Dɛn na Ɛreba Wim Tebea So?
“Nsuyiri a ɛsɛe ade ne ahum a ano yɛ den a yɛrehu nnɛ no bɛkɔ so asisi ntoatoaso.”—THOMAS LOSTER, ASIANE A WIM TEBEA DE BA HO ƆBENFO.
SO BIRIBI atɔ kyima wɔ wim tebea ho ankasa? Nnipa pii susuw sɛ ɛte saa. Wim nsakrae ho nimdefo, Ɔbenfo Peter Werner a ɔwɔ Potsdam Asuae a Ɛhwehwɛ Nkɛntɛnso a Wim Nsakrae Wɔ Mu ka sɛ: “Sɛ yɛhwɛ wiase nyinaa wim tebea—osutɔ, nsuyiri, ɔpɛ, ne ahum a esisi mmoroso no—na yɛhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ no a, yebetumi aka ma afata sɛ nsakrae a ɛkɔ akyiri yi abu abɔ ho mpɛn anan wɔ mfe 50 a atwam ni no mu.”
Nnipa pii te nka sɛ wim nsakrae soronko no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ asase so ayɛ hyew—nea wɔfrɛ no ɔhyew a aba asase so no mu a ayɛ den. U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wim a ɛyɛ hyew kɛse no fi Asase so hyew a akɔ soro esiane mframa horow bi a ɛwɔ ahunmu (sɛ nhwɛso no nsuwisiw, carbon dioxide, nitrous oxide, ne methane) a ɛtwe ɔhyew fi owia mu no nti. Sɛ mframa horow yi nni hɔ a, anka ɔhyew bɛsan atu akɔ ahunmu, na ama Asase so ayɛ nwini bɛyɛ digrii Celcius 33.”
Nanso, nnipa pii ka sɛ, onipa asakra wim tebea a onnim. Na asɛm bi a ɛwɔ U.S. Ɔman Wimhyɛn ne Ahunmu Asoɛe nhoma Earth Observatory mu ka sɛ: “Mfe pii ni na adwinnan ne kar ahorow apuw mframa bɔne tɔn ɔpepepem pii agu ahunmu . . . Nyansahufo pii susuw sɛ mframa a ɛde ɔhyew ba asase so a adɔɔso wɔ ahunmu no asiw mframa a ɛyɛ hyew a ɛsɛ sɛ efi Asase so no kwan. Ne saa nti, mframa horow yi resiw ɔhyew a aboro so wɔ Ahunmu no kwan sɛnea sɛ wɔtoto kar ahwehwɛ mu a, mframa ntumi mpue mfi mu no ara pɛ.”
Akyinnyegyefo ka sɛ mframa a ɛma ɔhyew ba asase so no ɔha mu nkyem kakraa bi pɛ na efi nnipa. Nanso Amanaman Ntam Fekuw a Ɛhwɛ Wim Nsakrae Ho Nsɛm So (IPCC), nhwehwɛmu kuw bi a Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Wiase Nyinaa Wim Tebea So ne Amanaman Nkabom Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So taa akyi no bɔ amanneɛ sɛ: “Adanse foforo a edi mu wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nea ɛde asase so hyew aba bɛboro mfe 50 ni no fi nnipa dwumadi ahorow.”
Pieter Tans a ɔhwehwɛ wim nsakrae mu a ɔwɔ Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Po ne Wim Nsakrae So ka sɛ: “Sɛ mebu ho akontaa a, anka mɛka sɛ mfomso no mu ɔha mu nkyem 60 fi yɛn . . . Na ɔha mu nkyem 40 a aka no fi abɔde.”
Nneɛma a Ebetumi Afi Ɔhyew a Aba Asase So no Mu Aba
Ɛnde, dɛn na afi mframa horow a ɛde ɔhyew ba asase so a nnipa ama adɔɔso no mu aba? Nnɛ de nyansahufo pii gye tom sɛ asase so ayɛ hyew ampa. Wim a ayɛ hyew no yɛ aniberesɛm dɛn? Afe 2001 IPCC amanneɛbɔ no ka sɛ: “Efi afeha a ɛto so 19 awiei mu no, wiase nyinaa wim hyew akɔ soro digrii Celsius 0.4 ne 0.8.” Nhwehwɛmufo pii gye di sɛ ebetumi aba sɛ nkɔanim kakraa bi yi na ɛde nsakrae kɛse aba yɛn wim tebea so no.
Nokwarem no, asase so wim tebea ho nsɛm mu dɔ ma ɛyɛ nwonwa, na nyansahufo ntumi nsi pi nka—sɛ biribi wɔ hɔ mpo a—nea afi asase so hyew a ayɛ mu aba no ho asɛm. Nanso nnipa pii gye di sɛ esiane asase so hyew a ayɛ no nti, osutɔ akɔ soro wɔ Asase Atifi fam, na ama ɔpɛ asi wɔ Asia ne Afrika, na El Niño wim tebea no rekɔ soro ntɛmtɛm wɔ Pacific supɔw no so.
Wiase Nyinaa—Hia Ano Aduru
Esiane sɛ nnipa pii hu sɛ ɔhaw yi fi nnipa nti, so nnipa ntumi nni ɔhaw no ho dwuma? Aman pii ahyehyɛ mmara a ɛbɛtew mframa bɔne a epuw fi kar ne nnwinnan mu no so dedaw. Nanso, mmɔden a ɛte saa—ɛmfa ho sɛ ɛfata nkamfo no—nnyaa nkɛntɛnso titiriw biara. Efĩ yɛ wiase nyinaa haw, na saa ara na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ano aduru wɔ wiase nyinaa! Wɔ 1992 mu no, wɔyɛɛ Asase Ho Nhyiam wɔ Rio de Janeiro. Mfe du akyi no, wɔyɛɛ Wiase Nyinaa Nhyiam a Ɛbɛboa Ama Wɔde Abɔde Mu Nneɛma Adi Dwuma Nyansam wɔ Johannesburg, South Africa. Nnipa bɛyɛ 40,000 na wɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛɛ no 2002 no bi, a na aman akannifo bɛyɛ 100 ka ho bi.
Nhyiam horow a ɛtete saa no aboa nyansahufo pii ama wɔanya adwenkoro. German atesɛm krataa Der Tagesspiegel kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a na nyansahufo pii adwenem yɛ wɔn naa saa bere [1992 mu] no wɔ ɔhyew a aba asase so ho no, obiara nnye ho kyim nnɛ koraa.” Na mpo, Germany soafo a ɔhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so, Jürgen Trittin kae yɛn sɛ ɔhaw no da so ara wɔ hɔ. “Enti ɛnsɛ sɛ nhyiam a wɔyɛe wɔ Johannesburg no yɛ anosɛm ara kwa,” na mmom osii so dua sɛ “ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma nso.”
Wobetumi Asiw Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia a Wɔsɛe no Ano?
Asase so hyew a ayɛ no yɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen a adesamma rehyia no mu biako pɛ. Ebia ɔkwan a etu mpɔn a wɔbɛfa so ayɛ ho biribi nna fam sɛnea wɔka ho asɛm no. Jane Goodall, Britaniani a osua mmoa su ho ade kyerɛwee sɛ: “Afei a yɛahu sɛnea yɛasɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no, yɛde yɛn nyansa nyinaa redi dwuma de apɛ ano aduru denam mfiridwuma so.” Nanso ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Mfiridwuma nkutoo nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu yɛ ade nso.”
Susuw ɔhyew a aba asase so ho haw no ho bio hwɛ. Nneɛma a wɔde siw efĩ ano no bo yɛ den; na mpɛn pii no aman a edi hia no ntumi ntua ho ka. Animdefo binom suro sɛ anyinam ahoɔden ho anohyeto a wɔde ama no bɛma mfiridwuma akuw no aguan akɔ aman a wodi hia, baabi a wobetumi ayɛ adwuma anya so mfaso kɛse no so. Enti aman akannifo a wɔwɔ adwempa mpo nhu nea wɔnyɛ. Sɛ wɔbɔ wɔn man sikasɛm ho ban a, na wɔn atrae resɛe. Ɛnna sɛ wɔka sɛ wɔrebɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ho ban a, na wɔn sikasɛm nso ho reba asɛm.
Enti Severn Cullis-Suzuki a ɔka Wiase Nyinaa Nhyiam afotufo bagua ho no ka sɛ, ɛsɛ sɛ ankorankoro yɛ nsakrae wɔ wɔn nneyɛe mu, na ɔka sɛ: “Sɛ́ nsakrae ankasa bɛba yɛn atrae mu a, na egyina yɛn so. Yɛrentumi mfa yɛn ani nto yɛn akannifo so. Ɛsɛ sɛ yehu nea ɛyɛ yɛn ankasa asɛyɛde ne ɔkwan a yebetumi afa so ama nsakrae no aba.”
Ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ ade a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani ku nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho. Nanso sɛ wobenya nnipa ama wɔayɛ nsakrae a ɛho hia wɔ wɔn asetram no nna fam. Sɛ mfatoho no: Nnipa pii gye tom sɛ kar ahorow ka ho bi na asase so reyɛ hyew no. Enti, ebia obi bɛpɛ sɛ ɔtew sɛnea ɔka kar no so anaasɛ ɔrenka kar koraa. Nanso, ebia saa a onii no bɛyɛ no renyɛ mmerɛw. Sɛnea Wolfgang Sachs a ofi Wuppertal Asuae a Ɛhwɛ Wim Tebea, Atrae ne Anyinam Ahoɔden So kae nnansa yi no, “mmeae a yɛyɛ yɛn da biara da asetram nneɛma (adwumayɛbea, mmotafowa sukuu, sukuu, anaa adetɔnbea) no ntam kwan ware dodo ma enti sɛ wunni kar a, ɛbɛyɛ den. . . . Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia mepɛ kar anaa mempɛ bi. Nnipa pii ntumi nyɛ ho hwee.”
Nyansahufo binom te sɛ Ɔbenfo Robert Dickinson a ɔwɔ Georgia Asuae a Ɛkyerɛ Asase ne Ahunmu Ho Nyansahu ka sɛ, ɛte sɛ nea aka akyi dodo sɛ yebegye asase afi nea asase so hyew de aba no mu. Dickinson gye di sɛ, sɛ efĩ to twa nnɛ mpo a, nea afi mframa bɔne a akɔ ahunmu bere a atwam no bɛkɔ so atra hɔ, anyɛ yiye koraa mfe 100 bio!
Esiane sɛ nniso horow anaa ankorankoro ntumi nni yɛn atrae ho nsɛnnennen ho dwuma nti, hena na obetumi? Efi tete mmere mu no, nnipa ahwehwɛ mmoa a wɔde bedi wim tebea so afi wɔn anyame hɔ. Ɛwom sɛ nyansa nnim na mmɔdemmɔ a ɛte saa no ankosi hwee de, nanso ɛda nokwasɛm titiriw bi adi: Adesamma hia Onyankopɔn mmoa na wɔde adi nsɛnnennen yi ho dwuma.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Adanse foforo a edi mu wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nea ɛde asase so hyew aba bɛboro mfe 50 ni no fi nnipa dwumadi ahorow”
[Adaka wɔ kratafa 6]
“So Asase so Hyew a Ayɛ No Yɛ Asiane Ma Akwahosan?”
Asɛm bi a ɛwɔ Scientific American mu na ebisaa asɛm a ɛkanyan adwene yi. Ɛkae sɛ asase so hyew a ayɛ no “bɛma nyarewa pii a ɛyɛ hu atrɛw. Wɔ mmeae bi sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ ebedu afe 2020 no, nnipa dodow a mframa a emu yɛ hyew bekunkum wɔn no bebu abɔ ho.”
Sɛnea asase so hyew a ayɛ no ma nsanyare mu trɛw no nna adi yiye. “Wɔkyerɛ sɛ nyarewa a ntontom de ba bɛkɔ so adɔɔso,” efisɛ ntontom “ase trɛw ntɛmntɛm na sɛ wim yɛ hyew a, ɛma wɔka nkurɔfo kɛse. . . . Bere a baabiara ayɛ hyew no, ntontom tu kɔ mmeae a anka wontumi nkɔ no, na wɔde nyarewa kɔ hɔ.”
Awiei koraa no, nsuyiri ne ɔpɛ nso de ɔhaw no bi ba—abien no nyinaa betumi ama nsu ayɛ fĩ. Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa asase so hyew a ayɛ no aniberesɛm.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ɔhyew a aba asase so no ma ɔhyew gyina wim mmom sen sɛ anka ebefi akɔ ahunmu
[Asɛm Fibea]
NASA photo
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
Nnipa apuw mframa bɔne tɔn ɔpepepem pii agu ahunmu, na ama ɔhyew a aba asase so no mu ayɛ den