Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 10/8 kr. 19
  • Nkitahodi—Ahiade Ma Asase so Abɔde a Nkwa Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkitahodi—Ahiade Ma Asase so Abɔde a Nkwa Wom
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkitahodi Wɔ Abusua Mu Ne Asafo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nneɛma a Ɛbɛma Wo ne Wo Hokafo Abɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Abusua Mu Nkitahodi—Ɛbɛyɛ Dɛn Anya Nkɔso?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 10/8 kr. 19

Nkitahodi—Ahiade Ma Asase so Abɔde a Nkwa Wom

BERE a Julie yɛ abofra no, n’awofo de ahopere hwɛɛ da a obefi ase akasa no kwan. Julie maame kae sɛ: “Sɛ wote ‘Mama’ ne ‘Dada’ fi abofra ano a ɛma wunya anigye kɛse a ɔwofo biara ntumi nkyerɛkyerɛ mu nwie. Bere a edi kan a Julie frɛɛ me ‘Mama’ no, na ɛte sɛ nea ɔde n’abasa nketewa no agu me so reka sɛ: ‘Me maame ne wo. Medɔ wo, na mepɛ sɛ me ne wo kasa.’ Mɛkae saa da titiriw no daa.” Yiw, nkitaho a yetumi di no yɛ akyɛde a ɛsom bo ankasa!

Nokwarem no, ɛnnyɛ nnipa nkutoo ne abɔde a wotumi di nkitaho. Ɛwom sɛ mmoa fi nkate mu titiriw na wɔyɛ ade de, nanso wɔn nso wɔ anwonwakwan a wɔfa so di nkitaho. Sɛ nhwɛso no, sɛ anomaa a wɔfrɛ no emperor penguin a wɔwɔ Antartic asukyenee so no pɛ sɛ wɔne wɔn ahokafo hyiam a, wɔyɛ nnyigyei a wɔyɛ daa ansa na awɔw aba no kyerɛ wɔn ho wɔn ho—ɛnnyɛ ade a wɔde gyigye wɔn ani. Wɔn baanu no mma a wɔbɛwo wɔn daakye no ho asɛm wom. Ɔkwan bɛn so?

Sɛ ɔbere no to kesua wie a, ɔde ma onini no ma obutuw so bere a ɔbere no nso kɔ po so kɔhwehwɛ aduan no. Bɛyɛ nnafua 65 akyi, bere a wawɔbere ne ho atwe n’afuru ase wɔ nsukyenee no so kilomita 150 akyi no, ɔsan ba onini no nkyɛn. Sɛnea ɛbɛyɛ a obehu n’abusua no mpo yɛ anwonwasɛm, nanso ɔkwan bɛn na ɔfa so hu ne kunu ne ne mma a wɔahuan wɔn foforo no wɔ emperor penguin ahorow ɔpedudu pii a wɔreyɛ dede no mu? Bere a nnomaa no rekyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye no, wɔn mu biara kae ne yɔnko su yiye araa ma mpo wɔtetew mu asram bi a, wotumi san hu wɔn ho wɔn ho bio!

Sɛ nnyigyei ahorow a ɛyɛ nwonwa a mmoa yɛ no da nkyɛn a, akwan a wɔfa so di nkitaho no bi ne wɔn akwaa a wɔde kasa, kɔla a wɔde hyɛ wɔn ho nsow, kanea a ɛsɔ dum ne hua a ano yɛ den. Na ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ afifide mpo tumi ne wɔn ho ne mmoa ahorow bi di nkitaho, sɛnea yebehu no. Yiw, nkitahodi ho hia ma asase so abɔde a wɔdan wɔ ho wɔn ho no ampa.

So wopɛ sɛ wuhu pii fa nkitahodi ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ wiase a yɛte mu yi mu no bi ho? Na wopɛ sɛ anisɔ a wowɔ ma ɔkwan a w’ankasa wofa so di nkitaho no yɛ kɛse na wutu mpɔn wom mpo? Nsɛm a edidi so no betumi aboa wo.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ɔkwan bɛn so na anomaa a wɔfrɛ no “emperor penguin” ɔbere no hu ne hokafo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena