Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Mete Nka sɛ Ɛsɛ sɛ Meyɛ Biribiara Pɛpɛɛpɛ?
“Esiane sɛ na m’agya yɛ ɔkyerɛkyerɛfo nti, na obiara hwɛ kwan sɛ menya abodin a ɛkyɛn so wɔ adesuade biara mu. Ɛtɔ mmere bi a, misu ara kosi sɛ mɛfa mu ada.”—Leah.a
“Meyɛ obi a mepɛ me biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ biribi a mɛyɛ no sen obiara de anaasɛ meyɛ ma ɛda nsow koraa wɔ obiara de ho, ɛnte saa de a na ɛho nhia sɛ meyɛ.”—Caleb.
SO WOTE nka sɛ, ɛsɛ sɛ bere nyinaa woyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ? So ɛtaa haw wo sɛ ɛmfa ho mmɔden biara a wobɔ no, wonyɛɛ biribi a ɛsɔ ani da? Ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye animka biara atom? Sɛ nneɛma ankɔ yiye a, wubu wo ho fɔ, ka sɛ woyɛ kwasea, wo ho awu, anaa womfata? So wote nka sɛ, sɛ biribi bɛyɛ yiye a, gye sɛ w’ankasa na woyɛ? So ɛtɔ mmere bi a, wusuro sɛ wubedi nkogu nti woyɛ mmɔtohɔ anaa wugyae nea woyɛ koraa?
Na wo ne afoforo ntam abusuabɔ nso ɛ? So wuhu sɛ wunni nnamfo esiane sɛ nnipa a wɔbɛn wo no nyɛ ade sɛnea wopɛ nti? So woma afoforo mfomso ne wɔn sintɔ ahorow haw wo dodo? Sɛ wubua nsɛmmisa yi mu biara sɛ yiw a, ɛnde na wo ne biribi a wɔfrɛ no pɛyɛ ntraso redi apere. Na sɛ saa na ɛte a, ɛnyɛ wo nkutoo na worehu amane. Mmabun na wɔtaa nya su yi—titiriw mmabun a wɔwɔ adom akyɛde soronko anaa wɔbɔ mmɔden no.b
Dɛn na ɛde pɛyɛ ntraso ba? Nhwehwɛmufo bɔ wɔn tirim ka ho nsɛm kɛkɛ. Perfectionism—What’s Bad About Being Too Good? nhoma no ka sɛ: “Pɛyɛ ntraso nyɛ yare; woannya amfi obi hɔ. Woannya pɛyɛ ntraso amfi awosu mu; wɔamfa anwo wo. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ? Animdefo binom gye di sɛ pɛyɛ ntraso hyɛ ase fi mmofraberem. Nhyɛso a efi abusua, obi ankasa, asetram, nsɛm ho amanneɛbɔfo ne afoforo nneyɛe a ɛdaadaa nnipa a wɔhwɛ suasua nyinaa ka ho bi na Epiapia nkurɔfo ma wɔde nneɛma haw wɔn ho, bu wɔn ho fɔ, na wɔyɛ adwuma a ɛboro wɔn so no.”
Ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, hwehwɛ a wobɛhwehwɛ pɛyɛ bere nyinaa no betumi apira wo. Ma yensusuw nea pɛyɛ ntraso kyerɛ ne nea nti a ebetumi apira wo no ho yiye.
Dɛn Ne Pɛyɛ Ntraso?
Pɛyɛ ntraso kyerɛ pii sen mmɔden kɛkɛ a obi bɛbɔ wɔ adwuma pa a ɔbɛyɛ anaa nya a obenya abotɔyam wɔ adwuma a wayɛ no yiye ho. Anyɛ yiye koraa no, wɔ Mmebusɛm 22:29 no, Bible kamfo onipa a ɔyɛ “n’adwuma ho nsi.” Afei Bible bobɔ ankorankoro bi a wɔdaa ahokokwaw a edi mu adi din. (1 Samuel 16:18; 1 Ahene 7:13, 14) Enti eye sɛ wobɛbɔ wo ho mmɔden, na wode botae akɛse a wubetumi adu ho sisi w’anim. Ma enti obi betumi ‘ama ne kra ahu adepa ne brɛ mu.’—Ɔsɛnkafo 2:24.
Nanso obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no nnya abotɔyam a ɛte saa. Adwene a okura wɔ yiyedi ho no nyɛ papa. Sɛnea animdefo binom kyerɛ no, pɛyɛ ntraso kyerɛ “botae a ɛyɛ den sɛ wobedu ho (ɛne sɛ; wɔbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ), na ɛmfa ho mmɔden biara a obi bɔ no, bere nyinaa onnya abotɔyam.” Ne saa nti, pɛyɛ ntraso de “adwennwen gyae obi so, na mpɛn pii no ɛma ɔte nka sɛ wadi nkogu.” Nhoma bi kyerɛ pɛyɛ ntraso ase sɛ “nsusuwii a ɛnteɛ a wubenya sɛ ɛsɛ sɛ wo anaa nneɛma a atwa wo ho ahyia no yɛ pɛ.” Ɛyɛ “su a etumi nya biribiara so nkɛntɛnso ma enti biribiara a woyɛ wɔ asetram no, wopɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ a ɛnto mfa ho, mfomso biara, anaa abirabɔ biara mma mu.”
Nanso, so Yesu anka sɛ: “Monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ” no? (Mateo 5:48) Yiw, nanso na Yesu renkyerɛ sɛ obi betumi ayɛ pɛ koraa. Efisɛ Bible kyerɛ sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Ɛnde, na Yesu kyerɛ dɛn? Wɔ Bible mu no, asɛmfua ‘pɛyɛ’ kura adwene a ɛne sɛ biribi di mu koraa. (Mateo 19:21) Bere a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ no, na ɔreka ɔdɔ ho asɛm, na na ɔrehyɛ n’akyidifo no sɛ wɔnna ɔdɔ a edi mu koraa adi. Ɔkwan bɛn so? Denam wɔn dɔ mu a wɔbɛtrɛw ma ebi aka wɔn atamfo mpo no so. Bible kyerɛwfo Luka yɛɛ Yesu anom asɛm ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no.”—Luka 6:36.
Nanso, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ di mfomso susuw sɛ wobetumi adu pɛyɛ koraa ho. Ne saa nti, ebetumi ama wɔahwehwɛ pii afi nnipa afoforo hɔ. Sɛnea Never Good Enough—Freeing Yourself From the Chains of Perfectionism nhoma kyerɛ no, nnipa a wɔhwehwɛ pɛyɛ ntraso no yɛ “nnipa a ɔkwan a afoforo fa so yɛ wɔn nnwuma no ho asɛm haw wɔn . . . Wɔn fam no, nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no ani mmere adwuma pa a wɔbɛyɛ ho, saa ara nso na wɔnkyerɛ nea wotumi yɛ ho anigye.”
Sɛ nhwɛso no, Carly bɔ mmɔden wɔ nhomasua mu ma enti wɔde no aka dwumadi bi a wɔahyehyɛ ama sukuufo a wɔwɔ ɔdom akyɛde soronko no ho. Nanso ontumi ne afoforo mmɔ papa. Esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ nti, wahwere ne nnamfonom pii. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Na misusuw sɛ wɔtɔ sin dodo.”
Ebia afoforo renhwehwɛ pɛyɛ ntraso mfi afoforo hɔ na mmom wɔn ankasa hɔ. Never Good Enough nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wɔte saa no te nka sɛ “wɔn anaa wɔn nneyɛe nsɔ ani papa . . . , na wɔma sɛnea afoforo susuw wɔn ho no haw wɔn titiriw.”
Ɔhaw a Ɛwɔ Pɛyɛ a Wɔhwehwɛ Mu
Sɛ anka ɛbɛyɛ nea ɛfata na mfaso wɔ so no, mpɛn pii no pɛyɛ a wɔhwehwɛ no mfata na ɛsɛe ade mmom. Sɛ anka ɛbɛma wɔayɛ ade yiye no, su a ɛte saa no de huammɔdi na ɛba. Kristoni barima bi a ne din de Daniel ka sɛ ɔde bere tenten suaa ɔkasa bi a na wɔde ama no sɛ ɔnkɔma nkyerɛ adesuakuw bi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi a ɛwɔ ne hɔnom so no. Atiefo no pii kamfoo no wɔ mmɔden a ɔbɔe no ho. Afei ɔkyerɛkyerɛfo no fi anifere mu de nyansahyɛ a mfaso wɔ so maa Daniel. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yentie afotu na yennye nteɛso.’ (Mmebusɛm 19:20) Nanso, sɛ anka obegye nkaanim a mfaso wɔ so atom no, Daniel tee nka sɛ wammɔ mmɔden. Ɔka sɛ: “Na merepɛ tokuru bi mu akɔhyɛ.” Ɔyaree kɔdaanna adapɛn pii.
