Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 6/8 kr. 29
  • Asraafo A Wɔretu Aperenten!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asraafo A Wɔretu Aperenten!
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ntɛtea Mmɔ Mpee So
    Wɔbɔe Anaa?
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
    Nyan!—1991
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
    Nyan!—1995
  • Abɔde Ma Yehu Paa Sɛ Yebetumi De Yɛn Ho Ato Yehowa Nyansa So
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 6/8 kr. 29

Asraafo A Wɔretu Aperenten!

“Yɛte Belize akuraa bi a afei na ɛretu mpɔn a kwae atwa ho ahyia ase. Da bi anɔpa bɛyɛ nnɔnkoron no, asraafo dɔm bi bɛhyɛn yɛn fie hɔ. Ntɛtea pii hyɛn ɔpon no ase ne tokuru biara mu hwehwɛe sɛ wobenya mmoawammoawa akyere wɔn. Ná biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ sɛ yebefi fie hɔ dɔnhwerew biako anaa abien bere a ntɛtea no gyee hɔ fae no. Bere a yɛsan bae no, na wɔadi fie hɔ nkoekoemmoa nyinaa.”

WƆ NNIPA PII a wɔte aman a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ te sɛ Belize fam no, eyi yɛ ade a ɛtaa si, na ɛnyɛ biribi a wɔn ani nnye ho koraa. Ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so pam mmoawammoawa te sɛ ntɛfrɛw ne nkoekoemmoa foforo fi fie hɔ. Na wotu wɔn ase koraa a wonnyaw fĩ biara wɔ hɔ.

Wɔfrɛ ntɛtea a wɔka wɔn ho asɛm wɔ ha no nkran, na wɔn nneyɛe te sɛ asraafo.a Sɛ́ anka saa ntɛtea yi a wodi atutra no bɛyɛ atuw no, ɔpepehaha pii bom yuu yɛ atrae bere tiaa bi, na ntɛtea pii keka wɔn anan sisi anim twa ɔhemmaa a ɔwom ne ne mma ho hyia. Wofi atrae no mu soma nkran no bi ma wokotu sã, na eyinom to santen yuu kɔhwehwɛ aduan, a ebi ne nkoekoemmoa ne mmoa nketewa, te sɛ aketew. Wɔn a wodi kuw a wɔrekotu sa yi anim no hyehyɛ kuw foforo di nkyɛn a wɔde bɛto ahyɛ mmoawammoawa so. Wɔyɛ saa ade yi bere a esiane sɛ nkran a wodi anim no nte mmoawa biara ho hua nti, wɔmpɛ sɛ wɔkɔ ntɛm no. Sɛ ɛba saa a, nkran foforo a wodi akyi no kɔ so pia wɔn sɛnea wɔbɛkɔ wɔn anim, na ɛma aperepere ba nkran a wodi anim no nso mu, na obiara pere sɛ obesian ne yɔnko ho, na ɛma ebi man fa nkyɛn.

Nnafua 36 na nkran de yɛ adwuma, wɔde nnafua 16 na ekyinkyin na afei wɔde nnafua 20 a aka no tra faako, na saa bere yi na ɔhemmaa a ɔwom no tow ne nkesua. Ɛno akyi no, ɔkɔm ma nkran kuw no kokyinkyin bio. Nnanse a wɔreguan, akenkantwɛre, amanku, mpɔtorɔ, ne aketew kɔka wɔn santen a wɔato a ne tenten yɛ bɛyɛ mita 10 no ho, na nnomaa di saa mmoa yi akyi, a ɛda adi sɛ ɛnyɛ nkran yi na nnomaa no hia wɔn, na mmom, mmoa a wɔreguan no.

Bible ka ntɛtea ho asɛm wɔ Mmebusɛm 30:24, 25 sɛ mmoa a ‘wofi nkate mu nim nyansa,’ na wɔyɛ abɔde mu anwonwade no biako.

[Ase hɔ asɛm]

a Saa asɛm yi fa Eciton mmoawa a wɔwɔ Amerika Mfinimfini ne Anafo fam no ho.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nkran

[Asɛm Fibea]

© Frederick D. Atwood

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Wɔyɛ twene denam wɔn anan a wɔde sisi anim so

[Asɛm Fibea]

Tim Brown/www.infiniteworld.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena