Nguamansɛm—Ɛho Adwenkyerɛ Ahorow a Enhyia
“Ɛkanyan akɔnnɔ ntraso a ɛnsɛ sɛ ɛba saa, ɛkanyan akɔnnɔbɔne a wontumi nnwudwo ano.”—Tony Parsons, sɛnkyerɛwfo.
NA JOHN nyɛɛ n’adwene da sɛ ɔbɛma ‘nna ho nsɛm a woyi wɔ Intanɛt so’ no hwɛ aka ne hɔ.a Te sɛ nea nnipa afoforo pii te nguamansɛm ne Intanɛt so nkɔmmɔbɔ a ɛfa nna ho prɛko pɛ a wɔnhwɛ kwan no, da bi na ɔrehwɛ nneɛma wɔ Intanɛt so, na prɛko pɛ na n’ani kɔbɔɔ beae bi a nkɔmmɔbɔ a ɛte saa kɔ so no so. Ankyɛ koraa na nna ho nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ so wɔ Intanɛt so no dii ne ti. Ɔka sɛ: “Ná metwɛn ma me yere kɔ adwuma, na afei m’asɔre ntɛm ara afi mpa so akɔtra kɔmputa no anim nnɔnhwerew pii.” Sɛ nkɔmmɔbɔ no ware a, ɔrennyae nnidi anaa ɔnnom nsu mpo. Ɔka sɛ: “Ná mente nka [sɛ] ɔkɔm de me.” Ofii ase twaa nkontompo kyerɛɛ ne yere wɔ ne kokoam nneyɛe no ho. Efii ase nyaa ne so nkɛntɛnso ma na ontumi mfa n’adwene nsi nneɛma so wɔ adwumam, na ɔbɛyɛɛ obi a osuro afoforo na onnye wɔn nni koraa. N’aware fii ase gyigyae, na awiei koraa no bere a ɔyɛɛ nhyehyɛe ne wɔn a ɔne wɔn bɔ nna ho nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so dii nhu-anim kasa no, ne yere hui. Ɛnnɛ wɔreboa John ma wade ne ho afi su a aka ne hɔ no ho.
Wɔn a wɔsɔre tia nguamansɛm denneennen no twe adwene si osuahu ahorow te sɛ eyi so sɛ nokwasɛm a ɛkyerɛ adapaade a efi nguamansɛm mu ba. Wɔka sɛ, ɛsɛe abusuabɔ, ɛbrɛ mmea ase, ɛyɛ mmofra ayayade, na ɛde nna ho adwene a akyea na epira na ɛba. Nanso, wɔn a wɔtaa nguamansɛm akyi no ka sɛ ɛyɛ biribi a etumi ma wɔyɛ nneɛma a hwee nsiw wɔn kwan, na wobu wɔn a wɔsɔretia no sɛ wosuro nna. Wɔn mu biako kyerɛw sɛ: “Ɛnsɛ sɛ nkurɔfo fɛre wɔ nna ho anigye a wɔkyerɛ anaa ɛho akɔnnɔ a wɔda no adi ho. Wobetumi de nguamansɛm akanyan nna ho nkɔmmɔbɔ.” Ebinom mpo ka sɛ nguamansɛm a ɛredɔɔso yɛ agyiraehyɛde a ɛkyerɛ sɛ ɔmanfo ani abue na wɔn adwenem da hɔ. Nhomakyerɛwfo Brian McNair ka sɛ: “Ɔmanfo a wɔde ahokokwaw gyina mfonini a ɛkyerɛ ɔbea ne barima nna a mpanyimfo de wɔn ho hyem fee ano no yɛ nkurɔfo a wogye nna mu nneyɛe ahorow ne hokwan a mmea wɔ no tom.”
So ɔmanfo adwene a enhyia wɔ nguamansɛm ho no ma ɛyɛ nea wogye tom? Dɛn nti na abu so saa? So nguamansɛm akyidi yɛ asiane ankasa? Nsɛm a edi hɔ no bebua saa nsɛmmisa yi.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin no bi.