔw so no mu.
Mfe pii a abɛsen kɔ no mu no, ɔne Kathi somee wɔ Venezuela, Nicaragua, Haiti, Guyana, Barbados, Bahamas, Dominica, United States (Florida), ne Dominican Republic. Saa bere nyinaa ɔsom adwuma titiriw yi maa Mark ne Dennis san hyiae bio.
Wohyiae Bio Wɔ Dominican Republic
Na Mark ne Dennis reyɛ dwumadi koro no ara bi wɔ Dominican Republic a wɔn mu biara nnim. Da koro bi wohyiae a na wɔnhwɛ kwan wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Santo Domingo no. Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, wɔn ani gyei sɛ wɔasan ahyia bio. Anyɛ yiye koraa no, na wɔn baanu nyinaa adi mfe 33 aka wɔn mfe ho, enti na wɔwɔ pii a wɔbɛka afa wɔn asetra ho akyerɛ wɔn ho wɔn ho. Wofi ahodwiriw pii mu kaa wɔn asetra mu nsɛm a woakenkan emu pii wɔ atifi hɔ no kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho. Nanso, nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa sen biara—ne afei wɔn a wɔaka wɔn osuahu akyerɛ wɔn no nyinaa—ne nsɛdi pii a ɛwɔ wɔn asetra mu no.
Wɔn baanu nyinaa kuraa asɔretiafo asetra akwan na wotu kɔtra mmeae a atew ne ho de twee wɔn ho fii honam fam ade dodowpɛ asetra kwan a na aba so ne ɛho dadwen nyinaa ho. Dennis waree ababaa bi a wɔfrɛ no Kathy; na Mark nso waree ababaa bi a wɔfrɛ no Kathi. Mmarima baanu yi nyinaa penee Bible adesua so wɔ bere a edi kan a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase no. Wɔbɔɔ wɔn baanu nyinaa asu wɔ March 1974 mu. Wɔn baanu nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea abusua no mufo—Dennis wɔ United States ɛna Mark wɔ Canada. Wɔn baanu nyinaa abɔ mmɔden akwati akɛsesɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi honhom fam botae ahorow akyi. (Mateo 6:22) Wɔn baanu nyinaa de wɔn ho hyɛɛ amanaman ntam adansi adwuma mu na wonyaa dwumadi wɔ aman pii mu. Wɔn mu biara nso nhyiaa wɔn kan nnamfo no mu bi a wɔabegye Bible nokwasɛm no atom kosii sɛ wohyiae a wɔnhwɛ kwan wɔ Dominican Republic no.
So Mark ne Dennis bu wɔn asɛnhyia a ɛyɛ nwonwa yi no sɛ ɛyɛ nkrabea? Dabida. Wohui sɛ, sɛnea Bible ka no, ‘ɛbere ne akwanhyia to [yɛn] nyinaa’—ɛtɔ mmere bi a wɔ kwan a ɛyɛ anika so. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso, wohui nso sɛ biribi foforo ka ho nti na ɛma wotumi hyiae bio no: asetra mu atirimpɔw a na wɔn baanu nyinaa rehwehwɛ ne ɔdɔ a na wɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no.
Dennis ne Mark ho abakɔsɛm nso da nneɛma bi a ɛda adi kɛse wɔ nnipa akomapafo nyinaa a wosua Bible mu nokware no ho. Dennis ka sɛ: “Osuahu a me ne Mark anya yi da no adi sɛ Yehowa nim nnipa asetra mu nsɛm, na sɛ wɔbɛyɛ akomapafo a, ɔtwe wɔn bɛn no.”—2 Beresosɛm 16:9; Yohane 6:44; Asomafo no Nnwuma 13:48.
Mark de kaa ho sɛ: “Yɛn osuahu no nso akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ sɛ obi ma n’asetra kwan ne Yehowa gyinapɛn hyia, na ohyira ne nkwa so ma no, na ɔde ne ho ma a, Yehowa betumi de ne dom akyɛde ne nneɛma a ɔbɔ mu mmɔden adi dwuma ma nokware som anya nkɔso na ɛde mfaso abrɛ ne nkurɔfo.”—Efesofo 4:8.
Wɔn osuahu no nso da no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn hyira koma nyinaa mu a ne nkurɔfo fi som no no so. Akyinnye biara nni ho sɛ Dennis ne Mark te nka sɛ wɔahyira wɔn. Dennis ka sɛ: “Ɛyɛ hokwan sɛ wubedi Ahenni nneɛma ho dwuma wɔ bere nyinaa som adwuma titiriw mu. Ama yɛn kwan ma yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran bere a yɛne Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase afanan nyinaa reyɛ adwuma no.”
Mark de ka ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔde N’ahenni di kan no. Mibu no sɛ ɛyɛ nhyira soronko sɛ m’atumi asom sɛ Canada baa dwumadibea abusua no muni na manya amanaman ntam adansi no mu kyɛfa.”
Ɛyɛ nkabom a ɛda nsow anaa? Yiw, efisɛ sɛnea Mark ka no: “Ntease titiriw ankasa a ɛma hyia a yɛsan hyiae no yɛ anigye kɛse ne sɛ yɛn baanu nyinaa abehu Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ soronko no, abɛdɔ no, na yɛresom no.”
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Dennis, 1966
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Mark, 1964
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Dennis wɔ South Dakota, 1974
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Mark wɔ Ontario, 1971
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Dennis ne Mark, ne wɔn yerenom, wɔ bere tiaa bi akyi a wohyiae a wɔnhwɛ kwan, 2001