So Nneɛma Bɛyɛ Yiye Da Bi?
ƐNNƐ, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ne akuw foforo a saa asɛm yi ho hia wɔn de wɔn ani asi nyarewa ne ɛsodi ho dwumadi ahorow so. Ahyehyɛde ahorow resusuw nnuru foforo ho na wɔrehyɛ akwan foforo a wɔbɛfa so asiw nyarewa ano ho nsɛm ho nkuran, a ne nyinaa yɛ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛko atia nyarewa a nkoekoemmoa de ba a ɛredɔɔso no. Ankorankoro ne ɔmanfo nso betumi ayɛ pii akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabɔ wɔn ankasa ho ban. Nanso, ankorankoro a wɔbɛbɔ wɔn ho ban ne yare ano a wobesiw wɔ wiase nyinaa nyɛ ade koro.
Animdefo pii gye di sɛ amanaman ntam biakoyɛ ne ahotoso ho hia na ama siw a wɔpɛ sɛ wosiw nyarewa ano no ayɛ yiye. Sɛnkyerɛwfo a onyaa Pulitzer Akyɛde, Laurie Garrett, kyerɛwee wɔ ne nhoma The Coming Plague—Newly Emerging Diseases in a World out of Balance mu sɛ: “Amanaman ntam biakoyɛ a ɛrekɔ so ntɛmntɛm wɔ nnipa mu hwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ okyinnsoromma yi so baabiara no susuw mpɔtam, amantam, aman, anaa asase afã ho sɛ nneɛma a atwa wɔn ankasa ho ahyia. Mmoawa a wɔde nyarewa ba ne mmoa a wɔwɔ wɔn ho no nnim ahye a nnipa atwitwa no.” Sɛ yare bi sɔre wɔ ɔman biako mu a, ɛnyɛ aman a ɛbɛmmɛn no nko na ɛho asɛm haw wɔn ntɛm, na mmom ɛhaw wiase aman nyinaa.
Nniso ahorow ne nkurɔfo binom kɔ so nya adwene a ɛnteɛ wɔ nhyehyɛe biara a aman foforo yɛ de wɔn ho gye wɔn nsɛm mu ho—a nhyehyɛe a wɔyɛ de siw nyarewa ano mpo ka ho. Nea ɛka ho no, ade a amammuifo nhwɛ nkɔ akyiri ne adifudepɛ aguadi siw nnwuma a amanaman no bom yɛ no kwan mpɛn pii. Wɔ nnipa ne nyarewa apereperedi no mu no, so mmoawa no bedi nkonim? Nhoma kyerɛwfo Eugene Linden, a osusuw sɛ mmoawa no bedi nkonim no, ka sɛ: “Tebea no aka akyiri dodo.”
Nea Yebegyina so Anya Anidaso
Nyansahu ne mfiridwuma mu nkɔso ntumi nni nyarewa a ɛredɔɔso no ho dwuma. Na nokwarem no, nyarewa a nkoekoemmoa de ba yɛ nnipa akwahosan ho asiane ahorow no mu biako pɛ. Nanso nea yebegyina so anya anidaso wɔ hɔ. Ɛwom sɛ afei na nyansahufo afi ase rete abusuabɔ a ɛkyere adwene a ɛda nneɛma a nkwa wom mu no ase de, nanso wogye tumi a asase wɔ sɛ esiesie ne ho no tom. Yɛn okyinnsoromma no wɔ akwan bi a ɛfa so siesie ne ho ma esi ne dedaw mu wɔ adebɔ mu nneɛma mu. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii na asase a wɔdɔw san dan kwae bio, na abusuabɔ a ɛda mmoawa, nkoekoemmoa, ne mmoa ntam taa yɛ yiye bere a mmere rekɔ so no.
Nea ehia koraa no, adebɔ mu adwinni a ɛyɛ nwonwa no dan adwene kɔ Ɔbɔadeɛ bi so, Onyankopɔn a ɔde asase no mu nnwuma sisii hɔ fi mfiase no. Anyansahufo pii ankasa gye tom sɛ ɛbɛyɛ obi a ne nyansa korɔn na ɔbɔɔ asase no. Yiw, nyansapɛfo ankasa ntumi nnye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho kyim mma ɛnyɛ yiye. Bible no ka Ɔbɔadeɛ no, Yehowa Nyankopɔn, ho asɛm sɛ ade nyinaa so tumfoɔ ne obi a ɔwɔ ɔdɔ. Yɛn anigye ho hia no kɛse.
Bible nso kyerɛkyerɛ mu sɛ esiane bɔne a onipa a odi kan boapa yɛe nti, nnipa nyaa sintɔ, yare, ne owu fii awo mu. So ɛno kyerɛ sɛ wɔadome yɛn sɛ yenhu amane daa? Dabi! Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛyɛ asase no paradise, beae a nnipa betumi ne abɔde afoforo, akɛse ne nketewa atra wɔ asomdwoe mu. Bible no ka wiase a abɔde biara, sɛ ɔyɛ aboa kɛse anaa akoekoeboa ketewa no, renyɛ asiane mma nnipa ho asɛm.—Yesaia 11:6-9.
Nokwarem no, nnipa benya kyɛfa wɔ saa tebea no a wɔbɛhwɛ ma akɔ so—wɔ nnipa asetram nsɛm ho ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu. Onyankopɔn hyɛɛ onipa sɛ “ɔnwɛn” asase no. (Genesis 2:15) Wɔ paradise a ɛbɛba daakye mu no, nnipa bɛyɛ saa adwuma no pɛpɛɛpɛ denam osetie a wɔbɛyɛ de ama Ɔbɔadeɛ no akwankyerɛ no so. Enti, yebetumi ahwɛ saa da a ‘ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare’ no kwan.—Yesaia 33:24.