Enti pɛyɛ ntraso betumi abrɛ adesua ase. Wɔ asɛm bi a epue wɔ Intanɛt dwumadibea bi a woyi kyerɛ mmabun so mu no, abeawa bi a ne din de Rachel kyerɛwee sɛ: “Bere a mehyɛɛ ntoaso sukuu ase no, na masi me bo sɛ mɛbɔ me ho mmɔden. Na mebɔ mmɔden paa wɔ sukuu sɔhwɛ mu ma enti na minnye nni sɛ nneɛma betumi asakra.” Nanso ankyɛ koraa na Rachel hui sɛ na ɔwɔ nsɛnnennen wɔ akontaabu ho ma ɛno nti ne mmɔdenbɔ “ansɔ ani” papa. Rachel ka sɛ: “Wɔ obiara fam no, na me mmɔdenbɔ no sɔ ani, nanso wɔ me fam no . . . na ɛyɛ aniwu. Ehu fii ase kaa me ma meyɛɛ basaa . . . Na misuro sɛ mɛhwehwɛ mmoa afi me kyerɛkyerɛfo hɔ efisɛ na misusuw sɛ sɛ megye tom sɛ mihia mmoa wɔ sukuu dwumadi a meyɛ no fie no ho a, na ɛkyerɛ sɛ mante nea ɔkyerɛɛ me no ase. . . . Ɛtɔ mmere bi a na ɛreyɛ ayɛ me sɛ fɛre ne owu de, ɛfanim owu.”
Mmabun binom mpo asusuw ahodɔmdi ho esiane sɛ wosuro sɛ wobedi nkogu nti. Anigyesɛm ne sɛ, mmabun dodow no ara nsusuw ɔkwan a ɛyɛ hu a ɛte saa a wɔbɛfa so no ho. Nanso sɛnea adwene ho ayaresa ho ɔbenfo Sylvia Rimm kyerɛ no, ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati nkogudi denam yɛ a wɔrenyɛ dwumadi no koraa so. Sɛnea Rimm kyerɛ no, ebinom a wɔhwehwɛ pɛyɛ tra so no “mfa wɔn dwumadi mma, wɔnkyerɛ wɔn dwumadi ho anigye, na wɔn werɛ fi sukuu dwumadi a wɔde kɔɔ fie no, na wɔka nsɛm de yiyi wɔn ho ano.”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia mmabun afoforo bɛyɛ ade ma atra so sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nkonim. Daniel ka sɛ: “Misi pɛ anadwo yɛ sukuu dwumadi ahorow na ama ayɛ pɛpɛɛpɛ.” Nea ɛhaw adwene wɔ ho ne sɛ, nneɛma a wɔtaa yɛ ma ɛtra so saa no ntaa nsow aba. Sukuuni a n’ani kum ntumi nyɛ ade papa biara.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ pɛyɛ ntraso ne obi bo a ɛtaa fuw, obu a onnya mma ne ho, afodi, abasamtu, adidi mu haw ne adwenemhaw wɔ abusuabɔ. Nanso nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse paa ne sɛ, pɛyɛ ntraso betumi ahaw obi wɔ honhom fam. Sɛ nhwɛso no, Bible hyɛ Kristofo sɛ wɔnka wɔn gyidi ho asɛm nkyerɛ afoforo. (Romafo 10:10; Hebrifo 10:24, 25) Nanso ɔbabun bi a ne din de Vivian twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma mmuae wɔ Kristofo asafo nhyiam ase esiane sɛ na osuro sɛ ebia na wantumi anka nsɛm amma emu anna hɔ nti. Ɔbea bi a ne din de Leah nso kaa ɔhaw koro no ara ho asɛm. Ɔka sɛ: “Sɛ manka no yiye a, afoforo benya me ho adwemmɔne. Enti mema me nsɛm ka me tirim.”
Enti ɛda adi sɛ, ɔpɛ a obi benya sɛ ɔbɛyɛ ade pɛpɛɛpɛ no yɛ asiane na ɛmfata. Na sɛ wowɔ su a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu bi a, wubetumi ahu hia a ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae horow wɔ wo nsusuwii mu no. Asɛm a ɛbɛba daakye no besusuw sɛnea wubetumi ayɛ saa no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow no bi.
b Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, na sukuufo ɔha mu nkyem 87.5 a wɔwɔ adom akyɛde soronko wɔ sukuu bi mu no pɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Nkogudi ho hu a ɛka mmabun binom no mma wonwie wɔn dwumadi ahorow
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Pɛyɛ ntraso betumi ama obi anya adwenemhaw na ɔremmu ne ho